-
Luka 12:18-20Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
18 Na ɔkae sɛ, ‘Nea mɛyɛ ni:+ Medwiriw m’adekoradan na masisi akɛse, na ɛhɔ na mɛboaboa me hwiit* ne me nneɛma pa nyinaa ano agu, 19 na mɛka akyerɛ me ho* sɛ: “Wowɔ* nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfe pii; dwudwo wo ho, didi, nom, gye w’ani.”’ 20 Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɔkwasea, anadwo yi wɔregye wo nkwa* afi wo nsam. Afei, hena na nneɛma a wode asie no bɛyɛ ne dea?’+
-