Dwom a Wɔde Foro Bepɔw No. Dawid dwom.
131 O Yehowa, me koma mmaa ne ho so,
Na m’ani nso ntraa ne ntɔn;+
Menhwehwɛɛ nneɛma akɛse,+
Na menhwehwɛɛ nneɛma a ɛboro m’ahoɔden so.
2 Mmom madwudwo me kra ma ayɛ komm+
Te sɛ abofra a ɔda ne maame so.
Mewɔ akomatɔyam te sɛ abofra.
3 Momma Israel ntwɛn Yehowa+
Mfi nnɛ nkosi daa.