‘Ná Mintumi Mfa Nto Hɔ’
WƆ CARRIBEAN supɔw a wɔfrɛ no St. Lucia no so no, oguadini bi a ɔwɔ wɔn kurow kɛse no mu no nsa kaa nhoma a wɔfrɛ no Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So no biako. Onii a onya fii ne nkyɛn no kyerɛw sɛ:
“Ansa na dapɛn no baa n’awiei no, na wafrɛ me akɔ n’aguadidan no mu mprɛnsa bere a meretwam wɔ anim hɔ no. Wakenkan nhoma no afã bi na ɔpɛe sɛ onya nkyerɛkyerɛmu afoforo a ɛfa hell, ɔkra, ne yɛ a Maria nyɛ Onyankopɔn na ne nea ɛkeka ho no ho. Ɛwom sɛ na ɔyɛ oguadini a onni adagyew na ɔntaa nkenkan nhoma ahorow pii de, nanso ɔkenkan nhoma no wiei wɔ adapɛn abien mu, na sɛ mɛfa n’ankasa asɛm aka a: ‘Menkenkanee ade pii saa wɔ m’asetra mu da. Sɛ akenkan no ma me ti pae me mpo a, ná mintumi mfa nhoma no nto hɔ.’
Ɛkame ayɛ sɛ nhoma no ka Bible mu nkyerɛkyerɛ biara a wogye ho akyinnye ho asɛm, na ɛboaboa adanse ahorow no ano wɔ ɔkwan a emu da hɔ na ntease wom so araa ma nsemmisa ahorow no ho mmuae no mu da hɔ ma ɔkenkanfo no. Nya wo de, na wobɛte nea enti a wɔkyerɛ ho anisɔ pii saa no ase.
Mesrɛ mo momfa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma a mfonini ahorow wom na akyi yɛ den no biako mmana me. Mede ¢380 ahyem de retua ka.