Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 2/8 kr. 22
  • Kɔlege Adesua—Ahosiesie Ma Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔlege Adesua—Ahosiesie Ma Dɛn?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Ɛsɛ Sɛ Wɔtoa Sukuu So Anaasɛ Ɛnsɛ Sɛ Wɔyɛ Saa?
    Nyan!—1994
  • Awofo—Dɛn Na Mopɛ Sɛ Mo Mma Yɛ Daakye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Mmofra Dɛn Na Mode Mo Nkwa Bɛyɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Sukuu A Wɔtoa So—Dɛn Ntia?
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 2/8 kr. 22

Kɔlege Adesua​—Ahosiesie Ma Dɛn?

MFE kakraa bi a atwam ni no, sɛnkyerɛwfo Bill Reel kaa nokwasɛm bi a anibere wom ho asɛm wɔ asɛm bi a ɔkyerɛwee a ɛbaa Daily News a ɛyɛ New York City atesɛm krataa bi mu no mu.

Obisae sɛ: “Wɔ mfe anan a wode akɔ ntoaso sukuu awie akyi no, dɛn na wunim? Ɛnyɛ sɛ mereka biribi ma ahaw wo, na mmom wunnim nneɛma pii. Oo, ebia wunim anwensɛm akyerɛwfo a wɔn nsɛm yɛ dɛ anaasɛ mfoniniyɛfo a wɔtraa ase wɔ tete bere no mu anaasɛ computer anaasɛ sika akontaabu ho nsɛm pii. Mewɔ anidaso sɛ woatumi asua nea ɛbɛma woanya nea wode bɛhwɛ wo ho. . . . Nanso obi a wadi mfe 22 biara nni hɔ a onim nneɛma pii. Ɛnyɛ nea woatra ase akyɛ pii. Onyin nkutoo na ɛma obi tumi nya nyansa. Enti brɛ wo ho ase.

“Wubewie kɔlege a na nea wobɛyɛ daakye wɔ w’adwenem. Nea ɛyɛ awerɛhow no, worennya nneɛma a worehwɛ kwan no mu pii. Mempɛ sɛ mebu w’aba mu nanso ɛsɛ sɛ wuhu nokware no nso: Sɛ wunya ahode a w’ani bere no ne nneɛma a wohwehwɛ no a, wo koma rentɔ wo yam. Sɛ́ anka wubetumi ahwɛ kwan sɛ ɛsɛ sɛ nea woatumi ayɛ no ma wudi ahurusi wɔ saa bere no mu mmom no, wobɛte nka sɛ wonyɛɛ hwee na sɛ anka w’ani begye no, wobɛyɛ basaa mmom; sɛ anka wubenya asomdwoe no, w’ani bɛtan mmom.”

Reel daa no adi wɔ honam fam ade dodowpɛ ho sɔhwɛ ahorow a nnipa a wɔakɔ kɔlege a wɔte saa no behyia no ho sɛ “nsɛmma nhoma ahorow a ɛtwe adwene si Amerikafo mmofra a wonim nhoma a wɔyɛ adefo so​—wɔ ɔkwan foforo so no, wo so​—no, nyinaa yɛ nea kar ahorow a ɛyɛ fɛ, nsa a ano yɛ den, ntade a aba so foforo, mfiri a wɔde bɔ nnwom a ne bo yɛ den ne nneɛma a ɛyɛ fɛ a obi de siesie ne ho ho dawurubɔ ayɛ mu ma. Nsɛm ho amanneɛbɔfo wɔ anidaso sɛ wɔbɛma woakɔ so atɔ nneɛma bere nyinaa. Wɔbɛbɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛdaadaa wo sɛ wuhia nea wopɛ ara kwa no ntɛm ara. Wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔremma momfa mo adwene a ɛnkyɛ na biribi anya so nkɛntɛnso no nhu nsonsonoe a ɛda nea mopɛ ne nea muhia no ntam.

“Saa nsɛm ho amanneɛbɔfo yi a wɔde adɔkɔdɔkɔsɛm daadaa mo a wɔn ho akokwaw wɔ mo sintɔ a wɔde di dwuma de nya nea wɔpɛ no mu no bɛdaadaa mo mu pii. . . . Nneɛma a moanya a ɛyɛ fɛ a ɛnsom bo ahe biara no remma munnya akomatɔyam biara. Nokwarem no, nea ɛne eyi bɔ abira no na mo nsa bɛka. Ahode a wɔhwehwɛ yɛ ade a ɛmma obi mmee a ɛbɛma w’ahoɔden so atew.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena