Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 7/8 kr. 27-28
  • Yehowa Adansefo—Wɔyɛ Soronko Wɔ Nyamesom Afoforo Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Adansefo—Wɔyɛ Soronko Wɔ Nyamesom Afoforo Ho
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Wogye Di
  • Wɔn Nneyɛe Ahorow
  • Hu Wɔn Yiye
  • Dɛn na Yehowa Adansefo Gye Di?
    Dɛn na Yehowa Adansefo Gye Di?
  • Yehowa Adansefo Yɛ Nokware Kristofo Anaa?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • San a Wɔsan Ba Nokware Nyankopɔn no Nkyɛn
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Dɛn Na Yehowa Adansefo Gye Di?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 7/8 kr. 27-28

Bible No Adwene

Yehowa Adansefo​—Wɔyɛ Soronko Wɔ Nyamesom Afoforo Ho

“HWƐ, minni adagyew, na afei nso, me ne Yehowa Adansefo nkasa.” Eyi ne asɛm a ofiewura bi kae bere a Yehowa Adansefo mu biako bɔɔ ne pon mu no.

Ɔdansefo no de ayamye maa mmuae sɛ: “Metee sɛ wuse wunni adagyew, nanso so metumi abisa wo nea enti a wuse wompɛ sɛ wo ne yɛn kasa no nkutoo ho asɛm?” Ɛbɛdaa adi sɛ nea enti a ɛte saa no fi ntease a onni wɔ nea Adansefo no gye di ne nea wɔyɛ nkutoo no ho. Bere a eyinom mu daa hɔ no, nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye dii akyi.

So wunim nea Yehowa Adansefo gye di? Wunim nea ɛma wɔyɛ soronko wɔ nyamesom afoforo ho ne hia a eyi ho hia ma wo no?

Nea Wogye Di

Nea wogye di​—a atetesɛm, abosonsom nneyɛe, anaa ɔmampɛ nsusuwii biara mfrafra mu​—no gyina Bible a wo. gye di sɛ ɛyɛ Onyankopɔn asɛm a efi honhom mu a enni mfomso no so. Eyi ma nea wogye di no yɛ soronko titiriw.

Din kronkron no a wɔde di dwuma: Ebia edin YEHOWA, a ebinom bɔ no Yahweh no, bɛyɛ ade foforo ama ebinom, nanso sɛnea wɔde di dwuma bɛboro mpɛn 7,000 wɔ Bible mu no kyerɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn asomfo behu n’ankasa din na wɔde adi dwuma nso. (Dwom 83:18) Esiane sɛ Kristofo yɛ “nnipa a wɔapaw wɔn ama ne din” nti, Yesu de kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no. (Asomafo no Nnwuma 15:14, NW; Yohane 17:26) Esiane eyi nti, sɛ anka wubesusuw sɛ Yehowa Adansefo yɛ soronko esiane sɛ wɔde din no di dwuma nti no, so ɛrenyɛ nea ɛfata kɛse mmom se wubebisa nea enti a nyamesom afoforo mfa nni dwuma daa no?​—Malaki 3:16.

Onyankopɔn Ahenni: Ɛyɛ nniso ankasa a Kristo Yesu di so hene a ebedi asase so​—ɛwom sɛ ɛwo ɔsoro de. Ɛnyɛ biribi a ‘ɛwɔ komam’ ara kwa. “Nniso no bɛda [Kristo] mmati so.” (Yesaia 9:6, 7) Ɛbɛtew hokwan a Onyankopɔn wɔ sɛ ɔyɛ sodifo no ho. ‘Ɔbɛma ahenni bi so . . . . na ebebubu [adesamma] ahenni horow no nyinaa,’ na ɛde biakoyɛ ne wiase asomdwoe a ɛtra ho daa aba.​—Daniel 2:44.

Ɔdesani kra: Ɛnyɛ sunsuma bi ne biribi a entumi nwu a ɔkwan bi so no, ɛkɔ so tra ase bere a nipadua no awu, na mmom ɛyɛ onipa no ankasa anaasɛ ne nkwa a ɔwɔ no. Wɔbɔɔ no no. ‘onipa bɛyɛɛ ɔkra teasefo.’ (Genesis 2:7; 1 Korintofo 15:45) “Ɔkra a enwu no yɛ Helafo gyidi bi a na ɛwɔ tete ɔsom ahintasɛm ahorow mu a nyansapɛfo Plato ma ɛtrɛwee.” (Presbyterian Life, May 1, 1970) Enti ɛnyɛ nea awufo rehu amane wɔ baabi ankasa.

Asase yi daakye: Onyankopɔn anaasɛ nuklea ɔsɛe remma asase nyɛ nea ahyew a nkwa biara nni so. Onyankopɔn ‘ammɔ asase no hunu.’ “Ɔnwenee sɛ wɔntra so.” (Yesaia 45:18; Ɔsɛnkafo 1:4) Onyankopɔn Ahenni bɛhwɛ sɛ ne pɛ ‘bɛyɛ asase so sɛnea ɛyɛ ɔsoro.’ (Mateo 6:10) Afei, “treneefo benya asase no adi na wɔatra so daapem.”​—Dwom 37:29.

Wɔn Nneyɛe Ahorow

Eyinom nso gyina Bible no so. Ebia nkurɔfo besusuw sɛ eyinom bi yɛ nea atwam de, nanso saa nneyɛe ahorow yi yɛ nokware som agyiraehyɛde ahorow a ɛho hia.

Baguam ɔsom adwuma: Nnipa pii ka sɛ eyi ne adeyɛ ne nhyehyɛe mu nsonsonoe titiriw a ɛwɔ hɔ no. Nanso, wɔ saa adwuma yi mu no, Yehowa Adansefo tie Yesu ahyɛde sɛ “monkɔ nkɔyɛ . . . asuafo” no. Bere a wɔredi asomafo no nhwɛso akyi no, wɔn a wɔfata sɛ asomfo no nyinaa betumi akyerɛkyerɛ wɔ “gua so ne afi mu.” (Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 20:20) Asɔre ahorow bi wɔ asɔfo ne asɔremma nkyekyem, nanso Theology Today se “saa nkyekyem no . . . nni nnyinaso biara.” Mmom, sɛnea Encyclopedia Canadiana ka no: “Yehowa Adansefo adwuma no yɛ tete Kristosom a Yesu ne n’asuafo dii akyi wɔ afeha a edi kan ne nea ɛto so abien no mu a wɔasan de asi hɔ. . . . Wɔn nyinaa yɛ anuanom.”

Kristofo ho a wɔmmfa nhyehyɛ amammuisɛm mu: Ɛwom sɛ nnipa pii nte asɛm yi ase de, nanso Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm ne ntawntawdi biara a ɛma wɔtan wɔn mfɛfo nnipa no mu. (Yohane 18: 36; Yesaia 2:2-4) Ɛdefa tete Kristofo no ho no, abakɔsɛm kyerɛwfo Edward Gibbon se: “Wɔampene so sɛ wobenya kyɛfa biara wɔ amammui ne sraadi mu wɔ ahemman no mu.” Enti, nea ebia mfiase no ɛte sɛ nea ɛyɛ anuɔdensɛm no yɛ asomdwoe kwan ankasa a wɔn a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ ‘wiase no fã.’ no fa so.​—Yohane 17:16.

Nnipa mu nyiyim: Atesɛm krataa bi a wotintim wɔ United States kusuu fam no kae sɛ: “Nnipa mu nyiyim​—a ɛda so ara yɛ ɔhaw wɔ asɔre ahorow bi mu no​—nyɛ asɛnnennen mma Adansefo no.” Nokware dɔ a wɔwɔ ma wɔn nuanom Kristofo ka wɔn bom wɔ wiase nyinaa anuanom kuw biako mu. Ɛwom sɛ wɔnyɛ pɛ sɛ nnipa nyinaa de, nanso wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde Yesu nkyerɛkyerɛ yi bedi dwuma: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”​—Yohane 13:35.

Hu Wɔn Yiye

Nokwarem no, ɛnyɛ nneɛma ahorow a ɛma Yehowa Adansefo yɛ soronko wɔ ɔkwan a mfaso wɔ so so nyinaa na yɛaka wɔ ha. Enti dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wubehu saa Kristofo yi yiye? Hokwan a wowɔ sɛ wubenya asetra mu anigye nnɛ ne daakye no gyina ɔsom a ɛsɛ sɛ ɛyɛ soronko a wubehu no so sɛ ɛne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow behyia a.​—Mateo 7:21.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena