“Ɛnyɛ Me Mfomso!”—Anoyi Mmere
KUNKORONN! Abofra Johnny maame tu mmirika kɔ mukaase hɔ kɔhwɛ nea ɛde dede no bae no. Na mpaanoo kuruwa no abɔ na egu fam hɔ. Johnny gyina hɔ a wammoa paanoo wɔ ne nsam, nanso bere koro no ara mu no ɔbɔ mmɔden yɛ ne ho sɛ ɔnyɛɛ hwee. Ɔka sɛ: “Ɛnyɛ me mfomso!”
AWOFO nim yiye sɛ ɛyɛ den ma mmofra sɛ wobegye wɔn ankasa mfomso ahorow atom. Nanso nnɛyi mpanyimfo nso te saa ara. Ɛte sɛ nea nnipa pii gye di sɛ wɔn ankasa akɔnnɔ ano dwudwo yɛ nea ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ wobetumi ako atia.
Fa ɔbarima bi a ɔtoo ɔbea bi mmonnaa mprɛnsa asɛm no sɛ nhwɛso. Bere a wɔredi n’asɛm no, ɔkae sɛ ne ho nsu na ɛhaw no; ne ho nsu a ɛdɔɔso no ma onya akɔnnɔ a emu yɛ den. Wɔma ɔfaa ne ho dii. Amansɛmdifo bi a wɔkyeree no sɛ wadi atoro no kae sɛ na wabow. Wɔmaa obi a ɔde nnubɔne di sum ase gua faa ne ho dii, bere a ɔkae sɛ “ɔyare bi a ɛmma ontumi nyae nnubɔnenom” na ɛhaw no no.
Sɛnea U.S. News & World Report ka no, bɛboro akuw 2,000 ahyia dapɛn biara kasa kyerɛ wɔn a wosusuw sɛ wontumi nni wɔn ho so wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho no. Bɛboro aman ahyehyɛde 200 akuw a ɛte sɛ Asadweamfo kuw no, na wɔatumi aboa nnipa a “wontumi nnyae” nneyɛe a ɛma wohu amane te sɛ Wɔn a Wɔhwe Wɔn Yerenom, Mmarima a Wɔne Mmarima Da, Adidifo, Kyakyatowfo, Wɔn a Wɔde Ka, Wɔn a Wɔyɛ Wɔn Ho Fĩ ne wɔn a Wɔyɛ Adwuma Tra so no.
Abenfo bi ka sɛ su a enye yi nyinaa betumi ayɛ nea wontumi nnyae, nanso ɛhaw nnipa afoforo wɔ nneyɛe a enya nnipa so nkɛntɛnso bere foforo yi mu no. Adwenem hwehwɛfo bi kae sɛ: “Sɛ wɔbɛma wiase no mu ayɛ nneɛma a wontumi nnyae ne yɛ no kyerɛ sɛ wɔbɛma wiase no ayɛ nea wɔma biribiara ho kwan wom.” Adwene ho oduruyɛfo bi bɔ kɔkɔ sɛ sɛ nnipa ka sɛ wontumi nnyae nneyɛe bi yɛ a, ɛyɛ den sɛ wɔbɛboa wɔn ma wɔagyae; wɔn anoyi no bɛyɛ sɛnea wɔte no fã.
Ɔbenfo William Lee Wilbanks a ɔyɛ nsɛmmɔnedi ho asenni mu ɔbenfo no ka sɛ, nea aba so nnɛ a ɛne nneyɛe a wɔka sɛ wontumi nnyae no nyinaa ka nsɛmfua anan nyansapɛ a ɔfrɛ no Abrabɔfĩ Foforo: “Mintumi nnyae nea meyɛ” no ho. Ɔkasa tia “nyansahufo adwene a ɛrenya nkɔso a ɛne adesamma a wobu wɔn sɛ wɔyɛ nneɛma bi a tumi horow a efi wɔn mu ne mmeae afoforo di wɔn so na wontumi nyɛ ho hwee no.” Ɔde ka ho sɛ: “Saa adwene yi kyerɛ sɛ obi pɛ mu a ofi yɛ ade nni hwee yɛ wɔ adesamma su mu.”
Nhwehwɛmu ahorow ama ada adi sɛ ɔdesani pɛ mu a ofi yɛ ade wɔ nkɛntɛnso kɛse wɔ nneyɛe a nnipa pii gye tom sɛ wontumi nnyae no so mpo kyɛn sɛnea wɔasusuw ho. Sɛ nhwɛso no, bɛyɛ sɛ wɔn a wɔnom heroin mu ɔha mu nkyem 75 ntumi nnyae wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobegyae no nyinaa akyi. Nanso asraafo a wɔkɔɔ Vietnam Ko no mu pii—bɛyɛ ɔha mu nkyem 90 atumi agyae. Dɛn ntia? Ɛyɛ aduru koro no ara, na nkɛntɛnso no yɛ ade biako. Ɛnde sɛnea Wilbanks kyerɛ no, so ebetumi ayɛ sɛ “nneɛma a ɛho hia wɔn ne ahosodi na ɛboaa wɔn ma ‘Wɔkae sɛ Dabi’ no”? Ɛnyɛ sɛ aduru bi nom a obi ntumi nnyae anaasɛ mpo su a obi wɔ wɔ asɛnnennen bi ho no nni hɔ. Sɛnea Wilbanks kyerɛ no, saa nneɛma yi “betumi ama sɔhwɛ ho ɔko no ayɛ den mmom. Nanso wobetumi adi ɔko no mu nkonim.”
Ɛte saa ampa. Akɔnnɔ ano a wobedwudwo ntɛm ara no mu bɛyɛ den de, nanso ɛnyɛ den mmoroso. Sɛnea Yehowa Adansefo adwuma ama ada adi wɔ wiase nyinaa no, ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnom nnubɔne, asadweamfo, awaresɛefo, wɔn a wɔtow kyakya, ne mmarima a wɔne mmarima da no dwudwo wɔn akɔnnɔ ahorow ano. Ɛdenam wɔn pɛ ne nea ehia sen biara no, Onyankopɔn honhom kronkron mmoa so no, wobetumi, na wotumi di wɔn nsɛnnennen no so nkonim. Enti, wɔ nea “abenfo” ka nyinaa akyi no, yɛn Bɔfo no nim bere a ɛsɛ sɛ wɔde yɛn nneyɛe ho asodi to yɛn so. (Numeri 15:30, 31;1 Korintofo 6:9-11) Nanso ɔyɛ mmɔborohunufo nso. Ɔnhwehwɛ nea ɛboro so mfi yɛn hɔ, “ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.”—Dwom 103:14.