Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 8/8 kr. 13-15
  • Wɔn A Wonni Afie​—Dɛn Na Ɛde Ba?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔn A Wonni Afie​—Dɛn Na Ɛde Ba?
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Ahobammɔ Asawu no Tew
  • Nneɛma bo a Ɛkɔ Soro ne Nea Wohia a Ɛso Tew
  • Adwenemyare Asɛm No
  • siane wɔ Ano Aduru Hwehwɛ Mu
  • Wɔn A Wonni Afie​—So Anidaso Bi Wɔ Hɔ?
    Nyan!—1988
  • Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Nkuropɔn?
    Nyan!—2001
  • Asese Nkurow​—Ahokyere Bere wɔ Nkurow Akɛse mu Ahiafo Atrae
    Nyan!—1993
Nyan!—1988
g88 8/8 kr. 13-15

Wɔn A Wonni Afie​—Dɛn Na Ɛde Ba?

NÁ ƐYƐ awɔw bere mu anadwo bi a emu yɛ nwini. Nteɛteɛm dennen bi maa Louise ne n’abusua bɔɔ piriw nyanee. Na ogya atɔ ofipamfo bi dan mu. Awɔw bere mu mframa a emu yɛ den bɔɔ ogyaframa no faa abansoro dan a ɛtoa so asia no mu. Wɔ ehu ne basabasayɛ a wɔde rebɔ mmɔden sɛ wobefi wɔn dan a ɛwɔ abansoro a ɛtɔ so anum no mu no mu no, Louise maame huru fii ɔkwan a wɔfa so guan ogya no mu bɛhwee fam wui. Bere tiaa bi akyi no, gyaframa no sosɔɔ ɔdan no mu, na ɛsɛee afi no nyinaa.

Na Louise maame ne ne fi a ɔhweree wɔ anadwo biako mu no yɛ asɛnkɛse. Nea eye no, na ɔwɔ abusuafo ne nnamfo a wɔde no kɔɔ fie kosi sɛ obehu nea ɔbɛyɛ. Eyi ne nea asetra mu nsɛm ho abenfo frɛ no ɔmanfo mmoa nhyehyɛe a wɔ awo ntoatoaso pii mu no abɛyɛ te sɛ ahobammɔ asawu wɔ bere a egye ntɛmpɛ mu no.

Ɛnde dɛn nti na wɔ kurow kɛse biara mu no nkurɔfo deda mmorɔn so na wɔwɔ trabere ma wɔn a wonni afi no? Na nkurɔfo a wɔtete adangow mu, adan atantan a aka aboa so, ne asese no nyinaa nso ɛ? Na, nokwarem no, adansi tebea bɔne ne afi a wonni no nso ɛ?

Bere a Ahobammɔ Asawu no Tew

Wɔ tebea horow a eye mu no, abusuafo ne nnamfo nhyehyɛe no yɛ adwuma yiye de mmoa a wohia ma bere a obi hyia nsɛnnennen no. Nanso, nhyehyɛe no mu nyɛ den. Sɛ ɛba sɛ ahiade no yɛ kɛse anaa ne bo yɛ den araa sɛ ɛboro nea nhyehyɛe no betumi de ama no so ɛ? Anaasɛ sɛ asetra mu hooyɛ kɛse bi ka nhyehyɛe no ankasa nso ɛ? Sɛ ahobammɔ asawu no tew a, nkurɔfo totɔ tebea horow a anibere wom mu.

Eyi ne nea ɛrekɔ so wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso no pii mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ India no, nsu a ɛtɔ afe afe no ntɔ yiye wɔ mfe pii a atwam ni no mu. Ebeduu 1987 ahohuru bere mu no, na Indiafo baasa biara mu biako nnya nsu a ɛdɔɔso nnom. Nsu a ɛso tew nso kyerɛ sɛ afifide anyɛ yiye, na na anantwi rentumi ntra ase. Bere a afifide nni hɔ no, na afuw so adwumayɛfo nni adwuma ne ɔkwan biara a wɔbɛfa so ahwɛ wɔn mmusua. Nea na aka ama wɔn ara ne sɛ wobefi nkuraase akɔ nkurow akɛse mu faako a ebia wobenya adwuma bi ayɛ no.

Nea efi saa tukɔ yi mu ba no bɛyɛ adesoa ankasa ma nkurow akɛse a nnipa a wɔwom no dodow kɔ a ɛkɔ anim ntɛmntɛm no yɛ asɛnkɛse ma wɔn dedaw no. Bere a saa atukɔfo yi nni sika anaa adwuma biara no, wontumi ntua ɔdan ketewaa bi a ɛwɔ adan atantan a abobɔ so mu no mpo ka. Na esiane sɛ wɔatu abɛtra baabi foforo koraa no nti, emu kakraa bi na wɔwɔ obi a wɔbɛdan akɔ ne nkyɛn. Enti ɛsɛ sɛ wɔbɛka afoforo pii a wonnim wɔn dodow a wɔtete akwan so no ho, na adan ho nsɛnnennen no mu yɛ den kɛse.

Aman a afei na wɔrenya nkɔso afoforo pii hyia nsɛnnennen a ɛte saa ara. Nhoma a wɔfrɛ no Africa in Crisis no se: “Wɔ 1950 mu no, na kurow biako pɛ na ɛwɔ Afrika a na emu nnipa boro ɔpepem biako: Cairo. Wɔ 1980 mu no, na nkurow 19 na emu nnipa boro ɔpepem. Enkodu afe 2,000 mu no, wɔhwɛ kwan sɛ na nkurow a ɛte sɛɛ no boro 60.” Nkuraasefo pia ba nkurow akɛse mu a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya asetra pa. Nanso nea afi mu aba ne adan atantan a aka aboa so ne asetra a ɛba fam a mpɛn pii no enye sen nea wogyawee wɔ akyiri no.

Nneɛma bo a Ɛkɔ Soro ne Nea Wohia a Ɛso Tew

Wɔ aman a wɔwɔ sika anaasɛ wɔanya nkɔanim mu no, ebia nea ɛde afi a wonni ba no bɛyɛ nea ɛsono koraa. Wɔn a wonni afi no akasamafo taa ka sɛ sikasɛm nhyehyɛe ne ade titiriw no. Sɛ nhwɛso no, wɔ Canada no, Canada atesɛm nsɛmma nhoma Maclean’s bɔ amanneɛ sɛ: “Bere a adansi ho ka a akɔ soro wɔ mfe 20 a atwam no mu no apia adan afoforo bo akɔ soro no, mmusua horow a wogye akatua horow abien a wɔaba adan hwehwɛ mu wɔ nnansa yi mfe mu no ma bo no kɔ soro kɛse mpo​—ɛma ɛkɔɔ soro bɛyɛ ɔha biara mu 50 wɔ afe a etwaam no mu nkutoo wɔ nkurow akɛse bi mu.”

Nea ɛde adan bo a ayɛ den wɔ nkurow akɛse pii mu no bi abɛka ho ne nea wɔfrɛ no asetra pa no. Wɔresiesie adan dedaw a ne bo nyɛ den a ɛwɔ nkurow akɛse mfinimfini no pii anaasɛ wɔredan no ama ayɛ trabere a ne bo yɛ den a nnɛyi asetra mu nneɛma bi wom a asikafo afoforo ne adwumayɛfo a wonnyinii a wɔpɛ nkurow akɛse mu asetra sen nkuraase no pɛ. Ɛnyɛ sɛ eyi ma ne bo kɔ soro nko na mmom ɛtew adan a mmusua a wɔn akatua ba fam no benya no so.

Sɛ nhwɛso no, wɔ New York kurom no, nnansa yi nhwehwɛmu bi hui sɛ ɛsɛ sɛ abusua bi nya dɔla 58,000 afe biara ansa na wɔatumi anya ɔdan a ɛsɛ a dabere biako na ɛwom. Ɔman nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ Manhattan nso di ɔman no mu nkurow akɛse nyinaa kan wɔ ɔdan akatua mu. Sɛ wɔkyekyem a, ɔdan a ne fam kɛse nyinaa yɛ anammɔn 1,400 na dabere abien na ɛwom no bo yɛ dɔla 2,555 ɔsram biara, na ɛsɛ sɛ abusua bi nya dɔla 73,000 afe biara na wɔatumi agye, sɛ yɛfa no sɛ wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔde wɔn sika a wonya no mu ɔha biara mu 40 betua ɔdan ka nkutoo a.

Ebia ɔdan ka wɔ nkurow akɛse afoforo mu no bɛba fam asen saa, nanso saa ara na adwumayɛfo akatua nso te. Bere a ɔdan di abusua bi sika a wonya mu kyɛfa kɛse saa no, sikasɛm mu ahokyere biara betumi de nsɛnnennen aba. Saa na na ɛte wɔ John a wɔ mfe kakraa bi a atwam ni no mu no, otuu n’abusua a emufo yɛ baanum fii Chicago, Illinois, kɔɔ Houston, Texas, kɔhwehwɛɛ adwuma no fam. Wɔ bere bi mu no ɔde sika kakra a onyae sɛ ahomegye bere mu kar tɔnfo no hwɛɛ n’abusua no. Afei, esiane sikasɛm mu ahokyere no nti, wantɔn hwee wɔ asram abien mu. Bere a ontumi ntua ne dan ka a ɛyɛ dɔla 595 ɔsram biara no, wotuu ɔne n’abusua no fii ɔdan no mu. Bere a onni obiara a wɔbɛdan akɔ ne nkyɛn no, wɔkɔɔ mmusua a wonni afie trabere bi mu. Ɛwom sɛ na John anya suhyɛ bi ase ahyɛ de, nanso osusuw sɛnea ɔbɛsan agyina n’anan so bio ho esiane sɛ adwumawuranom kakraa bi pɛ na wɔbɛbɔ obi a onni baabi pɔtee te paa no nti.

Bere a ebia nnipa pii a wɔwɔ nkurow akɛse mu nyɛ wɔn a wonni afie no, nea wɔtete mu no mfata. Nhwehwɛmu bi daa no adi sɛ wɔ kurow a ɛyɛ nnansa yi ara de te sɛ New York mu mpo no, adan no mu ɔha biara mu 10 yɛ nea wɔfrɛ no “mmara dedaw fikɛse,” adan a wɔ afeha yi mfiase mu hɔ mpo no na wobu sɛ ɛmfata esiane mframa, akanea, ne ahotew nneɛma a ɛnnɔɔso nti. Ɔha biara mu 30 foforo nso na ɛyɛ “mmara foforo fikɛse,” ɛwɔ nkɔanim kakra, nanso sɛ wɔde toto 1929 gyinapɛn mpo ho a, atwam. Afe biara, nnipa bɛyɛ 30,000 na wɔhyɛ wɔn ma wotu fi wɔn afie mu bere a awiei koraa no wobubu adan a ɛreporɔw no gu anaasɛ wogyaw no.

Adwenemyare Asɛm No

Nea ɛsɛe asɛm no koraa no, abenfo pii gye di sɛ ebia sikasɛm nhyehyɛe yɛ wɔn a wonni afie nsɛnnennen no fã biako pɛ. Wɔka sɛ wɔn a wonni afi no mu dodow no ara kɔ saa tebea no mu efisɛ wɔwɔ adwenemyare na wɔn ankasa rentumi nhwɛ wɔn ho bio.

Ɛdefi 1960 mfe no mfinimfini mu hɔ no, wɔ mmɔden a ɔman adwenemyare ahyehyɛde ahorow bɔ sɛ wɔbɛtew ka a wɔbɔ so mu no, wɔfa nea wɔfrɛ no ɔmanfo adwenem akwahosan kwan no so. Wɔde nnuru foforo bi a ano yɛ den sa adwenemyarefo yare na afei wogyaa wɔn. Nea na wɔkyerɛ ne sɛ bere a nnuru no di ɔyare sɛnkyerɛnne a ano yɛ den kɛse no so no, wobegye ayarefo no atra ɔmanfo mu na wɔahwɛ wɔn. Nea efii mu bae ne sɛ wɔ Canada sɛ nhwɛso no, adwenemyare ahyehyɛde ahorow no ne nnipa dodow a etumi fa wɔn no so atew afi 47,000 wɔ 1960 mu so abedu 10,000 mprempren, na mprempren nnipa dodow a wɔwɔ adwenemyare ayaresabea a ɛwɔ United States mu no nnu nea ɛkɔɔ soro sen biara wɔ 1955 mu a na ɛyɛ 559,000 no nkyem anan mu biako.

Maclean’s bɔ amanneɛ sɛ: “Nanso amantam ahorow a wontumi mfa ɔmanfo mmoa mma no sɛee adwenemyarefo a wogyaa wɔn nhyehyɛe no anaasɛ wɔn a na anka wɔyɛ adwenemyarefo no asetra kɛse.” Wɔhyɛ wɔn mu pii ma wɔtra ahɔhodan a ɛba fam ne adan afoforo bi mu. Afoforo a wontumi nni wɔn asetra so no wie asese mu anaasɛ wɔ mmorɔn so. Asetra mu nsɛm ho adwumayɛfo a wɔwɔ Canada nkurow akɛse pii mu bu ano sɛ wɔn a wonni afie no mu bɛyɛ abiɛsa mu nkyem biako na wɔwɔ adwenemyare bi. Nhwehwɛmu bi a Ellen Bassuk a ɔwɔ Harvard Nnuruyɛ Sukuu mu yɛe no huu “adwenemyare a wobetumi asa ɔha biara mu 90” wɔ wɔn a wɔtete wɔn a wonni afie trabere a ɛwɔ Boston no mu.

Mmusua a wonni afie a wɔde wɔn tra ahɔhodan ahorow bi mu no tebea no nyɛ papa biara. Ɛwom sɛ ɛnyɛ wɔn mu pii na wɔanya adwenemyare pɛn de, nanso nkyereso ne efĩ tebea, basaayɛ ne anidaso a wonni no taa de abusua mu basabasayɛ ne nkate mu basaayɛ titiriw wɔ mmofra fam no ba.

siane wɔ Ano Aduru Hwehwɛ Mu

Ɛwom sɛ abenfo adwene ntumi nhyia wɔ sɛ ebia afie a wonni no fi sikasɛm mu ahokyere, adan bo a ayɛ den, adwenemyare nsɛnnennen, anaa biribi foforo bi ho de, nanso nsɛnnennen no afã pii wɔ hɔ a ɛda so haw adwene. Nea edi kan koraa no, akyinnye biara nni ho sɛ adan ho nsɛnnennen no mu reyɛ den wɔ wiase nyinaa. Nea ɛto so abien no, nnipa pii a ɛnyɛ ahokwafo nko na mmom mmusua nso na wɔrebɛyɛ wɔn a wonni afie. Na awiei koraa no, wɔn a wonni afie no yɛ wɔn a wonnyinii. Nokwasɛm ahorow a ɛyɛ awerɛhow yi hwehwɛ sɛ wonya ano aduru. Dɛn na wɔreyɛ de adi asɛnnennen no ho dwuma? Etu mpɔn dɛn? Na so wobenya adan a ɛdɔɔso ama obiara?

[Kratafa 15 mfoni]

Asese bi wɔ adan pa sunsuma mu

[Asɛm Fibea]

Mark Edwards/UNCHS

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena