Mmofra Bisa Sɛ . . .
Dɛn Nti Na Amanehunu Pii Wɔ Hɔ Sɛ Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho A?
“ONYANKOPƆN yɛɛ wo saa de brɛɛ wo ase,” saa na akwakora no ka kyerɛɛ Wallace a wadi mfe 19, a wɔtow tuo bɔɔ n’akyi nnansa yi ara na efi ne koko besi fam awu no. Wallace annya awerɛkyekye biara wɔ akwakora no asɛm a ɛyɛ n’aniberesɛm no mu.
Nanso afei na na Wallace awerɛhow no afi ase. Ohuu amane wɔ nteteebea bi a wɔhwɛ ayarefo wɔ hɔ esiane nnipa mu nyiyim nti. Aberante yi bisaa ne ho sɛ: “Dɛn nti na nitan pii wɔ wiase saa? Dɛn nti na basabasayɛ ne nsɛmmɔnedi abu so saa? Afei na na masi so, mmirikatufo a ɔbɔ mmɔden yiye! Dɛn nti na nnɛ me na mete mmubuafo teaseɛnam mu yi? Yiw, dɛn nti na Onyankopɔn maa eyi ho kwan?”
Ebia woabisa nsɛm a ɛte saa ara. Sɛ wuhu sɛ nnipa a wɔn ho nni asɛm hu amane a, ebia wubebisa sɛ: Dɛn ntia? Ɛyɛ hena mfomso?
Amanehunu—Hena na Ɛsɛ sɛ Wɔde Ho Asodi To No So Ankasa?
Yɛrentumi nguan mfi nokwasɛm yi ho: amanehunu ahorow pii fi onipa. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1979 mu no, wɔde ahoɔden tiatiaa mmofra dubaako so ma wowuwui bere a nnipadɔm kɛse bi de ahopere rekɔpɛ trabere wɔ agoru bi ase no. Nanso na ɛyɛ hena mfomso? Onyankopɔn?
Sɛnea nhwehwɛmufo kyerɛ no, ná nneɛma atitiriw a ɛde asiane no bae biako ne nkongua ho nhyehyɛe a ‘wonnyaw baabi mma obiara wɔ agodibea hɔ, a wɔn a wonya mmeae a ɛhɔ ye ne wɔn a wodu hɔ kan”—anaasɛ wɔn a wɔn ho yɛ den no. Ɛno nti na mmerante pii pɛ. Nanso wɔn a wɔyɛ ho nhyehyɛe no bi bɔ amanneɛ sɛ wɔpɛ nkongua a wɔyɛ no saa efisɛ ɛma wɔtaa tumi tɔn tekit pii. Enti adifudepɛ ne pɛsɛmenkominya—ebia baabi a wobehu no yiye a worepɛ atra anaa sika kɛse a wɔpɛ sɛ wonya—na ɛde asiane no bae.
Ɛnnɛ wobu akontaa sɛ nnipa ɔpepem 400 “di kɔm bere nyinaa.” Nanso so eyi te saa esiane sɛ yɛn asase yi mma aduan a ɛdɔɔso nti anaa? Sɛnea mpanyimfo kyerɛ no, ɛnyɛ ɛno ne ɔhaw no; wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ aduan a wɔnkyekyɛ no pɛpɛɛpɛ esiane pɛsɛmenkominya adifudepɛ anaa mmɔden a wɔmmɔ nti. Ɛnyɛ Onyankopɔn, ɛyɛ onipa pɛsɛmenkominya na ɛde nnɛ akodi ahorow, nsɛmmɔnedi kɛse ne efĩ a mfiridwuma de aba no nso aba.
“Nanso Onyankopɔn betumi ama agyae. Ɔwɔ tumi. Dɛn nti na ɔnyɛ?” ɛno ne asɛm a Wallace bisaa ne mfɛfo abibifo a na ɔne wɔn kɔ ayarefo sukuu koro no mu baako. Ná saa aberante yi wɔ ho mmuae.
Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Ho Kwan?
Willie a wadi mfe 17 no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nea enti ‘a Onyankopɔn ama bɔne ho kwan no fi adesamma abakɔsɛm mfiase pɛɛ. Sɛnea Bible kyerɛ no, wɔbɔɔ yɛn nananom a wodi kan, Adam ne Hawa wɔ paradise bi mu. Na wɔwɔ nipadua a edi mu, nnuan pii ne adwuma pa. Nanso wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ Onyankopɔn.”
Wallace bisae sɛ: “Na dɛn ntia?” Willie buae sɛ! “‘Esiane nnaadaa bi nti. Ɛdenam ɔwɔ bi so no, ɔbɔfo tuatewfo a aniwa nhu no, Satan, ka kyerɛɛ Hawa sɛ Onyankopɔn yɛ ɔtorofo. ‘Tie me na worenwu; nokwarem w’asetra mpo bɛyɛ yiye. Wobɛyɛ sɛ Onyankopɔn.’ Ɛno ne Satan nnaadaa no. Wunim nea ɛbae afei? Adam ne Hawa yeraa wɔn pɛyɛ no na wɔnam wɔn mma so de ɔyare ne owu abedu yɛn so nnɛ. Eyi nti na yɛn wiase yi wɔ basabasayɛ a ɛte sɛɛ mu no.” Afei Willie twe adwene si nea enti titiriw a Onyankopɔn ama nsɛmmɔnedi ho kwan no so.—Genesis ti 2, 3; Romafo 5:12.
Ɔsɛmpɔw Kɛse No
Asɛm bi sɔree a na ɛho hia sen sɛ ebia Onyankopɔn wɔ tumi a ɔde bɛsɛe wɔn anaasɛ dabi. Ɔrebɔ mmɔden akyerɛkyerɛ mu no, Willie bisae sɛ: “So woate sɛ nkurɔfo ka sɛ, “faako a tumi wɔ no akyinnye nnihɔ . . . ?
Willace ka twaa mu bere a ɔhwɛ ne tebea sɛ obubuafo no sɛ, “Eyi yɛ atoro. Sɛ wo ho yɛ den ara kwa no nkyerɛ sɛ nea woyɛ teɛ bere nyinaa.”
Willie toaa so sɛ: “Saa pɛpɛɛpɛ. Ná asɛm no nyɛ nea ɛfa ahoɔden ho, na mmom sɛ́ Onyankopɔn kwan a ɔnam so di nneɛma ho dwuma no yɛ nea ɛteɛ. So ná ɛyɛ nnipa a wɔwɔ asase so daa yiyedi? Anaasɛ so nkurɔfo betumi anya anigye denam ‘wɔn ankasa ade’ a wɔbɛyɛ so, sɛnea ɛte no, apow Onyankopɔn akwankyerɛ ahorow? Afei nso, so Satan betumi de wiase a daa apɔwmuden ne anigye wom aba ankasa? Na mmuae no gye bere.”
Wallace kae sɛ: “Nanso esiane sɛ na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔwɔ asɛm a ɛsɛ sɛ obua nti, dɛn nti na me na ɛsɛ sɛ mihu amane?” Eyi kaa Willie kɛse, efisɛ na ɔno nso yɛ ɔyarefo, a ne nan asen.
Ɔsɛmpɔw a Ɛfa Yɛn Ho
Willie buae sɛ: “Bere a Adam ne Hawa tew atua no, asemmisa bi sɔree a ɛfa Onyankopɔn abɔde a wɔwɔ nyansa no su ho. Ɛwom sɛ wɔ mmere horow mu no Adam asefo no pii dii Onyankopɔn mmara horow akyi de, nanso Satan dii wɔn ho fɛw, ‘Dɛn nti na wɔyɛɛ saa?’ So wɔsom Nyankopɔn esiane honam fam nhyira horow a ɔma wonyae ara kwa nti a emfi ɔdɔ mu?” Willie hui sɛ Wallace wɔ ɔbabarima ketewaa bi no, obisae sɛ: “Sɛ obi ka kyerɛ wo ba no sɛ otie wo esiane honam fam nneɛma a wode maa no nti a, dɛn na anka wususuw sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔyɛ?”—Hiob 1:9, 10.
Wallace buae sɛ: “Ɔbɛpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ wɔyɛ atorofo, efisɛ minim sɛ me ba no dɔ me! O, mate w’asɛm no ase. Enti Onyankopɔn maa nkurɔfo kwan ma wɔde akyerɛ sɛ wɔdɔ no ankasa—wɔ mmere pa anaa mmere bɔne mu.”
Wɔ abakɔsɛm mu nyinaa no, nnipa anokwafo pii, te sɛ ɔbarima Hiob a ɔtraa ase tete mmere mu no akyerɛ sɛ Satan asɛm no yɛ atoro. Na nea ɔde hoahoa ne ho sɛ asetra wɔ asase so bɛyɛ yiye denam bu a wobebu ani agu Onyankopɔn mmara horow so no nso ɛ?
Dɛn na Nea Afi Mu Aba Na Ada no Adi?
Wallace tumi hu wiase bi a nitan ayɛ no ma pefee. Bere a ɔde ne ho ahyehyɛ mmusua akuw horow pii mu wɔ mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛma nsisi ahorow agyae akyi no, ohui sɛ eyi ntumi nni ho dwuma. Ná onnim biribiara a ebetumi de ɔdɔ asi nitan ananmu.
Ebia wo nso woahu awerɛhow tebea a anidaso biara nnim koro no ara. Mmofra pii hu sɛ nnɛyi mfiridwuma ho nimdeɛ a mfirihyia 100 a atwam ni no na ɛte sɛnea ɔkwan biara so ɛde daakye a ɛyɛ anigye bɛba no mpo de adesamma abɛn ɔsɛe pɛɛ. So ɛnyɛ nokware sɛ nniso a atew ne ho afi Onyankopɔn ho no rentumi mfa wiase a asomdwoe ne anigye wom mma? Nanso so ɔkwan a Onyankopɔn fa so di nneɛma ho dwuma no betumi ayɛ saa?
Bere a Wallace akɔ nhyiam wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asase akyi no, ɔkae sɛ: “Mitumi hu fii me nsrahwɛ a edi kan no mu sɛ saa nnipa yi adi mmusua ntam ɔhaw ahorow no so ankasa.” Bere a ogyee nsa a Willie to frɛɛ no no so sɛ ‘ɔmfa n’ani mmɛhwɛ’ nnipa a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔde Onyankopɔn mmara horow bɛtra ase no, ɔdɔ ankasa a ɛwɔ asafo a mmusua ahorow ahorow na adi afra wɔ mu mu no maa n’ani gyei kɛse. Wallace kae sɛ: “Wɔ kurow ketewaa yi a mmusua ntam ntawtawdi ayɛ mu ma yi mu no, saa nkurɔfo yi yɛ ɔdɔ ho nhwɛso a ɛyɛ nwonwa.” Ɔpɛe sɛ obesua pii. Yiw, adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn mmara betumi ama wɔada nokware dɔ adi ni.
Onyankopɔn Da So Ara Dwen Yɛn Ho
Nanso so Onyankopɔn bɛma amanehunu ahorow yi nyinaa agyae da bi? Yiw, ɔbɛma agyae!
Wallace kae akyiri yi sɛ: “M’ani gyei mmoroso sɛ mihui sɛ ɛrenkyɛ na Onyankopɔn asɛe wɔn a ‘wɔresɛe yɛn asase’ yi na ɔde saa asase so paradise no asi hɔ.” (Adiyisɛm 11:18) Hwɛ sɛnea Wallace ani gyei sɛ osuae sɛ Onyankopɔn betumi ayi nea nsɛmmɔnedi a akɔ so mfehaha pii no de aba no nyinaa afi hɔ koraa! Obetumi anyan wɔn a wɔawuwu no aba nkwa mu bio. Obetumi asesa nan a esiane opira anaasɛ ɔyare nti wontumi mfa nyɛ hwee no ma ayɛ nea wotumi de tu mmirika huruhuruw.—2 Petro 3:7, 13; Asomafo no Nnwuma 24:15; fa toto Yesaia 35:5, 6 ho.
Wallace kae sɛ “Ná anka minni anidaso. Nanso mprempren de awerɛhow no nyinaa afi me mu. Hwɛ awerɛkyekye ara a mewɔ sɛ mahu sɛ Onyankopɔn ammɔ me sɛ memmɛyɛ obubuafo! Mewɔ gyidi sɛ ɛrenkyɛ wɔ saa paradise a wɔbɛsan de asi hɔ no mu no, mɛsɔre afi mmubuafo teaseɛnam yi mu anantew bio. Saa anidaso yi ama manya asomdwoe na mihu sɛ metumi atra ase wɔ mprempren tebea a mewɔ mu yi mu.” Yiw, aberante yi hui sɛ, ɛmfa ho sɛ yɛwɔ wiase bi a amanehunu ahyɛ mu ma mu no, Onyankopɔn dwen yɛn ho!
[Kratafa 19 adaka]
“Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, no mum tɛkrɛma ato dwom, na nsu betue sare so, no nsuwansuwa asen anhwea pradada so; na kumaforote bɛdan atare, na asase kesee ayɛ nsuwansuwa; sakraman trabea a woburuwii no, wura befifi aka demmire ne nkyɛkyerɛ ho.”—Yesaia 35:5-7.