Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 7/8 kr. 22-25
  • Ná Yɛyɛ Nkwatiafo Wɔ Pira Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ná Yɛyɛ Nkwatiafo Wɔ Pira Mu
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wodi Yɛn Mpaboro
  • Asetra sɛ Agodibea Abaduaba
  • Agodibea Asetra​—Ɛnyɛ Mmofra Agodibea Bi
  • Nhoma Ketewaa​—Nkɛntɛnso Kɛse
  • Manya Ayɛ Ɔkyerɛkyerɛfo
  • Ná Me Botae Ne Sɛ Me Ne Agodifo Betutu Akwan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Wo Kyɛfa Wɔ Asetra Mu—So Wubetumi Ama Anya Nkɔso?
    Nyan!—1982
  • Afei na Mahu Onyankopɔn a Mesom No No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Ohia Ho Asɛm A Ɛyɛ Den No—Ano Ankasa A Wobesiw
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 7/8 kr. 22-25

Ná Yɛyɛ Nkwatiafo Wɔ Pira Mu

SPANIA amanko no akyi mfe kakraa bi bere a na meda so yɛ abeawa kumaa no, me ne me maame kɔɔ agodibea a awɔ yɛn kurom a ɛne Cuenca no mu. Bere a mihuru gyinaa agua kɛse bi so no, mpofirim metee ɛnne bi a ɛteɛɛm ɔhyɛ so sɛ: “Maame, maame, mepɛ sɛ mebɔ wo babea no paa!” Me maame a ne ho adwiriw no no buae ntɛm ara sɛ: “Mewɔ ɔfoforo nso a wubetumi abɔ no paa saa ara!” Na saa anwonwasɛm a esii yi bɛsakra yɛn asetra koraa.

Woahu, me ne me nuabea kumaa Carmen nware nsen abaduaba ahe biara, nokwarem no, yɛyɛ nkwatiafo wɔ pira mpo mu. Mene Carmen tenten yɛ bɛyɛ anammɔn abiɛsa pɛ. Ɛda adi sɛ ɛno kyerɛkyerɛ yɛn agodi din a ɛne Las Hermanas Minimas (Nuabeanom Nketewaa) bere a akyiri yi yedii agoru wɔ agodibea ahorow, afahyɛ ne adidibea agodi ase wɔ Spain, France ne Italy nyinaa no mu. Nanso ma menka sɛnea agodi bɛyɛɛ yɛn asetra fa no ho asɛm kakra nkyerɛ wo.

Wodi Yɛn Mpaboro

Papa wui wɔ amanko no mu bere a na mene Carmen da so yɛ mmofra nkumaa. Saa bere no mu no na pii bu pira a obi yɛ no sɛ nnome. Enti wubetumi de w’ani abu sɛnea na ɛte ma me maame sɛ ɛnyɛ pira biako na ɔwɔ na mmom abien no. Sewaanom, wɔfanom, ne agya mma nyinaa ani wuu yɛn ho kɛse, na ebinom mpo hyɛɛ nyansa wɔ ɔkwan a tema nnim so sɛ mama nwɔ yɛn atikɔ mfi abotan tenten bi so na onyi yɛn mfi hɔ. Na mpɔtam hɔ mmofra taa toto abo bobɔ yɛn a na ɛkae yɛn atirimɔden so sɛ yɛyɛ abɔnten sofo. Sɛ ɛnyɛ sɛ na ɛho hia sɛ yɛkɔ sukuu a anka yɛrempue mfi fie da.

Wɔ da biara da nantew a yɛde kɔ fie a mpɛn pii no ɛyɛ te sɛ nea wɔredi yɛn mpaboro esiane sɛ mmofra afoforo pam yɛn, wohuro yɛn, wodi yɛn ho fɛw, na wɔtoto abo bobɔ yɛn nti no akyi no, na sukuu nyɛ bɔne saa. Nanso, na yɛn kyerɛkyerɛfo no wɔ ntease ne mmɔborohunu kɛse. Ɛnyɛ sukuu adesua no nko na ogyee bere foforo de kyerɛɛ yɛn na mmom nneɛma a wɔde paane yɛ nyinaa nso. Na nea ɛsen saa no, ɔhwehwɛɛ wɔn a na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛto yɛn anwenne no. Afei a na yɛrenyin anyɛ yiye koraa no wɔ mfe mu no, na ɛho hia sɛ yesusuw ɔkwan bi a yɛbɛfa so ahwɛ yɛn ho no ho.

Na me ne Carmen kyiri koraa sɛ wobedi yɛn ho nsekuru, nanso baabiara a yɛbɛkɔ no, na nkurɔfo hwɛ yɛn haa. Eyi ma yesii gyinae sɛ yɛbɛyɛ adwuma wɔ tie. Nanso, nea efii mu bae ne sɛ asetra bɛyɛɛ ankonam bere ne bere nyinaa, nkahyem bi a yɛn ankasa de baa yɛn ho so a ɛkɔɔ so kosii saa gyinaesi da a me ne mama kɔɔ agodibea hɔ no.

Asetra sɛ Agodibea Abaduaba

Ná ɛyɛ agodibea no sohwɛfo no ankasa na ɔteɛɛm frɛɛ me maame a na ɔpɛ sɛ ɔbɔ me paa wɔ hɔ ara no. M’ani annye asɛm no ho ankasa. Nanso, na ntease wɔ nea ɔka no mu. Obisae a ɔkanyan me daakye ho hu a ɛhyɛ me mu nyinaa no bio sɛ: “Sɛ woanyɛ adwuma mprempren a, ɔkwan bɛn so na wobɛhwɛ wo ho wɔ asetra mu?” Ɔbɔɔ me kɔkɔ sɛ: “Wobɛkɔ akowie Misericordia.” (Misericordia, anaa mmɔborohunu fi ne din a na wɔde ama kurom hɔ Ayarefo Fi no saa bere no.) Na eyi yɛ nea ebetumi aba a na mikyi koraa sen agoru a medi wɔ agodibea. Na ayɛ me pɛ bere nyinaa sɛ mɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo.

Nanso mprempren de, na ɔkyerɛkyerɛ adwuma ayɛ ɔdaeso ara kɛkɛ. Bere a yɛasua tete asaw dapɛn kakraa bi akyi no, yɛn baanu no fii ase kyinkyinii Spain a mpɛn pii no na yedi agoru kyerɛ bɛhwɛadefo a wɔnkyerɛ anisɔ nanso wɔ mmere afoforo mu no mmofra nkumaa a wɔn ani agye. Wɔn ani gyee yɛn agodi ho araa ma ɛtɔ mmere bi a na wɔpɛ sɛ wɔn nanom tɔ yɛn sɛ abaduaba.

Saa bere no mu no, na asetra yɛ anigye a na mitu kwan kɔ mmeae a na meso ho dae ara kwa. Hwɛ sɛnea yɛn asetra asakra! Wɔ mfe a na yesuro sɛ yebepue afi fie no akyi no, afei de yɛn na ani nyinaa si yɛn so. Mitwa m’ani hwɛ m’akyi a, migye di sɛ ankonamyɛ a yɛn ankasa de baa yɛn ho so no a yefii mu no boaa yɛn ma yegyee yɛn honam mu tebea no toom a ampira yɛn nkate mu daa.

Agodibea Asetra​—Ɛnyɛ Mmofra Agodibea Bi

Nanso, na sintɔ biako bi wɔ yɛn asetra foforo a yɛanya no mu. Na yɛn nkwatiafo wiase no nyɛ mmofra agodibea a asɛm biara nni ho sɛnea wɔda no adi wɔ agodi agua so no. Yɛn mfɛfo pira agodifo no mu pii na na wɔtaa yɛ ade wɔ ɔkwan a wɔnhwɛ kwan so. Esiane sɛ “mpanyimfo” no ntaa mmu yɛn sɛ nnipa ankasa nti, na ɛnyɛ den sɛ abufuw ne basaayɛ nkate bɛsɔre. Nnakoro nnakoro bi no na saa nkate horow yi de basabasayɛ a ntease nnim ba. Nanso na ɛyɛ me nso sɛ saa pira yi binom de wɔn ho hyɛɛ basabasayɛ mu de hwehwɛɛ wɔn ho mu ahotoso a atetew asɛe no.

Na mene me nuabea no nni ahotɔ wɔ saa nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no mu. Wɔ yɛn fam no, na agodi nyɛ hwee sɛ ɔkwan a yɛnam so benya asetra mu ahiade wɔ ɔkwan pa so a ɛno nkutoo ne nea na yɛn nsa betumi aka wɔ Spain saa bere no. Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi amane ho, na awiei no, yenyaa obu fii obiara hɔ. Ɛtɔ mmere bi a, agodibea mpanyimfo no ka kyerɛ pira a wɔreko no sɛ: “Monhwɛ Nuabeanom Nketewaa no. Ɛsɛ sɛ musuasua wɔn!”

Wɔ saa mfe yi nyinaa mu no, me werɛ amfi agodibea sohwɛfo no kɔkɔbɔ no da. Ɔkwan bɛn so na mɛhwɛ me ho akyiri yi wɔ asetra mu? Enti ɛmfa ho sɛ na m’akwahosan resɛe no, mene Carmen yɛɛ adwumaden sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi asie sika bi ama ɛda bɔne a na yenim sɛ ɛbɛba ɔkwan biara so no.

Ne nyinaa akyi no, mprempren mihu adepa bi wɔ saa adwumaden no nyinaa mu. Saa agodibea asetra mu aperepere no mu a yɛde yɛn ho hyɛe no maa ɛyɛɛ mmerɛw maa yɛn sɛ yebegye yɛn honam mu tebea no atom, na ɛda adi sɛ yɛkwatii yɛn ho a yɛbɛtwe afi obiara ho koraa no. Nea ɛsen ne nyinaa no, na yenni adagyew koraa sɛ yɛbɛtra ase asu yɛn ho.

Nhoma Ketewaa​—Nkɛntɛnso Kɛse

Mfe pii akyi wɔ yɛn Spain akyinkyinakyinkyin no biako mu no, abofra bi a onnii mfe 20 baa yɛn nkyɛn wɔ oyikyerɛbea hɔ pɛɛ a na ɔrekyerɛkyerɛ biribi a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho mu. Ɔmaa yɛn nhoma nketewa abien na yɛde anigye gyei. Saa awia no ara no, yɛbuebuee emu biako, Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu no mu hwɛe. Nea yɛkenkanee no kaa yɛn koma ankasa kosii sɛ yefii ase kaa nea yɛrekenkan no ho asɛm kyerɛɛ agodifo afoforo. Nanso bere a yehui sɛ ɛnyɛ obiara na n’ani gye nea ɛte sɛ nea ɛyɛ yɛn anigye kɛse yi ho no, yɛn aba mu bui dɛn ara!

Mfe abien twaam, na afei Adansefo afoforo baa yɛn fi wɔ Madrid. Yɛn ani gyei sɛ yebetie Ahenni nkrasɛm no bio, na Ɔdansefo no hyɛɛ bɔ mpo sɛ ɔbɛsan de Katolek Bible nkyerɛase aba sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ankasa behu sɛ Adansefo no Bible no nyɛ soronko. Ankyɛ, yefii adesua ase, na ankyɛ na yegye dii sɛ yɛahu nokware no. Afe biako pɛ akyi no, wɔbɔɔ Carmen asu, na wɔ asram bi akyi no, me nso mihyiraa me nkwa so maa Yehowa na wɔbɔɔ me asu.

Manya Ayɛ Ɔkyerɛkyerɛfo

Na afie afie asɛnka yɛ asɛnnennen ma yɛn baanu nyinaa. Oo, yiw, na yenim agodi agua so agodi, nanso sɛ yebegyina apon ano na yɛabɔ mmɔden sɛ yɛne obi a yenhuu no da befi nkɔmmɔbɔ ase no yɛ asɛm foforo koraa. Na yentumi nnii yɛn fɛre ne ehu a emu dɔ no so ankasa ɛ. Yebisaa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ nkurɔfo hu pira abien wɔ wɔn apon ano a, wɔbɛyɛ wɔn ade dɛn?’ ‘So wobedi mfomso aka sɛ yɛyɛ adesrɛfo?’ Ɛyɛ me anigye sɛ mɛka sɛ eyi ntaa mma.

Esiane yɛn honhom mu anuanom no ayamye ne ntoboase nti, nkakrankakra no yedii yɛn suro no so, na asɛnka fii ase gyee yɛn bere mu fã kɛse no ara. Awiei koraa no, na me mmofraase adaeso no ayɛ nokware​—manya ayɛ ɔkyerɛkyerɛfo! Menkyerɛ akontaabu, ɔkasa mmara, anaa nea ɛtete saa, na mmom nea daa nkwa a wobenya gyina so no.

Nokwarem no, nkurɔfo ho taa dwiriw wɔn sɛ wobehu nnipa nketenkete a wɔte sɛɛ wɔ wɔn pon ano. Ɔkwan foforo so no, afoforo ho dwiriw wɔn sɛ wohu sɛ yɛkasa te sɛ afoforo biara no araa ma wotie yɛn nkrasɛm no yiye.

Sɛ yɛne yɛn nuanom adɔfo a wɔwɔ asafo a yɛwom no mu no kɔ afie afie nso a yɛte anigye nka bere nyinaa. Wɔboa yɛn wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so, mpo wɔ nneɛma a ɛte sɛ nea ɛho nhia te sɛ apon ano dɔn a yɛbɛbɔ no mu​—mpɛn pii no yennu hɔ! Wɔ mmere afoforo mu no, anuanom no fi ɔdɔ mu boa yɛn ma yɛforo atrapoe.

Yɛn ani sɔ sɛnea asafo no fi ɔdɔ mu hwɛ yɛn no kɛse. Wɔda nokware mmɔborohunu a ɛnyɛ aniani de bi a ɛbɛma yɛate nka sɛ yɛba fam adi kyerɛ yɛn. Carmen nyaa akwanhyia bi asram kakraa bi a atwam ni, na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛforo atra akongua so. Enti bere biara a ɛsɛ sɛ ɔma ɔkasa wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu no, ɛsɛ sɛ obi ma no so si akongua so. Yɛn ho yɛ mmofra a wɔwɔ asafo no mu no nwonwa nanso ɛnyɛ nsekuru bɔne a yehyia wɔ mmorɔn so no bi. Yɛn nuanom no bu yɛn sɛ nnipa biara na ɛno aboa yɛn ma yɛanya ahotɔ wɔ asafo no mu.

Me daakye ho ɔhaw a aka me ho mfe pii wɔ m’asetra mu no afi hɔ. Daakye pa bi ho anidaso abɛhyɛ ehu a na ɛne sɛ yɛrennya nea ɛdɔɔso a yɛde bɛtra ase bere a yentumi nyɛ adwuma bio no ananmu. Mfe bi a atwam ni no na yɛyɛ adwuma daa, a na yegye dwumadi nhyehyɛe biara a wɔde bɛma yɛn no tom, na yedwen ɔkyena ho daa. Nanso fi bere a yebehuu Onyankopɔn Asɛm mu nokware no, yefii ase twaa yɛn agodi nhyehyɛe ahorow so. Bere koro no ara mu no, yesuae sɛ yɛde honam fam nneɛma kakraa bi bɛtra ase.

Ɛwom sɛ yenni agoru bio de, nanso yɛn da biara da ofie nnwuma no ama yenni adagyew. Bere a yenyin no, yɛn honam fam nsɛnnennen yɛ kɛse. Na atrapoe foro mpo abɛyɛ asɛnkɛse. Enti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ ɔdan a ɛnyɛ abansoro. Wɔ saa kwan yi so no, ɛho nhia sɛ yɛde yɛn ho to afoforo so pii. Yɛne anuanom no tumi bɔ na asɛnka dwumadi no ama yenni adagyew a ne nyinaa boa yɛn ma yekura afoforo a wɔne wɔn bo honhom mu.

Sɛ mitwa m’ani hwe mfe 50 anaa nea ɛte saa a atwam no mu a, me ho da so ara dwiriw me wɔ sɛnea yɛn asetra asakra no ho. Yɛn mfitiase mfe a na ayɛ nkahyem no dan bɛyɛɛ agodibea guasodeyɛ. Ɛwom sɛ yɛn asetra ayɛ dinn mprempren kɛse de, nanso ayɛ nea akatua wom kɛse esiane sɛ yɛahyira yen bere so ama baguam asɛnka nti. Yɛn baanu nyinaa da Yehowa ase yiye sɛ wama yɛahu n’Asɛm mu nokware a ɛyɛɛ pii de yii yɛn daakye ho haw no fii hɔ no. Yɛda ase nso wɔ yɛn nuanom Kristofo no ɔhwɛ a efi ɔdɔ mu ne mmoa a efi komam a aboa yɛn ma yɛasoa yɛn adesoa sɛ nkwatiafo wɔ pira mpo mu no ho.​—Sɛnea Amparo Sánchez Escribano ka kyerɛe.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena