Nnwonto Adwuma A Ɛde Daa Anigye Ba
WƆ M’ASETRA mfiase pɛɛ no, mihyiraa me ho so maa nnwonto adwuma. Ankyɛ na mebɛyɛɛ obi a ɔto fado nnwom wɔ Lisbon. Eyi yɛ Portugal anigyina nnwom titiriw bi. Bere tiaa bi mu no, na me to nnwom wɔ Portugal nkurow afoforo mu, ne afei ɔman no radio dwumadibea titiriw, Emissora Nacional hɔ nso.
Afei nea ɔyɛ me nnwonto ho nhyehyɛe no ma yɛkɔsraa Spain, a na nkurow a yɛkɔɔ so mu bi ne Madrid, Barcelona, Zaragoza ne Bilbao. Metoo nnwom wɔ Franse akyi no, midii bɛboro mfe abien wɔ Angola, Afrika. Ɛhɔ no, metoo nnwom wɔ nkurow pii so, na wɔ 1972 mu no, wɔpaw me sɛ “Fado Hemmaa.”
Nanso esiane sɛ me nne kɔ soro yiye nti, classical nnwom titiriw na ná m’ani gye ho. Enti mesan kɔɔ Lisbon no, mifii ase suaa saa nnwonto yi ho ade. Nanso, ɛwom sɛ na me de me ho nyinaa ama me nnwonto adwuma no de, nanso na m’ani nnye ankasa. Na honhom fam nneɛma ho kɔm de me. Mepɛe sɛ mete nka sɛ mebɛn Onyankopɔn, nanso na minhu ɔkwan a mɛfa so abɛn no.
Wɔ 1973 mu no, mekɔɔ nnwonto ɔsatu wɔ Brazil. Anwummere bi, wɔ TV so dwumadi bi a yɛkɔyɛe akyi no, wɔtoo pon maa yɛn nnwontofo no. Ankyɛ na nea ɔyɛ me nnwonto wɔ Brazil ho nhyehyɛe no yere ma yɛkyerɛɛ yɛn adwene wɔ asetra ne wiase tebea horow a asɛe no ho. M’ani gyee sɛnea ɔde ahotoso kaa pefee sɛ Onyankopɔn wɔ ano aduru bi a ɛsɛ sɛ yesusuw ho no ho. Mekae sɛ mewɔ Onyankopɔn mu gyidi. Ansa na ade resa no, ofi ayamye mu maa me nhoma a wɔato din sɛ Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Akyiri yi ansa na mihui sɛ na ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako.
Me Dwom a Etwa To
Ɛno akyi bere tiaa bi no, mesan kɔɔ Portugal kɔyɛɛ me dwom a ɛto so abiɛsa, a na mewɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ mɛsan akɔ Brazil akɔtoa me nsrahwɛ no so. Na minnim sɛ eyi na ɛbɛyɛ me dwom a etwa to.
Bere a mewɔ Lisbon no, ababaa bi baa me fi na ofii ase kaa nhyira horow a Onyankopɔn Ahenni nniso de bɛba asase yi so ho asɛm kyerɛɛ me. Bere a ɔrekenkan nsakrae pa a ɛyɛ anigye a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn a wɔn kɔn dɔ adetrenee bɔ yi fi Bible mu no, mitiei yiye.
Nea na meretie no nyaa me so nkɛntɛnso kɛse. Na mehwehwɛ tebea horow a ofi Bible no mu ka ho asɛm no. Na ɛyɛ awerɛkyekye ma me, efisɛ ɛwom sɛ na meda so yɛ ababaa de, nanso na magyaa me kunu efisɛ na odi ɔbea foforo akyi.
Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ ɛno akyi no ababaa yi de nhoma koro a na magye bi wɔ Brazil no bi kyerɛɛ me! Nkɔmmɔbɔ a edii akyi no ma mihui sɛ biribi wɔ hɔ a ɛsom bo wɔ asetram sen abodin anaasɛ ahonya. Na masi me bo sɛ mesua bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa a ɛwɔ Bible mu no ho ade.
Gyinaesi Kɛse
Na Bible a misua no dapɛn biara no yɛ osuahu a ɛyɛ anigye pii. Ntɛm ara na mifii ase ne me Bɔfo Yehowa Nyankopɔn nyaa abusuabɔ a emu yɛ den.
Nokwarem no, mihyiaa sɔhwɛ bere a misii gyinae sɛ megyae m’adwuma sɛ odwontofo a ɛma minya sika no. Mihyiaa nhyɛso pii sɛ mensan nkɔ Brazil. Wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ anka menkɔto nnwom wɔ Porto a ɛwɔ Portugal kusuu fam. Adwene a na ɛwɔ akyi ne sɛ, sɛ wɔma mifi Lisbon a, masesa m’adwene na matoa me nnwonto adwuma no so.
Nanso, na masi me gyinae dedaw. Misii gyinae sɛ mɛkɔ Franse akɔtra me nuabea ɔwarefo bi nkyɛn na ama made me ho koraa afi sɔhwɛ biara a ɛbɛma masan akɔyɛ agodi adwuma no bio no ho. Nanso nea ɛbae ne sɛ ɔne ne kunu nyinaa sɔre tiaa me gyidi foforo a manya no denneennen. Na wɔmma menyɛ me dapɛn biara adesua no mpo wɔ wɔn fi. Eyi ammu m’abaw mu, nti mitwaa kwan a me kɔ ne me ba nyinaa yɛ akwansin 20, na matumi ayɛ m’adesua no. Awiei koraa no wɔkae sɛ mimfi wɔn fi.
Esiane sɛ na mente obiara nkyɛn nti, ɔbea defo bi faa me wɔ n’adwuma mu. Na wayɛ asram abiɛsa a ɔde begye n’ahome wɔ supɔw bi a ɛyɛ n’ankasa de so wɔ Greece, na ɔkae sɛ me ne no nkɔ. Nanso mihuu asiane a sɛ metwe me ho fi Yehowa nkurɔfo ho a ebetumi aba no, enti mankɔ.
Mmom no, saa ahohuru bere no mu no, mekɔɔ 1974 mu Yehowa Adansefo Portuguese kasa mu ɔmantam nhyiam wɔ Toulouse, Franse. Nnipa bɛboro 12,000 na wɔkɔe. Ɛhɔ na wɔbɔɔ me asu sɛ m’ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne. Ɛno ne me nhyiam a edi kan, na nea ɛyɛ anigye no, ɛne nhyiam a etwa to a Portuguesefo Adansefo no yɛe wɔ amannɔne esiane sɛ wɔbaraa wɔn nhyiam akɛse a wɔbɛyɛ wɔ Portugal no nti. Wɔ saa afe no akyi no, wɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnyɛ wɔn nhyiam horow wɔ Portugal.
Adwuma Foforo
Ɔsram biako a wɔde yɛɛ nnwuma a edi nhyiam anim wɔ Toulouse no nyaa me so nkɛntɛnso kɛse. Hwɛ hokwan ara a ɛyɛ sɛ wo ne anuanom a wɔn ho yɛ den wɔ gyidi mu na wɔakura wɔn mudi mu mfe pii wɔ Salazar atirimɔden nniso no ase wɔ Portugal bedi nkitaho da biara!
Nea efii ayɔnkofa a emu yɛ den a me ne wɔn a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma no mu nyae mu bae ne sɛ, ɛma minyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ mɛyɛ bere nyinaa somfo te sɛ wɔn. Enti, m’asubɔ akyi asram asia no, mifii saa ɔsom adwuma no ase wɔ Portugal. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔmaa me dwumadi titiriw bi. Na hena na wɔde no bɛka me ho? Maria Eulalia da Luz, Ɔdansefo a ɔde Nokware nhoma no maa me wɔ Lisbon no ara!
Ɔman Anidan Asasesin
Na yɛn dwumadi titiriw a edi kan no wɔ Portugal kesee fam. Na Komunistfo Ɔmanyɔkuw na adi ɔmansin yi so fi 1974 mu ɔman anidan no akyi. Na basabasayɛ wɔ nkurow nketewa a yɛkaa asɛm wom wɔ Baixo Alentejo ɔmansin mu no mu. Ankyɛ na yɛbɛyɛɛ ɔsɔretia a emu yɛ den botae.
