Mmofra Bisa Sɛ:
So Ɛsɛ Sɛ Midi Biribi A Aba So Foforo Akyi?
ƐDEFA biribi a ɛbaa so wɔ aburokyiri a wɔfrɛ no break-dancing ho no, mmofra pii kae sɛ: “Ɛkɔ so wɔ sukuu—wɔ agumadibea ne wɔ mmrannaa so.” “Mahu sɛ wɔsaw bi wɔ apon ne nkongua so wɔ sukuu.” Ntade a wɔhyɛ ne ti a woyi ne nneɛma a ɛtete saa nso tumi ba so kɛse. Mpaboa a wɔhyɛ de tu mmirika a wɔde hyɛ suit ne video so agoru ahorow nso aba so pɛn. Yiw, yɛn bere yi yɛ nea nneɛma pii aba so wom. Nanso dɛn ntia? Ɛhe na nneɛma a ɛba so no fi ba?
Wɔkyerɛ biribi a aba so ase sɛ ɛyɛ nea nnipa binom de anigye kɛse di akyi a ɛnkyɛ. Sɛ nhwɛso no, susuw biribi a wɔfrɛ no Hula Hoop no ho. Newsweek a ɛbae December 12, 1983 no kae sɛ: “Abaduaba biara mmaa so a ɔmanfo ani agye ho kɛse te sɛ Hula Hoop. Rɔba kurukuruwa a ne bo yɛ $2 (¢180.00) yi baa so wɔ 1958 mu na Amerikafo ɔpepem 30 de wɔn ho hyeem ntɛm ara. Nanso ankyɛ na ade kurukuruwa yi ho anigye no ano brɛɛ ase, na ansa na afe no reba awiei no, na ɛyɛ nea ne bere atwam.”
Nea edi kan koraa no, ɔkwan bɛn so na nneɛma a ɛba so no ba bɛyɛ nea wogye tom kɛse no? Wɔ ebinom mu no, ano na wɔde trɛw ɛho asɛm no mu. Nanso nnwontofo, agorudifo, ammirikatufo, ne nnipa a wɔtete saa na wɔtaa hyɛ nneɛma a ɛba so ho nkuran. Nneɛma ho dawuru a wɔbɔ no nyinaa yɛ nea wɔahyɛ da ayɛ na ama mmofra ani agye ho. Na dɛn nti na wɔn a wɔbɔ nneɛma ho dawuru no taa de wɔn ani si mmofra so?
Dɛn Nti Na Mmofra Di Nneɛma a Ɛba So Akyi?
Ɛyɛ nea obiara pɛ sɛ afoforo begye no atom, na mmofra nso te nka saa titiriw. Esiane sɛ wonim eyi nti, nsɛm ho adawurubɔfo nam eyi so hyɛ nneɛma a ɛba so ho nkuran. Wɔtaa da mmofra adi wɔ nneɛma ho dawurubɔ mu sɛ wɔn na wɔaba so, wɔn na wodi yiye, na wɔn na wɔwɔ anigye efisɛ wɔn na wɔhyɛ eyi, wɔn na wɔyɛ eyi anaasɛ wɔn na wotie eyi. Sɛnea ɔbarima bi a U.S. News World Report bisabisaa no nsɛm kae no: “Ɛmfa ho sɛ ɛhe na nneɛma bi ba so no, ɛma wonya gyinapɛn bi. . . . Nneɛma a ɛba so ma nkurɔfo ani gye ho nso sɛ wobehu sɛ wɔwɔ biribi a aba foforo no bi.”
Neil a wadi mfe dunwɔtwe no gye tom. “Obiara pɛ sɛ wogye no tom,” saa na ɔka de kyerɛkyerɛ nea enti a mmofra pii di nneɛma a ɛba so akyi no mu. Gerald a ɔno nso adi mfe 18 no ka sɛ mmofra bɛpɛ sɛ wɔhyɛ ntade a aba so foforo na ama “wɔn nnamfonom abu wɔn.” Tumi a nhyɛso a efi mfɛfo hɔ yi wɔ yɛ nea Pam a wadi mfe 13 no ka ho asɛm yiye sɛ: “Sɛ wuhu sɛ wo nnamfo hyɛ bi a na wo nso wopɛ sɛ wunya bi.”
Ebia wunim mmofra bi a wodi nneɛma bi a aba so akyi a ɛnyɛ sɛ ebia wɔn ani gye ho titiriw nti, na mmom esiane sɛ wobu no sɛ ɛne nea aba so a ɛsɛ sɛ wɔyɛ nti. So woate nka saa pɛn? Nanso ebia woabisa pɛn sɛ . . .
So Nneɛma a Ɛba So Nyinaa Nye?
Ɛnte saa ankasa. Sɛ nhwɛso no, biribi a ne yɛ aba so kɛse wɔ nnansa yi mfe no mu ne ammirikatu. Ebinom a wɔde anidahɔ yɛ eyi no ka sɛ aboa ma wɔn akwahosan anya nkɔso.
Nanso ɛnyɛ nneɛma a ɛba so no nyinaa na ɛma wonya akwahosan pa bere nyinaa. Susuw break-dancing ho. Wɔka ho asɛm sɛ “aperepere agoru ne ahokeka a ɛte sɛ robɔt de a adi afra wɔ ahoɔden mu.” Ɛwom, asaw betumi ayɛ biribi a ɛho tew a ɛde anigye ba.
Nanso ɛsɛ sɛ yehu sɛ break-dancing no bi wɔ hɔ a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ hu. Wɔkyerɛ sɛ ebetumi ama obi akyi dompe no ayɛ no yaw a ɛremma ontumi nkotow. Nea ɛyɛ hu titiriw ne wɔn ti a wohinhim no. Sɛnea Asiaweek kyerɛ no, abofra bi a ɔwɔ Malaysia kɔn mu bui na owui bere a na ɔresaw break-dancing no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔ Djakarta, Indonesia no, aban no abara ti a wohinhim wom no, nanso ɛma asaw no afã horow a ɛnyɛ hu pii no ho kwan. So nyansa wom sɛ wode wo ho bɛhyɛ biribi a ebetumi ama w’akwahosan anaasɛ wo nkwa mpo ho aba asɛm no mu?—Fa toto 1 Beresosɛm 11:17-19 ho.
So Ɛsɛ sɛ Midi Saa Ade a Aba So no Akyi?
Ebinom ma kwan ma afoforo si biribi a aba so ne nea ne bere atwam ho gyinae ma wɔn. Eyi ma wɔbɛyɛ te sɛ nkoa. Sɛnea Romafo 6:16 ka no: “Munnim sɛ nea mode mo ho ma no sɛ nkoa a wotie no no, . . . ɔno ara a mutie no no na ne nkoa ne mo?” McCall nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ biribiara fa nneɛma a aba so ho: aduan, anigyede, nhoma ahorow, ɔdan mu nneɛma, nnipa ne mmeae ahorow.” Nanso so nyansa wom sɛ wobɛyɛ afoforo “akoa” na woama wɔakyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ wudi, nea ɛsɛ sɛ wokenkan, anaasɛ nea ɛsɛ sɛ wotɔ, anaasɛ faako a ɛsɛ sɛ wokɔ?
Bible no mu bɛ bi ka sɛ: “Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.” (Mmebusɛm 14:15) Nea ɛne saa afotu a nyansa wom no hyia no, hwɛ yiye wɔ afoforo a wobɛma wɔakyerɛ wo nea aba so ne nea ne bere atwam ho. Mpere wo ho sɛ wobɛma afoforo akyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ anaasɛ nea eye ma wo.
Ade foforo nso a ɛsɛ sɛ wususuw ho ansa na woadi biribi a aba so akyi ne wɔn a wɔhyɛ saa ade no ho nkuran abrabɔ. Ɛyɛ nea mpɛn pii nnipa a wɔte sɛɛ abrabɔ asɛe, na ɛda adi wɔ nneɛma a wɔhyɛ ho nkuran no mu. Ebinom da atuatew adi denam nea wɔhyɛ ho nkuran sɛ aba so no so. Kristoni a ɔpɛ sɛ n’asetra ne Bible nnyinasosɛm ahorow hyia no bɛpɛ sɛ osusuw sɛnea ade pɔtee a aba so no ne nea Bible no ka wɔ Filipifo 4:8 no hyia ho: “Nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbrapa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen.” Sɛ biribi a aba so ne eyi nhyia a, so ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wubedi akyi?
Ebia nneɛma afoforo a ɛsɛ sɛ wususuw ho nso ne: (1) W’awofo bu no dɛn? Ansa na wubebu w’awofo sɛ wɔn bere atwam no, kae Bible afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 23:22 no: “Tie w’agya, ɔno na ɔwoo wo, na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtiaa.”
(2) Ɔkwan bɛn so na ɛbɛka adwene a afoforo wɔ wɔ wo ho ne nea wugyina hɔ ma no? So nea afoforo susuw no ho hia ankasa? Ɔsomafo Paulo huu hia a na ɛho hia sɛ ɔne afeha a edi kan Kristofo no bi besusuw asɛyɛde a wɔwɔ sɛ wobesusuw adwene a wɔn mfɛfo Kristofo no wɔ no ho no ho. Ɔkae sɛ: “Enti sɛ aduan to me nua hintidua a, merenni nam ara da, na manto me nua hintidua.”—1 Korintofo 8:13.
(3) Ɔkwan bɛn so na ɛbɛka wo wɔ honam fam ne honhom fam? Ansa na wubedi biribi a aba so akyi no, bisa wo ho sɛ: So di a medi akyi no, bɛda “adwenemtew” adi wɔ me fam? (2 Timoteo 1:7) So ɛde m’akwahosan anaasɛ me nkwa mpo bɛto asiane mu? Hwɛ ye ara a eye sɛ wode wo bere bɛyɛ nneɛma ahorow a ɛrenyɛ nea asiane wom mma wo wɔ honam fam anaasɛ honhom mu mu.
Enti bere a mmofra pii de ahopere di nneɛma a ɛba so akyi no, wubetumi ayɛ soronko. W’ankasa wubetumi adwene nneɛma ho na woasi gyinae ahorow a nyansa wom. Bible no se, “Wi yi ase su retwam.” (1 Korintofo 7:31) Ɛnsɛ sɛ woma nneɛma a ɛkɔ so sakra bere nyinaa a aka pii a nea wodwene ho ne nea ɛsɛ sɛ woyɛ, nea ɛsɛ sɛ woka anaasɛ nea ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no nya wo. (Fa toto Mateo 6:31, 32 ho.) Fa Onyankopɔn dom a wubenya yɛ wo botae. Su ahorow a ɛsɔ Onyankopɔn ani a wubenya bɛboa wo nso ma woanya nnamfo pa—nnamfo a ɛnyɛ di a wudi nneɛma a ɛba so akyi nti na wogye wo tom, na mmom esiane nnipa ko a woyɛ nti.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]
Nneɛma ho dawurubɔ taa da mmofra adi sɛ wɔagye din, wodi yiye, na wɔwɔ anigye esiane sɛ wodi biribi a aba so akyi nti
[Box on page 12]
“Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, agya no dɔ no nni ne mu. Na nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi ogya no, na mmom efi wiase. Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, no nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:15-17.
[Kratafa 11 mfoni]
So wokae Hula Hoop?
Wususuw break-dancing ho dɛn?