Nsa Ne Wo
Ofiewura no ka sɛ, ‘Joe, misusuw sɛ wanom pii dodo.’
Joe de nsɛm a emu nna hɔ bua sɛ, ‘Ɛyɛ hena, so ɛyɛ me? Metumi adi ho dwuma!’
‘Ebia ɛte saa, nanso mehyɛ nyansa sɛ ɛsɛ sɛ wonom kɔfe kuruwa biako ansa na woaka kar akɔ fie.’
SO ƐYƐ afotu pa? Dabi! Nokwarem no, sɛ Joe anom nsa pii dodo a, kɔfe kuruwa biako remma ɛnyɛ nea asiane nnim sɛ ɔbɛka kar akɔ fie; saa ara na mframa pa a ɔbɛhome, nsuonwini a obeguare anaasɛ n’apɔw mu a ɔbɛteɛteɛ remma ɛmma saa. Ebia nneɛma a ɛte saa no remma Joe nna. Nanso ade biako pɛ na ɛbɛboa ma n’ani so ada hɔ—ɛbere.
Sɛ wobɛte eyi ase kɛse a, eye sɛ wobɛhwɛ sɛnea wo nipadua di nsa ho dwuma.
Sɛnea Nsa Yɛ Adwuma
Sɛ wonom nsa a, ne “ho pere” no kɛse sɛ ɛbɛkɔ wo mogya mu. Esiane sɛ ɛnte sɛ nnuan afoforo nti, ɛho nhia sɛ eyam. Emu bɛyɛ ɔha biara mu 20 kɔ wo mogya mu ntɛm ara bere akɔ wo didifuru no mu no. Nkae no kɔ wo nipadua mu bere a akɔ wo nsono ketewaa no mu no.
Sɛnea nsa nya wo so tumi gyina dodow a ɛkɔ wo mogya mu no so. Sɛnea etumi dɔɔso ntɛm no gyina nneɛma pii so.
(1) Nsa dodow a wonom: Amanneɛbɔ a ɛne Physiological Effects of Alcohol a Ɔman no Sukuu a ɛfa asabow ho tintimii no ka sɛ: “Ɛdefa tumi a nsa nya wɔ obi adwene ne ne nipadua so ho no, wine, beer anaasɛ ‘nsa a ɛyɛ den’ a ebia obi bɛpaw sɛ ɔbɛnom no mfa ho kɛse—nea ehia titiriw ne nsa dodow a ɔnom.”
(2) Sɛnea ɛkɔ nipadua no mu: Nneɛma pii betumi anya sɛnea nsa kɔ wo mogya mu no so tumi. Aduan yɛ ade biako. Ɛne sɛ, sɛ aduan wɔ wo didifuru no mu a, ɛfra nsa no na ɛma sɛnea ɛkɔ nipadua no mu no ano brɛ ase. Enti nsa dodow a ɛwɔ obi a ɔnom wine glass biako de didi mogya mu no rennɔɔso te sɛ nsa no dodow ara a wanom bere a onnidii no. Bere a wɔma ɛda bere a wɔde nom nsa ntam no nso betumi aka sɛnea nsa kɔ nipadua no mu. Nsa a obi bɛnom mprenu wɔ simma kakraa bi mu no bɛbow no kɛse sen sɛ ɔde nnɔnhwerew dodow bi bɛnom.
Sɛnea obi mu duru te nso yɛ ade foforo. Dɛn ntia? Efisɛ sɛ obi mu yɛ duru pii a, nsu pii wɔ ne mu a ɛbɛfra nsa no. Sɛ nhwɛso no, amanneɛbɔ a ɛne Development of Traffic Safety and Alcohol Program for Senior Adults kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nsu a emu duru yɛ nkaribo bɛyɛ 110 wɔ obi a ne mu duru yɛ nkaribo 160 no mu a ɛbɛfra nsa no. Bere a wanom nsa mprɛnsa wɔ dɔnhwerew biako mu no, nsa dodow a ɛwɔ ne mogya mu no yɛ bɛyɛ ɔha biara mu 0.11 na ɛbɛma wɔakyere no sɛ ofirikafo a wabow.”
Ebia nsa ahoɔden a ɛwɔ nsa no mu no nso bɛka sɛnea ɛkɔ wo nipadua mu. Ɛne sɛ dodow a nsa ahoɔden ɛwɔ nsa no mu yɛ kɛse no, dodow no ara na ɛkɔ wo nipadua mu ntɛmntɛm.
Enti nsa betumi akɔ wo nipadua no mu ntɛmntɛm anaasɛ brɛoo—egyina nneɛma a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ a enya so tumi no so. Nanso ade foforo a ɛma wohu nsa dodow a ɛwɔ wo mogya mu nso wɔ hɔ.
(3) Sɛnea efi mogya no mu: Sɛ nsa kɔ wo mogya mu a, wo nipadua no fi ase yɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma afi mu. Emu kakraa bi (fi ɔha biara mu 2 kosi 10) kɔ ahome, fifiri ne dwensɔ mu a ɛnsakra. Nkae no “hyew” wɔ mmerɛbo no mu titiriw, faako a nsa no ahoɔden sakra na ɛma nipadua no ahoɔden.
Ɔkwan bɛn so na wo mmerɛbo ma nsa fi wo nipadua no mu ntɛm? Ɛsono sɛnea fi a nsa fi nipadua no mu no te wɔ obiara fam na egyina nneɛma te sɛ sɛnea obi mu duru te ne n’akwahosan so.
Ɛyɛ dɛn na nsa tumi dɔɔso wɔ wo mogya mu bere a wo mmerɛbo fi ase yɛ adwuma ntɛm ara sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma afi mu no? Ɛyɛ tiawa. Sɛ nsa kɔ mogya no mu ntɛmntɛm sen sɛnea efi mu a, ɛma nsa dodow a ɛwɔ mogya no mu no dɔɔso. Amanneɛbɔ a ɛne Physiological Effects of Alcohol kyerɛkyerɛ mu wɔ ɔkwan yi so sɛ: “Ɛte sɛ nsu a wɔsesaw fi ahyɛmma a tokuru da ho mu: Sɛ nsa ‘nwunu’ gu mogya no mu ntɛmntɛm sen sɛnea nipadua no tumi ma ‘efi mu’ a, ne dodow a ɛwɔ mu no dɔɔso.” Na sɛ nsa pii kɔ mogya no mu a, onipa no bow kɛse.
Enti bere a nsa ho “pere” no sɛ ɛbɛkɔ mogya no mu no, egye bere ansa na afi mu. Nipadua no “bɛhyew” nsa no wɔ bere a wɔahyɛ mu. Na ansa na ɛbɛyɛ saa no, ɛnsɛ sɛ woka kar. Dɛn ntia? Efisɛ nsa ka wo wɔ nneɛma ahorow pii a woyɛ a ɛho
[Kratafa 5 mfoni]
Sɛ wanom nsa pii dodo a, so kɔfe bɛma ayɛ nea asiane nnim sɛ wobɛka kar?