Mmebusɛm 23:4, 5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyade.+ Gyae, na da ntease adi.* 5 Sɛ woto w’ani hwɛ ahonyade no a, worenhu,+Efisɛ sɛnea ɛte biara, ebefuw ntaban te sɛ ɔkɔre na atu akɔ wim.+ Marko 10:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Ɛnna Yesu too n’ani hwɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no, na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Ɛbɛyɛ den paa ama asikafo sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu.”+ Luka 18:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Yesu hwɛɛ no, na ɔkae sɛ: “Monhwɛ sɛnea ɛyɛ den sɛ asikafo bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu!+ 1 Timoteo 6:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na wɔn a wɔn ani abere sɛ wɔbɛyɛ asikafo no de, wɔtɔ sɔhwɛ ne afiri+ ne nkwasea akɔnnɔ bebree a epira nnipa no mu; na ɛno de nnipa kɔ ɔsɛe pasaa mu.+ 2 Timoteo 4:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Efisɛ wiase a ɛwɔ hɔ yi* ho dɔ nti, Dema+ agyaw me hɔ kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, na Tito kɔ Dalmatia.
4 Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyade.+ Gyae, na da ntease adi.* 5 Sɛ woto w’ani hwɛ ahonyade no a, worenhu,+Efisɛ sɛnea ɛte biara, ebefuw ntaban te sɛ ɔkɔre na atu akɔ wim.+
23 Ɛnna Yesu too n’ani hwɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no, na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Ɛbɛyɛ den paa ama asikafo sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu.”+
9 Na wɔn a wɔn ani abere sɛ wɔbɛyɛ asikafo no de, wɔtɔ sɔhwɛ ne afiri+ ne nkwasea akɔnnɔ bebree a epira nnipa no mu; na ɛno de nnipa kɔ ɔsɛe pasaa mu.+
10 Efisɛ wiase a ɛwɔ hɔ yi* ho dɔ nti, Dema+ agyaw me hɔ kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, na Tito kɔ Dalmatia.