Ma W’abusua Asetra Nyɛ Anigye
BERE a ɔyarefo bi a ɔwɔ South Carolina, U.S.A., de kratawa Nya Abusua Asetra Mu Anigye kɔmaa n’ayarehwɛfo no biako no, ɔyarehwɛfo no frɛɛ no wɔ telefon so daa no ase. Ɔyarehwɛfo no kae sɛ ɔde kratawa no kyerɛɛ ne kunu, na wɔboom kenkan no anigye so. Nokwarem no, ɔyarehwɛfo no kae sɛ na onnye nni sɛ biribi pa saa wɔ hɔ a wɔde boa mmusua ahorow.
Ɔyarefo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɔyarehwɛfo no ka kyerɛɛ me sɛ, nsɛm a ɛwom no ne nsɛm a ɔne ne kunu bɔ ho nkɔmmɔ fa abusua mu nneɛma a ɛfata na ɛboa ho no hyia pɛpɛɛpɛ, nanso na wonnim sɛ wɔatintim ɛho asɛm. Asɛm a etwa to a ɔkae wɔ telefon so nkɔmmɔbɔ no mu ne sɛ ɔde kratawa ketewaa no kɔ baabiara a ɔkɔ na ɔkan no mpɛn pii. Ɔkae sɛ sɛ mewɔ nsɛm foforo bi a ɛfa abusua asetra ho a ɛyɛ anigye a, memma onhu.”
Ɔyarefo no de nhoma Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye kɔmaa ɔyarehwɛfo no, na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔne ɔyarehwɛfo no behyia abɔ mu nkɔmmɔ. Ebia wo nso w’ani begye asɛm bi a ɛbɛboa ma w’abusua asetra ayɛ anigye ho. Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka Nya Abusua Asetra Mu Anigye ne Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye anaasɛ wɔne wo yɛ ofie Bible adesua a wuntua hwee a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower Society, P. O. Box 760, Accra, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.