Mmarima taa totow abo bobɔ yɛn fie a yɛafɛm de bɔɔ mmɔden sɛ wɔde bebu yɛn abaw mu, mpɛn pii no, na eyi mma yentumi nna. Ɛno akyi no, wɔtow ɔtopae de buu krado a ɛda abɔnten pon no mu no. Ɛyɛ nwonwa sɛ ɔbarima bi a na ɔsɔre tia yɛn adwuma no hui sɛ enye sɛ yɛn nkutoo bɛtra, na ɔfɛm yɛn ofi a eye sen kan de no. Da koro bi a yenni hɔ no, asɔretiafo bubuu yɛn abonten pon. Hwɛ sɛnea yɛn ho dwiriw yɛn sɛ bere a yɛbae no, na yɛn fiewura foforo no rewɛn ofi no! Yɛdaa Yehowa ase wɔ N’ahobammɔ no ho.—Dwom 145:18, 19.
Wɔ ɔsɔretia yi nyinaa akyi no, adwuma a yɛyɛɛ wɔ hɔ no sow aba pii. Eduu bere a yɛrefi hɔ no, yɛn ani gyei sɛ ná wɔahyehyɛ Yehowa Adansefo asafo foforo abien wɔ hɔ a emu biara wɔ Ahenni Asa fɛfɛ.
Asɛnnennen Ankasa
Wɔ 1977 mu no, woyii yɛn kɔɔ Madeira Supɔw ahorow no so. Ɛwom sɛ asase a ɔhyew nni so pii yi hwɛbea yɛ ahomeka de, nanso yehui sɛ yɛahyia mmepɔw a ɛma ɔhonam mu ɔbrɛ ankasa.
Wɔ adwuma yi mu no, na nnipa a yehyia wɔn no nnyɛe ne dedaw no mufo de bɔ abira tẽẽ. Wɔsom “akronkronfo.” Nnipa no mu pii nnim nhoma, na gyidi hunu wɔ wɔn asetra so nkɛntɛnso kɛse. Na yehu honhom mu “nnesoa duruduru” nkɛntɛnso ahorow a atoro nyamesom akannifo de ato nnipa no mmati so no ankasa. Eyi ma yenyaa tumi bi sɛ ɔkwan biara so no, yɛbɛma nnipa a wɔayɛ “adwuma abrɛ” yi anya ahotɔ ama wɔn akra.—Mateo 11:28, 29; 23:4.
Nkurɔfo taa ka sɛ esiane sɛ wɔyɛ Katolekfo nti, wonhia hwee wɔ yɛn nkyɛn. Ɛyɛ a mibisa sɛ wɔda so bɔ “Yɛn Agya a ɔwɔ soro” mpae a ɛyɛ nwonwa no anaa. Sɛ wɔka sɛ yiw a, meka sɛnea yɛn nyinaa hwehwɛ sɛ Onyankopɔn apɛde nyɛ wɔ asase so no ho asɛm, efisɛ nnipa ntumi nyɛ biribi pa biara nnansa yi. Sɛ wɔne me yɛ adwene a, mibisa wɔn nea ɛyɛ Onyankopɔn apɛde ma yɛn no. Mpɛn pii no eyi ma wotie, na adamfofa kwan so nkɔmmɔbɔ kɔ so.
Da koro bi a me ne ɔbea bi a wakyerɛ Ahenni nkrasɛm no mu anigye rekasa no, nsraman tow twaa me ho nyinaa hyiae ma mebɔɔ piriw. Ɔbarima a ohunahuna me yi yɛ ɔbea onigyefo no babarima bi a ɔyɛ obufufafo. Ɔde abufuw tow nhoma bi dwiraa m’anan. Ohimaa ɔsosɔw a wɔde twa kwadu sɛ ɔde bekum me, ɔmaa so wɔ me ti so. Mpofirim no, ɔbarima foforo bi a ne nkutoo ne onipa a obu no na osuro no fii akwadu no mu bae. Ɔde nne a tumi wom teɛm sɛ: “Dɛn na woreyɛ yi?” na amma ɔbarima kekã no antow anhyɛ me so.
Wɔ mmere horow abien foforo mu wɔ beae yi no, me nkwa baa asiane mu, na emu biara no, mihuu Yehowa ahobammɔ nsa wɔ me so. (Dwom 68:19, 20) Nokwarem no, ɛda adi sɛ wotiee Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no wɔ asasesin yi mu yiye, na bere a yefii hɔ no, na nnipa pii kɔ yɛn nhyiam horow.
