Kratafa Abien
Sɛnea mfonini ahorow yi da no adi no, nnipa bionm wɔ gyidi a emu yɛ den na ɛka wɔn ma wɔde wɔn ho hyɛ Kristofo som ne dwumadi mu daa. Wɔbom yɛ adwuma de si nhyiambea ahorow a wohia ntɛmntɛm. Nanso, afoforo gye tom sɛ wodi kɔm wɔ honhom mu.
Bere a nsɛm a edidi so yi ka Lutheran Asɔre a ɛwɔ Germany no ho asɛm titiriw no, nnipa pii behu sɛ tebea ahorow a wɔkyerɛkyerɛ mu wɔ ha yi yɛ Protestantfo tebea a wɔwom wɔ wiase nyinaa no ampa. Yɛn atirimpɔw a yɛde rekyerɛw saa asɛm yi ne sɛ ɛbɛboa nnipa a wɔwɔ ɔsom ahorow nyinaa mu ma wɔapɛɛpɛe wɔn ankasa honhom mu yiyedi mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a eye.