Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 9/8 kr. 30
  • “Meyɛ N’ani Na Ɔno Nso Yɛ M’anan”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Meyɛ N’ani Na Ɔno Nso Yɛ M’anan”
  • Nyan!—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokware no Sakra Asetra
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Me Mmofraase Haw Nyinaa Akyi No, Manya Ahotɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Yehowa Nhyira Abu Me So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Agya a Mmofra Hia
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 9/8 kr. 30

“Meyɛ N’ani Na Ɔno Nso Yɛ M’anan”

JOSÉ Luis Escobar ne Artemio Duran yɛ mpanyimfo wɔ Yehowa Adansefo Kristofo asafo bi mu wɔ Mexico. José Luis yɛ onifuraefo, na Artemio ntumi nnantew.

Bere a José Luis adi mfe 16 no, na n’ani gye akuturukubɔ ho. Da koro wɔmaa osii akuturukubɔfo bi anan mu wɔ akansi bi mu. Eduu ɔfa a ɛto so anan so no, na wɔn baanu no ahwe wɔn ho wɔn ho araa ma wɔma wogyaee akuturukubɔ no. Ɛwom sɛ wɔde nkonimdi no maa Jóse Luis de, nanso akuturuku a ogyei no maa n’ani furae.

José Luis kyinii nnuruyɛfo ne wɔn a wodi ahonhonsɛm nso so. Nanso obiara antumi ansa no yare. Abasamtu nti, ɔbɔɔ mmɔden mpɛn pii sɛ obedi ne ho dɔm. Akyiri yi Yehowa Adansefo kɔɔ ne nkyɛn na osuaa Bible mu nokware ahorow, awiei koraa no ohyiraa ne nkwa so maa Onyankopɔn. Wɔbɔɔ no asu wɔ August 1974 mu.

Artemio de, onyaa afiri akwanhyia a ɛyɛ hu wɔ 1981 mu. Eyi sii bere a na ɔte United States yɛ adwuma a na aban no nnim ho hwee. Nsɔre ahorow mufo baa ne nkyɛn wɔ ayaresabea bɛka kyerɛɛ no sɛ n’abrabɔ bɔne nti na Onyankopɔn retwe n’aso. Artemio nso, akyiri yi Yehowa Adansefo kɔɔ ne nkyɛn. Osuaa Bible no, na ɔyɛɛ nsakrae ahorow a ɛho hia wɔ n’asetram ma wɔbɔɔ no asu wɔ May 1984 mu.

Mprempren mmarima baanu yi yɛ ayɔnkofo wɔ Kristofo asafo biako mu. Wɔyɛ afie afie ɔsom adwuma no bom, wɔsan kɔsra wɔn a wɔakyerɛ asɛm no ho anigye no bom, na wɔbom srasra asafo no mufo no hyɛ wɔn den wɔ honhom mu. José Luis pia mmubuafo agua no na Artemio kyerɛ no kwan. Artemio ka wɔn ho asɛm sɛ ade biako: “Meyɛ n’ani na ɔno nso yɛ m’anan.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena