Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 12/8 kr. 20
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ABUSUA A ƆWOFO BIAKO PƐ NA ƆWOM
  • MMONNAATO
  • Wɔamma Mmonnaatofo Kwan
    Nyan!—1984
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1993
  • “Afei Worebewu!”—Ɔmmonnaatofo Bi Kɔ
    Nyan!—1986
  • Nea Akenkanfo Ka Wɔ Young People Ask Nhoma No Ho
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 12/8 kr. 20

Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

ABUSUA A ƆWOFO BIAKO PƐ NA ƆWOM

Nnansa yi ɛte sɛ nea wɔrekyerɛw nsɛm ahorow a “ɛreka” awerɛhosɛm a ɛwɔ mmusua a emu apaapae mu ho asɛm pii. Nsɛm yi nyinaa betumi ayɛ nokware, nanso ɛma wɔn a wɔn ho nni asɛm a wohu ho amane no te nka dɛn? Wɔ me fam no, ɛma mete nka te sɛ nea obi kɔ so ka mpɛn pii sɛ: “Woahwere wo hokafo; wurehu amane. Wo ne wo mma bedi awerɛhow.” Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔkae yɛn sɛnea yɛn ade yɛ mmɔbɔ, sɛnea yɛn mmofra di awerɛhow, sɛnea yebehu amane wɔ asetra mu no daa saa?

Wammɔ ne din

Meda mo ase ne asɛm “Me ne wo nkutoo, Maame” a na ɛreka ɔwofo a aka ne nko ho asɛm no. Ɛtɔ bere bi a ɔwofo a aka ne nkutoo a obi yɛ betumi ayɛ ɔko ankasa, nanso sɛ mitumi kenkan asɛm a ɛka me tebea no ho asɛm a, aboa me ma minya adwempa anaasɛ m’ani da hɔ. Mesrɛ mo, Mesrɛ mo, Mesrɛ mo, monkɔ so.

Ɔwofo a ɔyɛ ankonam

Mede nusu na ɛrekyerɛw mo krataa yi. Seesei ara na makenkan asɛm “Me ne wo nkutoo, Maame” awie, na manya me mpaebɔ ho mmuae bebree.

Wammɔ ne din, Oregon

MMONNAATO

Ehia sɛ meda mo ase [wɔ nsɛm a ɛfa mmonnaato ho] no ho. Nnawɔtwe anan a atwam ni, bere a mepɔn adwuma wɔ aguadidan bi mu 7:30 no, mekɔɔ me kar ho na meyɛɛ ntɛm traa mu. Mpofirim ara ɔbarima bi buee me kar no pon na ohunahunaa me sɛ obekum me sɛ mankɔtra agua a ɛwɔ akyi no so a. Mantwɛn ansusuw nea ɛsɛ sɛ meyɛ ho. Mifii ase teɛteɛɛm denneennen na mede m’abɔwerɛw dwiridwiriw ne tirim, na bere a ɔkae sɛ obekum me no, meteɛɛm sɛ, “Dabi, wunkum me.” Mmom, na onim sɛ ɛrenyɛ mmerɛw. Afotu a ɛfa bɔ a ɛnsɛ sɛ wobɔ hu no boae kɛse. Nea meda ho ase ne sɛ, oguan kɔe, na metoo me pon mu tuu me kar kɔe.

M. M., Texas

M’ani gyee saa asɛm no ho titiriw, efisɛ wɔtoo me mmonnaa bere a na madi mfe 6, na gye me di, me werɛ remfi nokwasɛm no da. Mprempren madi mfe 14. Misusuwii sɛ ɔkwan a yebetumi afa so abɔ yɛn ho ban ho afotu a mode maa yɛn no ye paa. Mihui sɛ na ɛho hia sɛ wosi so dua wɔ saa asɛm no mu sɛ wɔ nsɛm a esisi no fã kɛse no ara mu no, abusuafo na wodi fɔ, sɛnea na ɛte wɔ m’asɛm no mu no.

T. O., Brazil

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena