Paradise Adansi A Wɔsɔ Hwɛ
“Wonim Yehowa Adansefo sɛ wosi asɔredan ahorow wɔ nnɔnhwerew 48 mu. Nanso saa dapɛn awiei yi de, wɔyɛɛ adwuma ma ɛboroo so. Eyi ne nea edi kan a Yehowa Adansefo asi Ahenni Asa abien a ɔdan a ɛka n’abien bom ka ho wɔ nnɔnhwerew 48 mu.”
NSƐNKYERƐWFO Annette Lopez-Munoz de eyi yɛɛ ne nnianim asɛm wɔ n’asɛm a ɔkyerɛw wɔ South Dade News Leader a ɛbaa Dwoda, February 27 mu no mu. Ná ɛreka dapɛn a na aba awiei a ɛyɛ February 25 ne 26 no ho asɛm.
Ná Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ Homestead, Florida, mpɔtam hɔ redɔɔso ntɛmntɛm ma enti na Ahenni Asa afoforo ho hia ntɛm. Sɛnea Jim Crosley a ɔyɛ ɔhwɛfo kwantufo a ɔwɔ Florida kesee fam mpɔtam hɔ ka kyerɛɛ nsɛnkyerɛwfo no: “Ɛho abehia kɛse sɛ yesi saa Ahenni Asa ahorow yi, efi bere a wɔpam yɛn nuanom a wofi Cuba na wɔde wɔn traa ɔkorow a wɔfrɛ no Mariel mu ma wɔbaa ha no. Ɛho hia sɛ yesisi asa anum anaa asia wɔ Miami nso.”
Asa abien a wosii wɔ Homestead mpɔtam hɔ no yɛ nea asafo ahorow anan kɔ adesua wom—abien ka Spania kasa na abien ka Borɔfo.
The Miami News faa Ɔdansefo foforo a ɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a wɔresisi Ahenni Asa ahorow “ntɛm ara” no asɛm kae sɛ: “Yɛn adwene a yekurae ne sɛ yebesisi asa yi ntɛm ara sɛnea yebetumi na ama yɛadi nnɛema a eye koraa ho dwuma.”
“Nneɛma a eye koraa” no fa asɛnka adwuma no ho a ɛne Onyankopɔn Ahenni a ɛreba ho asɛm a yɛbɛka na yɛakyerɛkyerɛ wɔ baguam, ayɛ asuafo, abɔ wɔn asu na yɛatete wɔn ma wɔn nso ‘wɔasom Onyankopɔn a ɔte ase no.’—Hebrifo 9:14; Mateo 24:14; 28: 19, 20.
Eyi hwehwɛ sɛ yenya nteteebea ahorow—mmeae horow a wɔde Bible bedi dwuma de atete yɛn a ɛne Ahenni Asa ahorow. The Miami News kɔɔ so sɛ asa ahorow no ye. “Ɛnyɛ nea woasiesie mu kɔsɔɔ esiane sɛ yebu eyinom sɛ ɛte sɛ sukuu anaa mmeae horow a wɔtete nkurɔfo wɔ hɔ nti. Ɛyɛ mmeae horow a wɔsom wɔ hɔ nanso nneɛma ahorow a wɔyɛ de som no yɛ ntetee kwan so de.” Asa no mu biara a emu trɛw ne ne tenten yɛ anammɔn 4,000 no mu biara tumi fa nnipa 250, ɛwɔ adesua dan nketewa abien, abrannaa, ɔdan a wɔtɔn nsɛmma nhoma wom ne tiafidan abien.
Asa Abien wɔ Nnɔnhwerew 48 Mu?
Ɔdansefo a wɔfrɛ no Beatrice Rogers a ɔwɔ Homestead de ne nnuaba afuw asase a ɛyɛ ahama anum a ɛbɛn beae bi a asafo ahorow anan wɔ no mae. Bere a wɔde afe biako asusuw ho na wɔayɛ ho nhyehyɛe akyi no, wosii gyinae sɛ wobesi asa abien wɔ so.
Bɛyɛ mfe abien a atwam ni no, sɛ wɔkyekyem a Yehowa Adansefo a wɔwɔ United States ne Canada nam ɔkwan a wɔfa so sisi adan “bere tiaa mu” no so si Ahenni Asa biako wɔ dapɛn biara mu. Na abien a wosi wɔ asase biako so nso ɛ? So osuahu a atwam kyerɛe sɛ wobetumi ayɛ saa? So wɔn a wotu wɔn ho ma a wɔdɔɔso wɔ hɔ a wɔbɛboa? Sɛ na ɛyɛ adwuma a ɛyɛ den sɛ wɔbɛhwɛ adwumayɛfo 200 kosi 400 so wɔ ɔdansi adwuma biako ho a, dɛn na ebesi bere a adwumayɛfo no yɛ 400 kosi 600 no? Bere a saa nnipa yi nyinaa wɔ hɔ na wɔwɔ ɔdansi ho nneɛma a wɔde bɛyɛ adwuma no, so awiei koraa no adwuma no nyinaa renyɛ basaa?
Wofi koma nyinaa mu susuw Yesu kɔkɔbɔ no ho yiye! “Na mo mu hena na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentra ase mmu ho akontaa ansa sɛ ɔwɔ nea ɔde betumi awie? Ebia wafi ase no, wantumi anwie a, na wɔn a wohu nyinaa fi ase goru ne ho sɛ: Onipa yi fii ase toe, na wantumi anwie.”—Luka 14:28-30.
Nanso wɔ asram pii a wɔde mpaebɔ susuw ho na wobuu ho akontaa na wɔhwehwɛɛ ho adwini a wobedi ne ɔkwan a wɔbɛfa so asi mu akyi no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Homestead mpɔtam hɔ sii gyinae sɛ: “Ɛdenam Yehowa nhyira so no yebetumi ayɛ!”
Fida anwummere, February 24 mu no, Nelson Crites a ɔyɛ Ahenni Asa adansi adwuma ahorow sohwɛfo wɔ South Florida no ka kyerɛɛ wɔn a wɔatu wɔn ho ama a wɔwɔ anigye a wɔreyɛ nhyiam wɔ South Dade High School aguabɔbea no sɛ: “Eyi yɛ ade titiriw wɔ abakɔsɛm mu. Ɛdenam Yehowa tumi so no ɛbɛyɛ yiye.”
Wɔkyekyɛɛ wɔn a wɔatu wɔn ho ama no mu yɛɛ wɔn adwumayɛfo akuw 11 a wɔhyɛ wɔn a wɔwɔ ɔdansi ho nimdeɛ ne adwumfo a wɔn ho akokwaw a wɔanya asa a wɔde nnafua abien si no mu kyɛfa pɛn ase. Saa bere yi de na ɛsɛ sɛ wɔkyɛ adwumayɛfo no mu abien a kuw biako biara di asa biako ho dwuma—wɔn a wɔyɛ dua adwumfo, wɔn a wɔyɛ ɔdorobɛn mu nsu ho adwuma, wɔn a wɔyɛ anyinam akanea ho adwuma ne nea ɛkeka ho. Nea na ɛka ho no, na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ nsɛm a wɔka wɔ hɔ nyinaa ase kɔ Spania ne Engiresi kasa mu. Wɔ paa a wɔbɔe ma afiri a wɔfrɛ no ahoɔden mensa abien bɛmemaa nnua a wɔde gyina ɔdan no so totoo ɔdan no so akyi no, ɛkame ayɛ sɛ adwuma biara a wɔyɛe no yɛ nea wɔantua ho sika biara.
Wofii Ase Bere a Osu Retɔ
Wodii wɔn anɔpa aduan Memeneda anɔpa nnɔnsia. Afei nea na egu adwumayɛfo a wɔyɛ mmarima, mmea ne mmofra no anim ne ɔdansi ho nneɛma a ne bo bɛyɛ sɛ dɔla ɔpepem biako mu nkyem anan mu biako. Na wɔde biribiara ato faako a wobehia de ayɛ adwuma wɔ adan abien no fapem a wɔde semɛnte na ayɛ no so pɛpɛɛpɛ. Na fapem a nnade a wɔde soso nnua a wɔde gyina ɔdan kuru so sisi mu no mu biara mu trɛw ne ne tenten yɛ anammɔn 4,000 sɛnea Dade Mansin a ɛwɔ Florida fã baabi a ahum taa tu no mmara hwehwɛ no. Sɛ nnɔnson bɔ a, wobefi ase de saa ɔdansi ho nneɛma a esum hɔ no ayɛ adwuma ma adan Ahenni Asa abien.
Bere a nnɔnson bɔe pɛ no wofii ase yɛɛ adwuma. Wofii ase wɔ osu a na ɛretɔ no mu. Ná osu retɔ kɛse fi bɛyɛ ɔdasu mu. Nanso adwuma no fã biara nni hɔ a wogyaee. Wosisii ntamadan a wɔde rɔba ayeyɛ ne apata ma ɛyɛɛ hintabea maa wɔn a wɔyɛ anyinam nkanea ho adwuma ne adwumayɛfo afoforo. Wɔn a wɔwɔ ɔdansi ho nimdeɛ ne adwumfo fii wɔn mfiri mu kɔyɛɛ adwuma. Wɔde rɔba akatakata nnuan a wobedi awia a wɔnoaa wɔ fie a ɛhyehyɛ nnaka mpempem pii mu a esisi didi pon atenten so no so wɔ nnuaba afuw no mu. Ná aduannoafo tete wɔn kɛtere, fononoo ahorow ho wɔ wɔn mukaase a wɔde rɔba akata so wɔ adwumayɛbea hɔ no mu. Wɔamma osu a ɛretɔ no anhaw wɔn.
Bere a osu no retɔ denneennen no, bere koro no ara mu na na ɛte sɛ nea wɔde nnua a wɔde gyina ɔdan no retoto so ntɛmntɛm. Wɔ dɔnhwerew biako ne fã mu no na wɔn nsa aka nnua a wɔde begyina asa abien no nyinaa ansa na wɔakuru so no. Nnua a wɔde kuru ɔdan so ansa na wɔde nkankyee abɔ so ne nnua a wɔde gyina ɔdan ansa na wɔakuru so no kɔɔ pɛ. Wɔ nnɔnhwerew abien mu no, na wɔde nnua a wɔde gyina ɔdan ansa na wɔakuru so no atoto ɔdan no so awie. Bere a nnɔnkron bɔe no na wɔn a wɔka afiri a wɔfrɛ no ahoɔden mensa no ayɛ wɔn adwuma awie. Wɔ ɔdan no ho nyinaa no, na nsa pii rememma nnua a wɔde kuru ɔdan so ansa na wɔabɔ so no so, na ansa na dɔnhwerew biako betwam no, na ɛkame ayɛ sɛ wɔde nnua a wɔde kuru ɔdan so ansa na wɔabɔ so no agu asa abien no nyinaa so awie. Na ɛreyɛ ɔdan wɔ mmedua a na wɔde mfiri adua wɔ dakoro anaa nnafua abien a na atwam no mu no ntam.
Dodow a osu no kɔɔ so munae kɛse no, dodow no ara na adwuma no kɔɔ so ntɛmntɛm. Sɛ́ anka nkurɔfo befi hɔ akɔ mmom no, wɔkɔɔ so bae. Ná polisinibea no kɔ so ka wɔ borɔn no so sɛ, ade titiriw a na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne sɛ ɔbɛma wɔn kwan. Wɔn a na wɔatu wɔn ho ama rekyerɛ mfiri kwan no kyerɛɛ mfiri kwan wɔ Borɔn a ɛto so 288 no so ne wɔ nkwanta a ɛwɔ faako a wɔresi ɔdan no anim no. Na ofipamfo bi fi ayamye mu de n’asase a ne kɛse yɛ nhama 15 a ɛwɔ kwankyɛn no ama wɔn sɛ wɔmfa wɔn mfiri nsisi so a wɔantua ho hwee.
Na osu a ɛretɔ no yɛ mmoa efisɛ ɛfɔw asase no maa onipa a na ɔredua nhwiren no. Woduaduaa afifide ahorow ne terensu wɔ nkofi a wɔde nsu agu so yiye so. Adantofo no de nsu a ɛretɔ no na ɛdɔn wɔn dɔte.
Saa bere yi nyinaa na wɔreto afasu no. Bere a wɔde nnua a wɔde kuru ɔdan so ansa na wɔde nkankyee abɔ so katakataa nnua a wɔde gyina ɔdan so no ho ntɛmntɛm no, saa ara nso na na wɔde biribi a ɛte sɛ kuntu katakataa mpuran no ho. Afei wɔde ntayaa a wɔde kuru ɔdan so a emu yɛ duru kuruu so. Sɛ wode afiri a wɔde twa mfonini hwɛ a, ɛte sɛ ntayaa a wɔde kuru ɔdan so ne adwumayɛfo pii.
Osu a na ɛretɔ no nso ɛ? Egyaee a wɔanhu. Bere a ɛsan fii ase bio no na wɔakuru adan abien no nyinaa so awie.
Wɔn a Wɔatu Wɔn Ho Amo Kɔɔ So Bae
Wosii adan nketewa anan kaa ho ma ɛkaa Ahenni Asa abien no boom. Sɛ wohwɛ fi soro a, adan yi te sɛ nkyerɛwde H.
Dwumadibea a ɛhwɛ wɔn a wɔatu wɔn ho ama Nsɛm so no adwumayɛfo a na wɔreyɛ adwuma wɔ ntamadan a wɔde rɔba ayɛ mu no kɔɔ so yɛɛ adwuma ɛmfa ho sɛ na osu retɔ anaa owia rebɔ. Ná adwumayɛfo no boro adwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ no so. Wɔn a wɔatu wɔn ho ama fi Texas, Ohio, Idaho, England, Canada ne Jamaica tɔnn bɛkaa wɔn a wofi ɔmansin ahorow a ɛwɔ mpɔtam hɔ ne Florida nyinaa no ho. Ná akwammisa nkrataa no dodow yɛ 810.
Dawn Brinklow a na ɔhwɛ wɔn a wodua nhwiren so no kae sɛ na n’adwumayɛfo no nnim nnua ahorow no din—Philodendron seloum a efi Malpighia, mu no. “Enti yɛde sɛnea nnua no su te na edii nkitaho. Afei yɛsoma nnipa di wɔn akyi a wokurakura nhwiren a yehia no su anaa colour—‘Momfa kɔkɔɔ, bruu anaa ahabamomono mmra.’ Wɔ eyi nyinaa akyi no, na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ asɛmfua biara ase kɔ kasa abien no nyinaa mu. Na adwumayɛfo kuw biara nni hɔ a abibifo, aborɔfo ne Hispanosfo nni mu.”
Biakoyɛ, Ɔdɔ ne Yehowa Honhom
Wɔka kyerɛɛ ɔbarima a na ɔwɔ kyɛfa wɔ asase no mu no sɛ ɔmra Memeneda na ommegye ne sika. Bere a obehui sɛ adan abien a emu trɛw ne ne tenten yɛ anammɔn 4,000 reyɛ ayɛ ɔdan awie wɔ ade a na ɛyɛ fapem ara kwa so wɔ da a na atwam no mu no, ne ho dwiriw no ma enti ɔde ahoɔhare kɔɔ fie kɔfaa ne yere bae.
Dwumadibea a na ɛhwɛ nsɛm ho amanneɛbɔ so no maa nsɛnkyerɛwfo, wɔn a wotwa mfonini ne wɔn a wotwa mfonini de yi sini wɔ TV so ne nsrahwɛfo pii a na wɔreba bere nyinaa no akwaaba na wɔde wɔn kyinkyin hɔ. Na wɔn a wɔwɔ ɔdansi ho nimdeɛ a wɔn yam a anka wɔahu sɛnea wobetumi asi adan te sɛ Yehowa Adansefo no nso baa hɔ. Baptistfo sɔfo bi a ne yam a anka obetumi akanyan n’asɔrefo no te sɛ Yehowa Adansefo no nso baa hɔ—“Mirentumi mma wonsiw tokuru bi wɔ yɛn asɔredan no ho a yentua ho ka.”
Archie Francis a ɔwɔ Hialeah kɔyɛɛ adwuma wɔ dwumadibea a ɛhwɛ ahotew ho nsɛm so Memeneda nnɔnhwerew pii. Saa anadwo no, ne maame kumaa fii ɔman bi a ɛwɔ Amerika Mfinimfini a wɔfrɛ no Belize mu bae. Ɔkae sɛ na ɔreboa ma wɔasi Ahenni Asa abien wɔ dapɛn no awiei.
Ɔkae sɛ, “Minnye nni.”
“Metumi ayi ɛho sini wɔ Video so akyerɛ wo.”
“Dabi.” Sɛ okohu nkutoo a na obegye adi.
Esiane sɛ ɔkae sɛ ɔpɛ sɛ ohu nti, wotwaa akwansin 22 kɔɔ faako a wɔresi adan no wɔ ɔdasum. Na anuanom mmea kuw bi retow Ahenni nnwom wɔ Spania kasa mu de ahyɛ wɔn a wɔsrasra ɔfasu no ho a wɔreyɛ adwuma anadwo no nyinaa no mpamden. Archie maame kumaa no kɔkaa wɔn ho. Osii gyinae sɛ, “mɛba abɛyɛ Yehowa Ɔdansefo. Adansefo no yɛ m’adwumayɛfo. Wodi nokware. Na mekenkan wɔn nsɛmma nhoma bere nyinaa.”
Ɛkame ayɛ sɛ obusuani foforo ho dwiriw no saa ara, bere a obisae sɛ: “Ɔkwan bɛn so na moyɛ no?” no.
Archie buae sɛ, “Ɛdenam biakoyɛ, ɔdɔ ne Yehowa honhom so.”
Polisini a wɔfrɛ no Warren Brundage a okyinkyin wɔ South Dade no yɛ obi a ɔkyere awudifo, wɔn a wɔde nnubɔne di dwuma ne wɔn a wɔde mmusua mu mpaapaemu ba. Ohuu nipasu wɔ ɔkwan soronko so wɔ ha. Ɔka kyerɛɛ nsɛnkyerɛwfo bi sɛ, “Misusuw sɛ ɛyɛ nwonwa. Nnipa pii yi reyɛ adwuma abom a wɔne wɔn ho wɔn ho nyaw, wɔnko ntɔkwaw. . . . Abibifo, aborɔfo ne Latinfo wɔ ha . . . wɔn nnwuma a wɔyɛ gu ahorow nanso wɔn nyinaa reyɛ adwuma abom de adi atirimpɔw biako ho dwuma. Nnɛra ná obi a ɔyɛ adwuma wɔ sikakorabea reboa ma wɔakuru ɔdan no so wɔ hɔ.” Ɔyɛɛ adwuma boroo nnɔnnum a sɛ ɔreyɛ honam fam adwuma a anka wapɔn no—ɛnyɛ sikakorabea adwumayɛfo nnɔnhwerew na ɔde yɛɛ adwuma wɔ ha!
Esiane obi a otwa mfonini adesrɛ nti, nkaebɔ bi a wɔmae wɔ Engiresi ne Spania kasa mu maa adwumayɛfo no ne nsrahwɛfo no nyaa bere kakra de homee ma enti wotumi boaboaa wɔn ho ano wɔ anim hɔ na wɔmaa wɔn nsa so wɔ nkonimdi mu. Nnipa mpem anan na wɔboaboaa wɔn ho ano wɔ hɔ. Saa nnipa dodow no yɛ nea egyina nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na dwumadibea a ɛhwɛ aduan ho nsɛm so no ama nnipa 4,000 aduan a na ɛnkyɛe biara no so.
Asase So Paradise a Wɔsɔ Hwɛ
Nea ɛmaa hɔ yɛɛ fɛ kɛse te sɛ asase so paradise ne turo no. Na wɔayɛ turo abien a mmedua, abo ne nhwiren ahorow wom, a emu biako wɔ ɔdan no anim na biako nso wɔ akyi. Mfiri de nnua ahorow ne terensu pii bae. Ɔdansefo biako de mmedua mae sɛ akyɛde. Bere a nea na ɔyɛ turo no ho adwuma kɔe sɛ ɔrekɔhwehwɛ nnua ahorow no, ohuu nkeresia a ɛho yɛ na abiɛsa a abɔ kuw. Na ne wura nnim sɛ afifi wɔ hɔ. Hwɛ ahwɛyiye ara a nea ɔka afiri a wɔde tutu nnua no yɛe bere a na ɔretutu no, efisɛ ɔtee sɛ saa nnua no mu biako biara bo yɛ dɔla (U.S.) apem.
Wɔde nnafua abien na ɛyɛɛ turo a ne kɛse bɛyɛ hama biako ne fã no. Sɛ wɔyɛ de agye sika a, anka adwumayɛfo baasia de adapɛn abiɛsa na ɛbɛyɛ adwuma no na wobegye (U.S.) $25,000 kosi $30,000. Wɔde ne nyinaa mae sɛ ntoboa.
Bere Titiriw, Adekyɛ Titiriw
Nsɛnkyerɛwfo Lopez-Munoz san bae Kwasida a ne maame a Portugal kasa nkutoo na ɔka no ka ne ho. Na sɛnkyerɛwfo kumaa yi ahu biribi a ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ mu. “Dɛn ne ade a ɛkanyan mo, ɔpɛ a mo saa nkurɔfo yi wɔ no?”
Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Efi Bible no mu.”
“Makenkan sɛnea na nnipa resi abantenten bi na Onyankopɔn yɛɛ wɔn kasa basabasa ma enti wɔansi anwie no wɔ Bible no mu.”
“Efisɛ na nea wɔreyɛ no ne n’apɛde nhyia.”
“Nanso mprempren ɔreboa mo ma moadi mpaapaemu a ɛwɔ mo kasa mu no so?”
“Ɛte saa efisɛ yɛreyɛ n’apɛde.”
Wɔka kyerɛɛ no sɛ Yehowa Adansefo ma ɛtra wɔn adwene mu sɛ, “Onyankopɔn Asɛm wɔ nkwa na ahoɔden wom.” (Hebrifo 4:12) Fa di dwuma na ma ho kwan na ne honhom nyɛ adwuma wɔ wo mu.
Obi a ɔyɛ adwuma wɔ dwumadibea a ɛhwɛ nsɛm ho amanneɛbɔ so no kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Nea wuhu no fã bi yɛ anigye a yenya fi fekubɔ ahorow titiriw mu, te sɛ nea yenya wɔ Ahenni Asa ɔdansi adwuma no mu no. Yehowa Adansefo nya wɔn nnamyɛ no fi yɛ a yɛyɛ kuw a yɛka asɛmpa no mu titiriw. Yɛyɛ biako wɔ Onyankopɔn Ahenni a ɛreba no ho asɛmpaka ne ɔkyerɛkyerɛ no mu. Ɛno nti na yehia Ahenni Asa ahorow a ɛyɛ mmeae a yɛsom na yenya Bible mu ntetee no. Wɔ mmere titiriw a ɛte sɛ eyi mu no, yebetumi ne nnipa pii anya ayɔnkofa. Yebetumi de nneɛma ho nimdeɛ soronko a yɛwɔ ne nneɛma ho adwini a yetumi di no akyerɛkyerɛ yɛn ho yɛn ho. Anaa yebetumi afi yɛn pɛ mu ayɛ biribiara a yebetumi de aboa afoforo. Obiara yɛ nea obetumi nyinaa. Na yɛkyerɛ biribiara a obiara yɛ ho anisɔ. Nanso wɔ eyi mu mpo no, Bible mu nnyinasosɛm ahorow na ɛkyerɛ yɛn fekubɔ no kwan. Ɛha no sɛ́ nhwɛso no, yɛma asɛm a ɛwɔ Galatifo 5:26 no tra yɛn adwene mu: ‘Mommma yɛmmpɛ anuonyamhunu nnyiyi yɛn ho abufuw nntentan yɛn ho.’ Bio nso, Mmebusɛm 11:14 se: ‘Nea akwankyerɛ nni no, ɔman hwe ase.’”
Paradise a Wɔn Nsa Ka, Wɔ Honhom Fam
Gyidi ne nea ɛma Yehowa Adansefo yɛ nea afoforo ntumi nyɛ no. Wofi ase denam gyae a wogyae wiase honhom a wɔda no adi no so. Nea ɛka ɛno ho ne nea polisini a wɔfrɛ no Brundage huu ntɛm ara no, ɛne gyae a wobegyae wiase honhom a wɔda no adi a ɛne abusua mu mpaapaemu, nitan, ninkuntwe, asetra mu mpaapaemu, nnubɔne ne ɔbarima ne ɔbea nna ho adwene a ɛnteɛ ne nea ɛtete saa. Ná ɔwɔ wiase soronko bi a wɔayi anobow nyinaa ne bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm ne bɔnepɛ nyinaa afi mu mu, na na nnipa no rebɔ mmɔden ankasa sɛ wobeyi ‘ayamye adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho, anya ayamhyehye ama wɔn ho wɔn ho na wɔde afiri wɔn ho wɔn ho sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de afiri wɔn no.’—Efesofo 4:31, 32.
Wiase honhom a ɛda adi wɔ “ɔhonam nnwuma mu” no yɛ nea Onyankopɔn tan. Saa honhom no a yɛrenna no adi no bebue kwan ama Onyankopɔn honhom aba a ɛne “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ gyidi, odwo ne anidahɔ” no atra yɛn mu.—Galatifo 5:19-23; Romafo 8:5-8.
Nsrahwɛfo biako a ɔyɛ Mormon Asɔre no muni huu Adansefo mma—a wɔn honam ani yɛ tuntum, nea eberedum ne fitaa—a wɔabom regoru. Ɔkae sɛ: “Yɛde obibini abofra biako ayɛ sɛ ɔba. Yɛn asɔrefo no mma kwan mma wɔn mma ne yɛn ba no nni agoru.”
Esiane sɛ Yehowa Adansefo tie nea Bible no kyerɛkyerɛ nti, wɔahu sɛ wɔaka wɔn abom ayɛ wɔn biako wɔ wiase aman ahorow a ɛboro nea ɛwɔ Amanaman Nkabom no mu no nyinaa so mu.
Wɔkaa Ahenni Asa a wɔde nnafua abien sii no ho asɛm sɛ na ɛyɛ “paradise adansi a wɔsɔ hwɛ.” Eyi da gyidi a emu yɛ den a Yehowa nkurɔfo wɔ sɛ ɛrenkyɛ asase no Bɔfo beyi nneɛma nyinaa a ɛsɛe asase ne adesamma abusua no afi hɔ na abue kwan ma wɔasisi Paradise adan wɔ wiase nyinaa no adi.—Adiyisɛm 11:17, 18; 21:3, 4; Yesaia 65:17-25.