Ka Yɛn Ho Ma Yenkyinkyin Chobe So
EFI SOUTH AFRICA NYAN! KYERƐWFO HƆ
ƐTETE ahyɛmma bi mu wɔ Chobe Asubɔnten no so wɔ South Africa mfinimfini. Yɛn ahomegye bere no mu ade titiriw no adu so. Na yɛte sɛ nsu no bɔ ahyɛmma no brɛoo bere a nkurɔfo reforo no. Mframa a ɛrebɔ no ma sare a ɛwɔ nsu no kɔn so no hinhim. Yɛn ani gye omununkum a ɛrebɔ yɛn ho ban afi Afrika owia a ano yɛ den no ho.
Jill a ɔyɛ ahɔhodan a ɛyɛɛ mpasetu yi ho nhyehyɛe dwumayeni panyin no ka sɛ: “Migye di sɛ asono no bɛnom nsu sɛnea wɔtaa yɛ awiabere biara no.” Yɛn nso yegye dii saa ara. Asono pii a ɛwɔ Chobe Asubɔnten no ho no ama agye din kɛse. Bɛyɛ asono 45,000 wɔ Botswana kusuu fam beae a ɛne Chobe Asubɔnten no bɔ ɔhye—beae a asono dodow a ɛsen biara wɔ wɔ South Africa. Jill ka sɛ, “nanso esiane sɛ nsu totɔe nkyɛe nti, bɛyɛ nnansa ni yennhuu asono ɛ.”
Nanso, nneɛma afoforo pii a ɛyɛ anigye wɔ Chobe Asubɔnten no ho. Yehu sɛ mpataa a wɔawuwu anan gu apaawa bi so wɔ ahyɛmma no mu. Rainford, yɛn Botswanani hyɛmma mu panyin no ka sɛ, “bere nyinaa yehu nsu so akɔre a wɔretwɛn sɛ wɔbɛtow mpataa agu nsu no mu.” So yebetumi atwa nnomaa yi mu biako a ɔrefa aduan no mfonini? Yɛn ani gyei kɛse bere a yehu nsrahwɛfo hyɛmma foforo a wɔfrɛ no Fish Eagle sɛ ɛretwam no. Wɔfrɛ yɛn hyɛmma no sɛ Mosi-Oa-Tunya, Afrika din bi ma Victoria Falls. Chobe Asubɔnten no bɔ Zambezi asukɛse no mu, na ɛkɔfa aworoe a agye din yi a efi ha kɔ hɔ bɛyɛ dɔnhwerew biako kwan no so.
Nokwarem no, Mosi no tui akyi bere tiaa bi a yɛhwɛɛ hwɛe bi mu no, yehuu asono. Nanso bere a yɛwɔ akyiri mpo no, wɔsan kɔ wura no mu. Sandy a ɔyɛ yɛn nsrahwɛ no ho kwankyerɛfo no ka sɛ: “Adapɛn abiɛsa ni no, na anka yehu ɔhaha pii.” Afei, yɛn adwene kɔɔ atwe asia bi a wogyinagyina nsu no kɔn so rehwɛ yɛn no so. Sɛ atwe yi hu afiri a, wɔtaa guan. Nanso Sandy ka sɛ: “Ɛte sɛ nea wonnsuro hyɛmma a esi nsu so no.”
Ankyɛ na osũ a ano yɛ den bi twaa mmorɔnoma sũ no mu. Anomaa bɛn ni? Sɛnea Owura Anthony Hall-Martin kyerɛkyerɛ mu wɔ Elephants of Africa nhoma no mu no, eyi yɛ “Afrika nsu so ɔkɔre sũ soronko a wɔte daa wɔ Chobe Asubɔnten” no ho no. Nnomaa fɛfɛ yi anan sisi nnua bi a ɛsã nsu no ho so rehwɛ yɛn. Bere a Sandy tow apataa biako to nsu no mu no, ntɛm ara yɛyɛ yɛn mfiri a yɛde twa mfonini no krado. Bere anomaa a odi kan no hu sɛnkyerɛnne no, ofi beae a osi hɔ tu ba yɛn nkyɛn. Afei, yɛte sɛ ade bi abɔ nsu no mu bere a anomaa no awerɔw so apataa no mu denneennen no. Afei, ɔbɔ ne ntaban akɛse no mu ma ne ho so fi nsu no so na ɔteɛm anigye mu—WHOW-kayow-kwow. Ɔkɔre no aniwa, awerɔw, nne ne ntaban a n’adwene ketewaa kyerɛ kwan ma ne nyinaa bom yɛ adwuma no ma yɛn ho dwiriw yɛn. Hyɛmma no mu yɛ dinn a mfiri a wɔde twa mfonini nnyigyei nkutoo na wɔte bere a adeyɛ a ɛyɛ anigye yi toa so mpɛn abiɛsa no.
Bere a hyɛmma no rekɔ no, yehu asono 26, a wɔn mma ka ho sɛ wɔredi agoru wɔ nsu no mu. Wɔn hwɛ ma yɛkae Bruce Aiken nsɛm a ɛwɔ ne nhoma The Lions and Elephants of the Chobe mu yi: “Sɛ mpanyimfo no dwudwo wɔn nsukɔm ano wie a, wɔde wɔn mfare twe nsu wiriduduudu no puw gu wɔn ho. Wɔn mu bi, titiriw no wɔn a wonnyinyinii pii ne mmarima no dɔ asukɔ guare na womunumunum a mpɛn pii no wɔn mfare ano nkutoo na epue na wɔahome afa hɔ. Nanso, wɔn mu biara ani nnye te sɛ wɔn mma no. Eyi yɛ agoru bere mfiase, na wɔkɔ so huruhuruw na wɔtaa wɔn ho wɔn ho . . . Sɛ wɔnom nsu wie a, na bere aso ama adeyɛ a edi hɔ a akyinnye biara nni ho sɛ wɔpɛ yiye no, dontori aguare. . . . Ɛnkyɛ koraa na mmea mpanyimfo a wɔsɛe agoru a wɔn nyinaa tie wɔn no ma ɛda adi sɛ bere aso sɛ wɔkɔ.”
Nea ɛyɛ awerɛhow no, yɛn hyɛmma a ɛtoa so abien no ma “mmea a wɔsɛe agoru” no suro na wɔma wɔkɔ nanso ná yɛatwitwa mfonini ahorow awie.
Ade nsae ɛ, na Chobe Asubɔnten no wɔ anwonwade afoforo. Esiane tutuw a efi Kalahari Anhweatam a atwa hɔ ho ahyia so no nti, sɛ wohwɛ owitɔe wɔ nsu no so a ɛyɛ fɛ yiye. Anwummere nso ne bere a susono anihafo no kanyan wɔn ho na wɔafi nsu no mu akɔ wɔn anadwo anigye adidi no. Ɛha no, ahobammɔ a yɛn hyɛmma no ma yenya no na ɛboaa yɛn. Rainford ka sɛ: “Wubetumi abɛn susono pɛɛ nanso ɔremmɔ hu.”
Nnyigyei ahorow a ɛte sɛ nkorɔm a emu duru ma ɛda adi sɛ yɛadu susono tare a ɛwɔ supɔw bi a ɛwɔ asubɔnten no mu no ho. Susono a wɔhyehyɛ nsu no ase yiyi wɔn ti akɛse no miako miako twa yɛn ho nyinaa hyia. Mpofirim, susono abien de anibere tua wɔn ho wɔn ho a wɔabue wɔn anom—ano a emu sõ araa ma ɔdesani betumi akotow mu. Afei, susono foforo fi ɔtare bi a emu nnɔ a ɛbɛn supɔw no mu nantew ba yɛn nkyɛn tẽẽ—ɔbɛn yɛn pɛɛ araa ma ne kɛse no kata yɛn afiri a yɛde twa mfonini no ahwehwɛ anim nyinaa. Bere a odu beae a nsu no mu dɔ no, ne ti hyɛn mu na ɛka n’akyi tɛtrɛɛ a ɛkyerɛ soro no. Afei, aboa kɛse no gyaw mframa mu na ɔdɔ asukɔ.
Yɛn ho dwiriw yɛn bere a yɛtee sɛ ɛwom sɛ susono mu duru bɛyɛ sɛ tɔn anan de, nanso ne ho yɛ hare pii wɔ nsu mu no. Bradley Smith ka wɔ ne nhoma The Life of the Hippopotamus no mu sɛ: “Wɔ ne mu a ɛyɛ duru nyinaa akyi no, otumi guare ahoɔhare so sen mpataa pii, na wɔtaa hu no wɔ nsu a emu tew mu sɛ onni ase pii a ɔde ahoɔhare reguare.” Anaasɛ sɛ susono pɛ a, wɔde wɔn anan a ɛwɔ ahoɔden no di ahurusi wɔ asubɔnten a emu dɔ ho. Ɛte sɛnea onipa Bɔfo ka no ara pɛ:
“Hwɛ susono a meyɛɛ no ne wo, wura na odi sɛ nantwi. Hwɛ ne tumi a ɛwɔ n’asen mu ne n’ahoɔden a ɛwɔ ne yafunu ntini mu. Hwɛ, asu ano yɛ den mpo a, ne ho mpopo; sɛ Yordan [Asubɔnten] bu ba n’ano po a, ne bo da ne yam ara.” (Hiob 40:15, 16, 23, Reference Bible, ase hɔ asɛm) Esiane sɛ “ahoɔden” ho nhwɛso ahorow a ɛyɛ hu atwa yɛn ho ahyia nti, yehu sɛnea ehia sɛ yɛde obu ma Onii a ɔbɔɔ wɔn no. Yehowa Nyankopɔn bisa yɛn sɛ: “So wobetumi akyere no anikan, na wɔde afiri hwirew ne hwenem?” de kae yɛn sintɔ a yɛwɔ sɛ adesamma no.—Hiob 40:24.
Esiane sɛ yɛrehwɛ owitɔe a ɛyɛ fɛ ne susono no nti, bere a ná ɛsɛ sɛ yɛn hyɛmma no san n’akyi no ná yɛmpɛ sɛ yɛkɔ. Akyiri yi, bere a ná yɛwɔ yɛn ɔsese a ɛwɔ nsu no ho a wɔakuru so ase no, yɛde ahodwiriw hwɛɛ ɔsoro a adan afasebiri ne akokɔsrade a ná su yi agyigye wɔ nsu no mu no. Yedwen nneɛma a ɛyɛ anigye a yɛahu na yɛate no ho. Sandy ka kyerɛ yɛn sɛ: “Sɛ mopɛ sɛ mo bɛn mmoa no pɛɛ a, ɛsɛ sɛ mofa hyɛmma ketewa.” Yetiee n’afotu no na yɛfaa biako ɛda a edi hɔ no ara.
Saa bere yi de yetumi bɛn mmoa no pɛɛ, gye sɛ susono a wɔn ho yɛ hu no, na yetumi so wura ne sukooko no mu mpo. Yɛhwɛɛ nyankoroma a wɔn ho ntokontramma a wɔhow nsu no so dinn rehwehwɛ mpataa nketewa no. Nnomaa afoforo a wɔn ho yɛ fɛ nso tu faa yɛn ho, nyankoromma a wɔn ho yɛ nnodowee, abobonnua ne asomfana. Afei, nnomaa akɛse a wɔwɔ nsu no supɔw ahorow so no nso wɔ hɔ—nsunomaa, nsum dabodabo, asukɔnkɔn ne afoforo. Yetwam faa dua bi a esi nsu no mu ho a nnommaa yi bi sisi so.
Awiei koraa no, yeduu beae a yehuu asono kuw no. Saa bere yi de yehuu sonobarima biako pɛ a wansuro yɛn na ɔkɔɔ so nom nsu na odidi. Afei, bere a yefii ase sɛ yɛrekɔ no, ɛna biako ne ne mma abien pue fii wura no mu mpofirim. Ohuu yɛn no ogyinae. Yɛyɛɛ komm twɛnee. So ɔbɛba anaasɛ ɔremma? Yɛn ani gyei sɛ wansuro sɛ ɔde ne mma no bɛbɛn yɛn. Adehu bɛn ara ni sɛ yɛhwɛɛ ɛnã, abofra ne aketewa a wɔde mmirika ba yɛn nkyɛn!
Aiken ka agyata ne asono ho asɛm bio wɔ ne nhoma no mu sɛ: “Ɛyɛ mmerɛw sɛ da biara da wubehu sɛnea nsukɔm de mmoa akɛse yi . . . bere a wowie ɔkwan tenten a wɔde ba nsu no ho no. Kuw no de ahoɔden nantew ntɛmntɛm sɛnea wobetumi, na wopue fi wura no mu na wɔkɔ beae a wɔbɛnom nsu no hɔ tẽe, ɛtaa ba sɛ bɛyɛ abasafã aduonum anaa ɔha a etwa to no, wɔte nsu a ɛma nkwa yi hua na wotu mmirika ba ho.” Nokwarem no, yɛde ahodwiriw hwɛɛ bere a wɔn abiɛsa no sã so renom nsu ná ketewa no gyina mfinimfini a wɔrebɔ no ho ban no. Nanso ade resã na na ɛsɛ sɛ yɛsan yɛn akyi ansa na sum aduru.
Wɔ asono akyi no, yehuu ɛko, adɛnkyɛm, atwe, nkontromfi ne kɔkɔte. Yenyaa obu kɛse maa Onii a ɔbɔɔ mmoa ahorow na ɔde wɔn agu beae fɛfɛ yi no. Sɛ ɔpɛ si a, nnommaa ne ntɔteboa pii ba nsu no ho, na wotumi hu agyata, asebɔ ne abɛnkoro mpo.
Ebia wommɛn Afrika beae a ɛwɔ akyirikyiri yi de, nanso yɛwɔ anidaso sɛ yɛn ho a wokae wɔ yɛn kyin yi mu nti, woate nneɛma a ɛyɛ fɛ a wɔn a wɔkɔ Chobe ho kohu no ho asɛm.
[Kratafa 18 mfoni fibea]
All wood engravings: Animals: 1419 Copyright-Free Illustrations of Mammals, Birds, Fish, Insects, etc. by Jim Harter