-
Yakobo 4:13-16Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
13 Afei muntie, mo a moka sɛ: “Ɛnnɛ anaa ɔkyena yebetu kwan akɔ kurow yi so akodi afe wɔ hɔ, na yebedi gua anya mfaso,”+ 14 nanso munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena.+ Moyɛ suwusiw; epue bere tiaa bi a na ayera.+ 15 Mmom no, nea ɛsɛ sɛ moka ne sɛ: “Sɛ Yehowa* pɛ a,+ yebenya nkwa na yɛayɛ sɛɛ anaa sɛɛ.” 16 Nanso seesei nea ɛyɛ mo fɛ ne sɛ mobɛkeka nsɛm akɛse de ahoahoa mo ho. Ahohoahoa a ɛte saa nyinaa yɛ bɔne.
-