Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 8/8 kr. 31
  • Sɛ Kanaafo No Wu A

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Kanaafo No Wu A
  • Nyan!—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Monko Ntia “Wiase Honhom No”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Yehia Ogye!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Canada “Ahyɛn Kwan” Kɛse No
    Nyan!—1994
  • Daakye Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛne Yɛn Mma?
    Nyan!—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 8/8 kr. 31

Sɛ Kanaafo No Wu A

MFRAMA bɔne kum kanaafo ntɛm sen sɛnea ekum nnipa. Enti tete mmere mu no, wɔn a wotu fam gyabiriw de kanaafo to kyerɛnkyɛ mu kɔ asase ase sɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ahu sɛ mframa bɔne wɔ hɔ anaa. Sɛ kanaafo no wu a, adwumayɛfo no guan fi asiane no mu kosi sɛ mframa pa bɛba amoa no mu yiye. Bere a eyi wɔ obi adwenem no, obetumi ate asɛm a Ɔbenfo David Suzuki, nyansahufo bi a wagye din yiye wɔ Canada kae no ase.

Esiane sɛ odwen yɛn okyinsoroma Asase a ɛte sɛnea ɛrebewu no ho nti, ɔde nea edi so yi yɛɛ mfatoho: “Sɛ fam gyabiriw tufo no de kanaafo kɔ asase ase na sɛ kanaafo no wu a, gyabiriw tufo no nka sɛ ‘Ho, anomaa no awu, nanso menyɛ anomaa.’ Anomaa no wui efisɛ na ɔne no nyinaa home mframa koro.”

Afei ɔka de kaa ho sɛ: “Sɛ wuhu sɛ Beluga bonsu 22 rewuwu wɔ St. Lawrence Po mu esiane sɛ wɔanom awuduru nti a, ɛsɛ sɛ wode ade hyehyɛ wo nsa ne wo ti ansa na woakoso wɔn mu, sɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ maple nnua a wɔde yɛ asikire a ɛwɔ Quebec no nyinaa bewu wɔ mfe du bere mu, sɛ wɔka sɛ mmoa ahorow abien ase hyew dɔnhwerew biako biara na sukraman 10,000 wuwui wɔ Kusuu fam Po mu, na wonnim nea enti a ɛbaa saa a, nokwarem no . . . ɛnonom yɛ kanaafo, na sɛ yesusuw sɛ yɛn tebea nte sɛ saa mmoa no de a, ɛnde na yɛagyimigyimi.”

Ɔbenfo Suzuki di nokwasɛm a ɛyɛ sɛ amammuifo bu wɔn ani gu saa “kanaafo” yinom so, na wɔrenhu aniberesɛm a tebea no yɛ kosi sɛ mmofra pii befi ase awuwu no ho yaw. Obisa sɛ: “Enti so yɛbɛma yɛn mma ayɛ yɛn kanaafo?”

Ɛwom sɛ tebea no haw nokware Kristofo de, nanso wɔn aba mu mmu. Yehowa, asase no Bɔfo no a, “wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so,” no remma nnipa adifudepɛfo a wonnim nyansa nkɔ so nsɛe yɛn trabea yi nkosi daa. Ɔhyɛ bɔ wɔ n’Asɛm Bible no mu sɛ ɔbɛsɛe “wɔn a wɔasɛe asase no.”​—Yesaia 45:18; Adiyisɛm 11:18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena