Kratafa Abien
Awofo ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa na wɔahwere wɔn mma. Ɔyare, ɔkɔm, ɔko, ahokum, asiane, nna mu wu, ɔpɔn, abofra a owu awoe—ɛmfa ho sɛ dɛn na ɛde bae no, ɔwofo di awerɛhow daa.
Ɛmfa ho sɛ mfe ahe na abofra no adi no, yaw no wɔ hɔ bere nyinaa. Ɔkwan bɛn so na wobetumi agyina awerɛhow no ano? Ɔkwan bɛn so na asetra betumi akɔ so? So yɛn mfonini a ɛwɔ saa kratafa yi so a ɛkyerɛ sɛnea abusua bi ma wɔn ba akwaaba fi awufo mu no yɛ anansesɛm bi ara kwa, anaasɛ ɛbɛyɛ asɛm paara nnansa yi ara?
Nsɛm a edidi so yi a esii ampa a ɛfa nnipa binom a wɔafa awerɛhowdi a efi wɔn ba a wɔhweree no mu ho no bebua saa nsemmisa yi. Sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu nea efii ebiara mu bae no, yɛsrɛ wo kenkan awerɛhowdi ho nsɛm a edidiso yi. Yegye di se wubenya awerɛkyekye ne anidaso afi mu.