Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Esra 1:1-10:44
  • Esra

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Esra
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Esra

ESRA

1 Persia hene Kores+ afe a edi kan mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia so kae no+ bɛba mu nti, Yehowa kanyan Persia hene Kores* ma ɔbɔɔ dawuru wɔ n’ahenni nyinaa mu, na ɔsan kyerɛwee+ sɛ:

2 “Sɛnea Persia hene Kores se ni, ‘Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn no, de asaase so ahenni nyinaa ama me,+ na waka akyerɛ me sɛ minsi ofi mma no wɔ Yerusalem+ a ɛwɔ Yuda. 3 Obiara a ɔka mo ho a ɔsom no no, ne Nyankopɔn nni n’akyi. Ma ɔmforo nkɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na ɔnsan nkosi Yehowa, Israel Nyankopɔn fi a na ɛwɔ Yerusalem no.* Ɔno ne nokware Nyankopɔn no. 4 Obiara a ɔte baabiara sɛ ɔhɔho+ no, ma ɛhɔfo mma no dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ahode, ne nyɛmmoa; afei wɔmfa ayamye afɔrebɔde biara a wɔwɔ mma no, na ɔmfa nkɔboa nokware Nyankopɔn no fi+ wɔ Yerusalem.’”

5 Ɛnna Yuda ne Benyamin agyanom mmusua mu mpanyimfo ne asɔfo ne Lewifo, wɔn a nokware Nyankopɔn no kanyan wɔn* nyinaa, yɛɛ ahoboa sɛ wɔresan akosi Yehowa fi a na ɛwɔ Yerusalem no. 6 Wɔn a wɔte bɛn wɔn nyinaa de dwetɛ ne sika kɔkɔɔ nneɛma, ahode, ne nyɛmmoa ne nneɛma foforo a ne bo yɛ den brɛɛ wɔn. Ɛno da nkyɛn a, wɔde ayamye afɔrebɔde nso kɔe sɛ wɔmfa nkɔboa Onyankopɔn fi no.

7 Bio nso, Ɔhene Kores de Yehowa fi nneɛma a Nebukadnesar kɔsesaw fii Yerusalem de koguu ne nyame fi no bae.+ 8 Afei Persia hene Kores de hyɛɛ sika sohwɛfo Mitredat nsa, na ɔkan ne nyinaa kyerɛw de maa Yuda abusuapanyin Sesbasar.*+

9 Nneɛma no dodow ni: sika kɔkɔɔ nneɛma* 30, dwetɛ nneɛma* 1,000, nneɛma foforo 29, 10 sika kɔkɔɔ nkankyee nketewa 30, dwetɛ nkankyee nketewa 410, ne nneɛma a ɛkeka ho 1,000. 11 Sika kɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma no nyinaa si 5,400. Bere a Sesbasar ne nnipa a wɔde wɔn kɔɔ Babilon no resan aba+ Yerusalem no, saa nneɛma yi na ɔde bae.

2 Nnipa a wofi ɔmantam no mu a Babilon hene Nebukadnesar faa wɔn kɔɔ Babilon no,+ eyinom na akyiri yi wɔsan baa Yerusalem ne Yuda maa obiara kɔɔ ne kurom;+ 2 wɔn na wɔne Serubabel,+ Yesua,+ Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum, ne Baanah bae.

Israel mmarima no dodow ni:+ 3 Paros mma, 2,172; 4 Sefatia mma, 372; 5 Arah+ mma, 775; 6 Pahat-Moab+ mma Yesua ne Yoab fi, 2,812; 7 Elam+ mma, 1,254; 8 Satu+ mma, 945; 9 Sakai mma, 760; 10 Bani mma, 642; 11 Bebai mma, 623; 12 Asgad mma, 1,222; 13 Adonikam mma, 666; 14 Bigwai mma, 2,056; 15 Adin mma, 454; 16 Hesekia aseni Ater mma, 98; 17 Bisai mma, 323; 18 Yora mma, 112; 19 Hasum+ mma, 223; 20 Giba mma, 95; 21 Betlehem mmarima, 123; 22 Netofa mmarima, 56; 23 Anatot+ mmarima, 128; 24 Asmawet mma, 42; 25 Kiriat-Yearim ne Kefira ne Beerot mmarima, 743; 26 Rama+ ne Geba+ mmarima, 621; 27 Mikmas mmarima, 122; 28 Betel ne Ai+ mmarima, 223; 29 Nebo+ mmarima, 52; 30 Magbis mmarima, 156; 31 Elam foforo bi mma, 1,254; 32 Harim mma, 320; 33 Lod ne Hadid ne Ono mmarima, 725; 34 Yeriko mmarima, 345; 35 Senaa mmarima, 3,630.

36 Asɔfo no+ ni: Yedaia+ a ofi Yesua+ fi mma, 973; 37 Imer+ mma, 1,052; 38 Pasur+ mma, 1,247; 39 Harim+ mma, 1,017.

40 Lewifo no+ ni: Hodawia asefo Yesua ne Kadmiel+ mma, 74. 41 Nnwontofo no+ ni: Asaf+ mma, 128. 42 Apon ano ahwɛfo mma no+ ni: Salum mma, Ater mma, Talmon+ mma, Akub+ mma, Hatita mma, ne Sobai mma; wɔn nyinaa dodow yɛ 139.

43 Asɔrefi asomfo*+ ni: Siha mma, Hasufa mma, Tabaot mma, 44 Keros mma, Siaha mma, Padon mma, 45 Lebana mma, Hagaba mma, Akub mma, 46 Hagab mma, Salmai mma, Hanan mma, 47 Gidel mma, Gahar mma, Reaia mma, 48 Resin mma, Nekoda mma, Gasam mma, 49 Usa mma, Pasea mma, Besai mma, 50 Asna mma, Meunim mma, Nefusim mma; 51 Bakbuk mma, Hakufa mma, Harhur mma, 52 Baslut mma, Mehida mma, Harsa mma, 53 Barkos mma, Sisera mma, Temah mma, 54 Nesia mma, ne Hatifa mma.

55 Solomon nkoa no mma ni: Sotai mma, Soferet mma, Peruda mma,+ 56 Yaala mma, Darkon mma, Gidel mma, 57 Sefatia mma, Hatil mma, Pokeret-Hasebaim mma, ne Ami mma.

58 Asɔrefi asomfo* ne Solomon nkoa no mma nyinaa dodow yɛ 392.

59 Eyinom nso na wofi Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adon, ne Imer san bae a wɔantumi ankyerɛ sɛ wɔyɛ Israelfo anaa wɔnyɛ bi, efisɛ wɔantumi ankyerɛ wɔn agyanom fi ne mmusua a wofi mu:+ 60 Delaia mma, Tobia mma, Nekoda mma, 652. 61 Wɔn mu asɔfo mma ni: Habaia mma, Hakos+ mma, Basilai mma; ɔno na ɔwaree Gileadni Basilai+ mma mmea no baako na ɔfaa wɔn din no. 62 Wɔn nyinaa hwehwɛɛ kyerɛwtohɔ mu de pɛɛ mmusua a wofi mu nanso wɔanhu. Enti wobuu wɔn sɛ wɔmfata sɛ wɔyɛ asɔfo.*+ 63 Amrado* no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔrentumi nni ade kronkron paa+ no bi kosi sɛ ɔsɔfo bi bɛma Urim ne Tumim*+ akyerɛ.

