Adansefo no a Wobesua Ade Afi Wɔn
ƐNO ne nea samufo asɛm bi a epuei wɔ Norwayfo atesɛm krataa Troms Folkeblad a ɛbae July 15, 1986 mu no kae sɛ pii betumi ayɛ. Asɛm no kae sɛ: “Nhyiam horow ne ɛho nhyehyɛe no reyɛ ayɛ nea ɛyɛ pɛ wɔ ne su ne sɛnea ɛyɛ pɛpɛɛpɛ no mu. Wonnyaw biribiara basaa.
“Agodi akuw ne mmofra akuw horow dwumadi yiyedi taa yɛ nea egyina emuni biara ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛboa no so. Ɛsɛ sɛ eyinom hwɛ sɛnea Yehowa Adansefo yɛ wɔn dwumadi ahorow ho nhyehyɛe no. Wobetumi asua pii denam ɔpɛ honhom a wɔda no adi no a wɔhwɛ no so. Ɛte sɛ nea wontumi nnye nni.”