NEA EDI KAN A ƆDE KƆMAA KORINTOFO
1 Me Paul, a wɔnam Onyankopɔn pɛ so afrɛ me sɛ memmɛyɛ Kristo Yesu somafo,+ ne yɛn nua Sostene, 2 yɛde krataa yi rebrɛ Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto+ no. Yɛde rebrɛ mo a wɔatew mo ho wɔ Kristo Yesu mu+ a wɔafrɛ mo sɛ mommɛyɛ akronkronfo, mo ne wɔn a wɔrebɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din wɔ baabiara no nyinaa.+ Ɔno na ɔyɛ wɔn Awurade ne yɛn Awurade.
3 Yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoe nka mo.
4 Onyankopɔn adom a wɔde ama mo Kristo Yesu mu no nti, daa meda me Nyankopɔn ase ma mo; 5 efisɛ ne nti, moanya mo ho wɔ biribiara mu, kasa ne nimdeɛ nyinaa mu,+ 6 sɛnea Kristo ho adanse+ no atim mo mu no; 7 ɛno nti mowɔ akyɛde no nyinaa bi, seesei a moretwɛn denneennen sɛ wɔbɛda yɛn Awurade Yesu Kristo adi+ no. 8 Bio nso, ɔbɛma mo ase atim akosi awiei, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrennya mo ho asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo da+ no. 9 Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne Ba a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo ayɔnkofa* mu no, ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo.+
10 Afei anuanom, mitu mo fo yɛn Awurade Yesu Kristo din mu sɛ mo nyinaa nyɛ ano koro, na mommma mpaapaemu mmma mo mu.+ Mmom monka mmom denneennen wɔ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.+ 11 Me nuanom, nea enti a mereka saa ne sɛ, Kloe fifo bi abɛbɔ me amanneɛ* sɛ akasakasa wɔ mo mu. 12 Nea merekyerɛ ne sɛ, mo mu biara ka sɛ: “Meyɛ Paul de,” “Me de, meyɛ Apolo+ de,” “Me de, meyɛ Kefa* de,” “Me de, meyɛ Kristo de.” 13 Kristo mu apaapae anaa? Paul na wɔbɔɔ no asɛndua mu maa mo anaa? Anaa Paul din mu na wɔbɔɔ mo asu? 14 Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu, gye Krispo+ ne Gaio,+ 15 na obi anka sɛ wɔbɔɔ mo asu wɔ me din mu. 16 Yiw, afei nso mebɔɔ Stefana fifo asu.+ Wɔn a aka no de, sɛ mebɔɔ wɔn mu bi asu a, menkae. 17 Efisɛ Kristo ansoma me sɛ menkɔbɔ asu, na mmom ɔsomaa me sɛ menkɔka asɛmpa no;+ ɛnyɛ nyansa-kasa na ɔde somaa me, na Kristo asɛndua no anyɛ kwa.
18 Na asɛndua no ho asɛm no yɛ nkwaseasɛm ma wɔn a wɔreyera,+ na yɛn a wɔregye yɛn nkwa no de, ɛyɛ Onyankopɔn tumi ma yɛn.+ 19 Efisɛ wɔakyerɛw sɛ: “Mɛma anyansafo nyansa asɛe, na meremfa animdefo nimdeɛ nyɛ hwee.*+ 20 Onyansafo wɔ he? Ɔkyerɛwfo* wɔ he? Wiase yi* mu okyinnyegyefo wɔ he? Onyankopɔn mmaa wiase nyansa nnan nkwaseasɛm anaa? 21 Saa kwan yi so na Onyankopɔn nyansa da adi. Ɛne sɛ, wiase no antumi amfa ɛno ara ne nyansa so+ anhu Onyankopɔn,+ nanso Onyankopɔn nyansa nti, asɛm a yɛka a ɛyɛ nkwaseasɛm wɔ wiase no ani so+ no, ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔbɛfa so agye wɔn a wogye di no.
22 Yudafo bisa nsɛnkyerɛnne,+ na Greecefo nso hwehwɛ nyansa. 23 Na yɛn de, yɛka Kristo a wɔbɔɔ no asɛndua mu kum no no ho asɛm. Saa asɛm no yɛ hintidua ma Yudafo, ɛnna ɛyɛ nkwaseasɛm ma amanaman no.+ 24 Nanso wɔn a wɔafrɛ wɔn no de, Yudafo oo, Greecefo oo, Kristo yɛ Onyankopɔn tumi ne Onyankopɔn nyansa+ ma wɔn. 25 Efisɛ ade a efi Onyankopɔn hɔ a nnipa bu no nkwaseade no, ɛwɔ nyansa kyɛn nnipa. Na ade a efi Onyankopɔn hɔ a nnipa bu no sɛ ɛyɛ mmerɛw no, ɛyɛ den kyɛn nnipa.+
26 Anuanom, mohwɛ frɛ a wafrɛ mo no a, mo ara muhu sɛ wamfrɛ honam fam* anyansafo pii,+ ɛnna wamfrɛ atumfo bebree anaa adehye pii;+ 27 na mmom Onyankopɔn apaw nneɛma a wiase bu no nkwaseade no sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafo aniwu; na Onyankopɔn apaw ade a wiase bu no sɛ ɛyɛ mmerɛw no sɛ ɔde bɛhyɛ nea wiase bu no sɛ ɛyɛ den no aniwu;+ 28 na Onyankopɔn apaw nneɛma a wiase bu no sɛ ɛnsɛ hwee, ne nneɛma a wobu no animtiaa, nneɛma a wiase bu no sɛ mfaso nni so, sɛ ɔde betu nneɛma a wiase bu no sɛ mfaso wɔ so agu,+ 29 sɛnea ɛbɛyɛ a obiara* renhoahoa ne ho Onyankopɔn anim. 30 Na Onyankopɔn na wama mo ne Kristo Yesu ayɛ baako, Yesu a wama yɛahu Onyankopɔn nyansa ne ne trenee,+ a wama yɛn ho atew,+ a wayɛ agyede ama yɛn ama yɛanya ahofadi+ no. 31 Onyankopɔn ayɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a nea wɔakyerɛw yi bɛba mu: “Nea ɔhoahoa ne ho no, ma ɔnhoahoa ne ho Yehowa* mu.”+
2 Enti anuanom, bere a mebaa mo nkyɛn no, ɛnyɛ nsɛm akɛse+ anaa nyansa a ɛtra so na mede bɛkaa Onyankopɔn ahintasɛm kronkron+ no kyerɛɛ mo. 2 Na bere a mewɔ mo nkyɛn no, mebɔɔ me tirim sɛ meremfa m’adwene nsi biribiara so, gye Yesu Kristo, ne bɔ a wɔbɔɔ no asɛndua mu no.+ 3 Na mede mmerɛwyɛ ne ehu ne ahopopo bebree na ɛbaa mo nkyɛn; 4 ɛnyɛ anyansasɛm a wɔde dɛfɛdɛfɛ nnipa na mede kasae, na ɛnyɛ ɛno na mede yɛɛ asɛnka adwuma no, na mmom honhom ne tumi ho adanse na mede mae,+ 5 na mo gyidi annyina nnipa nyansa so, na mmom agyina Onyankopɔn tumi so.
6 Na yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔanyin,+ nanso ɛnyɛ wiase yi* nyansa anaa wiase yi mu atumfo a wobeyi wɔn afi hɔ no nyansa.+ 7 Mmom no, Onyankopɔn nyansa a wada no adi wɔ ahintasɛm kronkron+ bi mu no, ɛno ho asɛm na yɛka. Saa nyansa no, Onyankopɔn de siei, na ɔhyehyɛ too hɔ ansa na wiase yi* reba sɛ ɔde bɛhyɛ yɛn anuonyam. 8 Nyansa yi na wiase yi* atumfo no mu biara anhu,+ na sɛ wohui a, anka wɔankum Awurade a ɔwɔ anuonyam no.* 9 Na mmom sɛnea wɔakyerɛw no: “Nneɛma a Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no, ani nhui, na aso ntee, na ɛmmaa nnipa koma mu da.”+ 10 Na yɛn na Onyankopɔn nam ne honhom so+ ayi saa nneɛma no adi akyerɛ yɛn,+ efisɛ honhom no hwehwɛ nneɛma nyinaa mu, Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no+ mpo mu.
11 Onipa betumi ahu nea ɛwɔ ne yɔnko nipa tirim anaa? Daabida. Nea ɛwɔ obi tirim de, onii no koma* nko ara na enim. Saa ara na obiara rentumi nhu nea ɛwɔ Onyankopɔn tirim, gye Onyankopɔn honhom. 12 Yɛn de, ɛnyɛ wiase honhom na yenyae, na mmom honhom a efi Onyankopɔn hɔ,+ sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu nneɛma a Onyankopɔn ayi ne yam de ama yɛn no. 13 Saa nneɛma yi na yɛn nso yɛka; ɛnyɛ nsɛm a wɔde nnipa nyansa kyerɛkyerɛ+ na yɛde ka, na mmom nea wɔde honhom no kyerɛkyerɛ,+ na yɛde honhom mu nsɛm kyerɛkyerɛ honhom mu nneɛma mu.
14 Nanso nea odi n’akɔnnɔ akyi no nnye nneɛma a efi Onyankopɔn honhom mu no ntom, na ɛyɛ nkwaseasɛm ma no; na ɔrentumi nhu mu, efisɛ wɔde honhom na ɛhwehwɛ mu. 15 Na nea Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan de, ɔhwehwɛ nneɛma nyinaa mu,+ nanso ɔno de, onipa biara nhwehwɛ ne mu. 16 Na “hena na wahu Yehowa* adwene a obetumi akyerɛkyerɛ no?”+ Na yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene.+
3 Enti anuanom, mantumi ankasa ankyerɛ mo sɛ nnipa a Onyankopɔn honhom kyerɛ mo kwan,+ na mmom mekasa kyerɛɛ mo sɛ nnipa a wodi wɔn akɔnnɔ akyi, nnipa a wɔyɛ mmofra+ wɔ Kristo mu. 2 Nufu na mede maa mo, ɛnyɛ aduan a ɛyɛ den, efisɛ na mo ho nyɛ den. Na seesei mpo, mo ho nyɛ den,+ 3 efisɛ moda so ara di ɔhonam akɔnnɔ akyi.+ Na bere a ahoɔyaw ne mansotwe wɔ mo mu yi, ɛnyɛ ɔhonam akɔnnɔ akyi na mudi anaa,+ na ɛnyɛ sɛnea wiase no nantew na mo nso monantew anaa? 4 Na sɛ obi ka sɛ, “Meyɛ Paul dea,” na obi foforo nso ka sɛ, “Meyɛ Apolo+ dea” a, ɛnyɛ nea wiase no yɛ no ara bi na mo nso moreyɛ anaa?
5 Ɛnde, hena ne Apolo? Na hena ne Paul? Yɛyɛ asomfo+ a yɛyɛ adwuma a Awurade de ahyɛ yɛn nsa, a monam yɛn so abɛyɛ gyidifo. 6 Me de, miduae,+ Apolo guguu so nsu,+ nanso Onyankopɔn na ɔma ɛkɔɔ so nyinii. 7 Enti ɛnyɛ nea odua na ɔyɛ biribi, ɛnna ɛnyɛ nea ogugu so nsu nso, na mmom Onyankopɔn a ɔma enyin no.+ 8 Nea odua ne nea ogugu so nsu no yɛ baako,* nanso wɔn mu biara benya n’ankasa akatua sɛnea n’ankasa adwuma te.+ 9 Efisɛ yɛyɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo. Moyɛ Onyankopɔn afuw, Onyankopɔn dan.+
10 Sɛnea Onyankopɔn adom a minyae no te no, metoo fapem+ sɛ ɔdansifo a onim adwuma paa,* nanso obi foforo na ɔreto asi so. Enti ma obiara nkɔ so nhwɛ sɛnea ɔreto asi so no yiye. 11 Efisɛ obiara nni hɔ a obetumi ato fapem foforo biara, gye nea wɔato dedaw no. Ɛno ne Yesu Kristo.+ 12 Na sɛ obi de sika kɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔden abo, nnua, sare, anaa wura a awo si fapem no so a, 13 obiara adwuma bɛda adi; ɛda a wɔbɛsɔ ahwɛ no na ɛbɛda adi, efisɛ ogya na ɛbɛma ada adi,+ na ogya na ɛbɛkyerɛ sɛnea obiara sii ne dan. 14 Sɛ obi adwuma a wato asi fapem no so gyina a, obenya akatua. 15 Sɛ obi adwuma hyew a, ɔbɛhwere ade, na n’ankasa de, wobegye no nkwa; nanso ɛbɛyɛ sɛ nea wɔagye no afi ogya mu.*
16 Munnim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔrefi,+ na Onyankopɔn honhom te mo mu+ anaa? 17 Sɛ obi sɛe Onyankopɔn asɔrefi a, Onyankopɔn bɛsɛe no; efisɛ Onyankopɔn asɔrefi ho tew, na asɔrefi no ne mo ara.+
18 Mma obiara nnnaadaa ne ho. Sɛ mo mu bi adwene yɛ no sɛ ɔyɛ onyansafo wɔ wiase yi* mu a, ma ɔnyɛ ɔkwasea, na watumi ayɛ onyansafo. 19 Na wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm wɔ Onyankopɔn anim, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: “Afiri a anyansafo de wɔn anitew asum no, ɔma eyi wɔn ankasa.”+ 20 Wɔakyerɛw bio sɛ: “Yehowa* nim sɛ anyansafo nsusuwii yɛ kwa.”+ 21 Enti mma obiara mmfa nea nnipa tumi yɛ nnhoahoa ne ho, efisɛ ade nyinaa yɛ mo de. 22 Paul oo, Apolo oo, Kefa* oo,+ wiase oo, nkwa oo, owu oo, nneɛma a ɛwɔ hɔ nnɛ oo, nneɛma a ɛrebɛba oo, ade nyinaa yɛ mo dea; 23 mo nso moyɛ Kristo de;+ ɛnna Kristo nso yɛ Onyankopɔn dea.
4 Yɛpɛ sɛ nnipa hu yɛn sɛ Kristo asomfo* ne Onyankopɔn ahintasɛm kronkron so ahwɛfo.*+ 2 Eyi mu no, nea wɔhwehwɛ fi ofiehwɛfo hɔ ne sɛ wobehu sɛ odi nokware. 3 Na me de, ɛho nhia me pii sɛ mo anaa nnipa bagua* bi besi me ho nkongua ahwehwɛ m’asɛm mu.* Nea ɛwom ne sɛ, me ara mpo, menhwehwɛ me mu. 4 Efisɛ minhu asɛm biara a ɛwɔ me ho. Nanso eyi nkyerɛ sɛ meyɛ ɔtreneeni. Nea ɔhwehwɛ me mu* ne Yehowa.*+ 5 Enti mummmu biribiara ho atɛn+ ansa na bere no adu, kosi sɛ Awurade bɛba. Ɔno na ɔde nea ahintaw wɔ sum mu bɛba hann mu, na wayi komam nsɛm adi; ɛno na afei obiara benya n’ayeyi a ɛfata no afi Onyankopɔn hɔ.+
6 Afei anuanom, mo yiye mu nti na maka asɛm yi afa me ne Apolo+ ho, na monam yɛn so asua saa asɛm yi: “Monnyɛ ade nntra nea wɔakyerɛw no,” na moamma mo ho so+ ampɛ obi asɛm ankyɛn ne yɔnko. 7 Na hena na ɔma wokyɛn obi? Dɛn koraa na wowɔ a woannya?+ Na sɛ nya na wunyae a, adɛn nti na wudwa w’anom te sɛ nea woannya yi?
8 Sɛ́ moamee dedaw? Sɛ́ moanya mo ho dedaw? Sɛ́ moafi ase redi hene+ a yɛnka ho? Me yam paa a, anka moafi ase redi hene, na yɛn nso yɛaka mo ho ne mo adi hene.+ 9 Na yɛn a yɛyɛ asomafo no de, ɛyɛ me sɛ Onyankopɔn de yɛn atwa to ayi yɛn akyerɛ sɛ nnipa a wɔabu wɔn fɔ sɛ wonkokum wɔn,+ efisɛ yɛadan ade a wiase ne abɔfo ne nnipa nyinaa rehwɛ.+ 10 Kristo nti yɛyɛ nkwaseafo,+ na mo de, moyɛ anyansafo wɔ Kristo mu; yɛyɛ mmerɛw, na mo de, moyɛ den; mowɔ anuonyam, na yɛn de, nkurɔfo mfa yɛn nyɛ hwee. 11 Ɛde besi nnɛ nyinaa, yedi kɔm+ ne sukɔm,+ yɛdeda adagyaw,* wɔboro yɛn,+ yenni baabi te, 12 na yɛbrɛ de yɛn ankasa nsa yɛ adwuma.+ Sɛ wɔyeyaw yɛn a, yehyira wɔn;+ sɛ wɔtan yɛn ani a, yɛtɔ yɛn bo ase de animia gyina mu;+ 13 sɛ wɔsɛe yɛn din a, yɛde ntoboase kasa+ kyerɛ wɔn;* ɛde besi nnɛ nyinaa, yɛayɛ sɛ sumina* wɔ wiase, nneɛma nyinaa mu nwura.
14 Ɛnyɛ sɛ merekyerɛw nsɛm yi de abɛhyɛ mo aniwu, na mmom mede rebetu mo fo sɛ me mma a medɔ mo. 15 Sɛ mowɔ akwankyerɛfo* 10,000 wɔ Kristo mu mpo a, agyanom de, munni bebree; na menam asɛmpa no so ayɛ mo agya wɔ Kristo Yesu mu.+ 16 Enti mitu mo fo sɛ, munsuasua me.+ 17 Ɛno nti na meresoma Timoteo aba mo nkyɛn no, efisɛ ɔyɛ me ba a medɔ no na odi nokware wɔ Awurade mu. Ɔbɛkaakae mo sɛnea meyɛ me nneɛma* wɔ Kristo Yesu mu,+ sɛnea merekyerɛkyerɛ baabiara wɔ asafo biara mu no.
18 Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ meremma mo nkyɛn, enti ahomaso ahyɛ wɔn ma. 19 Nanso sɛ Yehowa* pɛ a, ɛrenkyɛ biara mɛba mo nkyɛn, na mabehu wɔn a wɔama wɔn ho so no tumi, ɛnyɛ wɔn kasa. 20 Efisɛ Onyankopɔn Ahenni nnyina kasa so, na mmom tumi so. 21 Nea ɛwɔ he na mopɛ? Memfa abaa mmra mo nkyɛn,+ anaa memfa ɔdɔ ne odwo?*
5 Yɛate sɛ aguamammɔ*+ bi rekɔ so wɔ mo mu, aguamammɔ* a enni amanaman mufo mpo mu. Ɛne sɛ, obi agye ne papa yere.+ 2 Eyi yɛ asɛm a ɛsɛ sɛ mode hoahoa mo ho? Ɛnyɛ mo werɛ na ɛsɛ sɛ ɛhow mmom+ na muyi ɔbarima a ɔyɛɛ saa ade no fi mo mu?+ 3 Ɛwom sɛ minni hɔ wɔ honam mu de, nanso mewɔ hɔ wɔ honhom mu, na mabu ɔbarima a ɔyɛɛ saa ade yi atɛn dedaw te sɛ nea mewɔ hɔ ankasa. 4 Sɛ muhyiam yɛn Awurade Yesu din mu, bere a munim sɛ me ne mo wɔ hɔ wɔ honhom mu, a yɛn Awurade Yesu tumi nso ka mo ho a, 5 ɛsɛ sɛ mode saa ɔbarima no hyɛ Satan nsa+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔhonam no bɛsɛe, na wɔagye honhom no nkwa, Awurade da+ no.
6 Mo ahohoahoa no nyɛ fɛ. Munnim sɛ mmɔkaw* kakraa bi na ɛma mmɔre no nyinaa kaw+ anaa? 7 Munyi mmɔkaw dedaw no ngu, na ama moayɛ mmɔre foforo, sɛnea mmɔkaw biara nni mo mu no. Efisɛ wɔanya de yɛn Twam guammaa+ Kristo no abɔ afɔre.+ 8 Enti mommma yɛmmfa mmɔkaw dedaw, anaa bɔneyɛ ne amumɔyɛ mmɔkaw nnni afahyɛ* no,+ na mmom momma yɛmfa kronkronyɛ ne nokware paanoo a mmɔkaw nnim nni.
9 Krataa a mekyerɛw brɛɛ mo no, meka kyerɛɛ mo wom sɛ mo ne aguamammɔfo* mmmɔ.* 10 Ɛnyɛ nea mereka ne sɛ montwe mo ho koraa mfi aguamammɔfo* a wɔwɔ wiase yi mu+ anaa adifudepɛfo anaa apoobɔfo anaa abosonsomfo ho. Ɛnde anka gye sɛ mufi wiase koraa.+ 11 Na seesei merekyerɛw mo sɛ, obiara a wɔfrɛ no onua a ɔyɛ oguamammɔfo* anaa odifudepɛfo+ anaa ɔbosonsonni anaa obi a otwa nkurɔfo adapaa* anaa ɔsabofo+ anaa opoobɔfo+ no, mo ne no mmmɔ;*+ saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo. 12 Wɔn a wɔwɔ akyi* no de, sɛ wobebu wɔn atɛn oo, sɛ wɔremmu wɔn atɛn oo, ɛfa me ho bɛn? Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ mo mu no na mubu wɔn atɛn, 13 na Onyankopɔn nso abu wɔn a wɔwɔ akyi* no atɛn?+ “Munyi ɔbɔnefo no mfi mo mu.”+
6 Sɛ mo mu bi ne ne yɔnko nya asɛm+ a, enti otumi si ne bo de no kɔ asɛnnibea wɔ nnipa a wɔnteɛ anim, a ɔmfa no nkɔ akronkronfo no mmom anim? 2 Anaa munnim sɛ akronkronfo no na wobebu wiase atɛn?+ Na sɛ mo na mubebu wiase atɛn a, nsɛm nketenkete na morentumi mmu ho atɛn anaa? 3 Munnim sɛ yebebu abɔfo atɛn?+ Sɛ yebebu abɔfo atɛn a, ɛnde asetena yi mu nsɛm* na yɛrentumi mmu ho atɛn? 4 Na sɛ mowɔ asetena yi mu nsɛm a ɛsɛ sɛ mudi+ a, wɔn a asafo no mmu wɔn no na mode wɔn yɛ atemmufo? 5 Mereka eyi de ahyɛ mo aniwu. Enti onyansafo baako koraa nni mo mu a obetumi abu ne nuanom ntam atɛn? 6 Ɛnna onua paa tumi de onua kɔ asɛnnibea, wɔn a wonnye nni anim!
7 Nokwasɛm ne sɛ, sɛ obiara de ne yɔnko kɔ asɛnnibea a, ɛnde na moadi nkogu dedaw. Adɛn na momma wɔnyɛ mo bɔne mmom?+ Adɛn na momma wonsisi mo mmom? 8 Mmom, mo na moyɛ nkurɔfo bɔne na musisi wɔn; moamfa anyɛ obiara nso sɛ mo nuanom!
9 Anaa munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn Ahenni?+ Mommma wɔnnnaadaa mo. Aguamammɔfo,*+ abosonsomfo,+ awaresɛefo,+ mmarima a wɔma mmarima ne wɔn da,+ mmarima a wɔne mmarima da,+ 10 akorɔmfo, adifudepɛfo,+ akɔwensafo,+ wɔn a wotwa nkurɔfo adapaa,* ne apoobɔfo rennya Onyankopɔn Ahenni no.+ 11 Saa na na mo mu binom te. Nanso wɔaguare mo kama;+ wɔatew mo ho;+ wɔabu mo atreneefo+ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu, ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.
12 Mewɔ hokwan sɛ meyɛ nneɛma nyinaa, nanso ɛnyɛ nneɛma nyinaa na mfaso wɔ so.+ Mewɔ hokwan sɛ meyɛ nneɛma nyinaa, nanso meremma biribiara mfa me nyɛ akoa.* 13 Aduan wɔ hɔ ma yafunu, ɛnna yafunu nso wɔ hɔ ma aduan, nanso Onyankopɔn bɛsɛe abien no nyinaa.+ Nipadua nni hɔ mma aguamammɔ;* ɛwɔ hɔ ma Awurade,+ na Awurade nso wɔ hɔ ma nipadua no. 14 Na Onyankopɔn nyan Awurade,+ na yɛn nso, ɔnam ne tumi so+ benyan yɛn afi awufo mu.+
15 Munnim sɛ mo nipadua yɛ Kristo akwaa anaa?+ Memfa Kristo akwaa nkɔ nkɔfam tuutuuni ho anaa? Merenyɛ saa da! 16 Munnim sɛ obiara a ɔde ne ho akɔfam tuutuuni ho no, ɔne no ayɛ nipadua koro anaa? Efisɛ Onyankopɔn aka sɛ: “Wɔn baanu no bɛyɛ ɔhonam koro.”+ 17 Na obiara a ɔde ne ho afam Awurade ho no, ɔne no ayɛ baako wɔ honhom mu.+ 18 Munguan mfi aguamammɔ* ho!+ Bɔne biara a onipa yɛ no nni ne nipadua mu, na nea ɔbɔ aguaman* de, ɔyɛ ɔno ara ne nipadua bɔne.+ 19 Munnim sɛ mo nipadua yɛ honhom kronkron a ɛwɔ mo mu a munya fii Onyankopɔn hɔ+ no asɔrefi?+ Bio nso, monyɛ mo ara mo dea, na mmom moyɛ Onyankopɔn dea,+ 20 efisɛ wɔtɔɔ mo aboɔden.+ Sɛnea ɛte biara, momfa mo nipadua+ nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.+
7 Afei krataa a mokyerɛw brɛɛ me no, nea mewɔ ka wɔ ho ni: Eye ma ɔbarima sɛ ɔremfa ne ho nka ɔbea;* 2 nanso esiane sɛ aguamammɔ* abu so nti, ɔbarima biara nnya ɔno ara ne yere,+ na ɔbea biara nso nnya ɔno ara ne kunu.+ 3 Okunu mma ne yere nea ɛsɛ no,* na ɔyere nso nyɛ saa ara mma ne kunu.+ 4 Ɔyere nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom ne kunu na ɔwɔ so tumi; saa ara nso na okunu nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom ne yere na ɔwɔ so tumi. 5 Ɛnsɛ sɛ okunu ka sɛ ɔne ne yere renna, na ɛnsɛ sɛ ɔyere nso ka sɛ ɔne ne kunu renna, gye sɛ mo baanu nyinaa pene so sɛ morenna kosi bere bi, na moanya bere ama mpaebɔ na moasan abehyiam bio, na Satan ankɔ so ansɔ mo anhwɛ esiane ahohyɛso* a moannya nti. 6 Nea mereka yi, mubetumi ayɛ no saa, nanso ɛnyɛ ɔhyɛ. 7 Minyae a, anka nnipa nyinaa te sɛ nea mete yi. Nanso, obiara wɔ ɔno ara n’akyɛde+ a efi Onyankopɔn hɔ. Oyi de yɛ sɛɛ, ɛnna obi nso de yɛ sɛɛ.
8 Afei meka kyerɛ wɔn a wɔnwaree ne akunafo sɛ, eye ma wɔn sɛ wɔbɛtena hɔ sɛnea mete yi.+ 9 Nanso sɛ wontumi nhyɛ wɔn ho so a, ma wɔnware, efisɛ eye sɛ wɔbɛware sen sɛ nna ho akɔnnɔ bɛhyɛ wɔn so.+
10 Awarefo no de, mema wɔn ahyɛde. Ɛnyɛ me na mede ahyɛde no rema, na mmom Awurade. Ɛne sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔyere ne ne kunu tetew mu.+ 11 Nanso sɛ ɔne no tetew mu a, ɛnsɛ sɛ ɔware. Sɛ ɔpɛ sɛ ɔware a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɔsan ne ne kunu no kɔbom; na okunu nso, ɛnsɛ sɛ ogyaa ne yere.+
12 Na wɔn a aka no de, nea mewɔ ka kyerɛ wɔn ni. Ɛnyɛ Awurade, na mmom me na mereka.+ Ɛne sɛ: Sɛ onuabarima bi wɔ yere a onnye nni, na sɛ ɔbea no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ogyaa no; 13 na sɛ ɔbea bi nso wɔ kunu a onnye nni, na sɛ ɔbarima no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ogyaa ne kunu no. 14 Efisɛ okunu a onnye nni no ho tew, ne yere no nti; na ɔyere a onnye nni no ho tew, onuabarima no nti. Sɛ ɛnte saa a, anka mo mma ho agu fĩ, nanso seesei wɔyɛ kronkron. 15 Na sɛ nea onnye nni no ka sɛ ɔrekɔ* a, ma ɔnkɔ; sɛ ɛba saa a, biribiara nkyekyere onuabarima anaa onuabea no, na asomdwoe mu na Onyankopɔn afrɛ mo aba.+ 16 Na ɔyere, wobɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛnyɛ wo na wubegye wo kunu nkwa?+ Anaa okunu, wobɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛnyɛ wo na wubegye wo yere nkwa?
17 Ne nyinaa mu no, sɛnea Yehowa* ama obiara ne kyɛfa no, saa ara na obiara mmɔ ne bra, sɛnea Onyankopɔn afrɛ no no.+ Akwankyerɛ a mede ama wɔ asafo ahorow nyinaa mu ne no. 18 Wɔfrɛɛ obi bere a watwa twetia* anaa?+ Ɛnsɛ sɛ ɔdan obi a ontwaa twetia. Wɔfrɛɛ obi bere a ontwaa twetia anaa? Ɛnsɛ sɛ otwa twetia.+ 19 Twetiatwa nkyerɛ hwee, na wontwaa obi twetia nso a, ɛnkyerɛ hwee.+ Nea ehia ne sɛ obedi Onyankopɔn ahyɛde so.+ 20 Sɛnea na obiara te a wɔfrɛɛ no no, ɔntena mu saa ara.+ 21 Bere a wɔfrɛɛ wo no, na woyɛ akoa anaa? Mma ɛnnhaw wo;+ nanso sɛ wubetumi afi nkoasom mu a, ɛnde fi mu. 22 Na obiara a wɔfrɛɛ no Awurade mu bere a ɔyɛ akoa no, wabɛyɛ Awurade nipa a wɔayi no afi nkoasom mu.+ Saa ara na nea wɔfrɛɛ no bere a onni nkoasom mu no nso, wabɛyɛ Kristo akoa. 23 Wɔtɔɔ mo aboɔden;+ munnyae sɛ moyɛ nkoa ma nnipa. 24 Anuanom, sɛnea na obiara te a wɔfrɛɛ no no, ɔntena mu saa ara wɔ Onyankopɔn anim.
25 Afei ɛdefa mmaabun* ho de, minni ahyɛde biara a efi Awurade hɔ, na mmom mereka m’adwene+ sɛ obi a Awurade huu no mmɔbɔ sɛ ɔmmɛyɛ ɔnokwafo. 26 Enti misusuw sɛ ɔhaw a yɛwɔ mu seesei nti, sɛnea onipa te biara, eye sɛ ɔtena hɔ saa ara. 27 Wobata ɔyere ho anaa? Gyae sɛ woretetew wo ho.+ Wunni yere anaa? Gyae sɛ worehwehwɛ ɔyere. 28 Nanso sɛ woware nso a, wonyɛɛ bɔne. Sɛ ɔbaabun ware a, ɔnyɛɛ bɔne. Nanso wɔn a wɔware no ho bɛyeraw* wɔn ɔhonam mu. Me de, mempɛ sɛ mo ho bɛyeraw mo.
29 Bio nso anuanom, nea mereka ne sɛ, bere a aka no sua.+ Efi saa bere yi rekɔ no, momma wɔn a wɔwɔ yere no nyɛ sɛ nea wonni bi, 30 na wɔn a wosu nyɛ sɛ wɔn a wonsu, na wɔn a wodi ahurusi nyɛ sɛ wɔn a wonni ahurusi, na wɔn a wɔtɔ nyɛ sɛ wɔn a wonni bi. 31 Wɔn a wɔde wiase di dwuma nso, wɔmmma wiase nnnye wɔn adwene; efisɛ sɛnea wiase te no resesa. 32 Me de, mempɛ sɛ dadwen hyɛ mo so. Ɔbarima a ɔnwaree no, ɔda dwen Awurade nneɛma ho, sɛnea ɔbɛsɔ Awurade ani. 33 Na ɔbarima warefo de, ɔda dwen wiase nneɛma ho,+ sɛnea ɔbɛsɔ ne yere ani; 34 ne mu akyɛ. Bio nso, ɔbea a ɔnwaree, ne ɔbaabun da dwen Awurade nneɛma ho,+ sɛnea ɔbɛyɛ kronn ne nipadua mu ne ne honhom mu. Na ɔbea warefo de, ɔda dwen wiase nneɛma ho, sɛnea ɔbɛsɔ ne kunu ani. 35 Mo ara mo yiye mu nti na mereka eyi; ɛnyɛ sɛ mede biribi rekyekyere mo, na mmom sɛnea ɛbɛma moayɛ nea ɛfata na moatumi asom Awurade daa a biribiara nnye mo adwene.
36 Nanso sɛ obi hu sɛ ware a ɔnwaree* no ama ɔreyɛ nea ɛmfata, na sɛ onii no nyɛ abofra bio a, ɛnde nea ɛsɛ sɛ ɛba ni: Ma ɔnyɛ nea ɔpɛ; ɔnyɛɛ bɔne. Ma ɔnware.+ 37 Na sɛ obi asi gyinae wɔ ne koma mu, na hwee nhyɛ no so, na mmom otumi hyɛ n’ankasa akɔnnɔ so, na wasi gyinae wɔ ɔno ara ne koma mu sɛ ɔrenware* a, ebesi no yiye.+ 38 Saa ara na obiara a ɔbɛware* no, ɔno nso ebesi no yiye. Nanso nea ɔnware no, ebesi no yiye asen nea ɔware.+
39 Bere tenten a ɔbea kunu te ase no, mmara akyekyere no afam ne kunu ho.+ Na sɛ ne kunu wu* a, wade ne ho; otumi ware obiara a ɔpɛ, mmom Awurade mu nko ara na ɔnware.+ 40 Nanso m’adwene ne sɛ, sɛ ɔtena hɔ sɛnea ɔte no a, n’ani begye kɛse. Migye di sɛ me nso mewɔ Onyankopɔn honhom.
8 Afei aduan a wɔde abɔ afɔre ama abosom+ no, nea mewɔ ka wɔ ho ni: Yenim sɛ yɛn nyinaa wɔ nimdeɛ.+ Nimdeɛ de ahomaso ba, na ɔdɔ de, ɛma nkɔso.+ 2 Sɛ obi adwene yɛ no sɛ onim biribi a, ɛnde na onnya nhuu ade ko no yiye sɛnea ɛsɛ sɛ ohu no no. 3 Na sɛ obi dɔ Onyankopɔn a, ɔno nso nim no.
4 Afei momma menka aduan a wɔde abɔ afɔre ama abosom a obi bedi ho asɛm. Yenim sɛ ɔbosom nyɛ hwee+ wɔ wiase, na Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ; ɔfoforo biara nni hɔ ka ne ho.+ 5 Ɛwom, ɔsoro oo, asaase so oo, wɔn a wɔfrɛ wɔn anyame wɔ hɔ,+ sɛnea “anyame” pii ne “awuranom” pii wɔ hɔ no. 6 Nanso yɛn de, Onyankopɔn baako+ na yɛwɔ. Ɔno ne Agya no.+ Ne mu na nneɛma nyinaa fi, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no.+ Na Awurade baako na ɔwɔ hɔ. Ɔno ne Yesu Kristo. Ɛnam no so na nneɛma nyinaa wɔ hɔ,+ na ɛnam no so na yɛn nso yɛwɔ hɔ.
7 Nanso ɛnyɛ obiara na ɔwɔ saa nimdeɛ yi.+ Ebinom wɔ hɔ a, kan no, na wɔsom abosom. Enti sɛ wodi aduan bi a, ɛyɛ wɔn sɛ biribi a wɔde abɔ afɔre ama ɔbosom bi,+ na esiane sɛ wɔn ahonim* yɛ mmerɛw nti, wɔn ahonim ho gu fĩ.+ 8 Nanso ɛnyɛ aduan na ɛbɛma yɛabɛn Onyankopɔn;+ sɛ yɛannidi a, yɛntɔ sin, na sɛ yedidi nso a, yɛnkyɛn so.+ 9 Enti monhwɛ yiye na hokwan a mowɔ sɛ mopaw nea mopɛ no anto wɔn a wɔyɛ mmerɛw no hintidua wɔ kwan bi so.+ 10 Na wo a wowɔ nimdeɛ no, sɛ obi hu sɛ wote abosom dan mu redidi a, wunnye nni sɛ ebetumi apiapia ɔno a ɔyɛ mmerɛw no* ama wadi aduan a wɔde abɔ afɔre ama abosom anaa? 11 Ɛno nti, wode wo nimdeɛ ama onipa a ɔyɛ mmerɛw no resɛe, wo nua a ne nti Kristo wui no.+ 12 Sɛ moyɛ mo nuanom bɔne saa, na mupira wɔn ahonim* a ɛyɛ mmerɛw no+ a, na moreyɛ Kristo bɔne. 13 Enti sɛ aduan to me nua hintidua a, merenwe nam bio da, na manto me nua hintidua.+
9 Menne me ho anaa? Menyɛ ɔsomafo anaa? Minhuu yɛn Awurade Yesu anaa?+ Ɛnyɛ mone m’adwuma wɔ Awurade mu anaa? 2 Sɛ menyɛ ɔsomafo mma ebinom mpo a, mo de, meyɛ ma mo! Mone ahyɛnsode a esi so dua sɛ meyɛ Awurade somafo.
3 Wɔn a wɔkasa tia me no, nea mewɔ ka kyerɛ wɔn ni: 4 Yɛwɔ hokwan* sɛ yedidi na yɛnom, ɛnte saa? 5 Yɛwɔ hokwan sɛ yɛware ɔbea a ɔyɛ gyidini na yɛde no ka yɛn ho+ sɛnea asomafo a aka no ne Awurade nuanom+ ne Kefa*+ yɛe no, ɛnte saa? 6 Anaa me ne Barnaba+ nko ara na yenni ho kwan sɛ yegyae adwuma a yɛyɛ de hwɛ yɛn ho no? 7 Ɔsraani bɛn na ɔno ara tua ne ho ka? Hena na ɔyɛ bobefuw* a onni mu aba?+ Anaasɛ hena na ɔhwɛ mmoa a ɔnnom wɔn nufusu no bi?
8 Nnipa adwene na mede reka nsɛm yi anaa? Ɛnyɛ saa na Mmara no nso ka anaa? 9 Na wɔakyerɛw wɔ Mose Mmara no mu sɛ: “Sɛ nantwi reporow hwiit* a, ɛnsɛ sɛ wokyekyere n’ano.”+ Anantwi na wɔn ho hia Onyankopɔn anaa? 10 Anaa yɛn mmom nti na ɔkaa saa? Nea ɛwom ne sɛ, yɛn nti na wɔkyerɛwee, efisɛ nea ofuntum asaase ne nea ɔporow awi no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya wɔn kyɛfa.
11 Sɛ yɛadua honhom fam nneɛma wɔ mo mu, na sɛ yetwa honam fam nneɛma fi mo hɔ a, ɛboro so anaa?+ 12 Sɛ afoforo wɔ hokwan* sɛ wonya nneɛma a ɛte saa fi mo hɔ a, ɛnde yenni hokwan mmoro saa? Nanso yɛmfaa saa hokwan no nyɛɛ adwuma,+ na mmom yɛde animia gyina tebea biara mu, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa biribiara nsiw Kristo asɛmpa no kwan.+ 13 Munnim sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma kronkron no di asɔrefi nneɛma no bi anaa? Na munnim sɛ wɔn a wɔsom wɔ afɔremuka ho daa no nso nya wɔn kyɛfa fi afɔremuka no so anaa?+ 14 Saa ara nso na Awurade ahyɛ sɛ, wɔn a wɔka asɛmpa no mfa asɛmpa no so ntena ase.+
15 Nanso memfaa nhyehyɛe yi mu baako mpo nnii dwuma.+ Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ sɛ merekyerɛw eyinom na ama me nsa aka saa nneɛma no; anka eye ma me sɛ mewu mmom. Obiara rentumi nnye nea mede hoahoa me ho no mfi me nsam!+ 16 Sɛ meka asɛmpa no a, ɛnyɛ ade a ɛsɛ sɛ mede hoahoa me ho, efisɛ ɛyɛ asɛde a ɛda me so. Sɛ manka asɛmpa no a, minnue!+ 17 Sɛ miyi me yam yɛ a, mewɔ akatua; na sɛ mede amemenemfe yɛ mpo a, ne nyinaa mu no, wɔde ofiehwɛ adwuma bi ahyɛ me nsa.+ 18 Ɛnde, dɛn ne m’akatua? Ɛne sɛ, sɛ mereka asɛmpa no a, mede asɛmpa no bɛma kwa, sɛnea ɛbɛyɛ a meremfa tumi* a asɛmpa no ama manya no nni dwuma ɔkwammɔne so.
19 Ɛwom, menne onipa biara ka,* nanso mayɛ me ho akoa ama obiara, sɛnea ɛbɛyɛ a menya nnipa dodow biara a metumi. 20 Meyɛɛ me ho sɛ Yudani maa Yudafo, sɛnea ɛbɛyɛ a menya Yudafo.+ Wɔn a wɔwɔ mmara ase no, meyɛɛ me ho sɛ obi a ɔwɔ mmara ase maa wɔn, ɛwom sɛ m’ankasa minni mmara ase de, sɛnea ɛbɛyɛ a menya wɔn a wɔwɔ mmara ase no.+ 21 Wɔn a wonni mmara no, meyɛɛ me ho sɛ obi a onni mmara maa wɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a menya wɔn a wonni mmara no. Ɛno nkyerɛ sɛ minni mmara ase wɔ Onyankopɔn mu; mewɔ mmara ase wɔ Kristo mu.+ 22 Wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, meyɛɛ mmerɛw maa wɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a menya wɔn a wɔyɛ mmerɛw.+ Mayɛ biribiara ama nnipa ahorow nyinaa, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛfa ɔkwan biara so agye ebinom nkwa. 23 Asɛmpa no nti na meyɛ ade nyinaa, na ama matumi aka bi akyerɛ afoforo.+
24 Munnim sɛ wɔn a wotu mmirika de si akan no, wɔn nyinaa tu mmirika no bi de, nanso ɔbaako pɛ na onya abasobɔde* no? Muntu mmirika no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma moanya abasobɔde no.+ 25 Obiara a osi akan no* hyɛ ne ho so wɔ nneɛma nyinaa mu. Wɔyɛ saa na wɔanya abotiri a ɛsɛe,+ na yɛn de, yɛyɛ saa na yɛanya abotiri a ɛnsɛe.+ 26 Ne saa nti, mmirika a meretu no, mintu no biarabiara;+ twɛre a meretotow no, mehwɛ na mantoto no sɛnea mereboro mframa; 27 mmom meboro me nipadua,*+ na mehyɛ no sɛ akoa, sɛnea ɛbɛyɛ a meka asɛm no kyerɛ nkurɔfo wie a, me ara mammɛyɛ obi a ɔkwan bi so no ɔmfata.
10 Afei anuanom, mepɛ sɛ muhu sɛ na yɛn agyanom nyinaa wɔ omununkum no ase,+ na wɔn nyinaa faa ɛpo no mu,+ 2 na bere a wodi Mose akyi no, wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu* wɔ omununkum ne ɛpo no mu, 3 na wɔn nyinaa dii honhom fam aduan+ koro, 4 na wɔn nyinaa nom honhom fam nsu+ koro. Wɔnom fii honhom fam ɔbotan a edii wɔn akyi no mu, na saa ɔbotan no ne Kristo.+ 5 Nanso Onyankopɔn annye wɔn mu fã kɛse no ara antom, na wokunkum wɔn wɔ sare no so.+
6 Nsɛm yi abɛyɛ nhwɛso ama yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn kɔn rennɔ bɔne sɛnea wɔn kɔn dɔe no.+ 7 Afei nso, monnsom abosom sɛnea wɔn mu bi yɛe no; sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Nkurɔfo no tenaa ase didi nomee, na wɔsɔre gyee wɔn ani.”+ 8 Bio nso, mommma yɛmmmɔ aguaman* sɛnea wɔn mu bi bɔɔ aguaman* na wɔn mu 23,000 wuwui da koro+ no. 9 Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛsɔ Yehowa* hwɛ+ sɛnea wɔn mu bi sɔɔ no hwɛe na awɔ kunkum wɔn+ no. 10 Bio nso, munnnwiinwii sɛnea wɔn mu bi nwiinwii+ na ɔsɛefo no sɛee wɔn+ no. 11 Nea ɛtotoo wɔn no ayɛ nhwɛso ama yɛn, na yɛn a wiase yi* awiei ato yɛn no, wɔakyerɛw de rebɔ yɛn kɔkɔ.+
12 Enti nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ no, ɔnhwɛ yiye na wanhwe ase.+ 13 Sɔhwɛ biara ntoo mo, gye nea ɛto nnipa nyinaa.+ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo, na ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mubetumi,+ na mmom ɔbɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho a mode befi mu, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi agyina ano.+
14 Ɛno nti, m’adɔfo, munguan mfi abosonsom ho.+ 15 Me ne mo kasa sɛ nnipa a wɔwɔ nhumu; nea meka no, mo ankasa mummu ho atɛn. 16 Nhyira kuruwa a yehyira so no, ɛnyɛ Kristo mogya mu kyɛfa anaa?+ Paanoo a yebubu no, ɛnyɛ Kristo nipadua mu kyɛfa anaa?+ 17 Esiane sɛ paanoo no yɛ baako nti, yɛdɔɔso de, nanso yɛyɛ nipadua baako,+ efisɛ yɛn nyinaa di paanoo baako no ara bi.
18 Monhwɛ honam fam Israel: Wɔn a wodi afɔrebɔde no, ɛnyɛ wɔne afɔremuka no na ɛkyɛ anaa?+ 19 Ɛnde dɛn na merepɛ akyerɛ? Mereka sɛ nea wɔde bɔ afɔre ma ɔbosom no yɛ biribi, anaasɛ ɔbosom yɛ biribi anaa? 20 Daabi; mmom nea mereka ne sɛ afɔre a amanaman no bɔ no, wɔbɔ ma ahonhommɔne,* na ɛnyɛ Onyankopɔn;+ na mempɛ sɛ mo ne ahonhommɔne bom yɛ biribiara.+ 21 Morentumi nnom Yehowa* kuruwa ano nsan nnom ahonhommɔne kuruwa ano; morentumi nnidi “Yehowa* pon”+ so nsan nnidi ahonhommɔne pon so. 22 Anaasɛ ‘yɛreyɛ biribi de ahuru Yehowa* bo’?+ Yɛn ho yɛ den sen no anaa?
23 Hokwan wɔ hɔ ma ade nyinaa,* nanso ɛnyɛ ne nyinaa na mfaso wɔ so. Hokwan wɔ hɔ ma ade nyinaa,* nanso ɛnyɛ ne nyinaa na ɛhyɛ den.+ 24 Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ɔno nko ara, na mmom ɔnhwehwɛ ne yɔnko nso de bi.+
25 Biribiara a wɔtɔn wɔ namgua so no, munni, na mo ahonim* nti, mummmisabisa ho nsɛm, 26 efisɛ “asaase ne ɛso nneɛma nyinaa yɛ Yehowa* dea.”+ 27 Sɛ obi a onnye nni to nsa frɛ mo na mopɛ sɛ mokɔ a, munni nea ɔde besi mo anim biara, na mo ahonim* nti, mummmisabisa ho nsɛm. 28 Nanso sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ: “Eyi yɛ biribi a wɔde abɔ afɔre” a, onipa a ɔkaa saa asɛm no kyerɛɛ mo, ɛne ahonim* nti, munnni.+ 29 Ɛnyɛ wo ara w’ahonim na mereka, na mmom onipa foforo no de. Na adɛn nti na ɛsɛ sɛ onipa foforo ahonim* bu ahofadi a mewɔ no atɛn?+ 30 Sɛ midi na meda ho ase na sɛ nkurɔfo bɛkasa atia me a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ midi?+
31 Enti sɛ moredidi oo, morenom oo, moreyɛ biribi foforo biara oo, monyɛ nneɛma nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.+ 32 Monhwɛ na moanto Yudafo ne Greecefo ne Onyankopɔn asafo no hintidua,+ 33 sɛnea me nso merebɔ me ho mmɔden sɛ mɛsɔ nnipa nyinaa ani wɔ ade nyinaa mu no. Menhwehwɛ nea ehia me nko ara,+ na mmom mehwehwɛ nea ehia nnipa pii, sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye wɔn nkwa.+
11 Munsuasua me sɛnea me nso misuasua Kristo no.+
2 Mekamfo mo, efisɛ mokae me ade nyinaa mu, na nea mo nsa kae no, mukura mu pɛpɛɛpɛ sɛnea mede gyaw mo no ara. 3 Nanso mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo;+ ɔbea nso ti ne ɔbarima;+ Kristo nso ti ne Onyankopɔn.+ 4 Ɔbarima biara a ɔbɔ mpae anaa ɔhyɛ nkɔm a biribi kata ne ti no, ɔhyɛ ne ti aniwu; 5 na ɔbea biara a ɔbɔ mpae anaa ɔhyɛ nkɔm+ na ɔnkata ne ti no, ɔhyɛ ne ti aniwu, na ɔte sɛ ɔbea a wayi ne ti nwi nyinaa.* 6 Sɛ ɔbea ankata ne ti a, ɛnde ɛsɛ sɛ otwitwa ne ti nwi nyinaa gu. Na sɛ ɛyɛ aniwu sɛ ɔbea betwitwa ne ti nwi agu anaa obeyi ne ti nwi nyinaa a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɔkata ne ti.
7 Na ɛnsɛ sɛ ɔbarima kata ne ti, efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn suban+ ne n’anuonyam, na ɔbea de, ɔyɛ ɔbarima anuonyam. 8 Na ɔbarima mfi ɔbea mu; ɔbea mmom na ofi ɔbarima mu.+ 9 Bio nso, ɛnyɛ ɔbea nti na wɔbɔɔ ɔbarima, na mmom ɔbarima nti na wɔbɔɔ ɔbea.+ 10 Ɛno nti na ɛsɛ sɛ ɔbea nya biribi wɔ ne ti so de kyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase hyɛ tumi ase, abɔfo no nti.+
11 Nea ɛka ho bio no, Awurade mu no, ɔbea nni hɔ a, ɔbarima nni hɔ, na ɔbarima nso nni hɔ a, ɔbea nni hɔ. 12 Na sɛnea ɔbea fi ɔbarima mu+ no, saa ara na ɔbarima nso nam ɔbea so bae; nanso nneɛma nyinaa fi Onyankopɔn.+ 13 Mo ara mummu atɛn: Ɛfata sɛ ɔbea bɔ Onyankopɔn mpae bere a ɔnkataa ne ti anaa? 14 Mohwɛ sɛnea wɔbɔɔ nnipa a, mo ara munhu sɛ, sɛ ɔbarima gyaw ne ti nwi kusuu a, ɛnyɛ nidi mma no? 15 Na munnim sɛ ɔbea de, sɛ ne ti nwi dɔɔso a, ɛhyɛ no anuonyam anaa? Efisɛ wɔde ne ti nwi ama no sɛ nkataso. 16 Nanso sɛ obi pɛ sɛ ɔpo amanne yi* na ogye foforo tom a, yɛn de, yenni foforo biara; Onyankopɔn asafo horow no nso saa ara.
17 Nanso, bere a merema mo akwankyerɛ yi, merenkamfo mo, efisɛ sɛ muhyiam a, ɛnyɛ adepa na moyɛ, na mmom adebɔne. 18 Nea edi kan no, mate sɛ muhyiam sɛ asafo a, mpaapaemu wɔ mo mu; na ɔkwan bi so no, migye di. 19 Na nea ɛte biara, matew-me-ho kuw ahorow nso bɛwɔ mo mu,+ na ama wɔahu mo a mofata no.
20 Sɛ muhyiam faako a, ɛnyɛ Awurade Anwummere Aduan+ a morebedi ntia. 21 Efisɛ bere so sɛ morebedi a, obiara di kan di n’ankasa anwummere aduan ansa. Enti bere a ɔkɔm de obi no, na ɔfoforo nso abow. 22 Munni afi a mudidi na monom wom anaa? Anaasɛ mubu Onyankopɔn asafo animtiaa, na mopɛ sɛ mohyɛ wɔn a wonni hwee no aniwu? Dɛn na menka nkyerɛ mo? Menkamfo mo anaa? Eyi mu de, merenkamfo mo.
23 Nea minya fii Awurade hɔ no ara na me nso mede maa mo. Ɛne sɛ, anadwo+ a wɔrebeyi Awurade Yesu ama no, ɔfaa paanoo, 24 na bere a ɔdaa ase wiei no, obubuu mu, na ɔkae sɛ: “Eyi gyina hɔ ma me nipadua+ a wɔde bɛma mo. Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.”+ 25 Saa ara na ɔyɛɛ kuruwa no+ nso bere a owiee anwummere aduan no, na ɔkae sɛ: “Kuruwa yi gyina hɔ ma apam foforo+ a ɛnam me mogya+ so no. Bere biara a mobɛnom kuruwa yi ano no, monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.”+ 26 Na bere biara a mubedi paanoo yi na moanom kuruwa yi ano no, na morepae mu aka Awurade wu no akosi sɛ ɔbɛba.
27 Ɛno nti, obiara a odi paanoo no anaa ɔnom Awurade kuruwa no ano wɔ kwan a ɛmfata so no, obedi Awurade nipadua ne ne mogya ho fɔ. 28 Ma onipa nni kan nhwehwɛ ne mu nhwɛ sɛ ɔfata+ ansa na wadi paanoo no na wanom kuruwa no ano. 29 Na nea odi na ɔnom a onnim nea nipadua no kyerɛ no, odi nom de atemmu ba ɔno ara ne so. 30 Ɛno nti na mo mu bebree ayɛ mmerɛw na wɔyareyare, na pii nso awuwu*+ no. 31 Na sɛ yɛhwehwɛ yɛn mu hu nipa ko a yɛyɛ a, ɛnde wɔremmu yɛn atɛn. 32 Nanso sɛ wobu yɛn atɛn a, Yehowa* de teɛ yɛn so,+ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmu yɛn fɔ nka wiase no ho.+ 33 Ne saa nti me nuanom, sɛ muhyiam sɛ morebedi a, montwɛn mma obiara mmra. 34 Sɛ ɔkɔm de obi a, ma onnidi wɔ fie, na moammehyiam ammenya atemmu.+ Na nsɛm a aka no de, sɛ meba hɔ a, mɛtoto no yiye.
12 Anuanom, honhom mu akyɛde+ no ho de, mempɛ sɛ biribiara hintaw mo. 2 Munim sɛ bere a moyɛ amanaman mufo* no, wɔdaadaa mo ma mofom kwan kɔsom saa abosom a wɔnkasa+ no, na mudii wɔn akyi kɔɔ baabiara a wɔpɛ sɛ wɔde mo kɔ. 3 Afei, mepɛ sɛ muhu sɛ obiara nni hɔ a ɔde Onyankopɔn honhom kasa a ɔbɛka sɛ: “Yesu yɛ abusude!” Na obiara rentumi nka sɛ: “Yesu ne Awurade!” gye sɛ ɛnam honhom kronkron so.+
4 Akyɛde no gu ahorow, nanso honhom koro+ no ara na ɛwɔ hɔ; 5 na ɔsom adwuma gu ahorow,+ nanso Awurade koro no ara na ɔwɔ hɔ; 6 na dwumadi gu ahorow, nanso Onyankopɔn koro no ara na ɔyɛ ne nyinaa wɔ obiara mu.+ 7 Na biribi pa bi nti na wɔama honhom no ada adi wɔ obiara mu.+ 8 Obi wɔ hɔ a, wɔnam honhom no so ma no nyansa-kasa;* obi nso wɔ hɔ a, wɔnam honhom koro no ara so ma no nimdeɛ-kasa; 9 obi foforo nso nam honhom koro no ara so nya gyidi;+ na onipa foforo nso nam honhom baako no ara so nya ayaresa akyɛde;+ 10 na obi nso, ɛma otumi yɛ anwonwade;*+ obi foforo nso, ɛma otumi hyɛ nkɔm; obi nso, ɛma otumi hu honhom mu nsɛm mu;+ obi foforo nso, ɛma otumi ka kasa horow;+ na obi nso, ɛma otumi kyerɛ kasa horow ase.+ 11 Nanso honhom koro no ara na edi dwuma yi nyinaa, na ɛde obiara de ma no sɛnea ɛpɛ.
12 Nipadua no yɛ baako, nanso ɛwɔ akwaa pii. Na sɛnea nipadua no akwaa dɔɔso nanso ne nyinaa yɛ nipadua koro+ no, saa ara na Kristo nso te. 13 Asɛm no ne sɛ, Yudafo oo, Greecefo oo, nkoa oo, adehye oo, wɔnam honhom baako so na ɛbɔɔ yɛn nyinaa asu kɔɔ nipadua baako mu, na yɛn nyinaa nom honhom baako.
14 Nokwarem no, nipadua no nyɛ kwaa baako; mmom akwaa no dɔɔso.+ 15 Sɛ ɛnan ka sɛ, “Menyɛ nsa nti menka nipadua no ho” a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛnka nipadua no ho. 16 Na sɛ aso ka sɛ, “Menyɛ aniwa nti menka nipadua no ho” a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛnka nipadua no ho. 17 Sɛ nipadua nyinaa yɛ aniwa a, anka ɛbɛyɛ dɛn na ate asɛm? Sɛ ne nyinaa yɛ nea wɔde te asɛm a, anka ɛbɛyɛ dɛn na ate hua? 18 Nanso sɛnea ɛte no, Onyankopɔn ahyehyɛ nipadua akwaa no biara sɛnea ɔpɛ.
19 Sɛ ne nyinaa yɛ kwaa baako a, anka ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ nipadua? 20 Nanso akwaa pii na ɛwɔ hɔ, na nipadua no de, ɛyɛ baako. 21 Aniwa rentumi nka nkyerɛ nsa sɛ, “Minhia wo,” na saa ara na eti rentumi nka nkyerɛ ɛnan sɛ, “Minhia wo.” 22 Mmom nea ɛte ne sɛ, nipadua akwaa a ayɛ sɛ nea ɛyɛ mmerɛw no, ɛno na ɛho hia, 23 na nipadua akwaa a yesusuw sɛ enni nidi no, ɛno na yɛde nidi pii ma no,+ na akwaa a ɛnyɛ fɛ no, ɛno na yɛhwɛ ma ɛyɛ fɛ paa, 24 na yɛn akwaa a ɛyɛ fɛ no de, enhia hwee. Ne nyinaa mu no, sɛnea Onyankopɔn hyehyɛɛ nipadua no ne sɛ, kwaa a enni nidi no, ɔde nidi pii ama no, 25 sɛnea ɛbɛyɛ a mpaapaemu biara remma nipadua no mu, na mmom akwaa no biara ho ahia ne yɔnko.+ 26 Na sɛ kwaa baako hu amane a, akwaa a aka no nyinaa hu amane bi;+ na sɛ wɔhyɛ kwaa bi anuonyam a, akwaa a aka no nyinaa ne no di ahurusi.+
27 Mo nso, moyɛ Kristo nipadua,+ na mo mu biara yɛ kwaa.+ 28 Na Onyankopɔn ayi asafo no mufo ama ebinom ayɛ: nea edi kan, asomafo;+ nea ɛto so abien, adiyifo;+ nea ɛto so abiɛsa, akyerɛkyerɛfo;+ afei anwonwade;*+ afei ayaresa akyɛde;+ nnwuma* a wɔde boa afoforo; sɛnea wodi nneɛma anim;+ ne kasa horow.+ 29 Wɔn nyinaa na wɔyɛ asomafo anaa? Wɔn nyinaa na wɔyɛ adiyifo anaa? Wɔn nyinaa na wɔyɛ akyerɛkyerɛfo anaa? Wɔn nyinaa na wɔyɛ anwonwade* anaa? 30 Wɔn nyinaa na wɔwɔ ayaresa akyɛde anaa? Wɔn nyinaa na wɔka kasa horow anaa?+ Wɔn nyinaa na wɔkyerɛ nsɛm* ase anaa?+ 31 Monkɔ so nyere mo ho* nhwehwɛ akyɛde akɛse+ no. Nanso mɛkyerɛ mo ɔkwan bi a ɛkyɛn so.+
13 Sɛ meka nnipa ne abɔfo kasa na minni dɔ a, mete sɛ dawuru a ɛreyɛ dede anaa nnade a wɔde rebobom. 2 Na sɛ mewɔ nkɔmhyɛ akyɛde, na mete ahintasɛm kronkron nyinaa ne nimdeɛ nyinaa ase,+ na mewɔ gyidi nyinaa ma mitumi tutu mmepɔw, na minni dɔ a, mensɛ hwee.*+ 3 Na sɛ metɔn nea mewɔ nyinaa de tɔ aduan ma nkurɔfo,+ na mede me nipadua bɔ afɔre de hoahoa me ho na sɛ minni dɔ a,+ merennya so mfaso biara.
4 Ɔdɔ+ wɔ abotare*+ na ne yam ye.+ Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw.+ Ɛnyɛ anomdwa.* Ɛnyɛ ahomaso,+ 5 ɛnyɛ ade a ɛnsɛ,*+ ɛnhwehwɛ nea ɔno nko ara hia,+ ne bo nhaw no.+ Ɛmfa bɔne nhyɛ ne mu.+ 6 Enni nea ɛnteɛ ho ahurusi,+ na mmom edi nokware ho ahurusi. 7 Ɛtɔ ne bo ase biribiara mu,+ egye biribiara di,+ ɛwɔ biribiara mu anidaso,+ na egyina biribiara ano.+
8 Ɔdɔ to ntwa da.* Nanso sɛ nkɔmhyɛ dom akyɛde wɔ hɔ a, ebefi hɔ; sɛ kasa horow* wɔ hɔ a, ebegyae; sɛ nimdeɛ wɔ hɔ a, ebefi hɔ. 9 Efisɛ yɛn nimdeɛ nni mu,+ na nkɔm a yɛhyɛ no nni mu, 10 na sɛ nea edi mu no ba a, nea enni mu no befi hɔ. 11 Bere a meyɛ abofra no, mekasae sɛ abofra, midwenee sɛ abofra, misusuw nsɛm ho sɛ abofra; na afei a mayɛ ɔpanyin yi, mayi mmofra suban no afi hɔ. 12 Seesei yɛhwɛ dade ahwehwɛ mu, na yenhu nneɛma yiye. Nanso bere bi bɛba a yebehu ade yiye te sɛ nea obi gyina yɛn anim. Seesei me nimdeɛ nni mu, nanso saa bere no, menya nimdeɛ a edi mu sɛnea me nso wonim me yiye no. 13 Na seesei de, nneɛma abiɛsa yi na ɛwɔ hɔ: gyidi, anidaso, ɔdɔ; na nea ɛyɛ kɛse wom paa ne ɔdɔ.+
14 Monhwehwɛ ɔdɔ, nanso monkɔ so nyere mo ho* nhwehwɛ honhom mu akyɛde no denneennen, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, monhyɛ nkɔm.+ 2 Efisɛ nea ɔka kasa foforo no, ɛnyɛ nnipa na ɔka kyerɛ wɔn; ɔka kyerɛ Onyankopɔn, na obiara nte ase.+ Mmom ɔnam honhom no so ka ahintasɛm kronkron.+ 3 Nanso nea ɔhyɛ nkɔm no, ɔde ne kasa hyɛ nnipa den, ɔde hyɛ wɔn nkuran, na ɔde kyekye wɔn werɛ. 4 Nea ɔka kasa foforo no, ɔhyɛ ɔno ara ne ho den, na nea ɔhyɛ nkɔm de, ɔhyɛ asafo no den. 5 Minyae a, anka mo nyinaa ka kasa foforo,+ nanso mepɛ sɛ mohyɛ nkɔm+ mmom. Nokwasɛm ne sɛ, nea ɔhyɛ nkɔm no, ɔkyɛn nea ɔka kasa foforo, gye sɛ ɔkyerɛ ase ma ɛhyɛ asafo no den. 6 Nanso anuanom, seesei sɛ meba mo nkyɛn, na meka kasa foforo kyerɛ mo, na sɛ mankasa ankyerɛ mo wɔ oyikyerɛ+ anaa nimdeɛ+ anaa nkɔmhyɛ anaa ɔkyerɛkyerɛ mu a, mfaso bɛn na mubenya afi me hɔ?
7 Ɛte sɛ nneɛma a nkwa nnim a ɛwɔ nnyigyei, te sɛ atɛntɛbɛn anaa sanku. Sɛ nsonsonoe biara amma nnyigyei no mu a, ɛbɛyɛ dɛn na wobehu nea wɔrebɔ wɔ atɛntɛbɛn so ne nea wɔrebɔ wɔ sanku so? 8 Na sɛ torobɛnto no annyigye yiye a, hena na obesiesie ne ho akɔko? 9 Saa ara na mo nso, sɛ moamfa tɛkrɛma no anka asɛm a ntease wom a, ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte nea moreka no ase? Ɛbɛyɛ te sɛ nea morekasa gu mframa mu kwa. 10 Kasa ahorow ahorow pii na ebia ɛwɔ wiase, nanso emu biara wɔ nea ɛkyerɛ. 11 Na sɛ mente kasa no ase a, nea ɔrekasa no bebu me sɛ meyɛ ɔhɔho, na me nso mebu nea ɔrekasa no sɛ ɔyɛ ɔhɔho. 12 Saa ara na mo nso, esiane sɛ mopɛ honhom akyɛde no denneennen nti, akyɛde a ɛbɛma asafo no anya nkɔso no, mommɔ mmɔden sɛ mubenya ama aboro so.+
13 Enti ma nea ɔka kasa foforo no mmɔ mpae sɛ obetumi akyerɛ ase.+ 14 Na sɛ mede kasa foforo bi rebɔ mpae a, ɛyɛ honhom akyɛde a wɔde ama me no na ɛrebɔ mpae no, na m’adwene de, ɛnyɛ hwee. 15 Ɛnde dɛn na menyɛ? Mede honhom akyɛde no bɛbɔ mpae, na mede m’adwene nso abɔ mpae. Mede honhom akyɛde no bɛto dwom, na mede m’adwene nso ato dwom. 16 Anyɛ saa na wode honhom akyɛde no yi ayɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔwɔ mo mu agye w’aseda mpaebɔ no so sɛ “Amen,” bere a onnim nea woreka no? 17 Ɛwom, woreda ase yiye de, nanso ɛnhyɛ onipa no den. 18 Meda Onyankopɔn ase sɛ meka kasa horow pii sen mo nyinaa. 19 Nanso asafo no mu de, anka mepɛ sɛ mede m’adwene* ka nsɛm anum sɛnea ɛbɛyɛ a metumi akyerɛkyerɛ* afoforo sen sɛ mɛka nsɛm mpem du wɔ kasa bi mu.+
20 Anuanom, monnyɛ mo ho sɛ mmofra wɔ ntease mu,+ na bɔne ho de, monyɛ mo ho sɛ mmofra;+ na monyɛ nnipa a wɔanyin yiye wɔ ntease mu.+ 21 Wɔakyerɛw wɔ Mmara no mu sɛ: “‘Mede ahɔho tɛkrɛma* ne ahɔho ano bɛkasa akyerɛ ɔman yi, nanso ɛno mpo wɔrentie me,’ Yehowa* na waka.”+ 22 Enti kasa horow yɛ sɛnkyerɛnne ma wɔn a wonnye nni, ɛnyɛ gyidifo.+ Na nkɔmhyɛ de, ɛyɛ gyidifo dea, ɛnyɛ wɔn a wonnye nni dea. 23 Enti sɛ asafo mũ no nyinaa behyia faako, na wɔn nyinaa ka kasa horow, na nnipa foforo anaasɛ wɔn a wonnye nni ba bi a, wɔrenka sɛ moabobɔ adam anaa? 24 Nanso sɛ mo nyinaa rehyɛ nkɔm, na sɛ obi a onnye nni anaasɛ onipa foforo ba bi a, mo nyinaa mo nsɛm no bɛkasa akyerɛ no, na ɛbɛma watɔ ne bo ase ahwehwɛ ne mu. 25 Ɛba saa a, ɛbɛma nea ɛwɔ ne komam ada adi, na ɔde n’anim bebutuw fam asom Onyankopɔn, na waka sɛ: “Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.”+
26 Enti anuanom, dɛn na mobɛyɛ? Sɛ muhyiam a, obi wɔ dwom, obi wɔ nkyerɛkyerɛ, obi wɔ oyikyerɛ, obi wɔ kasa foforo, ɛnna obi nso wɔ nkyerɛase.+ Momma biribiara nyɛ nea ɛhyɛ den. 27 Na sɛ obi ka kasa foforo a, momma ɛnyɛ nnipa baanu, anaa aboro so ara, baasa. Wɔnka no nnidiso nnidiso, na ɛsɛ sɛ obi kyerɛ ase.+ 28 Na sɛ obi a ɔbɛkyerɛ ase nni hɔ a, ɛsɛ sɛ omua n’ano wɔ asafo no mu, na ɔkasa kyerɛ ne ho ne Onyankopɔn. 29 Momma adiyifo baanu anaa baasa+ nkasa, na momma wɔn a aka no nhu nea ɛkyerɛ. 30 Nanso sɛ obi foforo te hɔ na onya oyikyerɛ a, momma nea wadi kan rekasa no mmua n’ano. 31 Na mo nyinaa betumi ahyɛ nkɔm, oyi wie a, na oyi nso ahyɛ ne de, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara besua biribi, na ahyɛ obiara nkuran.+ 32 Ɛsɛ sɛ adiyifo no hyɛ wɔn honhom akyɛde no so. 33 Efisɛ Onyankopɔn nyɛ sakasaka Nyankopɔn, na mmom ɔyɛ asomdwoe Nyankopɔn.+
Sɛnea ɛte wɔ akronkronfo asafo nyinaa mu no, 34 momma mmea mmua wɔn ano wɔ asafo no mu, efisɛ wonni hokwan sɛ wɔkasa.+ Mmom momma wɔmmrɛ wɔn ho ase,+ sɛnea Mmara no nso ka no. 35 Sɛ wɔpɛ sɛ wosua biribi a, wommisa wɔn kununom wɔ fie, efisɛ ɛyɛ aniwu sɛ ɔbea bɛkasa wɔ asafo no mu.
36 Mo mu na Onyankopɔn asɛm no fi bae anaa? Anaa mo nko ara na wɔde maa mo?
37 Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ odiyifo anaa ɔwɔ honhom akyɛde a, ɛsɛ sɛ ogye tom sɛ nea merekyerɛw mo yi yɛ Awurade ahyɛde. 38 Na sɛ obi annye eyi antom a, ɔno nso wɔrennye no ntom.* 39 Enti me nuanom, monyere mo ho sɛ mobɛhyɛ nkɔm,+ nanso ɛnsɛ sɛ mobara kasa foforo.+ 40 Na mmom momma biribiara nkɔ so fɛfɛɛfɛ, ne kwan so, ne kwan so.*+
15 Afei anuanom, merekae mo asɛmpa a meka kyerɛɛ mo,+ a mo nso mugye toom, na mukura mu no. 2 Sɛ mukura asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no mu denneennen a, ɛnde na wɔnam so regye mo nkwa. Anyɛ saa a, ɛnde na mobɛyɛɛ gyidifo kwa.
3 Na nneɛma a edi kan a me nso minyae a mede maa mo no, ebi ne sɛ, yɛn bɔne nti na Kristo wui, sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no.+ 4 Wosiee no,+ yiw, na da a ɛto so abiɛsa+ no, wonyan no,+ sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no;+ 5 na oyii ne ho adi kyerɛɛ Kefa,*+ ɛnna afei oyii ne ho adi kyerɛɛ Dumien no.+ 6 Ɛno akyi no, oyii ne ho adi kyerɛɛ anuanom bɛboro 500 bere koro mu.+ Ɛwom, wɔn mu binom awuwu,* nanso wɔn mu dodow no ara da so ne yɛn wɔ hɔ. 7 Ɛno akyi no, oyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo,+ ne afei asomafo no nyinaa.+ 8 Nea etwa to koraa no, oyii ne ho adi kyerɛɛ me+ a mete sɛ obi a ne bere anso na wɔwoo no no.
9 Na mene nea osua koraa wɔ asomafo no mu, na memfata sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo, efisɛ metan Onyankopɔn asafo no ani.+ 10 Nanso Onyankopɔn adom nti na mete sɛnea mete yi. Na adom a ɔde adom me no anyɛ ɔkwa, na mmom meyɛɛ adwuma pii sen wɔn a aka nyinaa. Nanso ɛnyɛ me na meyɛe; mmom ɛyɛ Onyankopɔn adom a ɛka me ho no ntia. 11 Nso sɛ ɛyɛ me oo, sɛ ɛyɛ wɔn oo, saa na yɛka asɛm no, na saa na moagye adi.
12 Afei, sɛ yɛreka sɛ wɔanyan Kristo afi awufo mu+ a, ɛnde adɛn nti na mo mu bi ka sɛ awufo rennya owusɔre? 13 Na sɛ awufo rennya owusɔre a, ɛnde na wɔannyan Kristo nso. 14 Na sɛ wɔannyan Kristo a, ɛnde yɛn asɛnka yɛ kwa, na mo gyidi nso yɛ kwa. 15 Bio nso, sɛ ɛyɛ ampa sɛ wɔrennyan awufo, ɛnna yɛreka sɛ Onyankopɔn anyan Kristo a, ɛnde na yɛadi adanse atia Onyankopɔn,+ na wobebu yɛn sɛ yedi Onyankopɔn ho adanse a ɛnyɛ nokware.+ 16 Na sɛ wɔrennyan awufo a, na ɛkyerɛ sɛ wɔannyan Kristo nso. 17 Bio nso, sɛ wɔannyan Kristo a, ɛnde na mo gyidi so nni mfaso, na moda so ara wɔ mo bɔne mu.+ 18 Ɛbɛkyerɛ nso sɛ, wɔn a wɔawuwu* wɔ Kristo mu no ayera korakora.+ 19 Sɛ asetena yi mu nko ara na yɛwɔ Kristo mu anidaso a, ɛnde na yɛn na yɛyɛ mmɔbɔ paa wɔ nnipa nyinaa mu.
20 Nanso afei wɔanyan Kristo afi awufo mu. Ɔno na ɔyɛ wɔn a wɔawuwu* no aba a edi kan.+ 21 Na sɛnea ɛnam onipa so na owu bae+ no, saa ara na ɛnam onipa so na owusɔre nso bɛba.+ 22 Na sɛnea obiara rewu wɔ Adam mu+ no, saa ara na wɔbɛma obiara anya nkwa wɔ Kristo mu.+ 23 Nanso obiara ne ne bere: Kristo ne aba a edi kan+ no, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea no adi hɔ wɔ ne mmae mu.+ 24 Ɛno akyi na awiei no bɛba, na ɔde Ahenni no bɛhyɛ ne Nyankopɔn ne n’Agya nsa, bere a watu aban nyinaa ne tumi ne ahoɔden nyinaa agu no.+ 25 Na ɛsɛ sɛ odi hene kosi sɛ Onyankopɔn de atamfo nyinaa begu ne nan ase.+ 26 Na ɔtamfo a otwa to a obetu n’ase ne owu.+ 27 Na Onyankopɔn “de nneɛma nyinaa guu ne nan ase.”+ Na sɛ ɔka sɛ ‘wɔde nneɛma nyinaa agu ne nan ase’+ a, emu da hɔ pefee sɛ Nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no nka ho bi.+ 28 Na sɛ onya de nneɛma nyinaa gu ne nan ase a, afei Ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ Nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no ase,+ na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa ama obiara.+
29 Anyɛ saa a, anka wɔn a wɔbɔ wɔn asu kɔ owu mu no, mfaso bɛn na ɛwɔ so ma wɔn?+ Na sɛ wɔrennyan awufo koraa a, ɛnde adɛn nti na wɔbɔ wɔn asu kɔ owu mu? 30 Adɛn nti nso na bere* biara yɛwɔ asiane mu?+ 31 Da biara, me ne owu bɔ mpunimpu. Anuanom, eyi yɛ nokware turodoo te sɛ ahurusi a midi wɔ mo ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no. 32 Sɛ me ne mmoa* koe wɔ Efeso+ sɛnea ebinom yɛe* no a, mfaso bɛn na ɛwɔ so ma me? Sɛ wɔrennyan awufo a, ɛnde “momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.”+ 33 Mommma wɔnnnaadaa mo. Fekubɔne sɛe ɔbra pa.+ 34 Momma mo ani nna hɔ wɔ trenee mu, na monntena bɔne mu, efisɛ ebinom nni Onyankopɔn ho nimdeɛ. Merekasa de ahyɛ mo aniwu.
35 Nanso obi bebisa sɛ: “Ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so anyan awufo? Nipadua bɛn mpo na wɔde bɛba?”+ 36 Onipa a wunni adwene! Wudua ade a, ɛrennya nkwa, gye sɛ edi kan wu ansa. 37 Wudua ade a, sɛ ɛyɛ hwiit* oo, sɛ ɛyɛ biribi foforo biara oo, ɛnyɛ dua a ebenyin abɛyɛ no na wudua, na mmom aba kɛkɛ na wudua. 38 Nanso Onyankopɔn ma nea woadua no nyin bɛyɛ dua a ɔpɛ; aba biara ne dua a ɔma enyin bɛyɛ. 39 Ɔhonam nyinaa nyɛ honam koro. Ɛsono nnipa honam, ɛnna ɛsono afieboa* honam; ɛsono nnomaa honam, ɛnna ɛsono mpataa honam. 40 Na ɔsoro nipadua wɔ hɔ,+ ɛnna asaase so nipadua wɔ hɔ;+ ɔsoro nipadua anuonyam nko, ɛnna asaase so nipadua de nko. 41 Owia anuonyam nko, ɔsram anuonyam nko,+ ɛnna nsoromma nso anuonyam nko. Na nsoromma mpo, emu biara ne n’anuonyam.
42 Saa ara na owusɔre a awufo benya no te. Wodua no nea ɛporɔw mu; wonyan no nea ɛmporɔw mu.+ 43 Wodua no animguase mu; wonyan no anuonyam mu.+ Wodua no mmerɛwyɛ mu; wonyan no tumi mu.+ 44 Wodua no honam nipadua; wonyan no honhom nipadua. Sɛ honam nipadua wɔ hɔ a, ɛnde honhom nipadua nso wɔ hɔ. 45 Saa ara nso na wɔakyerɛw sɛ: “Onipa a odi kan, Adam, bɛyɛɛ ɔteasefo.”*+ Adam a odi akyiri no bɛyɛɛ honhom a ɔma nkwa.+ 46 Nanso, ɛnyɛ honhom mu de no na edi kan. Mmom honam mu de no na edi kan, na ɛno akyi no, honhom mu de no adi hɔ. 47 Onipa a odi kan no fi asaase so, na wɔde dɔte na ɛyɛɛ no;+ onipa a ɔto so abien no fi soro.+ 48 Wɔn a wɔde dɔte yɛɛ wɔn no, wɔte sɛ nea wɔde dɔte yɛɛ no no. Na wɔn a wɔwɔ soro no, wɔte sɛ nea ofi soro bae no.+ 49 Na sɛnea yɛayɛ te sɛ nea wɔde dɔte yɛɛ no no,+ saa ara nso na yɛbɛyɛ sɛ nea ofi soro no.+
50 Nanso anuanom, nea mereka akyerɛ mo ne sɛ, honam ne mogya rentumi nnya Onyankopɔn Ahenni, na saa ara na nea ɛporɔw rentumi nnya nea ɛmporɔw. 51 Hwɛ! Mereka ahintasɛm kronkron bi akyerɛ mo: Ɛnyɛ yɛn nyinaa na yebewuwu,* na mmom yɛn nyinaa bɛsesa,+ 52 ntɛm so, anibu mu, torobɛnto a etwa to no mu. Na torobɛnto no bɛbɔ,+ na wobenyan awufo sɛ wɔn a wɔmporɔw, na yɛbɛsesa. 53 Na ɛsɛ sɛ nea ɛporɔw yi hyɛ nea ɛmporɔw,+ na nea ewu yi hyɛ nea entumi nwu da.+ 54 Na sɛ nea ɛporɔw yi hyɛ nea ɛmporɔw, na nea ewu yi hyɛ nea entumi nwu da no a, ɛno na asɛm a wɔakyerɛw no bɛba mu sɛ: “Wɔamene owu afebɔɔ.”+ 55 “Owu, wo nkonimdi wɔ he? Owu, ade a wode wowɔ no wɔ he?”+ 56 Ade a ɛwowɔ a ɛde owu ba ne bɔne,+ na Mmara no na ɛma bɔne nya tumi.+ 57 Nanso aseda nka Onyankopɔn, efisɛ ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yedi nkonim!+
58 Enti me nuanom adɔfo, muntintim,+ munnhinhim, monyɛ pii+ wɔ Awurade adwuma no mu daa, na munim sɛ mo brɛ renyɛ ɔkwa+ Awurade mu.
16 Na ntoboa a wogyigye ma akronkronfo+ no ho de, mubetumi de akwankyerɛ a mede maa Galatia asafo ahorow no ayɛ adwuma. 2 Nnawɔtwe biara mu da a edi kan no, mo mu biara nhwɛ nea ɔwɔ na onyi biribi nsie, na mammedu hɔ ansa na moagyigye ntoboa. 3 Na sɛ meba a, mmarima a mugyee wɔn toom wɔ mo nkrataa mu no, mɛsoma wɔn+ ama wɔde mo akyɛde no akɔ Yerusalem. 4 Nanso sɛ ehia sɛ me nso mekɔ hɔ a, me ne wɔn bɛkɔ.
5 Na mɛba mo nkyɛn bere a makɔfa Makedonia, efisɛ mɛfa Makedonia;+ 6 na ebia mɛtena mo nkyɛn, na anhwɛ mpo a mɛtwɛn wɔ mo nkyɛn akosi sɛ awɔw bere no betwam, sɛnea ɛbɛyɛ a mubegya me kwan kakra akɔ baabi a merekɔ no. 7 Na ɛnyɛ bere a meretwam yi nko na mepɛ sɛ mihu mo, na mmom m’ani da so sɛ, sɛ Yehowa* ma kwan a, me ne mo bɛtena kakra.+ 8 Nanso mɛtena Efeso+ akosi sɛ Pentekoste Afahyɛ no bedu, 9 efisɛ wɔabue ɔpon kɛse bi a adwuma pii wom ama me,+ nanso asɔretiafo bebree wɔ hɔ.
10 Sɛ Timoteo+ bedu a, monhwɛ na wammɔ hu bere a ɔwɔ mo nkyɛn no, efisɛ ɔreyɛ Yehowa* adwuma+ sɛnea me nso mereyɛ no. 11 Enti mma obiara mmmu no animtiaa. Munnya no kwan asomdwoe mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛba me nkyɛn, efisɛ me ne anuanom retwɛn no.
12 Na yɛn nua Apolo+ de, mesrɛɛ no ara sɛ anka ɔne anuanom mmra mo nkyɛn. Ná ɔmpɛ sɛ ɔba seesei, nanso sɛ onya kwan a ɔbɛba.
13 Monkɔ so nwɛn,+ munnyina pintinn wɔ gyidi no mu,+ monkɔ so sɛ mmarima,*+ monyɛ den.+ 14 Momfa ɔdɔ nyɛ nea moyɛ nyinaa.+
15 Afei anuanom, afotu a mede rema mo ni: Munim sɛ Stefana fifo ne aba a edi kan wɔ Akaia, na wɔatu wɔn ho asi hɔ resom akronkronfo. 16 Mo nso, monkɔ so mmrɛ mo ho ase mma nnipa a wɔte saa, ɛne obiara a ɔde ne ho ahyɛ adwuma no mu na ɔreyɛ adwumaden no.+ 17 Nanso m’ani agye sɛ Stefana+ ne Fortunato ne Akaiko wɔ ha, efisɛ munni ha no, wɔasi mo anan. 18 Wɔahyɛ me ne mo nyinaa nkuran.* Enti munnye nnipa a wɔte saa ntom.
19 Asafo a ɛwowɔ Asia no kyia mo. Akwila ne Priska ne asafo a ɛwɔ wɔn fi+ no de anigye kyia mo wɔ Awurade mu. 20 Anuanom nyinaa kyiakyia mo. Momfa mfewano kronkron nkyiakyia mo ho.
21 Me, Paul, mikyia mo. Me ara me nsa na mede kyerɛwee.
22 Sɛ obi mpɛ Awurade asɛm a, onnue. O yɛn Awurade, bra! 23 Awurade Yesu adom nka mo. 24 Me dɔ nka mo nyinaa wɔ Kristo Yesu mu.
Anaa “fekubɔ.”
Anaa “abeyi me asotiw.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.
Anaa “mepia animdefo nimdeɛ ato nkyɛn.”
Kyerɛ sɛ, obi a onim Mmara no yiye.
Anaa “Bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “nnipa ani so.”
Anaa “ɔhonam biara.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “mmere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “wɔammɔ Awurade a ɔwɔ anuonyam no asɛndua mu.”
Nt., “honhom.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “wɔ atirimpɔw baako.”
Anaa “ɔdansifo nyansafo.”
Anaa “ɛbɛyɛ sɛ nea ɔnam ogya mu.”
Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkh. A5.
Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.
Anaa “asomfo a wɔhyɛ Kristo ase.”
Anaa “afiehwɛfo.”
Anaa “asɛnnibea.”
Anaa “adi m’asɛm.”
Anaa “odi m’asɛm.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “yɛn ntaade ntumi nkata yɛn ho yiye.”
Nt., “yɛsrɛ.”
Anaa “bɔɔla.”
Anaa “akyerɛkyerɛfo.”
Nt., “m’akwan.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “odwo honhom?”
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.
Kyerɛ sɛ, Paanoo a Mmɔkaw Nnim Afahyɛ no. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Aguamammɔ.”
Anaa “munnyae sɛ mo ne aguamammɔfo bɔ fekuw no.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Aguamammɔ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Aguamammɔ.”
Anaa “ɔsopa afoforo.”
Anaa “munnyae sɛ mo ne no bɔ fekuw.”
Kyerɛ sɛ, wɔn a wonni asafo no mu.
Kyerɛ sɛ, wɔn a wonni asafo no mu.
Anaa “nneɛma.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Aguamammɔ.”
Anaa “wɔsopa afoforo.”
Anaa “nni me so tumi.”
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “nea ɔte aguamammɔ mu.”
Kyerɛ sɛ, ɔne ɔbea renna.
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Kyerɛ sɛ, ɔbarima ne ɔbea nna.
Anaa “ahosodi.”
Anaa “ɔretetew mu.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “watwa ne dua.”
Anaa “wɔn a wɔnwaree da.”
Anaa “behiahia.”
Anaa “ne baabunyɛ.”
Anaa “ɔbɛtena ne baabunyɛ mu.”
Anaa “ɔde ne baabunyɛ bɛma wɔ aware mu.”
Nt., “ne kunu da.”
Anaa “tiboa.”
Anaa “ɔyɛ mmerɛw no ahonim.”
Anaa “tiboa.”
Nt., “tumi.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.
Anaa “bobeturo.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Nt., “tumi.”
Anaa “hokwan.”
Anaa “made me ho afi nnipa nyinaa ho.”
Anaa “nkonimbo.”
Anaa “Mmirikatufo biara.”
Anaa “mehyɛ me nipadua ahometew; midi me nipadua nya; metwe me nipadua aso.”
Anaa “wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu kɔɔ Mose mu.”
Anaa “mommma yɛnntena aguamammɔ mu.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Aguamammɔ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Aguamammɔ.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “mmere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “adaemone.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “Mmara ma ade nyinaa ho kwan.”
Anaa “Mmara ma ade nyinaa ho kwan.”
Anaa “tiboa.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “tiboa.”
Anaa “tiboa.”
Anaa “tiboa.”
Anaa “ɔbea a wabɔ tikwaw.”
Anaa “Nanso obi pɛ sɛ ogye eyi ho akyinnye.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ honhom fam owu.
Hwɛ Nkh. A5.
Kyerɛ sɛ, wɔn a wonnye nni.
Anaa “nyansa-sɛnka.”
Anaa “ahoɔdenne.”
Anaa “ahoɔdenne.”
Anaa “ɔsom.”
Anaa “ahoɔdenne.”
Anaa “kasa.”
Anaa “Monkɔ so mfa nsi ne ahokeka.”
Anaa “mfaso biara nni me so.”
Anaa “abodwokyɛre.”
Anaa “Entu ne ho.”
Anaa “aniammɔnho.”
Anaa “Ɔdɔ nni huammɔ.”
Kyerɛ sɛ, anwonwade a ɛma wɔka kasa ahorow.
Anaa “monkɔ so mfa nsi ne ahokeka.”
Anaa “me ntease.”
Anaa “metumi de m’ano akyerɛkyerɛ.”
Anaa “kasa.”
Hwɛ Nkh. A5.
Ebetumi nso akyerɛ, “Na sɛ obi bu n’ani gu so a, momma ɔnyɛ sɛnea ɔte no ara.”
Anaa “a nhyehyɛe da ho.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.
Nt., “adeda.”
Nt., “wɔadeda.”
Nt., “wɔadeda.”
Anaa “dɔn.”
Anaa “nkekaboa; mmoa a wɔn ho yɛ hu.”
Ebetumi nso akyerɛ, “sɛnea ɛte wɔ nnipa ani so.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “mmoa a wɔn nan yɛ anan.”
Anaa “ɔkra teasefo.”
Nt., “yɛbɛdeda.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “munnya akokoduru.”
Nt., “Wɔama me honhom ne mo de ho adwo no.”