64 Nnipa no nyinaa dodow si 42,360,+ 65 wɔn nkoa ne wɔn mfenaa nka ho; wɔn nso dodow yɛ 7,337; afei nso, na wɔwɔ mmarima ne mmea nnwontofo 200. 66 Ná wɔn apɔnkɔ yɛ 736, na wɔn mfurumpɔnkɔ yɛ 245; 67 wɔn yoma, 435; wɔn mfurum, 6,720.

68 Bere a wobeduu Yehowa fi wɔ Yerusalem no, agyanom mmusua mu mpanyimfo no binom de ayamye afɔre+ bae sɛ wɔmfa nsi nokware Nyankopɔn fi no nsi ne sibea.+ 69 Wɔyɛɛ nea wɔn ahoɔden betumi de sika kɔkɔɔ drakma* 61,000, dwetɛ mmɛnnaa* 5,000 bae sɛ wɔmfa mmoa adwuma no,+ ne asɔfotaade 100 sɛ wɔmfa mma asɔfo no. 70 Na asɔfo ne Lewifo ne nnipa no mu binom ne nnwontofo no ne apon ano ahwɛfo ne asɔrefi asomfo* no bɛtenatenaa wɔn nkurow mu, na Israelfo a wɔaka nyinaa* tenatenaa wɔn nkurow mu.+

3 Bere a bosome a ɛto so ason no+ dui a Israelfo tete wɔn nkurow mu no, ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ho ano yɛɛ baako baa Yerusalem. 2 Yehosadak ba Yesua+ ne ne nuanom asɔfo no ne Sealtiel+ ba Serubabel+ ne ne nuanom sɔre kosii Israel Nyankopɔn afɔremuka no. Ná wɔbɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ so sɛnea wɔakyerɛw wɔ nokware Nyankopɔn nipa Mose Mmara+ mu no.

3 Enti wosii afɔremuka no sii ne sibea, ɛmfa ho sɛ na wosuro nkurɔfo a wɔtete nsaase a ɛbemmɛn hɔ so no.+ Daa na wɔbɔ anɔpa ne anwummere ɔhyew afɔre wɔ so ma Yehowa.+ 4 Afei wodii Apata* Afahyɛ no sɛnea wɔakyerɛw no,+ na da biara na wɔbɔ ɔhyew afɔre dodow a mmara no kyerɛ sɛ wɔmmɔ no.+ 5 Ɛno akyi no, wɔbɔɔ daa ɔhyew afɔre,+ abosome foforo afɔre,+ ne Yehowa afahyɛ kronkron afɔre,+ na obiara nso a ɔde ayamye afɔrebɔde+ brɛɛ Yehowa no, wɔde bɔɔ afɔre maa no. 6 Bosome a ɛto so ason no+ da a edi kan no, wofii ase bɔɔ ɔhyew afɔre maa Yehowa, bere mpo a na wonnya ntoo Yehowa asɔrefi no fapem no.

7 Wɔde sika maa abopaefo+ ne adwumfo,+ na wɔde nnuan ne anonne ne ngo maa Sidonfo ne Tirofo sɛ wɔnkɔfa sida nnua mfa po so mfi Lebanon nkɔ Yopa+ sɛnea Persia hene Kores ama wɔn kwan no.+

8 Bere a wɔbaa nokware Nyankopɔn no fi wɔ Yerusalem no, n’afe a ɛto so abien no bosome a ɛto so abien no, Sealtiel ba Serubabel ne Yehosadak ba Yesua ne wɔn nuanom a wɔaka, asɔfo ne Lewifo ne wɔn a na wɔakodi obi man so a wɔasan aba Yerusalem no nyinaa+ fii adwuma no ase; wɔde Lewifo a wɔadi mfe 20 rekɔ no sisii Yehowa fi adwuma no so. 9 Yesua ne ne mma ne ne nuanom, ne Kadmiel ne ne mma ne Yuda mma no boom sɛ kuw baako hwɛɛ nokware Nyankopɔn no fi adwumayɛfo no so; ná Henadad mma+ ne wɔn nso mma ne wɔn nuanom, Lewifo no ka wɔn ho.

10 Bere a adansifo no too Yehowa asɔrefi no fapem wiei no,+ asɔfo a wɔhyehyɛ asɔfotaade kurakura ntorobɛnto,+ ne Lewifo, Asaf mma, a wokurakura nnawuru* no sɔre yii Yehowa ayɛ, sɛnea Israel hene Dawid kyerɛe no.+ 11 Wɔde nnwonto daa Yehowa ase yii no ayɛ; obiara gyee ne yɔnko so+ sɛ: “Oye na ɔdɔ a ɔwɔ ma Israel no nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”+ Ɛnna ɔman no nyinaa nso de osebɔ kɛse yii Yehowa ayɛ, esiane Yehowa fi no fapem a wɔato nti. 12 Asɔfo ne Lewifo ne agyanom mmusua mu mpanyimfo no, wɔn mu pii a wɔanyinyin a wohuu kan fi no+ momaa wɔn nne so sui bere a wɔtoo ofi yi fapem wɔ wɔn anim no. Nnipa pii nso bɔɔ ose denneennen.+ 13 Ɛno nti ɔman no anhu osebɔ gyegyeegye ne osu gyegyeegye no mu nsonsonoe, efisɛ na ɔman no reyɛ dede kɛse, na wɔtee wɔ akyirikyiri.

4 Bere a Yuda ne Benyamin atamfo+ tee sɛ wɔn a wokodii obi man so a wɔasan aba no+ resi asɔrefi ama Yehowa, Israel Nyankopɔn no, 2 ntɛm ara na wɔkɔɔ Serubabel ne agyanom mmusua mu mpanyimfo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yɛne mo nsi dan no, efisɛ yɛsom mo Nyankopɔn*+ te sɛ mo ara, na efi Asiria hene Esar-Haddon+ a ɔde yɛn baa ha no+ bere so na yɛabɔ afɔre ama no.” 3 Nanso Serubabel ne Yesua ne Israel agyanom mmusua mu mpanyimfo a wɔaka no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛne mo nni hwee yɛ wɔ yɛn Nyankopɔn dan a yɛresi no mu,+ yɛn nkutoo besi ama Yehowa, Israel Nyankopɔn no, sɛnea Persia hene Kores ama yɛn ahyɛde no.”+

4 Efi saa bere no, daa na asaase no sofo bu Yudafo no abam* na wotu wɔn koma wɔ ɔdan no si ho.+ 5 Wɔbɔɔ afotufo paa sɛ wɔnsɛe Yudafo no agyinatu+ wɔ Persia hene Kores nna nyinaa mu, na wɔkɔɔ so ara yɛɛ saa kosii Persia hene Dario+ bere so. 6 Ahasweros ahenni no mfiase no, wɔkyerɛw krataa de bɔɔ wɔn a wɔtete Yuda ne Yerusalem sobo. 7 Persia hene Artasasta bere so nso, Bislam, Mitredat, Tabeel, ne ne mfɛfo kyerɛw krataa kɔmaa Ɔhene Artasasta; wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Aram kasa+ mu; wɔde Aram nkyerɛwde na ɛkyerɛwee.*

8 * Ɔhene soafo panyin Rehum ne ɔkyerɛwfo Simsai kyerɛw krataa kɔmaa Ɔhene Artasasta de bɔɔ Yerusalemfo sobo. 9 (Wɔn a wɔka ho ni: Ɔhene soafo panyin Rehum ne ɔkyerɛwfo Simsai ne wɔn mfɛfo a wɔaka no ne atemmufo, amansin asoafo, akyerɛwfo, wɔn a wofi Erek,+ Babilonia, ne Susa,+ kyerɛ sɛ, Elamfo.+ 10 Ebi nso ne aman a aka a onuonyamfo kɛse Asenapar tuu wɔn ase kɔɔ Samaria nkurow mu+ ne wɔn a wɔaka a wɔwɔ Asubɔnten no* agya no; 11 krataa a wɔde kɔmaa no no mu nsɛm ni:)

“Yɛde kɔma Ɔhene Artasasta; efi wo nkoa a wɔwɔ Asubɔnten no agya no hɔ: 12 Ma ɔhene nhu sɛ Yudafo a wofi wo nkyɛn baa ha no abedu Yerusalem, na wɔresan akyekye atuatewfo kurow bɔne no; wɔreto afasu no,+ na wɔresan ato fapem no. 13 Enti ma ɔhene nhu sɛ, sɛ wɔsan kyekye kurow yi na wosi n’afasu no wie a, wɔrenyɛ amanne anaa wɔrentua akwan so tow anaa tow+ biara, na ahemfo rennya hwee wɔ wɔn akorade mu. 14 Na esiane sɛ w’ahemfi na yedi nkyene* nti, yɛrentumi nhwɛ mma nea ɛsɛ ɔhene mmɔ no, enti na yɛasoma sɛ wɔmmɛka nkyerɛ ɔhene no. 15 Enti ma wɔnhwehwɛ w’agyanom kyerɛwtohɔ+ mu, na wubehu wɔ mu sɛ saa kurow no yɛ atuatewfo kurow a ɛsɛ sɛ ahemfo ne amantam hwɛ wɔn yiye paa, na efi tete na emu nnipa apiapia nkurɔfo ama wɔatew atua. Ɛno nti na wɔsɛee kurow no.+ 16 Enti yɛrema ɔhene ahu sɛ, sɛ wɔsan kyekye saa kurow no na wowie n’afasu no a, nsaase a ɛwɔ Asubɔnten yi agya+ ha befi wo nsa.”

17 Ɔhene no soma ma wɔde mmuae brɛɛ ɔhene soafo panyin Rehum ne ɔkyerɛwfo Simsai ne wɔn mfɛfo a wɔaka a wɔtete Samaria ne wɔn a wɔaka a wɔtete Asubɔnten no agya no sɛ:

“Asomdwoe nka mo! 18 Krataa a mode brɛɛ yɛn no, wɔakenkan ma emu ada hɔ* wɔ m’anim. 19 Me nso mahyɛ ma wɔahwehwɛ mu, na wɔahu sɛ efi tete na kurow no ne ahemfo adi asi, na ɔsɔretia ne atuatew akɔ so wɔ hɔ.+ 20 Ahemfo akɛse na wodii Yerusalem so, na wodii wɔn a wɔtete Asubɔnten no agya nyinaa nso so; wogyigyee amanne ne tow ahorow. 21 Enti monhyɛ mma saa mmarima no nnyae adwuma no; wonnyae kurow no kyekye kosi sɛ mɛhyɛ mmara foforo. 22 Monhwɛ yiye na moammu mo ani angu ahyɛde yi so na ɔhene anhwere ade kɛse.”+

23 Bere a wɔkenkan Ɔhene Artasasta krataa no wɔ Rehum ne ɔkyerɛwfo Simsai ne wɔn mfɛfo anim no, ntɛm ara na wɔkɔɔ Yudafo no nkyɛn wɔ Yerusalem kɔhyɛɛ wɔn ma wogyaee adwuma no. 24 Saa bere no na wogyaee Onyankopɔn fi no ho adwuma a na wɔreyɛ wɔ Yerusalem no; wogyaee kosii Persia hene Dario ahenni afe a ɛto so abien no mu.+

5 Afei odiyifo Hagai+ ne Ido+ banana odiyifo Sakaria+ kasa kyerɛɛ Yudafo a na wɔwɔ Yuda ne Yerusalem no wɔ Israel Nyankopɔn a na ɔka wɔn ho no din mu. 2 Saa bere no mu na Sealtiel ba Serubabel+ ne Yehosadak ba Yesua+ fii ase sii Onyankopɔn fi+ a ɛwɔ Yerusalem no; ná Onyankopɔn adiyifo no ka wɔn ho reboa wɔn.+ 3 Ɛnna Tatenai a ɔyɛ amrado wɔ Asubɔnten no* agya ne Setar-Bosenai ne wɔn mfɛfo baa wɔn nkyɛn bebisaa wɔn sɛ: “Hena na ɔmaa mo kwan sɛ munsi ofi yi, a mode nnua agyina ɔdan yi?” 4 Na wɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mmarima a wɔresi ɔdan yi, mommɔ wɔn din nkyerɛ yɛn.” 5 Nanso na Onyankopɔn ka Yuda mpanyimfo no ho,*+ enti nkurɔfo no ansiw wɔn kwan na mmom wɔtwɛn kosii sɛ wɔbɛkɔ akɔbɔ Dario amanneɛ ma wakyerɛw krataa abɛka asɛm no ho biribi.

6 Krataa a Tatenai a ɔyɛ amrado wɔ Asubɔnten no agya ne Setar-Bosenai ne ne mfɛfo, amansin asoafo a wɔwɔ asuogya hɔ de kɔmaa Ɔhene Dario no mu nsɛm ni; 7 nea wɔkyerɛw kɔmaa no ne sɛ:

“Yɛde kɔma Ɔhene Dario:

“Asomdwoe nka wo! 8 Ma ɔhene nhu sɛ, yesiim kɔɔ Onyankopɔn kɛse no fi a ɛwɔ Yuda mantam mu no. Yekohui sɛ wɔde abo akɛse resi na wɔde nnua rehyehyɛ afasu no mu. Wɔn ani abere reyɛ adwuma no denneennen na ɛrenya nkɔso. 9 Ɛnna yebisaa wɔn mpanyimfo no sɛ: ‘Hena na ɔmaa mo kwan sɛ munsi ofi yi, a mode nnua agyina ɔdan yi?’+ 10 Afei nso, yebisaa mmarima a wodi wɔn anim no din, sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akyerɛw abrɛ wo ma woahu.

11 “Nea wɔkae ni: ‘Yɛyɛ ɔsoro ne asaase Nyankopɔn no nkoa, na ofi a mfe pii ni Israel hene kɛse bi si wiei no, ɛno na yɛresan asi bio.+ 12 Esiane sɛ yɛn agyanom hyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn no abufuw nti,+ ɔde wɔn hyɛɛ Babilon hene Nebukadnesar,+ Kaldeani no nsa, na odwiriw ofi yi gui,+ na ɔsoaa ɔman no kɔɔ Babilon.+ 13 Nanso Babilon hene Kores afe a edi kan mu no, Ɔhene Kores hyɛɛ mmara sɛ wɔnsan nsi Onyankopɔn fi+ yi. 14 Afei nso, Onyankopɔn fi sika kɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a Nebukadnesar sesaw fii asɔrefi a na ɛwɔ Yerusalem de kɔɔ Babilon asɔredan mu no,+ Ɔhene Kores yiyi fii Babilon asɔredan no mu de maa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sesbasar*+ a Kores yɛɛ no amrado+ no. 15 Kores ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa nneɛma yi kɔ, na fa kogu asɔrefi a ɛwɔ Yerusalem no mu, na ma wonsi Onyankopɔn fi no nsi ne sibea.”+ 16 Enti Sesbasar bae, na ɔbɛtoo Onyankopɔn fi+ a ɛwɔ Yerusalem no fapem; efi saa bere no yegu so resi a yenwiei.’+

17 “Afei sɛ eye wɔ ɔhene ani so a, ma wɔnhwehwɛ akorade a ɛwɔ ɔhene fi wɔ Babilon no mu nhwɛ sɛ ɛyɛ ampa sɛ Ɔhene Kores hyɛɛ mmara sɛ wɔnsan nsi Onyankopɔn fi no wɔ Yerusalem+ anaa; ma ɔhene nsoma mmɛka gyinae a wasi wɔ asɛm yi ho nkyerɛ yɛn.”

6 Ɛnna Ɔhene Dario kae sɛ wɔnkɔhwehwɛ, na wɔkɔhwehwɛɛ ɔdan a wɔde kyerɛwtohɔ ne akorade sie mu wɔ Babilon no mu. 2 Na wokohuu nhoma mmobɔwee bi wɔ Ekbatana abankɛse mu wɔ Media mantam mu; asɛm a na wɔakyerɛw wom ni:

3 “Ɔhene Kores afe a edi kan mu no, Ɔhene Kores hyɛɛ mmara wɔ Onyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem+ no ho sɛ: ‘Wɔnsan nsi ofi no ma ɛnyɛ baabi a wɔbɔ afɔre. Ne tenten nyɛ basafa 60* na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa 60; wɔnto ne fapem no yiye.+ 4 Wɔmfa abo akɛse a ɛdeda so abiɛsa abiɛsa ntoa fapem no so, na wɔmfa nnua ntoa so;+ ɛho sika nyinaa, wonnye mfi ɔhene fi.+ 5 Onyankopɔn fi sika kɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a Nebukadnesar sesaw fii asɔrefi a ɛwɔ Yerusalem de kɔɔ Babilon no+ nso, wonyiyi na wɔnsan mfa nkɔ Yerusalem asɔrefi nkogu faako a egu wɔ Onyankopɔn fi+ hɔ.’

6 “Enti Tatenai a woyɛ amrado wɔ Asubɔnten no* agya, ne Setar-Bosenai ne mo mfɛfo, amansin asoafo a mowɔ asuogya+ hɔ no, monhwɛ na moankɔ hɔ. 7 Mommfa mo asɛm nnkɔ Onyankopɔn fi adwuma no so. Yuda amrado ne Yuda mpanyimfo no besi Onyankopɔn fi no asi ne sibea. 8 Afei nso, merehyɛ mmara ama moahu nea mode bɛma Yuda mpanyimfo no de asi Onyankopɔn fi no bio; tow a wogyigye wɔ Asubɔnten no agya ma ɔhene no,+ wɔmfa bi mma mmarima no ntɛm mma wɔmfa nsi ɔdan no; wɔmfa mma wɔn daa.+ 9 Na nneɛma a wohia nyinaa, anantwi mma,+ adwennini,+ ne nguan mma+ a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre ama ɔsoro Nyankopɔn, ne hwiit+ ne nkyene+ ne bobesa+ ne ngo;+ nea asɔfo a wɔwɔ Yerusalem bɛka no, da biara wɔmfa mma wɔn; wonnyae da. 10 Ɛno bɛma daa wɔatumi abɔ afɔre a ɛsɔ ɔsoro Nyankopɔn ani na wɔabɔ mpae asrɛ nkwa tenten ama ɔhene ne ne mma.+ 11 Mahyɛ nso sɛ obiara a obebu mmara yi so no, wonyi ne dan so dua na wɔnsɛn no wɔ so, na wɔmfa ne fi nyɛ agyananbea.* 12 Na ɔhene anaa ɔman biara a obebu mmara yi so na wateɛ ne nsa asɛe Onyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no, Onyankopɔn a wama ne din atena hɔ no+ nnan wɔn ahenni mmutuw. Me Dario na mahyɛ mmara yi. Ma wɔnyɛ no ntɛm.”

13 Ntɛmpa ara na Tatenai a ɔyɛ amrado wɔ Asubɔnten no agya ne Setar-Bosenai+ ne wɔn mfɛfo no yɛɛ nea Ɔhene Dario kae sɛ wɔnyɛ no nyinaa. 14 Na Yuda mpanyimfo no annyae ofi no si,+ na odiyifo Hagai+ ne Ido banana Sakaria+ nkɔmhyɛ no kanyan wɔn ma wɔkɔɔ so yɛɛ adwuma no; wosi wiei sɛnea Israel Nyankopɔn ahyɛde+ ne Kores+ ne Dario+ ne Persia hene Artasasta+ ahyɛde no te. 15 Wosii ofi yi wiei bosome Adar* da a ɛto so abiɛsa, Ɔhene Dario ahenni afe a ɛto so asia mu.

16 Ɛnna Israelfo, asɔfo, Lewifo,+ ne ɔmanfo nkae a wokodii obi man so a wɔasan aba no de anigye buee Onyankopɔn fi no ano.* 17 Na wɔde anantwinini 100, adwennini 200, ne nguan mma 400 bae sɛ wɔmfa mmue Onyankopɔn fi no ano; ɛne mpapo 12 a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre ama Israel nyinaa sɛnea Israel mmusuakuw no dodow te.+ 18 Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose nhoma no mu no,+ wɔhyehyɛɛ asɔfo no sɛnea wɔn akuw te, na wɔde Lewifo no nso tuatuaa wɔn nnwuma ano sɛnea wɔn nkyekyɛm te maa Onyankopɔn som adwuma wɔ Yerusalem.+

19 Bosome a edi kan no da a ɛto so 14 no, wɔn a wokodii obi man so a wɔasan aba no dii Twam no.+ 20 Saa bere no, na asɔfo ne Lewifo no nyinaa adwira wɔn ho+ ma wɔn ho atew, enti wokum Twam guan no de bɔɔ afɔre maa wɔn a wɔasan aba no, ne wɔn nuanom asɔfo no ne wɔn ankasa ho. 21 Na Israelfo a wɔasan aba wɔn kurom no dii bi. Ná ebinom nso atew wɔn ho afi asaase no so aman no bra fĩ* ho aba wɔn nkyɛn abɛsom* Israel Nyankopɔn Yehowa; wɔn nyinaa nso dii bi.+ 22 Afei nso, wɔde anigye dii Paanoo a Mmɔkaw* Nnim Afahyɛ+ no nnanson; Yehowa maa wɔn ani gyei, na ɔmaa Asiria hene nyaa wɔn ho adwempa,+ na ɔboaa wɔn* wɔ nokware Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn fi adwuma no ho.

7 Nsɛm yi akyi, Persia hene Artasasta ahenni mu no,+ Esra*+ san bae. Ná ɔyɛ Seraia ba,+ Asaria ba, Hilkia+ ba, 2 Salum ba, Sadok ba, Ahitab ba, 3 Amaria ba, Asaria ba,+ Meraiot ba, 4 Serahia ba, Usi ba, Buki ba, 5 Abisua ba, Finehas ba,+ Eleasar ba,+ ɔsɔfo panyin Aaron+ ba. 6 Esra yi fi Babilon na ɔbae. Ná ɔyɛ ɔkyerɛwfo,* na Mose Mmara+ a Israel Nyankopɔn Yehowa de maa ne nkurɔfo no, na onim no yiye.* Ɔhene no maa no n’abisade nyinaa, efisɛ na ne Nyankopɔn Yehowa nsa wɔ no so.

7 Israelfo ne asɔfo ne Lewifo+ ne nnwontofo+ ne apon ano ahwɛfo+ ne asɔrefi asomfo*+ no mu bi nso baa Yerusalem wɔ Ɔhene Artasasta ahenni afe a ɛto so ason mu. 8 Esra beduu Yerusalem bosome a ɛto so anum, ɔhene no afe a ɛto so ason mu. 9 Na bosome a edi kan no da a edi kan no, osiim fii Babilon, na bosome a ɛto so anum no da a edi kan no, ne Nyankopɔn a ɔka ne ho*+ nti, obeduu Yerusalem. 10 Ná Esra asiesie ne koma sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa Mmara mu na wadi so,+ na wakyerɛkyerɛ emu ahyɛde ne atemmusɛm wɔ Israel.+

11 Krataa a Ɔhene Artasasta de maa ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo a ne ho akokwaw wɔ Yehowa mmara nsɛm ne n’ahyɛde a ɔde maa Israel mu* no, emu nsɛm ni:

12 * “Artasasta,+ ahemfo mu hene no, de kɔma ɔsɔfo Esra, ɔsoro Nyankopɔn no Mmara kyerɛwfo: Asomdwoe nka wo. Afei tie, 13 mahyɛ mmara sɛ m’ahenni mu, onipa biara a ɔyɛ Israelni ne wɔn asɔfo ne Lewifo a wɔpɛ sɛ wɔne wo kɔ Yerusalem no, wo ne wɔn nkɔ.+ 14 Ɔhene ne n’agyinatufo baason no asoma wo sɛ kɔhwehwɛ mu sɛ Yuda ne Yerusalem redi wo Nyankopɔn Mmara a ɛwɔ wo nsam no so anaa. 15 Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ɔhene ne n’agyinatufo ayi wɔn yam de ama Israel Nyankopɔn a ne tenabea wɔ Yerusalem no, fa kɔ, 16 na dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a wubenya wɔ Babilon mantam no nyinaa mu ne akyɛde a ɔman no ne asɔfo beyi wɔn yam de ama wɔn Nyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no nso, fa ka ho kɔ.+ 17 Yɛ ntɛm fa saa sika no tɔ anantwinini,+ adwennini,+ nguan mma,+ ne aduan afɔre+ ne afɔrebɔ nsã+ a wɔde ka emu biara ho, na fa kɔbɔ afɔre wɔ afɔremuka a ɛwɔ mo Nyankopɔn fi wɔ Yerusalem no so.

18 “Na ade biara a wo ne wo nuanom pɛ sɛ mode dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ɛbɛka no yɛ no, momfa nyɛ sɛnea ɛsɔ mo Nyankopɔn ani. 19 Nneɛma a wɔde ahyɛ wo nsa sɛ fa som wɔ wo Nyankopɔn fi no, fa ne nyinaa kɔ Onyankopɔn anim wɔ Yerusalem.+ 20 Nneɛma a aka a ebehia wɔ wo Nyankopɔn fi a ɛsɛ sɛ wode kɔ no, yi fi ɔhene fi adekoradan+ mu.

21 “Me, Ɔhene Artasasta, mahyɛ mmara sɛ sika so ahwɛfo a mowɔ Asubɔnten no* agya nyinaa, ade biara a ɔsɔfo Esra,+ ɔsoro Nyankopɔn Mmara kyerɛwfo no bebisa no, monyɛ mma no ntɛm; 22 sɛ ne dodow kosi dwetɛ dwetikɛse* 100, hwiit kor* 100, bobesa+ bat susuhina* 100, ngo+ bat susuhina 100, ne nkyene+ a ne dodow nni ano mpo a, momfa mma no. 23 Nea ɔsoro Nyankopɔn aka nyinaa, momfa ahokeka nyɛ wɔ ne fi no ho, na ɔsoro Nyankopɔn+ abufuw amma ɔhene ahenni ne ɔhene mma+ so. 24 Afei merema moahu sɛ asɔfo ne Lewifo, nnwontofo,+ apon ano ahwɛfo, asɔrefi asomfo,*+ ne Onyankopɔn fi yi adwumayɛfo nyinaa, munni ho kwan sɛ mugye wɔn hɔ ɔman tow, akwan so tow, anaa tow+ biara.

25 “Na wo, Esra, sɛnea wo Nyankopɔn ama wo nyansa no,* paw asɛnnifo ne atemmufo na wommu nkurɔfo a wɔwɔ Asubɔnten no agya nyinaa atɛn, wɔn a wonim wo Nyankopɔn mmara no nyinaa; na obiara a onnim nso, kyerɛkyerɛ no.+ 26 Na obiara a ɔrenhwɛ nni wo Nyankopɔn Mmara ne ɔhene mmara so no, ɔfata sɛ owu oo, ɔfata sɛ wotwa no asu oo, ɔfata sɛ wɔbɔ no ka oo, ɔfata sɛ ɔda afiase oo, ntɛm ara mummu no atɛn.”

27 Ayeyi nka Yehowa, yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔde asɛm yi ahyɛ ɔhene komam sɛ wonsiesie Yehowa fi a ɛwɔ Yerusalem no!+ 28 Wayi ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ me wɔ ɔhene+ ne n’agyinatufo,+ ne ɔhene mpanyimfo nyinaa anim. Na me nso, Yehowa me Nyankopɔn nsa a ɛwɔ me so nti, minyaa akokoduru,* na meboaboaa Israel atitiriw ano sɛ wɔne me nkɔ.

8 Agyanom mmusua mu mpanyimfo ne mmusua mmusua a wɔkyerɛw wɔn din a Ɔhene Artasasta ahenni mu wɔne me fii Babilon bae no,+ wɔn din ni: 2 Finehas mma+ mu, Gersom; Itamar+ mma mu, Daniel; Dawid mma mu, Hatus; 3 Paros mma mu: Sekania mma mu, Sakaria, na wɔkan n’abusua mu mmarima 150 kaa ne ho. 4 Pahat-Moab mma+ mu, Serahia ba Elieho-Enai; ná mmarima 200 ka ne ho. 5 Satu mma+ mu, Yahasiel ba Sekania; ná mmarima 300 ka ne ho. 6 Adin mma+ mu, Yonatan ba Ebed; ná mmarima 50 ka ne ho. 7 Elam mma+ mu, Atalia ba Yesia; ná mmarima 70 ka ne ho. 8 Sefatia mma+ mu, Mikael ba Sebadia; ná mmarima 80 ka ne ho. 9 Yoab mma mu, Yehiel ba Obadia; ná mmarima 218 ka ne ho. 10 Bani mma mu, Yosifia ba Selomit; ná mmarima 160 ka ne ho. 11 Bebai mma+ mu, Bebai ba Sakaria; ná mmarima 28 ka ne ho. 12 Asgad mma+ mu, Hakatan ba Yohanan; ná mmarima 110 ka ne ho. 13 Adonikam mma+ mu, wɔn a wotwa to din ni: Elifelet, Yeiel, ne Semaia; ná mmarima 60 ka wɔn ho. 14 Bigwai mma+ mu, Utai ne Sabbud; ná mmarima 70 ka wɔn ho.

15 Meboaa wɔn ano wɔ asubɔnten a ɛsen ba Ahawa no ho,+ na yɛtenaa hɔ nnansa. Nanso bere a mehwehwɛɛ nkurɔfo no ne asɔfo no mu no, manhu Lewini biara wɔ wɔn mu. 16 Enti mesomae sɛ wɔnkɔfrɛ Elieser, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam, a wɔyɛ atitiriw, ne Yoiarib ne Elnatan a wɔyɛ akyerɛkyerɛfo no mmra. 17 Ɛnna mekae sɛ wɔnkɔ Ido nkyɛn; ɔyɛ otitiriw wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Kasifia. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnka nkyerɛ Ido ne ne nuanom asɔrefi asomfo* a wɔwɔ Kasifia no sɛ wɔmfa asomfo a wɔbɛsom wɔ yɛn Nyankopɔn fi mmrɛ yɛn. 18 Yɛn Nyankopɔn a ɔka yɛn ho* nti, wɔbrɛɛ yɛn ɔbarima nyansafo bi a ofi Israel ba Lewi banana Mahli+ mma mu a wɔfrɛ no Serebia,+ ne ne mma ne ne nuanom, mmarima 18; 19 ne Hasabia ne Yesia a ofi Merari mma+ mu ne ne nuanom ne wɔn mma, mmarima 20. 20 Na asɔrefi asomfo* 220 a Dawid ne mpanyimfo no de wɔn maa Lewifo som no, wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din.

21 Ɛnna mekae sɛ yɛnyɛ akɔnkyen* wɔ Asubɔnten Ahawa ho, na yɛmmrɛ yɛn ho ase yɛn Nyankopɔn anim, na yɛnhwehwɛ ne hɔ akwankyerɛ a yɛde betu kwan no; ne sɛnea yɛbɛhwɛ yɛn ho ne yɛn mma ne yɛn nneɛma nyinaa so. 22 Ná ɛyɛ me aniwu sɛ mebisa asraafo ne wɔn a wɔtete apɔnkɔ so afi ɔhene no hɔ ma wɔabɔ yɛn ho ban afi atamfo nsam wɔ ɔkwan so, efisɛ na yɛaka akyerɛ ɔhene sɛ: “Wɔn a wɔhwehwɛ yɛn Nyankopɔn no, ne nsa wɔ wɔn nyinaa so, na obedi ama wɔn,+ na wɔn a wɔpo no no de, ne tumi ne n’abufuw wɔ wɔn so.”+ 23 Enti yɛyɛɛ akɔnkyen srɛɛ yɛn Nyankopɔn wɔ asɛm yi ho, na otiee yɛn nkotosrɛ.+

24 Afei miyii asɔfo mpanyimfo no mu 12, Serebia ne Hasabia+ ne wɔn nuanom du a wɔka wɔn ho. 25 Ɛnna mekarii dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a aka no, yɛn Nyankopɔn fi nneɛma a ɔhene ne n’agyinatufo ne ne mpanyimfo ne Israelfo a wɔwɔ hɔ nyinaa de bɛboae no, na mede hyɛɛ wɔn nsa.+ 26 Nneɛma a mekari guu wɔn nsam no yɛ dwetɛ dwetikɛse* 650, ne dwetɛ nneɛma 100 a ano si dwetikɛse 2, ne sika kɔkɔɔ dwetikɛse 100, 27 ne sika kɔkɔɔ nkankyee nketewa 20 a ano si darik* 1,000, ne nneɛma 2 a wɔde kɔbere papa ayɛ ma ayɛ hyɛnn a ne bo yɛ den sɛ sika kɔkɔɔ.

28 Ɛnna meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moyɛ kronkron ma Yehowa,+ na nneɛma no nso yɛ nneɛma kronkron, na dwetɛ ne sika kɔkɔɔ no yɛ ayamye afɔrebɔde ma Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn. 29 Monhwɛ so yiye nkosi sɛ mobɛkari wɔ asɔfo mpanyin ne Lewifo ne Israel agyanom mpanyimfo a wɔwɔ Yehowa fi adekora adan* mu hɔ wɔ Yerusalem+ no anim.” 30 Ɛnna asɔfo ne Lewifo no faa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a wɔkari maa wɔn no, na wɔde kɔɔ yɛn Nyankopɔn fi wɔ Yerusalem.

31 Bosome a edi kan+ no da a ɛto so 12 no, yetu fii Asubɔnten Ahawa ho+ de yɛn ani kyerɛɛ Yerusalem; ná yɛn Nyankopɔn nsa wɔ yɛn so, na ogyee yɛn fii atamfo ne wɔn a wɔtɛw ɔkwan mu no nsam. 32 Enti yebeduu Yerusalem,+ na yɛtenaa hɔ nnansa. 33 Da a ɛto so anan no, yɛkarii dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a aka no wɔ yɛn Nyankopɔn fi+ de maa Uriya ba ɔsɔfo Meremot+ ne Finehas ba Eleasar a ɔka ne ho no, na na Lewini Yesua ba Yosabad+ ne Lewini Binui+ ba Noadia ka wɔn ho. 34 Wɔkan ne nyinaa dodow na wɔkarii, na wɔkyerɛw ne nyinaa mu duru too hɔ. 35 Wɔn a wɔafi obi man so aba no de ɔhyew afɔre brɛɛ Israel Nyankopɔn, wɔde anantwinini+ 12 bɔɔ afɔre maa Israelfo nyinaa, adwennini+ 96, adwennini nkumaa+ 77, na wɔde mpapo 12 bɔɔ bɔne ho afɔre. Wɔde eyi nyinaa bɔɔ ɔhyew afɔre maa Yehowa.+

36 Ɛnna yɛde ɔhene no mmara+ maa ɔhene asoafo ne amradofo a wɔwɔ Asubɔnten no* agya+ no, na wɔde nneɛma kɔboaa ɔman no ne nokware Nyankopɔn no fi adwuma no.+

9 Wowiee eyinom ara pɛ, mpanyimfo no baa me nkyɛn bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Israelfo ne asɔfo ne Lewifo no ntwee wɔn ho mfii amanaman no mu nnipa ne wɔn akyiwade ho.+ Wɔntwee wɔn ho mfii Kaananfo, Hitifo, Perisifo, Yebusifo, Ammonfo, Moabfo, Egyptfo,+ ne Amorifo+ ho. 2 Wɔawareware wɔn mma mmea, na wɔawareware bi nso ama wɔn mma mmarima.+ Asefo* kronkron+ no de wɔn ho akɔfra amanaman no mu nnipa,+ na wɔn mu mpanyimfo ne asoafo no na wodi akoten wɔ mmarato yi mu.”

3 Metee asɛm yi ara pɛ, misuan m’ataade ne me nguguso mu; mitutuu me ti nwi ne m’abogyesɛ, na metenaa ase a me ho adwiriw me. 4 Wɔn a wɔafi obi man so aba no mmarato nti, wɔn a wɔfaa Israel Nyankopɔn asɛm aniberesɛm no* nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa me nkyɛn. Saa bere no nyinaa na mete hɔ a me ho adwiriw me; metenaa hɔ ara kosii anwummere a wɔbɔ aduan afɔre no.+

5 Anwummere a wɔbɔ aduan afɔre no,+ mesɔre fii m’awerɛhow mu a meda so ara hyɛ m’ataade ne me nguguso a masuan mu no. Na mibuu nkotodwe trɛw me nsam kyerɛɛ Yehowa me Nyankopɔn. 6 Na mekae sɛ: “O me Nyankopɔn, ɛyɛ me aniwu yɛ me fɛre mpo sɛ mɛma me ti so akyerɛ wo; O me Nyankopɔn, yɛn bɔne adɔɔso atra yɛn ti so, na yɛn asodi ayɛ kɛse akodu ɔsoro.+ 7 Efi yɛn agyanom bere so na yɛn bɔne adɔɔso+ abesi nnɛ da yi, na yɛn bɔne nti, wɔde yɛne yɛn ahemfo ne yɛn asɔfo ahyɛ asaase so ahemfo nsa, na yɛatotɔ sekan ano,+ wɔatu yɛn afi yɛn man mu,+ wɔafom yɛn nneɛma,+ na yɛn anim agu ase; eyinom nyinaa ato yɛn sɛnea nnɛ yɛn ani tua yi.+ 8 Na seesei Yehowa yɛn Nyankopɔn, bere tiaa yi mu no, yɛanya w’anim dom sɛ woama ebinom afi mu aka. O yɛn Nyankopɔn, woama yɛn ase atim* wɔ wo kronkronbea hɔ,+ woama yɛn ani agye, na woama yɛanya ahotɔ kakra afi yɛn nkoasom mu. 9 Ɛwom sɛ yɛyɛ nkoa+ de, nanso yɛn nkoasom mu no, yɛn Nyankopɔn, woannyaw yɛn, woada ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ yɛn wɔ Persia ahemfo anim,+ woapagyaw yɛn bio sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛma yɛn Nyankopɔn fi so,+ na yɛasiesie kurow a asɛe no, na wobɛma yɛanya abo fasu* wɔ Yuda ne Yerusalem.

10 “O yɛn Nyankopɔn, eyi nyinaa akyi no, dɛn na yɛnka? Yɛagyaw wo mmara nsɛm 11 a wonam wo nkoa adiyifo no so de maa yɛn no. Wokae sɛ: ‘Asaase a morekɔfa no yɛ asaase a ɛho agu fĩ efisɛ ɛso nnipa abu bra fĩ,* na abofonode a wɔayɛ nti, akyiwade ahyɛ asaase no so ma fi ti kosi ti.+ 12 Enti ɛnsɛ sɛ mode mo mma mmea ma wɔn mma mmarima aware, na ɛnsɛ sɛ mugye wɔn mma mmea aware ma mo mma mmarima.+ Monnhwehwɛ asomdwoe ne yiyedi mmma wɔn da.+ Sɛ mutie a, mobɛyɛ den na moadi asaase no so nneɛma pa, na moafa asaase no de agyaw mo mma daa.’ 13 Na nea yɛn nnebɔne ne yɛn asodi kɛse nti aba yɛn so nyinaa akyi no,—O yɛn Nyankopɔn, woanhwɛ yɛn bɔne so ne yɛn anni,+ na woama yɛn a yɛwɔ ha yi afi mu aka+— 14 adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsan bu wo mmara nsɛm so na yɛkɔwareware nnipa a wɔyɛ akyiwade yi?+ Anka wo bo remfuw yɛn nkosi sɛ yɛn nyinaa bɛsa a obiara remfi mu nka? 15 O Yehowa, Israel Nyankopɔn, woteɛ;+ ɛno nti na yɛafi mu aka de abesi nnɛ da yi. Yɛaba w’anim wɔ yɛn bɔne mu; asɛm yi nti, yɛn mu biara ntumi nnyina w’anim.”+

10 Bere a Esra butuw nokware Nyankopɔn no fi anim na ɔde nisu rebɔ mpae+ na ɔreka ɔman no bɔne no, Israelfo pii, mmarima ne mmea ne mmofra, boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, na na ɔman no resu denneennen. 2 Ɛnna Yehiel+ ba Sekania a ofi Elam mma+ mu ka kyerɛɛ Esra sɛ: “Yɛato yɛn Nyankopɔn mmara sɛ yɛakɔwareware aman foforo so* mmea a wɔwɔ asaase no so ne wɔn abɛtena.+ Eyi nyinaa akyi, anidaso wɔ hɔ ma Israel. 3 Enti momma yɛne yɛn Nyankopɔn nyɛ apam+ sɛ yɛbɛma mmea no nyinaa ne wɔn mma a wɔawo wɔn no akɔ sɛnea Yehowa ne wɔn a wɔfa Onyankopɔn mmara aniberesɛm* no akwankyerɛ te.+ Momma yɛnyɛ no sɛnea Mmara no aka. 4 Sɔre, na asɛm yi da wo so, na yɛn nso yɛtaa w’akyi. Ma wo ho nyɛ den na yɛ ho biribi.”

5 Ɛnna Esra sɔree, na ɔmaa asɔfo mpanyimfo ne Lewifo mpanyimfo ne Israel mpanyimfo nyinaa kaa ntam sɛ wɔbɛyɛ nea wɔaka no.+ Enti wɔkaa ntam. 6 Afei Esra sɔre fii nokware Nyankopɔn no fi anim kɔɔ Eliasib ba Yehohanan adekoradan no mu.* Ɔkɔɔ hɔ nanso wannidi, na wannom nsu nso, efisɛ na ɔredi wɔn a wɔafi obi man so aba no mmarato ho awerɛhow.+

7 Ɛnna wɔma wɔpaee mu kae wɔ Yuda ne Yerusalem nyinaa sɛ wɔn a wɔasan aba no nyinaa mmehyiam wɔ Yerusalem, 8 na sɛnea mpanyimfo ne atitiriw akyerɛ no, obiara a ebedu nnansa na ɔmmae no, wobegye n’agyapade nyinaa, na wobetu no afi wɔn a wɔasan aba no asafo mu.+ 9 Enti eduu ne nnansa so, bosome a ɛto so akron no da a ɛto so 20 no, na Yuda ne Benyamin mmarima nyinaa aboaboa wɔn ho ano abehyiam wɔ Yerusalem. Nnipa no nyinaa tenatenaa nokware Nyankopɔn fi no adiwo baabi. Asɛm a aba no ne osu kɛse a ɛretɔ nti, na wɔn ho repopo.

10 Ɛnna ɔsɔfo Esra sɔree, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moato mmara sɛ moakɔwareware aman foforo so mmea,+ na moama Israel asodi ayɛ kɛse. 11 Afei monka mo bɔne nkyerɛ Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn no, na monyɛ n’apɛde. Montwe mo ho mfi asaase no sofo ne saa aman foforo so mmea yi ho.”+ 12 Ɛnna asafo no nyinaa de nne kɛse kae sɛ: “Yɛbɛyɛ nea woaka nyinaa pɛpɛɛpɛ. 13 Nanso nnipa no dɔɔso, na yɛwɔ osutɔbere mu, enti yɛrentumi nnyina abɔnten. Eyi nso nyɛ da koro anaa nnanu adwuma, efisɛ yɛayɛ bɔne kɛse* wɔ asɛm yi mu. 14 Enti yɛsrɛ wo, ma yɛn mpanyimfo nnyina asafo no nyinaa ananmu;+ na kurow biara mu nnipa a wɔawareware aman foforo so mmea no, wɔmmra wɔ bere a wɔbɛhyɛ ama wɔn no mu, wɔne kurow biara mu mpanyimfo ne atemmufo no, nkosi sɛ yɛbɛma yɛn Nyankopɔn abufuhyew afi yɛn so wɔ asɛm yi ho.”

15 Nanso Asahel ba Yonatan ne Tikwa ba Yaseia ne wɔn anyɛ adwene, na Lewini Mesulam ne Lewini Sabetai+ nso ne wɔn anyɛ adwene. 16 Ne nyinaa akyi no, wɔn a wofi obi man so asan aba no yɛɛ sɛnea wɔaka no; na ɔsɔfo Esra ne agyanom fi mpanyimfo no nyinaa kogyinagyinaa hɔ sɛnea wɔn din te; na bosome a ɛto so du no da a edi kan no, wɔtenaa ase fii ase hwehwɛɛ asɛm no mu. 17 Na bosome a edi kan no da a edi kan no, wɔne mmarima a wɔawareware aman foforo so mmea no wiei. 18 Na wobehui sɛ asɔfo mma no bi nso awareware aman foforo so mmea:+ Wɔn ne Maaseia, Elieser, Yarib, ne Gedalia. Wofi Yehosadak ba Yesua+ ne ne nuanom mma mu. 19 Nanso wɔhyɛɛ bɔ* sɛ wɔbɛpam wɔn yerenom no, na esiane wɔn bɔne nti, wɔn mu biara de wɔn mmoa mu odwennini baako bɛbɔ afɔre wɔ wɔn afodi no ho.+

20 Imer mma+ mu, Hanani ne Sebadia; 21 Harim mma+ mu, Maaseia, Elia, Semaia, Yehiel, ne Usia; 22 Pasur mma+ mu, Elioenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad, ne Eleasa. 23 Na Lewifo mu, Yosabad, Simei, Kelaia (kyerɛ sɛ, Kelita), Petahia, Yuda, ne Elieser; 24 nnwontofo mu, Eliasib; apon ano ahwɛfo mu, Salum, Telem, ne Uri.

25 Na Israel mu, Paros mma+ mu, Ramia, Yisia, Malkiya, Miyamin, Eleasar, Malkiya, ne Benaia; 26 Elam mma+ mu, Matania, Sakaria, Yehiel,+ Abdi, Yeremot, ne Elia; 27 Satu mma+ mu, Elioenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad, ne Asisa; 28 Bebai mma+ mu, Yehohanan, Hanania, Sabai, ne Atlai; 29 Bani mma mu, Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal, ne Yeremot; 30 Pahat-Moab mma+ mu, Adna, Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Besalel, Binui, ne Manase; 31 Harim mma+ mu, Elieser, Yisiya, Malkiya,+ Semaia, Simeon, 32 Benyamin, Maluk, ne Semaria; 33 Hasum mma+ mu, Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase, ne Simei; 34 Bani mma mu, Maadai, Amram, Uel, 35 Benaia, Bedeia, Keluhi, 36 Wania, Meremot, Eliasib, 37 Matania, Matenai, ne Yaasu; 38 Binui mma mu, Simei, 39 Selemia, Natan, Adaia, 40 Maknadebai, Sasai, Sarai, 41 Asarel, Selemia, Semaria, 42 Salum, Amaria, ne Yosef; 43 Nebo mma mu, Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadai, Yoel, ne Benaia. 44 Eyinom nyinaa warewaree aman foforo so mmea,+ na wɔpam wɔn yerenom ne wɔn mma no.+

Nt., “kanyan Persia hene Kores honhom.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Israel Nyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem no fi.”

Nt., “wɔn honhom.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ Serubabel a wɔaka ne ho asɛm wɔ Esr 2:2; 3:8 no.

Nt., “sika kɔkɔɔ a wɔayɛ no sɛ nkɛntɛn.”

Nt., “dwetɛ a wɔayɛ no sɛ nkɛntɛn.”

Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Anaa “wobuu wɔn sɛ wɔn ho ntew sɛ wɔyɛ asɔfo.”

Anaa “Tirsata,” abodin a Persiafo de ma wɔn mantam amradofo.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nnipa dodow no ara gye di sɛ ɛte sɛ Persiafo sika kɔkɔɔ darik. Emu duru yɛ gram 8.4. Ɛsono drakma a wɔaka ho asɛm wɔ Greek Kyerɛwnsɛm mu no. Hwɛ Nkh. B14.

Bɛnnaa a wɔka ho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no yɛ gram 570. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Nt., “Israel nyinaa.”

Anaa “Asese.”

Hebri asɛmfua no kyerɛ nnade ntraantraa abien a wɔde bɔ nnwom. Wɔde bom a, egyigye kyan-kyan.

Nt., “yɛhwehwɛ mo Nyankopɔn akyi kwan.”

Nt., “ma Yudafo no nsam gow.”

Ebetumi nso akyerɛ, “wɔkyerɛwee wɔ Aram kasa mu na afei wɔkyerɛɛ ase.”

Nsɛm a ɛwɔ Esr 4:8 kosi 6:18 no, wodii kan kyerɛwee wɔ Aram kasa mu.

Anaa “Eufrate.”

Anaa “w’ahemfi na yegye yɛn akatua.”

Ebetumi nso akyerɛ, “wɔakyerɛ ase akenkan.”

Anaa “Eufrate.”

Nt., “Onyankopɔn ani kuu Yuda mpanyimfo no ho.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ Serubabel a wɔaka ne ho asɛm wɔ Esr 2:2; 3:8 no.

Bɛyɛ mita 26.7 (anm. 87.6). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “Eufrate.”

Ebetumi nso akyerɛ, “sumina so.”

Hwɛ Nkh. B15.

Anaa “wohyiraa Onyankopɔn fi no so.”

Anaa “afide.”

Nt., “abɛhwehwɛ.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Nt., “ɔhyɛɛ wɔn nsam den.”

Ɛkyerɛ, “Boa” anaa “Mmoa.”

Hebri asɛmfua no kyerɛ obi a ɔhwɛ Mmara no ne Kyerɛw Kronkron no afã foforo so kyerɛw bi.

Anaa “na ne ho akokwaw wɔ ne kyerɛw mu.”

Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Anaa “papayɛ nsa a ɛwɔ no so.”

Anaa “ɔhwɛ Yehowa mmara nsɛm ne n’ahyɛde a ɔde maa Israel no so kyerɛw bi.”

Nsɛm a ɛwɔ Esr 7:12 kosi 7:26 no, wodii kan kyerɛwee wɔ Aram kasa mu.

Anaa “Eufrate.”

Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

Kor baako yɛ lita 220. Hwɛ Nkh. B14.

Bat baako yɛ lita 22 (gal. 5.81). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Nt., “sɛnea wo Nyankopɔn nyansa wɔ wo nsam no.”

Anaa “mehyɛɛ me ho den.”

Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Anaa “Nyankopɔn papayɛ nsa a ɛwɔ yɛn so.”

Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Anaa “yenni mmuada.”

Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

Darik yɛ Persiafo sika a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “adidibea adan.”

Anaa “Eufrate.”

Nt., “Aba.”

Nt., “wɔn a na wɔn ho popo wɔ Israel Nyankopɔn asɛm no ho.”

Nt., “woama yɛanya dua a wɔde bɔ ade mu tim fam.”

Anaa “bammɔ fasu.”

Anaa “ayɛ afide.”

Anaa “ananafo.”

Anaa “wɔn ho popo Onyankopɔn mmara ho.”

Anaa “adidibea hɔ.”

Anaa “yɛn atuatew no so.”

Nt., “wokyiakyiaa wɔn nsam.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena