Nnwom
Wɔde ma dwom kyerɛfo; wɔto wɔ Mahalat* kwan so. Maskil.* Dawid dwom.
53 Onipa a onni adwene* ka no ne komam sɛ:
“Yehowa biara nni hɔ.”+
Wɔn nneyɛe a ɛnteɛ no nye koraa, na wɔyɛ akyiwade.
Wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ adepa.+
2 Onyankopɔn de, ofi soro hwɛ nnipa mma;+
Ɔrehwɛ sɛ obehu obi a ɔwɔ nhumu anaa obi a ɔhwehwɛ Yehowa.+
3 Wɔn nyinaa afom kwan;
Wɔn nyinaa aporɔw.
Obiara nni hɔ a ɔyɛ adepa,
Ɔbaako mpo nni hɔ.+
4 Nnebɔneyɛfo no mu biara nni hɔ a ɔwɔ ntease anaa?
Wɔmemene me man sɛnea wɔanya paanoo redi.
Wɔmmɔ Yehowa mpae.+
5 Ehu kɛse bɛka wɔn,
Ehu a ebi nkaa wɔn da,*
Efisɛ wɔn a wɔtow hyɛ wo so no,* Onyankopɔn bɛbɔ wɔn nnompe apete.
Wobɛma wɔn ani awu, efisɛ Yehowa apo wɔn.
6 Sɛ Israel nkwagye befi Sion aba,+
Na sɛ Yehowa bɛsan aboaboa ne nkurɔfo a wɔakodi obi man so no ano aba a,
Ɛnde ma Yakob ani nnye na Israel nni ahurusi.