So Abusua Asetra Betumi Ayɛ Anigye Kɛse Bere a Wonni TV?
WƆ AFE yi February mu no, The Wall Street Journal kaa asɛm yi: “Television a Wogyae Hwɛ: Mmusua Bi Di Yiye a Wonni TV.” Krataa no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Amerikafo mmusua kakra a wogyae television hwɛ koraa fam no, asetra kɔ so bere a wogyae hwɛ no akyi—wɔ anigye kɛse mu.”
Wosusuw tumi a television nya wɔ abusua no so nso ho nnansa yi wɔ nkabom nhyiam bi a wɔde hyɛɛ bere a edi kan a wɔde simma a ennu anan tuu mmirika twaa akwansin biako, a Roger Bannister na ɔyɛɛ saa no, mfe 40 ho fã no ase. Sɛnea Jim Ryun, nea na okura kwansin biako mmirikatu ho nkonimbo wɔ 1960 mfe no mu kyerɛ no, asɛm no sɔree bere a na ɔne Roger redidi anwummere bi ansa na wɔrefi 1968 Olimpik no ase no.
Ryun kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ná me ne me yere Anne ayɛ nhyehyɛe rebɛware saa bere no, enti Roger ka kyerɛɛ yɛn sɛ wahu biribi a ɛmaa n’abusua asetra yɛɛ papa ankasa. Nokwarem no, yɛyɛɛ komm tiei. Ɔkae sɛ nea na wayɛ ne sɛ wayi television no afi fie hɔ, enti ama wɔanya bere pii de yɛ ade bom sɛ abusua, wɔbɔ nkɔmmɔ na wɔkenkan ade bom.”
Ryun kae sɛ: “Nea ɔkae no nyaa yɛn so tumi kɛse. Yefii ase hui sɛ ‘yenhia TV ankasa.’”
Nnipa dodow bi asi gyinae a ɛte saa ara. Dɛn ntia? Ɛyɛ tumi a ɛyɛ nwonwa a TV tumi nya wɔ nkurɔfo, ne titiriw mmofra so no ntia. Sɛnea ɛna bi a ɔwɔ Maryland, U.S.A. kyerɛ no, sɛ ɔrema ne babea ketewaa nufu wɔ TV no anim a, akokoaa no “gyae me hwɛ kɔhwɛ TV no hãã. Yesusuw ho sɛ sɛ ɔreyɛ saa bere a ɔyɛ abofra ketewaa yi a, ɛnde dɛn na ɔbɛyɛ bere a wanyin no?” Enti abusua no gyaee wɔn TV no hwɛ.
Sɛ wunnyae TV hwɛ koraa a, so anyɛ yiye koraa no nyansa nnim sɛ wobɛtew ne hwɛ so? Karen Stevenson, obibini bea a odi kan a onyaa Rhodes Nhomasua mu mmoa a ɛma okosuaa ade wɔ Oxford Sukuupɔn a ɛwɔ England mu no kaa ne mmofraase ho asɛm sɛ: “Wɔamma yɛanhwɛ television wɔ dapɛn no mu. Sɛ [ná] biribi titiriw wɔ so a yɛpɛ sɛ yɛhwɛ a, . . . na ɛsɛ sɛ yɛne [maame] ka ho asɛm Kwasida ansa na yɛayɛ ho nhyehyɛe.”
TV hwɛ wɔ mo abusua no mu nso ɛ? So muhu sɛ mfaso wɔ so sɛ mobɛtew so, anaasɛ mubegyae hwɛ akosi bere bi?