Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 9/8 kr. 12-14
  • So Metumi Abɔ Mmɔden Asen M’awofo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Metumi Abɔ Mmɔden Asen M’awofo?
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asetra a Ɔhaw Wom Mu a Wubefi
  • Mfaso Kɛse a Wubenya Afi Fie
  • Sua a Wubesua Sɛnea Wobɛyɛ Nneɛma Yiye
  • Ahotoso a Wobɛkɔ So Anya
  • Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woma w’adwene mu yɛ wo naa wɔ nea w’ankasa wubetumi ayɛ no ho? Di w’adwene a woma emu yɛ wo naa no ho dwuma denam adwumaden a wobɛyɛ no so. Ma w’anigye a wowɔ wɔ nneɛma ne nnipa ho no nyɛ kɛse. Hwehwɛ anigyede bi. Hwehwɛ nnamfo pa denam mmoa a wode ma no so. Mmebusɛm 17:17 ka sɛ: “Nnamfo da ɔdɔ a wɔwɔ no adi bere nyinaa. Mfaso bɛn na ɛwɔ anuanom so, sɛ wɔne wo mmom nhu amane a?” (Today’s English Version) Ɛmfa ho sɛ ade biara a wutumi yɛ no yɛ ketewa, ebetumi ama wo mmɔden ne ahotoso a wowɔ no anya nkɔso.
  • Wubu Wo Mma Dɛn?
    Nyan!—1980
  • So Woreboa Wo Ba ma Wapaw Yehowa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Nyan!—1985
g85 9/8 kr. 12-14

Mmofra Bisa Sɛ. . .

So Metumi Abɔ Mmɔden Asen M’awofo?

“SƐNEA ɛba fam biara no, baabiara nni hɔ a ɛte sɛ fie.” Saa na kan dwom bi a agye di kae. Nanso ɛnnɛ, bere a mmofra pii nya abusua asetra a ɛyɛ anigye no, afoforo nnya no saa. Wɔ wɔn a wate afie a ɔhaw wom mu​—abusua mu akasakasa, awaregyae, ɔwofo a ɔyɛ ɔsadweam anaa ɔwɔ adwenemyare fam no​—asetra te sɛ dwom bi a wɔmpɛ.

Asetra a Ɔhaw Wom Mu a Wubefi

Ɛyɛ asɛm a ɛyɛ den sɛ wobɛte nka sɛ wowɔ asetra a ɔhaw wom mu a ɛkame ayɛ sɛ abusua anaa kurow a wote mu no mu nsɛm tebea ama w’asetra asɛe. Ababaa biako ka sɛ, “Bere a midii mfe 14 no, mibegye dii sɛ merennya aware a anigye wom da.” Dɛn ntia? Na n’awofo nya akasakasa wɔ nneɛma nketenkete a ɛho nhia ahe biara ho. Na wɔteɛteɛm, wɔdome wɔn ho wɔn ho na na wɔtotow nneɛma gu wɔ fie hɔ bɛyɛ nnɔnhwerew pii. “Me ne me nubea kumaa suroe sɛ yebenya adwenemyare mpo! Yɛhwehwɛɛ yɛn abusua no mu sɛ yebehu obusuani ko a ɛte sɛ nea na ɔwɔ adwenemyare anaa no. Na yesuro sɛ yɛbɛware na yɛabɛyɛ te sɛ yɛn awofo no.”

Nanso, dɛn asɛm na esii ankasa? Wɔn nyinaa anyinyin na wɔaware wɔ anigye mu. Esiane hu a afei woabehu sɛ wɔyɛɛ ade ma ɛtraa so wɔ wɔn awofo no tebea no ho nti, wɔahu sɛ mfaso wɔ wɔn awofo no so.

Enti ɔkwan ko a wofaa so fii w’asetra ase no mu yɛ den dɛn? Ampa, yɛn mmusua nya sɛnea yenyin no so nkɛntɛnso kɛse de, nanso ɛnyɛ ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛnea yɛn asetra bɛyɛ no kwan. Nokwarem no, adenimfo ho dwiriw wɔn bere a wohu sɛ mmofra bi wɔ hɔ a wotumi gyina tebea a emu yɛ den te sɛ ohia ne awofo a wɔagyae aware anaa wɔwo adwenemyare ano no. Adwenemyare ho ɔdenimfo biako ka sɛ, “Wɔ asetra a enye ne asetra mu osuahu ahorow a ɛyɛ hu kɛse nyinaa akyi no, mmofra yi bɔ mmɔden de ahokokwaw ne boasetɔ a wonnim baabi a efi gyina tebea no ano.”

Mprempren, nhwehwɛmufo gye mmofra a wotumi gyina nsɛm tebea a emu yɛ den ano no tom na wosua wɔn ho ade. Na ebia nea enti a mmofra a wɔda nsow yi bɔ mmɔden kɛse no yɛ biribi a ɛsen Bible no mu nnyinasosɛm a ɛkyerɛ sɛ “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye” no kakraa bi. (Asomafo no Nnwuma 20:35) Ɛte sɛ nea mmofra​—nkokoaa mpo​—a wɔkyerɛ wɔn biribi a wotumi yɛ na wotumi de biribi ma afoforo​—no, ma nneɛma pa a eye sen biara a wɔn awofo tumi yɛ no da adi. Mmofra a wɔte saa no nya ntetee pa fi wɔn awofo hɔ sen afoforo a wɔwɔ abusua koro no ara mu a wɔnnyɛ osetie, wɔyɛ ahopɛfo na wɔn ntetee yɛ den no.

Sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmu biako daa no adi sɛ, ‘nkokoaa a wotumi gyina tebea a emu yɛ den ano’ no ne wɔn a ‘wɔkorɔkorɔɔ wɔn, woyii ɔdɔ adi kyerɛɛ wɔn, wɔde wɔn ho hyɛɛ nneɛma ahorow a wɔyɛ mu kɛse a ntetee a wɔde maa wɔn no anyɛ den no.’ Sɛnea ɔbenfo Emmy Werner ka no, “Nkokoaa a wɔkyerɛ wɔn biribi a wotumi yɛ no ntɛmntɛm no betumi ama ɛnanom a mfiase no wobu wɔn ani gu wɔn so a na wɔahaw no adɔ wɔn na wɔayɛ aso ama wɔn.

Yɛn a wɔankorɔkorɔ yɛn na wɔanyi ɔdɔ adi ankyerɛ yɛn bere a yɛyɛ mmofra no mu binom mpo betumi abɛyɛ nnipa a wɔwɔ anigye a wɔde biribiara ma afoforo a wɔsow nea Bible frɛ no “honhom aba” a ɛne . . . ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ” no. (Galatifo 5:22, 23) Te sɛ sika a ɛwɔ sikakorabea no, saa ‘nneɛma a wode ma’ yi ma ‘wunya’ nneɛma ahorow a ɛsen nea ebia wohwɛ kwan fi wo fie no.

Mfaso Kɛse a Wubenya Afi Fie

Ofie a ɛba fam sen biara mpo no ma yenya biribi titiriw a yehia bere a yɛrenyin no. Wusuaa sɛnea wɔkasa bere a woyɛ abofra no wɔ fie. Na ɛhɔ na wubetumi akɔ so asua nkurɔfo ho ade ne sɛnea wotumi gyina nsɛnnennen ano mprempren a worenyin mpo no. Sɛnea ɔpanyin biako kyerɛw no: “Ofie ne baabi a obi hwehwɛ da biara da asetra mu osuahu ahorow mu na osusuw ho na ɔte ase anaasɛ obu n’ani gu so sɛnea ebia asɛm no te no.”

Nea wusua wɔ fie no gyina sɛnea wode saa su horow a ‘wode ma’​—ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre ne anidahɔ a wode di dwuma yi so. Ɔbenfo E. James Anthony hui sɛ awofo a wɔanya adwenemyare mpo mma a wotumi di tebea a emu yɛ den ho dwuma no betumi ama nneɛma akɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ ofi a basabasayɛ wom mu. Ɔka sɛ, “Wobetumi de ade ketewa bi ayɛ biribi pa. Wɔne mmofra a wobetumi anya nhwiren wɔ anhweatam so no.”​—Parents, November 1983.

Sua a Wubesua Sɛnea Wobɛyɛ Nneɛma Yiye

Wubetumi anya tumi a ɛbɛma woahu saa “nhwiren a ɛwɔ anhweatam so” no. Warren gye tom sɛ “Na meyɛ ‘abofra a ɔda nsow.’ Na ɛsɛ sɛ misua sɛnea m’ani begye m’abusua no ho. So wubetumi agye ɛno adi?” Na Warren fi abusua a ahia wɔn na emu nnipa nnɔɔso a na wɔte kurow a adefo pii wom mu. Bere a ne papa a ɔyɛ ɔsadweam nyaa adwuma no na n’akatua yɛ ketewaa bi. Ɛnde anyɛ nwonwa sɛ Warren nuabarima panyin bɛyɛɛ abofra bɔne a wɔde no kɔtoo afiase na onyaa adwenemyare. Anaa, wɔkamfo kyerɛe sɛ adwenemyare ho abenfo nhwɛ ne nua kumaa.

Ɔkwan bɛn so na Warren tumi kwatii eyi nyinaa? Nneɛma pii boaa no. Nea edi kan no, Warren kyerɛe sɛ n’ani gye sukuu ho. Bere a n’akyerɛkyerɛfo huu sɛ ɔbɔ mmɔden wɔ sukuu adesua mu no, wɔhyɛɛ no nkuran. Bere a odii mfe du no, ɔbɛyɛɛ obi a ɔwɔ adamfofa su a onsusuw n’ankasa ho kɛse. N’ani begyee afiri a wɔde bɔ dwom a ɔbɛbɔ ho. Ne titiriw no, ɔne ne maame ani begyee Bible no mu nsɛm ho. Wonyaa nnamfo a mmofra ne mpanyimfo nyinaa ka ho a wogyee wɔn toom sɛ wɔne wɔn nyinaa yɛ pɛ wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so. Enti Warren tumi twee ne ho fii n’abusua asetra a ɔhaw wom no mu. Na ɛdenam Warren mmoa so no, ne nuabarima kumaa a ɔda so ara wɔ fie no ho atɔ no yiye a wɔn a wɔwɔ ɔyare no ho nimdeɛ ammɛhwɛ no. Warren ka sɛ, “Ɛyɛ anigye kɛse sɛ wutumi boa nkurɔfo na anidaso wɔ asetra a wɔhwɛ kwan daakye no mu.”

Ahotoso a Wobɛkɔ So Anya

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woma w’adwene mu yɛ wo naa wɔ nea w’ankasa wubetumi ayɛ no ho? Di w’adwene a woma emu yɛ wo naa no ho dwuma denam adwumaden a wobɛyɛ no so. Ma w’anigye a wowɔ wɔ nneɛma ne nnipa ho no nyɛ kɛse. Hwehwɛ anigyede bi. Hwehwɛ nnamfo pa denam mmoa a wode ma no so. Mmebusɛm 17:17 ka sɛ: “Nnamfo da ɔdɔ a wɔwɔ no adi bere nyinaa. Mfaso bɛn na ɛwɔ anuanom so, sɛ wɔne wo mmom nhu amane a?” (Today’s English Version) Ɛmfa ho sɛ ade biara a wutumi yɛ no yɛ ketewa, ebetumi ama wo mmɔden ne ahotoso a wowɔ no anya nkɔso.

Ɛwom, w’awofo ne mpanyimfo afoforo nyɛ pɛ de, nanso wɔn nso wɔ pii a wɔde bɛma wo. Sua sɛnea wobɛkɔ mpanyimfo nkyɛn sen sɛ wobɛtwe wo ho afi wɔn ho. Sɛ wokyerɛ w’akyerɛkyerɛfo, abusuafo ne w’awofo ho anigye a, wɔbɛma woanya pii sen nea wode ma wɔn no. Na wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so no, wubetumi anya mmoa pa afi Kristofo a wɔn ho akokwaw a wɔn ani gye mmofra ho no nkyɛn.

[Kratafa 13 adaka]

Eleanor, Albert ne Thomas Ma Abenfo ho Dwiriw Wɔn!

Ná ɔbenfo Victor Goertzel ka kyerɛ ne sukuufo sɛ, ‘Ná Eleanor yɛ abofra a ne ho nyɛ fɛ a ne maame apow no.’ Bio nso, ná ne papa a na ɔyɛ ɔsadweam no agyae ne maame aware. Bere a na ɔyɛ abofra no, na owiawia nnɔkɔnnɔkɔwade na na odi atoro​—bere bi ɔmenee sika pa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtwe adwene aba n’ankasa so. Bere a ne papa wui akyi no, wɔmaa ɔne ne nanabea a ɔyɛ okunafo kɔtrae. Na ne wɔfa ne ne maame nuabeanom baanan te hɔ. Ne wɔfa biako bow nsa na oguan fii fie. Ne maame nuabea biako a na odi awerɛhow esiane ne dɔfo bi nti no, tow ne ho mu hyɛɛ ne dan mu. Wɔamma Eleanor annya nnamfo a ɔne wɔn bedi agoru na wɔamfa no ankɔ mfitiase sukuu na na ne nanabea no siesie ne ho tantaantan.

Adwenem yare ho nhwehwɛmufo Ɔbenfo Goertzel ka kyerɛ n’atiefo no sɛ, ‘Afei monkyerɛ sɛnea Eleanor asetra bɛyɛ wɔ mfe anum ntam.’ Otumi yɛɛ pii sen sɛnea wɔhwɛɛ kwan no​—Eleanor Roosevelt a ɔbɛyɛɛ Amerikani ɔkyerɛwfo ne ɔkyerɛkyerɛfo ne United States ɔmanpanyin yere a ogyee din no.

Ɔbenfo Goertzel ka abofra kumaa Albert [Einstein] ne Thomas [Edison] nso ho asɛm sɛ mmofra a wotumi dii mmofraberem asetra a ɛyɛ awerɛhow ho dwuma. Asuade a ɛwom no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ mmofra suasua saa nnipa yi a wɔagye din no a ntease biara nni mu na mmom wobetumi adi asetra a ne mfiase nye ho dwuma. Bible no ka sɛ: “Abofra pa, wɔde ne nneyɛe na ehu no.”​—Mmebusɛm 20:11.

[Kratafa 12 mfoni]

Mmofra pii bisa sɛ ebia wobetumi ayɛ biribi a ɛsen tebea horow a ɛwɔ wɔn fie ne wɔn kurom no anaa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena