Yeremia
14 Yehowa asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn ni. Ɛfa osu a antɔ no ho:+
2 Yuda redi awerɛhow,+ na n’apon agugow.
Apon no ayɛ basaa, na atutu agu fam,
Na wɔte nteɛm fi Yerusalem.
3 Wɔn mu atitiriw somaa wɔn nkoa* sɛ wɔnkɔ nsu mmra.
Wɔkɔɔ nsubon* mu, nanso wɔannya nsu.
Wɔde wɔn nhina san bae kwa.
Wɔn ani awu, wɔn nsa asi fam,
Na wɔakatakata wɔn ti.
5 Ɔwansan a ɔwɔ wuram mpo agyaw ne mma a wawo wɔn foforo hɔ,
Efisɛ sare biara nni hɔ.
6 Sare so mfurum gyinagyina nkoko a ɛso ayɛ kwabokwabo no so.
Wɔtwe mframa sɛ sakraman;
Nwura a wonnya nti, wɔn ani nhu ade yiye.+
Efisɛ yɛn mmarato adɔɔso,+
Na wo na yɛayɛ wo bɔne.
8 O Israel anidaso ne n’amanehunu bere mu Ogyefo,+
Adɛn nti na woayɛ sɛ ɔhɔho wɔ asaase yi so,
Na woayɛ sɛ ɔkwantuni a ɔsoɛ baabi anadwo?
9 Adɛn nti na woayɛ sɛ ɔbarima a ne ho adwiriw no,
Na woayɛ sɛ ɔsabarima a ontumi nnye ne man yi?
Ntow yɛn nkyene.
10 Nea Yehowa aka afa ɔman yi ho ni: “Wɔpɛ akyinkyinakyinkyin;+ wɔn nan ntumi nnyina faako.+ Ɛno nti Yehowa ani nnye wɔn ho bio.+ Afei de, ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ, na wama wɔabu wɔn bɔne ho akontaa.”+
11 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Mmɔ mpae nsrɛ adepa mma ɔman yi.+ 12 Sɛ wɔyɛ akɔnkyen* a, merentie wɔn sufrɛ;+ sɛ wɔbɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre a, m’ani rennye ho,+ na sekan ne ɔkɔm ne nsanyare a edi awu* na mede beyi wɔn afi hɔ.”+
13 Ɛnna mekae sɛ: “O Awurade Tumfo Yehowa! Hwɛ, adiyifo no reka kyerɛ ɔman no sɛ, ‘Morenhu sekan, na ɔkɔm renka mo; na mɛma moanya asomdwoe paa wɔ ha.’”+
14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔm a ɛnyɛ nokware na adiyifo no rehyɛ wɔ me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasae.+ Atoro anisoadehu ne abosonkɔm hunu ne wɔn ankasa komam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ nkɔm kyerɛ mo.+ 15 Ɛno nti, adiyifo a mensomaa wɔn a wɔde me din hyɛ nkɔm ka sɛ sekan anaa ɔkɔm biara remma asaase yi so no, nea Yehowa aka afa wɔn ho ni: ‘Sekan ne ɔkɔm na ebekunkum saa adiyifo no.+ 16 Na nkurɔfo a adiyifo no hyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛtow wɔn agu Yerusalem mmɔnten so esiane ɔkɔm ne sekan no nti. Na obiara rensie wɔn,+ wɔne wɔn yerenom ne wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea nyinaa. Na mehwie mmusu a ɛfata wɔn agu wɔn so.’+
17 “Asɛm a ka kyerɛ wɔn ni,
‘Ma nisu ntene mfa m’ani ase waawaa awia ne anadwo, na mma ennnyae,+
Efisɛ me man babea, ɔbaabun no, ahwe ase birim ama wabubu pasaa,+
Na wapira pira bɔne.
Meba kurow mu nso a,
Mihu nyarewa a ɔkɔm no akɔfa aba!+
Efisɛ adiyifo ne asɔfo nyinaa akokyinkyin asaase a wonnim so so.’”+
19 Enti woapo Yuda koraa? Anaa wukyi* Sion?+
Adɛn nti na woabɔ yɛn apira yɛn na yennya ayaresa yi?+
Yɛhwɛɛ asomdwoe kwan, nanso adepa biara amma;
Yɛhwɛɛ ayaresa kwan, nanso ade a ɛyɛ hu na aba!+
20 O Yehowa, yɛagye yɛn bɔne atom,
Mfomso a yɛn agyanom yɛe no nso, yɛagye atom,
Efisɛ yɛayɛ wo bɔne.+
Kae, na mmu apam a wo ne yɛn ayɛ no so.+
22 Amanaman no abosonhunu no bi betumi ama osu atɔ anaa?
Ɔsoro mpo, ɛno ankasa betumi ama osu atɔ anaa?
O Yehowa yɛn Nyankopɔn, ɛnyɛ wo nko ara na wubetumi ayɛ eyinom?+
Wo na yɛde yɛn ani ato wo so,
Efisɛ wo nko ara na woayɛ eyinom nyinaa.