Wɔ beae foforo wɔ Madeira Supɔw no so no, mifii ase ne ɔbea bi a ne kunu mpɛ yɛn asɛm suaa Bible. Nanso na ɔwɔ obu kɛse ma Bible no. Na ɔyɛ abodootofo a ɔyɛ adwuma anadwo na sɛ onyan a ɔwɛn n’aso tie yɛn dapɛn biara adesua no a yennim. N’anigye yɛɛ kɛse wɔ adesua biara akyi, nanso na n’adwenem yɛ no nãã wɔ Onyankopɔn din Yehowa no ho.
Ɔpɛe sɛ ɔyɛ asɛm yi mu nhwehwɛmu wɔ n’ankasa Bible mu, nanso ná onhu Bible no. Na ɔpɛ sɛ ohu nokware a ɛfa Onyankopɔn din no ho, na na ɔhwehwɛ n’ankasa “Bible dedaw a ɛyɛ nokware” no na ɔde ahu asɛm no mu. Ankyɛ biara, wɔ abodooto dan no mu a ɔprapraee yiye akyi no, ohuu ne Bible a ɛsom bo no. Ɔde ahopere hwehwɛɛ kyerɛw nsɛm pii, na na ɛyɛ nokware. Akyinnye biara nni ho, Onyankopɔn ankasa din ne Yehowa ampa! (Dwom 83:18) Bere tiaa bi mu no, onyaa nkɔanim ntɛmntɛm na ɔbɔɔ asu. Ɛnnɛ ɔde nokwaredi resom wɔ asafo no mu.
Mprempren Adwuma
Mprempren meresom wɔ Portugal kusuu fam wɔ Braga. Bɛyɛ bere tenten ni no, ɛha ayɛ nyamesom asoɛe a Katolekfo asɔredan bi a agye din ne sukuupɔn wɔ. Nanso hena na na osusuw sɛ mmere bi bɛba a asɔre ahorow mu nnipa no dodow so behuan? Nanso eyi rekɔ so.
Yehyia nnipa pii a wogye adannandi di, a wɔkyerɛ sɛ wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ anaasɛ dabi no mfa wɔn ho. Nhoma Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? a ne nokware ahorow no gyina adebɔ akyi no yɛ adwinnade a tumi wom a eburuw “adwene ne ade biara a ɛkorɔn a wɔama so ne Onyankopɔn nimdeɛ di asi.”—2 Korintofo 10:5.
Adwuma a Eye Sen Biara
Sɛ mesan hwɛ mfe 15 a atwam no a, mihu yiye sɛ mepaw adwuma a eye sen biara sɛ mamfa me nne annye nkurɔfo ani, na mmom sɛ mede bɛka Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa ho asɛm. Ɔfrɛ a ɔdɔ wom sɛ obi mfa ne nne nka “asɛmpa” no fi Yehowa ankasa hɔ ma obiara a obetie.—Mateo 24:14; Romafo 10:13-15.
Hwɛ hokwan kɛse a wɔde ama yɛn sɛ yɛmmɔ mmɔden nnu wɔn a wɔabrɛ na wɔasoa wɔn nnesoa no komam, na yɛnhyɛ wɔn nkuran sɛ ‘wommegye nkwa nsu kwa’! (Adiyisɛm 22:17) Ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm mu nkrasɛm no na ɛka ahobrɛasefo koma. Me ne me bere nyinaa som mu yɔnko no te nka sɛ ɛyɛ hokwan ma yɛn sɛ yɛbɛkɔ so de yɛn nne adi dwuma de ayi Onyankopɔn ayɛ na ɛde daa nhyira abrɛ afoforo mmom sen sɛ yɛde bɛhwehwɛ abodin anaa ahonyade.
Mete nka sɛ “nnwonto adwuma” a meyɛ mprempren no sen me kan nnwonto adwuma no koraa, efisɛ mereyɛ nea odwontofo no kae no: “Monto dwom mma [Yehowa], munnhyira ne din, monka ne nkwagye da biara da.” (Dwom 96:2)—Sɛnea Madalena Ferraz Martins ka kyerɛe
[Kratafa 27 mfoni]
Madalena Ferraz Martins ne ne bere nyinaa som mu yɔnko, Maria Eulalia da Luz