Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 1 Ahene Mu Nsɛntitiriw 1 AHENE EMU NSƐNTITIRIW 1 Dawid ne Abisag (1-4) Ná Adoniya pɛ sɛ odi hene (5-10) Natan ne Bat-Seba yɛɛ asɛm no ho biribi (11-27) Dawid kae sɛ wɔnsra Solomon ma onni hene (28-40) Adoniya guan kɔɔ afɔremuka no anim (41-53) 2 Dawid maa Solomon akwankyerɛ (1-9) Dawid wui; Solomon bedii hene (10-12) Adoniya pɔw bɔne no de no kɔɔ owu mu (13-25) Ɔpam Abiatar; okum Yoab (26-35) Okum Simei (36-46) 3 Solomon waree Farao babea (1-3) Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon wɔ dae mu (4-15) Solomon srɛɛ nyansa (7-9) Solomon buu mmaatan baanu ntam atɛn (16-28) 4 Wɔn a na wɔdeda nnwuma ano wɔ Solomon ahenni mu (1-19) Nneɛma kɔɔ yiye wɔ Solomon ahenni mu (20-28) Wɔtenaa wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase dwoodwoo (25) Solomon nyansa ne mmɛ a obui (29-34) 5 Ɔhene Hiram maa no nneɛma a ɔde besi dan (1-12) Solomon faa apaafo ma wɔyɛɛ adwuma maa no (13-18) 6 Solomon sii asɔrefi no (1-38) Pia mu pia no (19-22) Kerubim abien no (23-28) Adwini, apon, adiwo a ɛwɔ mfinimfini no (29-36) Ɔde mfe ason na esii asɔrefi no wiei (37, 38) 7 Solomon ahemfi (1-12) Hiram a ne ho akokwaw no boaa Solomon (13-47) Kɔbere adum abien no (15-22) Ɔsɛn kɛse a wɔfrɛ no Ɛpo no (23-26) Trɔk ne asɛn du a ɔde kɔbere yɛe no (27-39) Sika kɔkɔɔ nneɛma no, owiee ho adwuma (48-51) 8 Ɔde Adaka no baa asɔrefi hɔ (1-13) Solomon ne ɔman no kasae (14-21) Solomon mpae a ɔde hyiraa asɔrefi no so (22-53) Solomon hyiraa ɔman no (54-61) Afɔre ne afahyɛ a wɔde hyiraa asɔrefi no so (62-66) 9 Yehowa san yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon (1-9) Solomon akyɛde a ɔde maa Ɔhene Hiram (10-14) Nneɛma akɛse a Solomon yɛe (15-28) 10 Saba hemmaa bɛsraa Solomon (1-13) Solomon nyaa ahonyade bebree (14-29) 11 Solomon yerenom dan ne koma (1-13) Ebinom sɔre tiaa Solomon (14-25) Wɔkaa kyerɛɛ Yeroboam sɛ obenya mmusuakuw du (26-40) Solomon wui; wosii Rehoboam hene (41-43) 12 Rehoboam ne nkurɔfo no ankasa abodwo so (1-15) Mmusuakuw du tew wɔn ho (16-19) Wosii Yeroboam hene wɔ Israel so (20) Wɔka kyerɛɛ Rehoboam sɛ mma ɔne Israel nnkɔko (21-24) Yeroboam ma wɔsom nantwi mma (25-33) 13 Wɔhyɛɛ nkɔm tiaa Betel afɔremuka no (1-10) Afɔremuka no mu paee (5) Onyankopɔn nipa no yɛɛ asoɔden (11-34) 14 Ahiya hyɛɛ nkɔm tiaa Yeroboam (1-20) Rehoboam bedii Yuda so (21-31) Sisak bɛtow hyɛɛ wɔn so (25, 26) 15 Yuda hene Abiam ahenni (1-8) Yuda hene Asa ahenni (9-24) Israel hene Nadab ahenni (25-32) Israel hene Baasa ahenni (33, 34) 16 Yehowa atemmusɛm a etia Baasa (1-7) Israel hene Ela ahenni (8-14) Israel hene Simri ahenni (15-20) Israel hene Omri ahenni (21-28) Israel hene Ahab ahenni (29-33) Hiel san kyekyee Yeriko (34) 17 Odiyifo Elia hyɛɛ nkɔm sɛ osu rentɔ (1) Nkwaakwaadabi brɛɛ Elia aduan (2-7) Elia kɔsraa ɔbea kunafo bi wɔ Sarefat (8-16) Okunafo no ba wui ma onyan no (17-24) 18 Elia kohyiaa Obadia ne Ahab (1-18) Elia ne Baal adiyifo no de pem so wɔ Karmel (19-40) ‘Wɔn adwene hinhim wɔ asɛm no mu’ (21) Mfe abiɛsa ne fã a osu antɔ no baa awiei (41-46) 19 Yesebel abufuw nti, Elia guanee (1-8) Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Elia wɔ Horeb (9-14) Wɔka kyerɛɛ Elia sɛ ɔnkɔsra Hasael, Yehu, ne Elisa (15-18) Wɔpaw Elisa sɛ onsi Elia ananmu (19-21) 20 Siriafo ne Ahab bɛkoe (1-12) Ahab dii Siriafo so nkonim (13-34) Wɔhyɛɛ nkɔm tiaa Ahab (35-43) 21 Ahab ani beree Nabot bobefuw (1-4) Yesebel bɔɔ pɔw ma wokum Nabot (5-16) Asɛm a Elia ka tiaa Ahab (17-26) Ahab brɛɛ ne ho ase (27-29) 22 Yehosafat ne Ahab kaa wɔn ti boom (1-12) Mikaia hyɛɛ nkɔm sɛ wobedi nkogu (13-28) Atoro honhom bi na ɛdaadaa Ahab (21, 22) Wokum Ahab wɔ Ramot-Gilead (29-40) Yuda hene Yehosafat ahenni (41-50) Israel hene Ahasia ahenni (51-53)