Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Woma Ɛpa Wo Ti So?
Bere a ɔbea bi a ɔwɔ ne mfinimfini mfe mu gyina sika korabea santen bi mu ahohuru bere a etwaam no mu no, ohui sɛ ɔbarima bi a odi n’anim rekenkan Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no. Na ne ho pere no yiye sɛ ɔbɛkenkan asɛm bi a ɛwom a ɛfa mpaebɔ ho no, enti ɔhyɛɛ ɛda a ɛbae no nsow.
Nna kakraa bi akyi no, Yehowa Adansefo kɔ ne fie, na obisaa wɔn sɛ: “Mowɔ July Ɔwɛn-Aban no bi?” Bere a wohuu nea enti a n’ani gye saa nsɛmma nhoma pɔtee no ho no, Adansefo no mu biako kae sɛ: ‘Ɔkwan a eye sen biara a wobɛfa so na woanhwere emu nea ɛyɛ anigye biara no ne sɛ wobɛkra.’
Ɔbea no teɛɛm sɛ: ‘Minnim sɛ wutumi yɛ no saa!’ Bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ afe biako a wɔkra yɛ ¢1,000 no, obuae sɛ: ‘Wugye di? Afe mũ no nyinaa ¢1,000?’ Bere a wɔmaa no awerɛhyem sɛ saa na ɛte no, ɛnyɛ Ɔwɛn-Aban no nkutoo na ɔpɛe na mmom ne hokafo Nyan! no nso. Obisae bio sɛ: ‘Wugye di ampa sɛ nsɛmma nhoma abien no yɛ ¢2,000 pɛ?’
Ɛyɛɛ ɔbea no anigye sɛ ɔbɛma Ɔdansefo no akra bi ama no. Wo nso wubetumi akra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no ma aba wo fie. Fa ¢2,000 pɛ mana, na wubenya nsɛmma nhoma abien no nyinaa (abien ɔsram biara; Borɔfo de no yɛ anan ɔsram biara na ɛyɛ ¢4,000) afe biako.
Mesrɛ mo merekra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! afe biako. Mede ¢2,000 ahyem de retua ka.