Adwenemyare—So Ano Aduru Wɔ Hɔ?
Irene ka sɛ: “Wɔde me kɔɔ ayaresabea. Na m’ani gye ho sɛ me ne adwene ne nneyɛe ho abenfo bɛbɔ nkɔmmɔ, nanso ammoa ahe biara. Afei wɔnam anyinam ahoɔden so yɛɛ me aduru. Ehu kɛse kaa me. Na bio nso, ammoa ahe biara.
“Afei me kunu daadaa me ma me ne no kɔtraa kar bi mu. Misusuwii sɛ merekɔ fie. Nanso yekogyinae wɔ tete dan kɛse bi anim. Mibisaa me kunu sɛ, ‘Dɛn na woayɛ yi?’ Ɔkae sɛ, ‘Mepɛ sɛ wokɔ hɔ na wo ne obi kɔkasa.’ Afei mihui sɛ ɛyɛ adwenemyarefo ayaresabea . . . ”
IRENE yare no fii ase wɔ 1955 mu—wɔ bere a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobenya adwenemyare ano aduru no mu. Na wɔreyɛ nnuru afoforo a ɛbɛma asiane ahorow a ɛba bere a wɔreyɛ oprehyɛn no so atew. Nnuruyɛfo hui sɛ sɛ wɔde saa nnuru yi ara sa nnipa a wɔwɔ adwenemyare no yare a, “wotumi gyaw wɔn a wɔhwɛ wɔn nkutoo yare wɔ adan a atew wɔn ho no mu no hɔ a obiara nka wɔn ho. . . . Nnuru no tumi saa adwenemyare ahorow bi korakora.” (The Brain a Oduruyɛfo Richard M. Restak kyerɛwee) Nneɛma afoforo a efii sa a wɔde nnuru yi saa adwenemyare mu bae no yɛ nea wobetumi de adwenemyare a emu yɛ den akyerɛkyerɛ mu.
Irene nnuruyɛfo no sɔɔ aduru foforo bi hwɛe. Wɔ faako a nkɔmmɔ a wɔne wɔn bɔ ne anyinam ahoɔden a wɔde sa wɔn yare no antumi amma ɔyare no annyae no, nnuru a wɔnom ma egyaee. Irene ne nnipa mpempem pii a wɔte sɛ ɔno tumi fii ayaresabea kɔɔ fie.
Nnuru Hɔ Dwuma a Wodi
Nnuruyɛfo nnim sɛnea nnuru no yɛ adwuma. Nanso ɛte sɛ nea esiw amemene no mu nkatede ahorow a aduru a wɔfrɛ no dopamine kɔ mu no ano kwan. Sɛ wɔma ayarefo no nnuru a ɛma dopamine no yɛ adwuma kɛse wɔ amemene no mu a, ɛtaa ma wɔn yare no mu yɛ den. Nanso sɛ wosiw dopamine no dwumadi ano a, ɛma wɔn mu binom ho tɔ wɔn. Enti wotumi huu sɛnea adwenemyare te.
Nanso adwenemyare ho nneɛma pii da so ara yɛ nea wonnim. Na ɛyɛ nea wogye adwenemyare ano aduru ahorow no tom kɛse sɛ etumi sa yare no. Nnuruyɛfo nso ka sɛ aduru biara nni hɔ a ɛma nnipa a wɔwɔ adwenemyare no mu nkyem abiɛsa mu biako ho tɔ wɔn. Nea nnuru ahorow no tumi yɛ ara ne sɛ ɛbrɛ ɔyare no ase—na ɛnyɛ nea etumi sa. Nanso eye sen oprehyɛn a wɔbɛyɛ wɔn.
Ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ wobu ayarefo a wɔnom saa nnuru yi sɛ wɔyɛ tiwui anaasɛ nnipa a wɔnom nnubɔne? Adwenemyare ano nnuru nyɛ nea ano yɛ den na ɛmmow ayarefo no nso na ɛnyɛ nea wɔnom de gye wɔn ani. Oduruyɛfo E. Fuller Torrey de adwenemyare ano nnuru toto “insulin a wɔde sa asikyireyare no ho.” Na Oduruyɛfo Jerrold S. Maxmen ka sɛ: “Ɛnyɛ sɛ nnipa a wɔnom nnuru a ɛte sɛɛ no mpɛ sɛ wobedi wɔn haw ahorow ho dwuma, na mmom ɛyɛ nea wɔredi ho dwuma.”
Nanso ankyɛ biara na Irene hui sɛ nnuru ahorow yi de ɔhaw ahorow ba.
Ɔhaw Ahorow a Nnuru no de Ba
Irene ka sɛ, “Na mete nka te sɛ obi a wabɔ dagye. Na mintumi nyɛ hwee. Mekae sɛ ɛtɔ bere bi a, mitumi da nnɔnhwerew 16 da koro.” Irene asetra kɔɔ so sɛee. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ obegyae nnuru no nom—nanso ɛma wɔsan de no kɔtoo ayaresabea bio.
Nnipa a wɔwɔ adwenemyare no mu binom yɛ basaa, wɔn ani so taa biri wɔn, atiridiinini yɛ wɔn, ehu ka wɔn na wɔyeyɛ akɛseakɛse. Nneɛma ahorow a enye a ɛhaw wɔn no mu binom ne ɔyare bi a ɛka hon nkwaadɔm no a wɔfrɛ no tardive dyskinesia a ɛyɛ wɔn a wɔnom adwenemyare ano nnuru kyɛ no mu ɔha biara mu 10 kosi 20 no. Ɛma obi anim ne n’ano kyim.
Esiane sɛ nnuruyɛfo ntumi nkyerɛ sɛnea aduru bi bɛma obi ayɛ ade nti, aduru a wɔde ma no yɛ nea wɔsɔ hwɛ. Adwenemyare ho ɔbenfo biako ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Ebia nnuruyɛfo de nnuru ahorow abiɛsa anaasɛ anan bɛma ansa na wɔatumi ahu nea ebetumi asa yare no a ɔhaw a ebefi mu aba no yɛ kakraa bi.”
Nea eye no, wotumi di ɔhaw ahorow a nnuru no ma ɛba no mu pii ho dwuma. Wɔ Irene fam no, aduru a wɔsesae no maa no ho yɛɛ no den. N’ani so a na ebiri no no gyaee. Woyii no fii adwenemyarefo ayaresabea hɔ na ofii ase bɔɔ ɔbra sɛ obiara pɛ! Bɛyɛ mfe 30 no, biribiara kɔɔ so pɛpɛɛpɛ maa no—kosii sɛ ɔbɔɔ mmɔden sɛ obegyae aduru no nom. Ɔka sɛ: “Na misusuw sɛ me ho atɔ me. Nanso wɔ afe biako akyi no, mesan nyaa adwenemyare bio. Oduruyɛfo a ɔhwɛ me no kae sɛ, ‘San kɔnom nnuru no bio.’” Ɛyɛ amane kakraa a ɛsɛ sɛ ohu na ama ne ho asan atɔ no bio.
Ɛnyɛ nnipa a wɔwɔ adwenemyare nyinaa na nnuru no ma wɔn ho tɔ wɔn na mpɛn pii nnuru no mma wonnya ahoɔden ntɛmntɛm. Bio nso, wɔn mu binom mpɛ nnuru a wɔde ma wɔn no koraa. Nanso sɛ wɔn yare no mu yɛ den na wontumi nyɛ hwee a, ɛbɛyɛ nea ɛsɛ sɛ wɔnom nnuru anaasɛ wɔde wɔn kɔto ayaresabea.
Ayaresa Ahorow
Nea ɛyɛ anigye no, wɔahu sɛ asikyire, awi, nufusu ne sumpii ne aduannuru (vitamin) a obi nnya ma onya adwenemyare. Eyi kyerɛ sɛ ebia wobetumi de nnuan pa a wobedi no asa wɔn yare. Wɔatumi de asa nnipa bi a wɔanya adwenemhaw yare dedaw. Na nhwehwɛmufo binom—a Linus Pauling a onyaa Nobel akyɛde no ka ho—kyerɛ sɛ aduannuru pii a wɔde ama nnipa a wɔwɔ adwenemyare no mu binom ama wɔn yare no ano abrɛ ase.
Ɛte sɛ nea—anyɛ yiye koraa no, wɔ nnyinasosɛm mu no,—nsusuwii yi ye ma nnipa pii. Eyi ho nnuruyɛfo kyerɛ sɛ ɔyare bi a wɔfrɛ no pellagra a vitamin-B a obi nni no ma ɛyɛ no no da adwenemyare ho sɛnkyerɛnne adi. Dɛn ne ano aduru? Ɛyɛ vitamin niacin pii a obi bɛnom. Nanso so etumi sa adwenemyare nso? Ɛde besi nnɛ no, ɛho nnuruyɛfo ntumi mmaa wɔn mfɛfo nnuruyɛfo nnye ntoom sɛ ɛte saa.
National Institute of Mental Health amanneɛbɔ bi bɔ kɔkɔ sɛ: “Ɛwom sɛ ayaresa yi betumi ama wɔayɛ nhwehwɛmu kɛse de, nanso wonni (nyansahu) mu nhwehwɛmu biara a wɔde begyina kyerɛ a wɔkyerɛ sɛ etumi ma nkurɔfo ho to wɔn no akyi.” Nanso nyansa wom sɛ obi bedi aduan a ahoɔden a ɛkari pɛ wom. Nanso ɛyɛ oduruyɛfo na obetumi ahu sɛ ebia obi hia aduannuru pii.
Oduruyɛfo David Shore a ɔwɔ National Institute of Mental Health fã a ɛhwɛ adwenemyare ho nhwehwɛmu ho nsɛm so no kaa aduru a wɔde di dwuma mprempren no su ho asɛm tiawa kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Obiara bɛpɛ sɛ ɛrenyɛ den sɛ obenya adwenemyare ano aduru. Nanso ɛnyɛ mmerɛw saa. Ɛkaa yɛn nko a, anka ɛte saa.”
Nanso ɛsɛ sɛ obi de ahwɛyiye a ɛfata susuw aduruyɛ biara ho na ɔhwɛ yiye wɔ anwonwade ahorow a wɔkyerɛ sɛ etumi yɛ no ho. “Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.” (Mmebusɛm 14:15) Mpene aduruyɛ biara so kɛkɛ. Sɛ wɔde aduru bi ma wo a, tɔ wo bo ase na hu nea ebetumi afi mu aba no.
Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔwɔ Adwenemyare
Esiane sɛ yɛwɔ “mmere a emu yɛ den” mu nti, nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ hyia ɔhaw ahorow pii. (2 Timoteo 3:1; Luka 21:26) Na esiane sɛ nneɛma a enye a efi bɔne ne sintɔ mu ba no wɔ yɛn nyinaa so tumi nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa binom a wosuro Onyankopɔn mpo nya adwenemyare.—Romafo 5:12.
Nanso nim a obi nim sɛ adwenemyare yɛ ɔyare no boa no ma onya adwene a ɛkari pɛ wɔ ho. Sɛ nhwɛso no, na Irene suro sɛ adaemone na ɛtow hyɛɛ no so ma onyaa ɔyare no. Bere a ɛyɛ nea ebetumi aba sɛ wɔ nsɛm ahorow bi mu no, ɛyɛ nea adaemone ka ho no, Bible no nkyerɛkyerɛ sɛ ɛyɛ adaemone na wɔma nyarewa ahorow nyinaa ba. (Efesofo 6:12; fa toto Mateo 4:24; Marko 1:32-34; Asomafo no Nnwuma 5:16 ho.) Mpɛn pii no, sɛ obi te nne ahorow anaasɛ ɔyɛ nneɛma ahorow a ɛmfata a, ebia na wanya adwenemyare.
Irene koma tɔɔ ne yam kɛse bere a ohui sɛ ne yare no mfi adaemone no. Ɔkɔɔ ayaresabea na ne ho tɔɔ no kakra. Nanso kae sɛ Bible no ka ɔbea bi a “na wahu amane pii ayaresafo bebree nsam, na wahwere n’ahode nyinaa, na anyɛ no yiye biara” ho asɛm. Yesu nkutoo na otumi saa no yare. (Marko 5:25-29) Aduruyɛ a ɛwɔ hɔ nnɛ no nso nni mũ saa ara. Ampa, obi betumi ayɛ nneɛma a ntease wom na ama wanya ahotɔ bi. Nanso sɛ anka ebinom de wɔn bere nyinaa bɛhwehwɛ ano aduru a wɔrentumi nnya da no, ebia wobetumi asua sɛnea wɔbɛtra ɔhaw no mu na wɔagyina ano.
Nanso hu a yebehu sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho kɛse no, betumi ama yɛn dadwene no so atew kɛse. (1 Petro 5:6, 7) Irene ka sɛ, “Yehowa awowaw me wɔ eyi ne sɔhwɛ afoforo pii mu.” Ɔwɔ nhyehyɛe foforo bi a ɛreba a ɛhyɛ Yesu Kristo ase a “ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare’” wom ho anidaso. (Yesaia 33:24, NW; 2 Petro 3:13) “Si a mede m’ani asi nkonim bo a ɛne tra a mɛtra Paradise daa a abɛn mprempren no so no aboa me ma makɔ so agyina hɔ pintinn.” Ne gyidi aboa no kɛse sen aduru biara a nnuruyɛfo wɔ a wɔde bɛma.
[Box on page 21]
“Ɛho dontori ne atɛkyɛ de, wɔrensa, wɔde bɛma ayɛ nkyene. Na asu no kɔn so ha ne ha na nnua a wadi ahorow nyinaa befifi; n’ahaban rempa, na n’aba rensõ, ɛbɛsosow n’asram so, efisɛ ne nsu no, kronkronbea na efi sen; na n’aba bɛyɛ aduan, na n’ahaban ayɛ aduru.”—Hesekiel 47:11, 12.
[Kratafa 20 mfoni]
Nea efi ayaresa mu ba no taa yɛ nwonwa