Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 152
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Abufuw Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Bible Ka Fa Abufuw Ho?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Abufuw yɛ bɔne bere nyinaa anaa?
  • Bere bɛn na abufuw yɛ bɔne?
  • Wobɛyɛ dɛn ahyɛ w’abufuw so?
  • Bere Nyinaa na Ɛyɛ Mfomso sɛ Obi Bo Befuw Anaa?
    Nyan!—1994
  • Abufuw​—Ɛyɛ Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Mɛyɛ Dɛn Adi Me Bo A Efuw No So?
    Nyan!—1987
  • Sɛnea Yebenya Suban Pa
    Nyan!—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 152
Obi apoma twɛre

Dɛn Na Bible Ka Fa Abufuw Ho?

Nea Bible ka

Bible kyerɛkyerɛ sɛ abufuw ntraso betumi apira nea ne bo afuw no ne nnipa a wɔbɛn no nyinaa. (Mmebusɛm 29:22) Ɛwom, ɛtɔ da a ntease wom sɛ obi bo befuw, nanso Bible ka sɛ wɔn a wɔwɔ koko bɔne anaa “bobɔne” no, sɛ wɔansakra a wɔrennya nkwa. (Galatifo 5:19-21) Bible wɔ afotusɛm pii a ebetumi aboa obi ama wahyɛ n’abufuw so.

  • Abufuw yɛ bɔne bere nyinaa anaa?

  • Bere bɛn na abufuw yɛ bɔne?

  • Wobɛyɛ dɛn ahyɛ w’abufuw so?

  • Nea Bible ka fa abufuw ho

Abufuw yɛ bɔne bere nyinaa anaa?

Dabi. Ɛtɔ da a, ntease wom sɛ obi bo befuw. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a ɔnokwafo Nehemia tee sɛ wɔrehyɛ ne nuanom a ɔne wɔn som Onyankopɔn so no, ne “bo fuwii yiye.”—Nehemia 5:6.

Ɛtɔ da a, Onyankopɔn bo fuw. Ɛho nhwɛso ne sɛ, tete no, bere a ne nkurɔfo hyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛsom ɔno nkutoo, nanso wɔanni wɔn bɔhyɛ so na wɔkɔsom anyame afoforo no, “Yehowa abufuw dɛw hyɛɛ” wɔn. (Atemmufo 2:13, 14) Nanso, abufuw nka Yehowa Nyankopɔn su atitiriw no ho. N’abufuw de, bere nyinaa ntease wom, na ɔmma ɛntra so.—Exodus 34:6; Yesaia 48:9.

Bere bɛn na abufuw yɛ bɔne?

Sɛ obi bo fuw tra so, na ntease biara nni n’abufuw no mu a, abufuw a ɛte saa yɛ bɔne. Saa na mpɛn pii no, nnipa a wɔnyɛ pɛ abufuw te. Ɛho nhwɛso ni:

  • Kain “bo fuwii denneennen” bere a Onyankopɔn annye n’afɔrebɔ antom no. Kain maa n’abufuw no mu yɛɛ den araa kosii sɛ okum ne nua no.—Genesis 4:3-8.

  • Odiyifo Yona “bo fuwii” bere a Onyankopɔn huu Niniwefo mmɔbɔ no. Onyankopɔn teɛɛ Yona so, na ɔka kyerɛɛ no sɛ enye sɛ ‘ne bo befuw,’ mmom ɛsɛ sɛ ɔma abɔnefo a wɔasakra no asɛm yɛ no mmɔbɔ.—Yona 3:10–4:1, 4, 11.a

Esiane sɛ yɛyɛ nnipa a bɔne wɔ yɛn ho nti, ɛsɛ sɛ saa nhwɛso ahorow yi ma yehu sɛ, “onipa abufuw nna Onyankopɔn trenee adi.”—Yakobo 1:20.

Wobɛyɛ dɛn ahyɛ w’abufuw so?

  • Hu sɛ abufuw ntraso nye. Ebinom susuw sɛ, sɛ wɔda wɔn abufuw adi a ɛkyerɛ sɛ wɔn ho yɛ den. Nanso nea ɛwom pa ara ne sɛ, obi a ontumi nhyɛ n’abufuw so no wɔ mmerɛwyɛ kɛse pa ara. “Onipa a ontumi nhyɛ ne ho so te sɛ kurow a wobubu kɔ mu a enni ɔfasu.” (Mmebusɛm 25:28; 29:11) Sɛ yɛbɔ mmɔden hyɛ yɛn abufuw so a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ho yɛ den, na yɛwɔ nhumu. (Mmebusɛm 14:29) Bible ka sɛ: “Nea ne bo kyɛ fuw no ye sen dɔmmarima, na nea odi ne honhom so ye sen nea ɔko fa kurow.”—Mmebusɛm 16:32.

  • Ɛsɛ sɛ wohyɛ w’abufuw so na woanyɛ biribi a wubenu wo ho akyiri yi. Dwom 37:8 ka sɛ: “Ma abufuw ntwa, na gyae bobɔne; mma wo bo mmfuw na woanyɛ bɔne.” Hyɛ no nsow sɛ, sɛ yɛn bo fuw a, yebetumi ayɛ ho biribi. Yebetumi ama abufuw no atwa ansa na akowie “bɔne” mu. Sɛnea Efesofo 4:26 ka no, “mo bo mfuw, nanso monnyɛ bɔne.”

  • Ɛbɛyɛ yiye a, ansa na abufuw no bɛyɛ kɛse no, ɛsɛ sɛ wopɛ baabi fa. Bible ka sɛ: “Ntɔkwaw mfiase te sɛ nsu a atue; enti ansa na ɔham mu bɛyɛ den no, twa so kɔ.” (Mmebusɛm 17:14) Ɛwom, sɛ wo ne obi nya asɛm a, nyansa wom sɛ mubesiesie asɛm no ntɛm ara, nanso ɛsɛ sɛ mo mmienu nyinaa di kan ma mo bo dwo ansa na moatumi aka asɛm no asomdwoe mu.

  • Ɛsɛ sɛ wuhu asɛm no mu yiye. Mmebusɛm 19:11 ka sɛ: “Onipa nhumu twentwɛn n’abufuw ase.” Sɛ asɛm bi si a, nyansa wom sɛ yebehu emu nokwasɛm nyinaa ansa na yɛayɛ ho biribi. Sɛ yetie afanu no nyinaa a, ɛremma yɛn bo mfuw ntɛmntɛm.—Yakobo 1:19.

  • Bɔ mpae fa hwehwɛ asomdwoe. Mpaebɔ betumi aboa wo ama woanya “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so.” (Filipifo 4:7) Mpaebɔ yɛ ɔkwan titiriw a yɛfa so nya honhom kronkron fi Onyankopɔn hɔ. Honhon kronkron no ma yenya su ahorow bi te sɛ asomdwoe, abotare, ne ahosodi.—Luka 11:13; Galatifo 5:22, 23.

  • Fa nnamfo pa. Nnipa a yɛne wɔn bɔ no, yɛtaa suasua wɔn suban. (Mmebusɛm 13:20; 1 Korintofo 15:33) Sɛ Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Wo ne obufufafo mmfa yɔnko; na wo ne onipa a ne koko haw no mmmɔ” a, ɛyɛ ne kwan so. Adɛn ntia? “Na woansua n’akwan na ansum wo kra afiri.”—Mmebusɛm 22:24, 25.

Nea Bible ka fa abufuw ho

Mmebusɛm 16:32: “Nea ne bo kyɛ fuw no ye sen dɔmmarima.”

Nea ɛkyerɛ: Sɛ wohyɛ w’abufuw so a, ɛkyerɛ sɛ wo ho yɛ den.

Mmebusɛm 17:14: “Ntɔkwaw mfiase te sɛ nsu a atue; enti ansa na ɔham mu bɛyɛ den no, twa so kɔ.”

Nea ɛkyerɛ: Sɛ wuhu sɛ abufuw reba a, pɛ baabi fa.

Mmebusɛm 19:11: “Onipa nhumu twentwɛn n’abufuw ase.”

Nea ɛkyerɛ: Sɛ asɛm bi si a, nea ɛbɛyɛ na ɛrenkowie abufuw mu no, ɛsɛ sɛ yehu emu nokwasɛm nyinaa sen sɛ yɛbɛpere yɛn ho ayɛ ho biribi.

Mmebusɛm 22:24, 25: “Wo ne obufufafo mmfa yɔnko; na wo ne onipa a ne koko haw no mmmɔ, na woansua n’akwan.”

Nea ɛkyerɛ: Sɛ yɛne nnipa a wɔn koko haw wɔn fa adamfo a, ɔkwan biara so yɛbɛyɛ te sɛ wɔn ara.

Mmebusɛm 29:11: “Ɔkwasea yi n’abufuw nyinaa adi.”

Nea ɛkyerɛ: Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn abufuw so sen sɛ yɛbɛma ahyɛ yɛn so.

Galatifo 5:22, 23: “Honhom no aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi.”

Nea ɛkyerɛ: Onyankopɔn honhom kronkron anaa ne tumi a ɔde yɛ ade no betumi ama yɛanya su ahorow a yɛde bedwudwo yɛn abufuw ano.

Efesofo 4:26: “Mo bo mfuw, nanso monnyɛ bɔne.”

Nea ɛkyerɛ: Ɛnyɛ bere nyinaa na yebetumi asiw abufuw kwan, nanso yɛn bo fuw a, yebetumi ahyɛ yɛn ho so.

Yakobo 1:19: “Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm, ɔnyɛ nyaa nkasa, na ɔnyɛ nyaa mfa abufuw.”

Nea ɛkyerɛ: Sɛ yɛyɛ aso tie afoforo yiye a, yebetumi atwentwɛn yɛn abufuw ase.

a Ɛda adi sɛ, Yona gyee nteɛso no toom na ɔmaa ne bo dwoe. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ Onyankopɔn ma ɔkyerɛw Bible mu nhoma a ne din da so no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena