Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 5/8 kr. 10-12
  • So Sini a Mehwɛ No Fa Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Sini a Mehwɛ No Fa Ho?
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sini​—Nea Aba so Nnɛ
  • W’ani ne W’aso so Ntua No
  • W’adwene ne W’abrabɔ so Ntua No
  • Anifere Kwan so Nkɛntɛnso
  • So ‘Wode Akekantwɛre Ma Wo Ba We’?
    Nyan!—1984
  • Dɛn na Aba Anigyede So?
    Nyan!—1997
  • Yɛ Nyiyim Wɔ Anigyede a Wopaw Ho
    Nyan!—1998
Nyan!—1991
g91 5/8 kr. 10-12

Mmofra Bisa Sɛ. . .

So Sini a Mehwɛ No Fa Ho?

ABOFRA bi a onnii mfe aduonu a wɔfrɛ no Karen ka sɛ, ‘Sini nnya me so nkɛntɛnso ankasa efisɛ mekɔhwɛ sini na ama mabɔ hu na masuro de agye m’ani ara kwa. Mmofra pii ka asɛm koro no ara sɛ sinihwɛ ntumi nnya wɔn so nkɛntɛnso. Nanso Georgia a ɔyɛ abofra no ne wɔn nyɛ adwene. Wahwɛ sini ahorow a wɔde R ahyɛ no agyirae na ɔka sɛ: “Wo werɛ mfi nneɛma ahorow a wuhui wom no da . . . Dodow a wudwen ho no, dodow no ara na wuhu sɛ wopɛ sɛ woyɛ nea wahwɛ no.”a

Mmofra pɛ sinihwɛ yiye. Wɔ nnansa yi afe bi mu no, nnipa bɛboro ɔpepem 113 a wɔkɔɔ sini wɔ United States nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 36 yɛ mmofra a wonnii mfe aduonu. Ɔpepem pii nso hwɛ sini kokoam wɔ wɔn fi denam video anaasɛ TV so. Nokwarem no, yɛn nyinaa hia bere ne bere mu ahomegye ne agodi. Nsakrae yi tumi ma ahotɔ na ɛkanyan adwene no. Wɔ mmofra pii fam no, sinihwɛ yɛ ɔkwan biako a wɔfa so yɛ eyi wɔ awia anaasɛ anwummere bi a wɔn ani nka. Nanso sini bɛn na ɛsɛ sɛ wohwɛ? So ɛfa ho ankasa?

Sini​—Nea Aba so Nnɛ

“Anigyede ntraso, ɔbarima ne ɔbea nna, basabasayɛ, adifudepɛ, pɛsɛmenkominya.” Sɛnea mmofra adwenem hwehwɛfo Robert Coles kyerɛ no, eyinom ne nneɛma titiriw a ɛwɔ sini a wɔyɛ nnɛ no mu. Nhwehwɛmu bi a Ɔbenfo Vince Hammond na odi anim nso ka saa ara sɛ “basabasayɛ kakra wɔ sini a woyi wɔ aman akɛse mu no mu pii mu a wɔahyɛ pii agyirae sɛ ɛyɛ basabasayɛ nkutoo anaasɛ basabasayɛ a ɛyɛ hu yiye wom.” Hammond nhwehwɛmu kuw no hwehwɛɛ aman ahorow so sini horow 1,000 mu. Dɛn na wɔka? Sini a basabasayɛ wom a wɔyɛ no yɛ wiase nyinaa asɛnnennen.

Nea mmofra pɛ titiriw ne sini a ɛyɛ hu a wɔda sɛnea adaemone de obi di dwuma, mmonaato ne mogyahwiegu a wɔyɛ no wɔ atirimɔden a ɛkyɛn so mu adi wom no. Sɛnea Ɔbenfo Neil Senior a wɔfaa n‘asɛm kae wɔ Seventeen nsɛmma nhoma mu no kae no, “sini ahorow yi da biribiara a abusua biara rempɛ sɛ ɛbɛto wɔn no adi.” Nanso mmofra pii to santen kɔhwɛ.

Ɔbarima ne ɔbea nna ho sini nso adɔɔso yiye. Na sɛnea Sukuupɔn ɔbenfo bi ka no, “wɔn a wɔhwɛ ɔbarima ne ɔbea nna wɔ video so wɔ Canada no mu fã kɛse yɛ mmofra a wɔadi fi mfe 12 kosi 17, na ebia ɛbɛsɛe wɔn adwene wɔ ɔbarima ne ɔbea nna mu nneyɛe ho.”

Nanso ɛmfa sini adwumayɛbea no ho. Variety nsɛmma nhoma bɔ amanneɛ sɛ sini a basabasayɛ kɛse ne ɔbarima ne ɔbea nna wom no redɔɔso, na ɛkame ayɛ sɛ wɔnnyɛ abusua sini a ɛho tew no bio koraa. Ɛnde, so ebetumi aba sɛ sini bɔne a wobɛhwɛ no betumi anya wo so nkɛntɛnso bɔne?

W’ani ne W’aso so Ntua No

Sini yɛ ntua a ɛwɔ tumi a ɛba nkate ahorow no so. Yesu kae sɛ “nipadua kanea ne aniwa.” (Mateo 6:22) Nea wuhu betumi anya wo so nkɛntɛnso kɛse. Sɛnea encyclopedia bi ka no, “adwene no di aniwa no akyi.” W’adwene na ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ w’aniwa hwɛ. Nanso sɛ wode w’ani si mfonini akɛse a etwam wɔ sini mu no so a, wubetumi agyae w’adwene mu ama nea ɔyɛɛ sini no. Obi tumi hwɛ sini bi haa araa ma ebia na ɛsɛ sɛ obi de ne ho pem no kɛse ansa na wade ne ho afi sɛnea sini no adwemfa no no mu.

“Aso” nso wɔ nkɛntɛnso ahorow a emu yɛ den wɔ w’adwene ne wo nneyɛe so. (Mmebusɛm 20:12) Nea ɛma mfonini ne nsɛm a ɛma obi werɛ fi ne ho no nya tumi kɛse ne nnwom a etumi kanyan nkate, ehũ, anigye, abufuw, akɔnnɔ. Ɛno nti na sini tumi ma wonya nkate sɛ nea wɔhwɛ no yɛ biribi a asi ankasa araa ma wɔn a wɔhwɛ no mu binom ntumi nhu nea ɛyɛ nokware ne atoro mu nsononsonoe no.

W’adwene ne W’abrabɔ so Ntua No

Atirimpɔw anaasɛ adwene a wɔda no adi wɔ sini bi mu no nso betumi anya nkate a wowɔ wɔ ho no so nkɛntɛnso kɛse. Enti wɔn a wɔyɛ sini no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn a wɔhwɛ no ayɛ wɔn ho te sɛ wɔn a wɔwɔ sini no mu no​—sɛ mpo ɔkatakyie no yɛ nsɛmɔnedifo anaasɛ otirimɔdenfo a ɔpɛ tumi a.b Sɛ woanhwɛ yiye a, ebia wubehu sɛ worekamfo nsɛmmɔnedifo bi!

Hwɛ sɛnea kuw biako yɛɛ wɔn ade wɔ nnansa yi sini bi a ɛyɛ hu a ɛfa owudifo bi a n’ani gye nnipakum ho kɛse wɔ sini no mu no ho. Wɔbɔɔ wɔn nsam maa owudifo a ohwie mogya gu no! Bere a afiri a wɔde twa mfonini a ɛdaadaa adwene no kyerɛ wɔn kwan no, ɛmaa ɛyɛɛ te sɛ nea kuw no nni abrabɔ pa ho adwene​—ne ayamhyehye mma wɔn a okunkum wɔn no.

Hwɛ sɛnea eyi ne Bible afotu a ɛne sɛ ɛnsɛ yɛn ani gye obi amanehunu ho no bɔ abira! (Mmebusɛm 17:5) Ɛne Yesu Mmara Pa no bɔ abira tẽẽ​—ne sɛ ‘yɛ nea wopɛ sɛ afoforo yɛ ma wo no ara ma wɔn.’ (Mateo 7:12) Afei, so awudi a wɔbɔ nsam wɔ ho no ne Bible ahyɛde ahorow a ɛne sɛ yɛn yam “nyɛ yiye na ɛnhyehye” yɛn no hyia? (Efesofo 4:32) So ɛmma obi nyɛ ne ho sɛ “nnipa bɔne guabɔ” muni?​—Dwom 26:4, 5.

Anifere Kwan so Nkɛntɛnso

Nanso, ebia wobɛte nka sɛ sini nkɛntɛnso no ntra hɔ nkyɛ, ɛyɛ bere tiaa mu ade. Na nokwarem no, worenkum obiara a wubehu no no, sɛnea wɔyɛ wɔ sini binom mu no. Nanso, New Zealand atesɛm krataa bɔ amanneɛ sɛ “adanse ahorow pii kyerɛ sɛ sini ne video mu dwumadi a basabasa wom ma wɔn a wɔhwɛ mu binom yɛ basabasa.” Nhoma Adolescence no nso kaa nhwehwɛmu ahorow a ɛfa “TV so basabasayɛ ne ntɔkwapɛsu ntam abusuabɔ” no ho asɛm, na egye toom sɛ “adanse pii” wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ n’abien no wɔ abusuabɔ.

Atesɛm ne amanneɛbɔ ahorow a ɛfa nneyɛe a ɛyɛ hu ne basabasa a wɔyɛ wɔ nneɛma a wohu wɔ sini mu ho no nso wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, abofra bi a ɔpɛe sɛ ogyina ne nsa so wɔ ntama a ɛkata pickup lɔre a ɛde mmirika so no wui. Na wahu sɛnea obi yɛɛ saa wɔ sini bi a agye din mu a ɛnkyɛe ɛ. Enti ntease wom sɛ wɔbɛka sɛ sini betumi anya wo nneyɛe so nkɛntɛnso.

Nanso, mpɛn pii no, sini wɔ nkɛntɛnso kɛse. Sɛ nhwɛso no, so w’atipɛnfo no mu pii mmɔ mmɔden sɛ wɔbɛkasa, ahyɛ ntade, asiesie wɔn ho te sɛ nkurɔfo a wohu wɔn wɔ sini mu a wɔpɛ wɔn asɛm no? So eyi nyɛ sini nkɛntɛnso a emu yɛ den ho adanse? Tebea afoforo mu nso no, ɛda adi sɛ sini bɔne renya nkɛntɛnso bɔne wɔ mmofra su wɔ abrabɔ pa ho no so. Enti na nhwehwɛmufo Ɔbenfo Thomas Radecki ka sɛ sini a basabasa wom a wɔhwɛ kyɛ no “de basabasayɛ a wommu no hwee a enya nkɔso ba.”

Bible ka sɛ: “[Yehowa] sɔ ɔtreneeni hwɛ, na ɔbɔnefo ne nea ɔpɛ amim de, ne kra tan no.” (Dwom 11:5) So sini a basabasayɛ wom a wo bɛhwɛ daa no betumi anya su a wowɔ wɔ basabasayɛ ho no so nkɛntɛnso? So wubetumi afi ase abu basabasayɛ sɛ ɛyɛ agodi na ɛyɛ anigye mpo? Na so ebetumi ayɛ yiye mpo sɛ wubehu sɛ wotaa de ntɔkwaw di asɛnnennen ne akasakasa ho dwuma kɛse? Nokwarem na Mmebusɛm 10:23 ka sɛ: “Amumɔyɛ na ɔkwasea de di agoru.”​—New American Bible.

Na adwene a wowɔ wɔ abrabɔ pa ho sɛ Kristoni no nso ɛ? So sini mu ɔbarima ne ɔbea nna pii ne wɔn adagyaw so a woyi no bɛma woahu sɛnea mpenatwe yɛ bɔne ne nneɛma a ɛyɛ awerɛhow a ɛde ba no? So ebetumi asɛe ‘bɔne a wukyi’ no?​—Dwom 97:10.

Ɔkyerɛwfo Jane Burgess-Kohn ka abeawa bi a wɔfrɛ no Jeanie osuahu kyerɛ yɛn. Bere a Jeanie ne n’adamfo barima bi kɔhwɛɛ “sini a ɔbarima ne ɔbea nna pii wom” akyi no, ohui sɛ “wɔde wɔn ho” hyɛɛ agoru a ɛkɔ akyiri mu. Nanso wannyae wɔ hɔ. Jeanie ka sɛ: “Ɛyɛ me yaw sɛ meka sɛ saa anadwo no ɛyɛɛ mmerɛw sɛ wɔdaadaa me ma mede me ho hyɛɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu. Minhu nea esii a ɛmaa me werɛ fii me ho koraa no ara. Na mempɛ saa ɔbarima no mpo!”

Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ sini wɔ tumi a ebetumi anya wo koma, w’adwene ne wo suban so nkɛntɛnso. Enti so ɛnsɛ sɛ wo paw nea wohwɛ no mu? Asɛm bi a ɛbɛba akyiri yi bɛka eyi ho asɛm.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔ United States no, wɔmma obi a onnii mfe 17 nhwɛ sini biara a wɔde R ahyɛ no agyirae a ɛkyerɛ sɛ Amerika Sini Ho Adwuma Fekuw no mma mmofra nhwɛ (gye sɛ ne wofo anaa obi a ɔhwɛ no ka ne ho) Nea ɛwɔ sini a ɛte saa mu titiriw ne basabasayɛ pii, kasafĩ, anaasɛ ɔbarima ne ɔbea nna pii ne wɔn adagyaw so a woyi kyerɛ. Ɛtaa ba sɛ wɔnnhwɛ mma wonni anohyeto no so, na wɔma mmofra kwan ma wɔkɔhwɛ.

b Nhwehwɛmu bi a wɔabɔ ho amanneɛ wɔ Science News mu no da no adi sɛ nea nkurɔfo hwɛ no nya wɔn so nkɛntɛnso kɛse a sɛnea “ɛda adi sɛ nea woyi no yɛ atoro no mfa ho” bere dodow a ‘wɔde bata TV so dwumadi anaasɛ sini mu nipa bi ho no.’

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

“Wo werɛ mfi nneɛma ahorow a wuhui wom no da . . . Dodow a wudwen ho no, dodow no ara na wuhu sɛ wopɛ sɛ woyɛ nea wahwɛ no”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]

“Adanse ahorow pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ sini ne video mu dwumadi a basabasa wom ama wɔn a wɔhwɛ mu binom yɛ basabasa”

[Kratafa 10 mfoni]

Sɛ sini dwomfa wɔn a wɔhwɛ no a, wɔtaa kyerɛ anigye wɔ awudi, krɔnbɔ ne aguamammɔ ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena