Dawid dwom.
29 Akatakyi mma, momfa Yehowa nidi mma no;
Yehowa anuonyam ne n’ahoɔden nti, momfa nidi mma no.+
2 Momfa anuonyam a ɛfata Yehowa din mma no;
Monhyɛ ntaade kronkron mfa nkotow Yehowa.
3 Yɛte Yehowa nne fi nsu so;
Anuonyam Nyankopɔn no nne bobom sɛ aprannaa.+
Yehowa di nsu pii so.+
4 Ahoɔden wɔ Yehowa nne mu;+
Yehowa nne wɔ anuonyam.
5 Yehowa nne bubu sida nnua;
Ampa, Yehowa bubu sida a efi Lebanon mu asinasin.+
6 Ɔma Lebanon huruhuruw sɛ nantwi ba,
Na ɔma Sirion+ huruhuruw sɛ ɛkoɔ ba.
7 Yehowa nne pa ogyaframa;+
8 Yehowa nne ma sare so asaase wosow,+
Yehowa ma Kades+ sare so asaase wosow.
9 Yehowa nne ma awo ka ɔwansan mpofirim ma ɔwo;
Ɛma kwae mu nnua yɛ pasaa.+
Na obiara ka wɔ n’asɔrefi hɔ sɛ: “Anuonyam nka no!”
10 Yehowa te nsu a eyiri so;+
Yehowa bɛyɛ Ɔhene wɔ hɔ daa.+
11 Yehowa bɛma ne nkurɔfo ahoɔden.+
Yehowa de asomdwoe behyira ne nkurɔfo.+