42 Na ade kyee no, ofii hɔ kɔɔ baabi a atew ne ho.+ Nanso nnipadɔm no fii ase hwehwɛɛ no, na wɔbaa baabi a ɔwɔ no. Na wɔyɛe sɛ wɔremma omfi wɔn nkyɛn nkɔ.
7 Bere a Kristo wɔ asaase so no,* ɔnam nteɛm a emu yɛ den ne nisu+ so de nkotosrɛ ne adesrɛ kɔɔ Nea na obetumi agye no afi owu mu no anim, na ne nyamesuro nti, wotiee no.