Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 5/8 kr. 29-30
  • Wiase Bi A Nsumpii Ahyɛ Mu Ma?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Bi A Nsumpii Ahyɛ Mu Ma?
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛnnennen no Yɛ Aniberesɛm Dɛn?
  • Anidaso Bi Wɔ Hɔ?
  • Sɛnea Wobɛbɔ Wo Ho Ban
  • Nkɔmmɔbɔ Asɛmti
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1995
  • Yehowa Di Ne Nkurɔfo Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Muntie Mo Mpanyimfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Nyan!—1991
g91 5/8 kr. 29-30

Wiase Bi A Nsumpii Ahyɛ Mu Ma?

NSAKRAE ahorow a na wɔnte ase baa U.S. sraani panyin bi nipasu mu mpofirim. Ne so tewee nkaribo 30, na na ontumi nna. Ne yere mogya so tewee na ɔyɛɛ hoaa. Dɛn na na ɛrekɔ so? Adidi nkankyee a wɔtɔe wɔ ɔman foforo bi so no mu ntrom yiye. Na na ɛma nsumpii kɔ awarefo no aduan mu.

Bio nso, ná ɛkame ayɛ sɛ akokoa bi a ɔyɛ ɔbea ntumi nnyin papa na na odidi a ɛnkɔ ne no yiye. Dɛn ntia? Na nsumpii wɔ ne fie hɔ nsu no mu. Na nsumpii a efi fam wɔ abarimaa bi a wadi mfe abien afikyiri akɔ ne mu. Na ngo a wɔde gugu mfiri mu wusiw a efi lɔre kwan bi a ɛbɛn hɔ so no ama nsumpii akɔ dɔte no mu.

Asɛnnennen no Yɛ Aniberesɛm Dɛn?

Mfehaha pii ni a onipa ahu sɛ nsumpii yɛ awuduru. Abakɔsɛm akyerɛwfo binom susuw mpo sɛ nsumpii ka ho bi na Roman ahemman no hwee ase. Ebia nsumpii a Romafo no taa de dii dwuma wɔ wɔn nsãhina, anwenne, nneɛma a wɔnoa mu nnuan, srade a wɔsra, na ne titiriw no, wɔn bobesa mu no ma wonyaa nipadua ne adwenem nyarewa.

Na nnɛ nso ɛ? Oduruyɛfo Donald Louria ma mmuae wɔ Cecil Texbook of Medicine mu sɛ: “Wɔ ɔkwan bi so no nsumpii akɔ yɛn nyinaa mu.” Nsumpii wɔ nnipa a wɔtete nkurow a wɔyɛ mfiridwuma wom no nipadua mu mpɛn ɔha sen wɔn a wɔtraa ase ansa mfiridwuma reba no. Nanso, nnuruyɛfo ka kyerɛɛ Nyan! sɛ ɛde besi nnɛ no wontumi mma ɛnnaa adi sɛ ɛno nti na nyarewa abu so saa no ɛ.

Mmofra titiriw na nsumpii yɛ asiane ma wɔn. Ɛkɔ wɔn mu ntɛmntɛm sen mpanyimfo, na ebetumi asɛe wɔn adwene dwumadi koraa. Sɛ nhwɛso no, afe biara nsumpii a ɛkɔ nipadua mu no betumi abrɛ Amerikafo mma 140,000 adwene ase bɛyɛ wɔn IQ mu nkyem anum.

Nsumpii akɔ afi ɔpepem pii nsu a wɔnom mu ntɛmntɛm, efisɛ na nsumpii nnorobɛn na wɔtaa de di dwuma kosi 1940 mfe no mu. Na nsumpii fra dade a wɔde sɔw awowa nnorobɛn a wɔde adi dwuma fi saa bere no mpo mu, ɛwom sɛ nnansa yi, wɔ mmeae bi no wɔahyɛ mmara sɛ wɔmfa dade a nsumpii nnim nni dwuma. Wɔahu sɛ asuti a ɛwɔ sukuu ne dwumadibea ahorow yɛ nsumpii fibea. Sɛ mo hɔ nsu tumi we nnade a, ɛbɛhohoro nsumpii afra mu, na afa ɔdorobɛn mu abegu wo kuruwa mu.

Nsumpii wɔ dɔte ne tutuw nso mu. Akado a wɔayam no muhumuhu ne nsumpii a wɔnan yiyi mu nso ka ho bi. Na nea ɛdɔɔso wom ne ngo a wɔde gugu mfiri mu. Wɔ 1920 mfe no mu no, na wɔde nsumpii fra ngo mu na mfiri no ammobɔ. Enti kar ne nnwumayɛbea apuw nsumpii tɔn pii agu mframa mu na afra yɛn okyinsoroma yi dɔte ne ntutuw mu. Tutuw a nsumpii wom betumi abegu yɛn nnuan bi mu mpo.

Anidaso Bi Wɔ Hɔ?

Wɔ 1960 ne 1970 mfe no mu no, wɔbɔɔ nsumpii asiane no ho kɔkɔ pii, na efi saa bere no wɔayɛ nsakrae ahorow a ɛho hia. Wɔatew nsumpii a wɔde fra akado mu no so koraa. Aman pii abrɛ nsumpii a wɔde fra ngo mu no ase​—nneɛma a eye afi mu aba. Sɛ nhwɛso no, wɔ United States no, nsumpii a ɛwɔ nnipa mogya mu no kɔɔ fam, sɛ wɔkyekyɛ mu a, bɛboro nkyem abiɛsa mu biako. Wɔ Europa no, wɔaka sɛ ebedu afe 2000 no, wɔmfa nsumpii mfra ngo a wɔde gugu mfiri mu no mu koraa.

Esiane nsakrae ahorow yi nti, nsumpii a ɛkɔ nipadua mu ho amanneɛbɔ no so atew. Ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so suro? Efisɛ mprempren nyansahufo ahu sɛ nsumpii dodow a wɔkae bere bi sɛ asiane nnim no yɛ asiane. Na onipa nnyaee nsumpii a ɔde gu mframa mu no ɛ. FDA Consumer fa nnansa yi ara amanneɛbɔ bi kã sɛ onipa kɔ so de nsumpii tɔn 400,000 gu mframa mu afe biara.

Na daakye nso ɛ? So onipa bɛkɔ so de nsumpii asra wiase no? Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, yentumi mfa abasamtu ntwɛn ɔdesani sɛ onsiesie nea wasɛe no wɔ asase so no. Onipa Bɔfo a wotumi de ho to no so bere nyinaa no hyɛ bɔ sɛ ɔbɛsɛe “wɔn a wɔsɛe asase no.”​—Adiyisɛm 11:18.

Na mprempren yi nso ɛ? Akwan bɛn so na wubetumi abɔ wo ne w’abusua ho ban?

Sɛnea Wobɛbɔ Wo Ho Ban

Nsu: Sɛ wo wɔ adanse ahorow a edi mu a enti ɛsɛ sɛ wohwɛ wo nsu yiye a, ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔhwehwɛ mu. Sɛ wo fi ɔdorobɛn de nsumpii gu nsu no mu a, sɔnee titiriw bi ho behia na wɔde ayi afi mu. Nea wɔfrɛ no standard charcoal sɔnee no ntumi nyi nsumpii. Wubetumi ama nsumpii a ɛwɔ nsu no mu no so atew denam nsu no a wobɛma asen kakraa no so, ne titiriw no bere a agyina ɔdorobɛn no mu akyɛ kakra no. Nnom nsuɔhyew a efi ɔdorobɛn mu no anaa mfa nnoa aduan, efisɛ nsumpii pii wom.

Aduan: Sɛ wɔanto anwenne a ɛto yɛ nsumpii no yiye a, ɛyɛ asiane. Esiane sɛ aman pii nni mmara biara wɔ wɔn abobɔde a wɔnwene ho nti, sɛ woretɔ anwenne afi hɔ a, hwehwɛ mu yiye. Sɛ wɔkora nnuan so wɔ anwenne mu a ɛyɛ asiane sen sɛ wobedidi mu efisɛ ɛkyɛ ansa na nsumpii pii asɔn agu biribi mu. Sɛ wususuw sɛ nsumpii fra anwenne bi mu a, wubetumi de asiesie ɔpon so ara kwa na ɛnyɛ nea wɔkora aduan so wom.

Nnuaba ne nnuadewa a wɔhohoro ho no yi nsumpii tutuw a ayɛ ho no fã. Na aduanpa yɛ ahobammɔ kwan foforo. Aduanpa ma zinc, iron ne calcium a ehia, na ɛtew nsumpii a ɛkɔ nipadua no mu no so. Hwɛ yiye na wo mma ammfa nneɛma a wɔde nsumpii ayɛ te sɛ abaduaba ne akado a wɔayam no muhumuhu anhyehyɛ wɔn anom. Ɛnsɛ sɛ wodi agoru wɔ mmeae a wobetumi ahome nsumpii tutuw.

Enti, bere a yɛretwɛn nsumpii ho asɛnnennen no ano aduru a ɛbɛtra hɔ daa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, akwan horow bi wɔ hɔ a yebetumi afa so abɔ yɛn ho ban.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena