Bible No Adwene
“Hokwan A Obi Wɔ Sɛ Owu”—Ɛyɛ Hena Gyinaesi?
CLARA a wadi mfe 88 no sui wɔ ne mpa so wɔ ayaresabea sɛ: ‘Mommma mennkɔ so ntra ase te sɛ nnuadewa bi!’ Bere a ade tɔɔ no so mprɛnsa wɔ dapɛn biako mu a emu biara wɔmaa n’ani so tetew no no akyi no, na ɔpɛ sɛ ne nkwa ba awiei wɔ asomdwoem. Saa na ayarefo pii a ɛnyɛ nea wobetumi asa wɔn yare no ka; wɔsrɛ sɛ wɔmma wonwu. Wɔ nnuruyɛfo ne atemmufo fam no, ɛyɛ asɛm a ɛde akyinnyegye ba—wɔ abusuafo fam no, ɛyɛ ade a wɔpaw a ɛma wodi yaw. Nanso ɛyɛ hena gyinaesi?
Dɛn Nti na Ɛyɛ Asɛnnennen?
Sɛnea nhoma a wɔfrɛ no Awareness of Dying kyerɛ no, ɛtɔ bere bi a “wɔnam aduruyɛ mu mfiridwuma ho nimdeɛ so ma obi tumi tra nkwa mu kyɛ a ntease biara nnim.” Sɛ wɔnam akwan horow bi so wɔ aduruyɛ mu betumi ama obi a nea ɛbɛyɛ biara obewu no tumi tra nkwa mu kyɛ a, ɛma nsemmisa sɔre wɔ hokwan a obi wɔ sɛ obewu wɔ nidi mu no ho. So ayarefo rentumi mpaw owu ko a wɔpɛ—nea ɛyɛ yaw anaasɛ nea ɛba wɔ asomdwoe mu? Sɛnea The New Encyclopedia Britannica kyerɛkyerɛ mu no: “Ɔyarefo a afiri ma otumi kɔ so tra ase no ma abrabɔ mu asɛnnennen bi a woasusuw ho kɛse sɔre. Asemmisa no betumi ayɛ sɛ ebia ɛsɛ sɛ wɔma afiri no gyina.” Oduruyɛfo bi a ɔwɔ ayaresabea bi a ɛwɔ United States no bisa sɛ: “So afiri a ɛma otumi home a wobegyina no no kyerɛ awudi? Sɛ yɛde afiri no a wɔremma emfi ase nyɛ adwuma toto gyina a wobegyina no bere a afi ase reyɛ adwuma no ho a, so ɛkyerɛ biribi wɔ abrabɔ fam?”
Asɛm no mu kɔ so yɛ den, efisɛ wonni nkyerɛkyerɛmu biako mma nsɛmfua te sɛ “ɔte ase,” ne “wawu,” na ɛnyɛ nea yebetumi aka wɔ ahotoso mu sɛ “ɔyare no yɛ nea wɔrentumi nsa,” anaasɛ “ɔrewu.” Ɔyare a “emu yɛ den kɛse” no gyina beae, bere, ne oduruyɛfo no ahokokwaw so. Nanso nsonsonoe betumi aba wɔ nea ayarefo, abusuafo, ne nnuruyɛfo pɛ no mu. Bio nso, Oduruyɛfo Oladapo Ashiru gye toom sɛ “ɛyɛ den sɛ wobesua nim a wonim sɛ obi bewu no ho ade yiye” wɔ aduruyɛ mu nnyinasosɛm ho nhyiam bi a Lagos Sukuupɔn a ɛwɔ Nigeria no Aduruyɛfo Kɔlege yɛe no ase.
Nsɛnnennen ahorow yi haw nnuruyɛfo a wɔte nka sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wobegye nnipa afoforo abrabɔ ne nyamesom mu gyidi ahorow atom no ahonim. Oduruyɛfo Ashiru de baa awiei sɛ: “Nneɛma a wɔbɛma wɔn ani aku ho kɛse, obu, ahosodi ne pintinnyɛ nso ho hia na wɔatumi adi tebea biara ho dwuma.”
Nea Bible Ka
Nkwa yɛ akyɛde kronkron a efi yɛn Bɔfo no nkyɛn. (Dwom 36:9) Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ ɛsom bo. Esiane obu a Kristoni wɔ ma Onyankopɔn adwene wɔ nkwa ho ne aban mmara ne sɛnea ɔbɛkɔ so akura ahonim pa mu nti, ɔrenhyɛ da nkum obi.—Exodus 20:13: Romafo 13:1, 5.
Nnuruyɛfo gye tom sɛ “ɛyɛ ampa sɛ mmɔden kɛse a wɔbɛbɔ sɛ wɔbɛkora obi nkwa so no betumi ayɛ nea ɛbɛma wu a obi rewu no agye bere tenten sen sɛ anka wɔbɛma watumi atra nkwa mu akyɛ.” Ɛnde dɛn na obi betumi ayɛ bere a nnuruyɛfo kyerɛ sɛ nea wobetumi ayɛ ara ne sɛ wɔde mfiri bedi dwuma ma ne wu agye bere tenten no? Sɛ ɛda adi pefee sɛ ɔrennya nkwa a, Bible no nhwehwɛ sɛ wɔbɛfa ɔkwan bi so ama ne wu agye bere tenten. Sɛ wɔma owu wɔ saa tebea no mu a, ɛrento Onyankopɔn mmara biara.
Kristoni behu sɛ eye sɛ obesusuw Bible mu kyerɛwtohɔ ahorow yi ho: Ɛdaa adi sɛ ɛnyɛ nea wobetumi asa Hiob ne Hesekia yare nanso wɔn nyinaa ho tɔɔ wɔn. (Hiob 7:5, 6; 42:16; 2 Ahene 20:1-11) Enti mfa ahopere nka sɛ obi rewu. Ɛwom sɛ amma saa wɔ Ben-Hadad fam de. (2 Ahene 8:7-15) Saul akodekurafo ampene ɔhene no adesrɛ so sɛ ɔmmoa no ma ‘onwu wɔ nidi mu’ no, na Dawid kum ɔbarima foforo bi a ɔkae sɛ ɔno na ‘okum no de twaa n’amanehunu so’ no sɛ wadi mogya ho fɔ. (1 Samuel 31:4; 2 Samuel 1:6-16) Enti ɛnyɛ nea Bible no pene wu a wɔbɛma obi awu ntɛm no so.
Hena Gyinaesi?
Asemmisa a ɛtaa sɔre ne: ‘Ɛyɛ hena nkwa?’ Ɔyarefo no titiriw na ɛsɛ sɛ osi gyinae no, efisɛ ɔno na ɔbɔadeɛ no nkwa akyɛde no yɛ ne dea. (Asomafo no Nnwuma 17:28) Nanso sɛ ɛbɛyɛ nea ɔyarefo no rentumi nsi gyinae a, ne busuani anaasɛ obi a wɔapaw no betumi asi n’ananmu ayɛ saa ama no. Wɔ emu biara mu no, ɛsɛ sɛ nea obesi n’ananmu no di ɔyarefo no apɛde ho dwuma na ɛnyɛ nea n’ankasa pɛ. Saa ara na wɔ mmofra nkumaa fam no, ɛyɛ asɛyɛde a Onyankopɔn de ahyɛ awofo nsa ne mmara mu hokwan a wɔwɔ sɛ wobesi gyinae ama wɔn mma.—Dwom 127:3.
Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛnea wɔaka wɔ Colombia Law Review mu kyerɛ no, “nnipa pii nim sɛ ɛnyɛ asennibea ne beae a ɛfata sɛ wɔpaw ayaresa a obi pɛ . . . Ɛnyɛ nea asennibea ahorow fata sɛ wɔde asɛyɛde a ɛne sɛ wobesi gyinae ama obi foforo no bɛto wɔn ho so. Wɔ oduruyɛfo no fam no, so ɛrenyɛ nea ɛne abrabɔ fam nnyinasosɛm nhyia sɛ ɔbɛhyɛ ɔyarefo no ma wagye ne nyamesom mu gyidi horow atom? Ɛsɛ sɛ ɔyɛ nea ɛne ɔyarefo no nyamesom mu gyidi hyia anaasɛ ɔtwe ne ho, sɛ ne nyamesom mu gyidi ma n’ahonim haw no kɛse a. Mpɛn pii ade a wɔbɛbom ayɛ a oduruyɛfo, ɔsɔfo ne abusuafo no ne ɔyarefo no bom biako si gyinae a eye ma ɔyarefo no yɛ nea eye sen biara.
Sɛnea nea ebefi gyinaesi no mu aba te biara no, Kristofo betumi de wɔn ho ato Ɔbɔadeɛ no bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ bere bi bɛba a obiara renka sɛ “Meyare” no so. (Yesaia 33:24, NW) Wɔ wɔn a wɔn yare yɛ nea wɔrentumi nsa fam no, Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa owusɔre a wobenya akɔ paradise a wɔwɔ apɔwmuden ne nkwa wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no wɔ hɔ. (Asomafo no Nnwuma 24:15; Adiyisɛm 21:1-4) Bere a Yehowa Nyankopɔn nam Yesu so bɛma adesamma asoɔmmerɛwfo anya hokwan atra ase daa no abɛn!—Yohane 3:36.
[Kratafa 21 mfoni]
Dɛn na wɔrema ayɛ tenten—nkwa anaa owu?