Akwahosan Pa Wɔ Nsu Kuruwa Biako Mu!
ƐWƆ mukaase. Mpɛn pii ɛwɔ hɔ ma obiara. Ne bo nyɛ den nanso ebetumi ama woanya akwahosan pa. Ɛyɛ nneɛma a ɛho hia titiriw a ɛwowaw yɛn nipadua no mu biako. Ɛyɛ nsuonwini a emu tew. Nanso afotu tiawa a ɛne sɛ wɔnnom nsu pii yɛ nea nnipa a wɔn ani ku wɔn akwahosan kɛse mpo taa bu wɔn ani gu so.
So na wunim sɛ yɛn nipadua no mu duru bɛyɛ ɔha biara mu 70 yɛ nsu? Enti ɛnyɛ den sɛ wubehu nea enti a yehia nsu pii na ama yɛn nipadua atumi ayɛ adwuma ahoɔden so no.
Ɛwom, yɛn asaabo yɛ adwuma a ɛyɛ nwonwa. Esiane sɛ asaabo no sɔne ade so nti, eyi nsufi fi mogya no mu na ɛma nea efi nnim no san kɔ mogya no mu. Wɔabu akontaa sɛ sɛ ɛnyɛ nsu a asaabo no yi fĩ fi mu a yenya no a, anka ɛho behia sɛ yɛnom nsu nkuruwa mpempem pii da biara.
Nanso bere a asaabo a ɛwɔ ahoɔden reyɛ adwuma yiye mpo no, nsu a efĩ nnim a yenya wɔ yɛn nipadua mu no so tew bere nyinaa na ɛho hia sɛ yenya foforo si ananmu. Sɛ nipadua no annya nsu a ɛdɔɔso a ebeyi nneɛma a enye afi nipadua no mu a, ebetumi akum nkwa mmoawa no.
Nea eye no, aduan a yedi no pii ma yenya nsu a yehia no pii esiane sɛ nsu pii wɔ nnuan no pii mu nti. Fa nkesua sɛ nhwɛso. Ebia wunnim sɛ nsu a ɛwɔ nkesua mu yɛ bɛyɛ ɔha biara mu 74. Nsu a ɛwɔ nam sin mu yɛ bɛyɛ ɔha biara mu 73 na nsu a ɛwɔ anowatere kɛse mu yɛ ɔha biara mu 92. Nanso sɛ ɛte saa mpo a, yɛn mu pii bɛkɔ so anya nsu pii a yɛbɛnom no mu mfaso.
Bere a Michael Boddy rekyerɛw asɛm bi wɔ Weekend Australian mu no, ɔkaa nnipa a wɔforo mmepɔw osuahu ho asɛm de gyinaa kyerɛ a wɔkyerɛ sɛ brɛ a obi brɛ mmoroso no betumi ayɛ nea nneɛma fĩ a adɔɔso wɔ nipadua no mu no na ɛma ɛba no akyi. Ɔka sɛ: “Switzerlandfo a wɔforo mmepɔw antumi amforo [Bepɔw] Everest esiane nsu a na wonni nti na ɛyɛ nsu a na Britaniafo a wɔhyɛ Owura Edmund Hillary ase wɔ no nti na wotumi foroe-wɔma wɔnom nsu nkuruwa dumien da biara bere a na wɔreforo no.”
Ɔkyerɛwfo koro no ara ka Havard Sukuupɔn nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ mfaso a ɛwɔ nsu a wɔnom so no ho asɛm nso. Wɔka kyerɛɛ mmirikatufo kuw ketewaa bi sɛ wɔnnnom nsu na wɔnnantew ntwa akwansin abiɛsa wɔ dɔnhwerew biako biara mu. Wɔkɔɔ so nantew bɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa ne fã. Afei ɔhyew a ɛwɔ wɔn nipadua mu no kɔɔ soro mpofirim koduu bɛyɛ 102. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔhwehwee ase esiane sɛ wɔabrɛ nti.
Wɔmaa kuw a ɛto so abien yɛɛ ade koro no ara nanso wɔmaa wɔn kwan ma wɔnom nsu dodow biara a wɔpɛ wɔ bere biara a wɔtee nka sɛ nsukɔm de wɔn no mu. Kuw yi nantew bɛyɛ nnɔnhwerew asia na afei nea ɛtoo kuw a edi kan no bi too wɔn.
Afei wɔsɔɔ kuw a ɛto so abiɛsa hwɛe. Nanso wɔhwɛɛ kuw yi yiye na wohui sɛ nsu bɛyɛ kuruwa biako fi wɔn nipadua mu wɔ simma 15 biara mu. Ɛdenam nsu a efii wɔn nipadua mu no dodow ara a wɔma wɔnomee no so no, kuw yi muni biara nni hɔ a ɔhyew a ɛwɔ ne nipadua mu no kɔɔ soro mpofirim na wɔammrɛ nso. Nokwarem no, wɔn nyinaa kae sɛ anka wobetumi akɔ so anantew a wɔrennyae da. Enti ɛte sɛ nea nsukɔm a ɛde yɛn no yɛ nea yegyina so de hu nsu a yɛn nipadua hia no. Ebia yebehia nea ɛdɔɔso sen nea nsukɔm bɛkyerɛ sɛ yɛnnom no.
Ebia yɛn nyinaa betumi akɔ so anya akwahosan pa denam nsu a emu dwo a Onyankopɔn de ama yɛn a yɛbɛnom no so.
[Kratafa 13 mfoni]
Sɛ obi nantew akwansin abiɛsa wɔ dɔnhwerew biako mu a, nsu kuruwa biako fi ne mu wɔ simma 15 biara mu