Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 1/8 kr. 11
  • Abrabɔ Ho Afotu Pa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abrabɔ Ho Afotu Pa
  • Nyan!—1981
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abufuw​—Ɛyɛ Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Abufuw Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Mɛyɛ Dɛn Adi Me Bo A Efuw No So?
    Nyan!—1987
  • Di Wo Honhom So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 1/8 kr. 11

Abrabɔ Ho Afotu Pa

Abeawa bi a wadi mfirihyia 15 kyerɛwee sɛ: “M’awofo taa ko wɔ ɔkwan pɔtee bi nso.””Akasakasa no ano yɛ den . . . na ɛno akyi no me maame bo fuw yiye na ɔfa biribi tow. Me papa nso tow biribi anaasɛ ɔbɔ n’ano so.” Abufuhyew nyɛ nà. Nnansa yi mpɛɛpɛɛmu bi a wɔyɛe kyerɛ sɛ anyɛ yiye koraa no Amerika awarefo asia biara mu biako de wɔn ho hyɛ abufuhyew a emu no wɔtu ntia, keka wɔn ho anaasɛ wɔka sɛ wobekum wɔn ho wɔn ho wɔ mu mu.

Saa abufuhyew anaasɛ abufuw a ano yɛ den yi nyɛ nà wɔ nsase horow so. Wɔ Japan no ɔbea warefo bi a ne bo afuw tow mankyese adaka bɔɔ ne kunu. Ɛpaa gya fii ase dɛw dan ogyatanaa. Eyi kum ne kunu no ne ne mmabea baasa.

Abufuhyew nyɛ ade foforo. Sɛ nhwɛso no, Alexander Ɔkɛseɛ no nyɛ kɛse saa, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ ɔhyɛ n’abufuw so a. Bere a n’adamfo bi a ɔbɛn no pɛɛ hyɛɛ no abufuw no, Alexander maa n’abufuw no dii no so nkonim na ɔtow aduaba bi a ɔredi bɔɔ no. Alexander de abufuw twee peaw na ɔde wɔɔ n’adamfo no kum no. Abakɔsɛm kyerɛwfo Plutarch kae sɛ: Bere a ɔhene no huu nea wayɛ no, “sɛ ɛnyɛ awɛmfo a wɔatwa ne ho ahyia a anka ɔde [peaw] no wɔɔ n’ankasa ne menewam kum no ho, na wɔde ahoɔden kɛse soo no mu twee no kɔɔ ne dan mu, faako a osuu yayaw anadwo no ne n’adekyee nyinaa.

So ɛyɛ a wo bo fuw anibere so? Sɛ ɛte saa, susuw afotu a ɛwɔ Mmebusɛm yi mu no ho: “Ɔbobɔnefo mmarato dɔɔso.” (Mmeb 29:22) “Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi, na onyansafo dwudwo no ma ɛka akyiri.” (Mmeb. 29:11) Obi a ɔde no ho ma abufuw no te nka sɛ ne ho tɔ no, nanso eyi te saa wɔ bere tiaa bi mu.

Bible no de afotu pa yi ma wɔ Mmebusɛm 16:32: “Nea ne bo kyɛ fuw no ye sen dɔmmarima, na nea odi ne honhom so no kyɛn nea ɔko fa kurow.”

Di afotu pa yi ho dwuma wɔ w‘asetra mu. Yɛ onyansafo. Nya odwo honhom. Kwati ɔsɛe ne ahonu a wonya a edi abufuw akyi ba no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena