Ɛfata Sɛ Wobɛde Ka?
“NNI wo sika ansa na wo nsa aka.” Esiane sɛ nea nnipa pii yɛ de tra ase nnɛ ne sɛ wɔbɛbɔ bosea anaa wobefiri nneɛma nti, saa afotu a kan U.S. mampanyin Thomas Jefferson de mae yi atwam?
Wɔ nsase pii so no, sɛ wɔde akatua toto nneɛma bo ho a, esua, na nneɛma bo a ɛkɔ soro di sika a wɔkora so nyinaa. Afei nso, sikasɛm ka nea nnipa hwehwɛ. Nanso, nokwaredi ho hia. Esiane sɛ nneɛma te sɛ nokware a wonni wɔ towtua mu ne ka a wontua abu so nti, ɛyɛ ampa sɛ ɛyɛ den sɛ wobekura ahonim pa mu. Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ sikasɛm ne ade a wɔtaa ka ho asɛm titiriw, na sɛnea wɔkora sika so anaasɛ wonya bi ho nsɛm ahorow ahyɛ atesɛm krataa ne nsɛmma nhoma mu ne television so mã, bere a nnipa bɔ mmɔden sɛ wobenya ɔkwan a wɔbɛfa so adi sikasɛm mu ahokyere ho dwuma no. Bere koro no ara no, ɛfata sɛ wubesusuw ɔkwan a wobɛfa so ahwɛ wo ho ne w’abusua no ho.—1 Timoteo 5:8.
Esiane sɛ nnipa kakraa bi na wɔn sikasɛm yɛ papa nti, dɛn na wubetumi ayɛ na woamma w’abusua no ho ankyere wɔn? Ade biako ne sɛ, asuade titiriw bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woma ɛtra w’adwene mu.
Kwati Ɛka Pii
Dɛn nti na nnipa bi de ka? Ɛnyɛ bere nyinaa na boseabɔ fi tebea bi a emu yɛ den, te sɛ ɔyare. Ebia ɔpɛ a obi wɔ sɛ obenya honam fam nneɛma no mu yɛ den yiye. Ɔkwan foforo so no, ebia ɛka a biribi bɛma obi de ne ho akɔhyem no nyɛ bɔne ankasa. Nokwarem no, ebia ɛho behia sɛ wotɔ kar, anaa ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛbɔ bosea atɔ ɔdan sen sɛ wubegye bi atra mu atua ka ɔsram biara. Abusua ti pɛ sɛ n’abusua ani gye. Ɔpɛ sɛ otumi hwɛ n’abusua sɛ okunu ne agya. Ɛda adi sɛ, ɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ n’abusua nya honam fam nneɛma pii a afoforo wɔ no bi.
Nokwarem no, ebetumi ayɛ sɔhwɛ sɛ wobɛbɔ bosea de atɔ ade bi a wopɛ nanso ɛho nhia. Nneɛma a obi nya no ma ne koma tɔ ne yam, ɛnte saa? Hena na ɔmpɛ ntade a ɛyɛ fɛ, mpaboa foforo, anaa biribi te sɛ kar foforo? Na hena na ɔmpɛ sɛ onya fie a ɛyɛ fɛ yiye? Nanso, hwɛ yiye! Aguadifo betumi adaadaa afoforo, na wonya sika pii bere a wɔtɔn nneɛma a nnipa nhia na wontumi ntɔ ma wɔn.
Kae nso sɛ, ɛka a wotua no daa betumi de ɔhaw aba abusua no mu. Ntawntawdi ne ɛyawdi betumi afi mu aba. Agoru kyerɛwfo Henrik Ibsen kaa nokwasɛm bere a ɔkaa eyi no: “Ahotɔ nni fie asetra mu na ɛnyɛ dɛ bio bere a wofi ase hyehyɛ si boseabɔ ne ɛka so no.” Sɛ woantua no ntɛm a, ɛbɛsɛe wo din pa. Esiane sɛ ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ wobedi sika a wɔakɔfɛm no sen sɛ wɔbɛsan atua ɛne ne mfɛntom nti, nnipa pii hu sɛ nea wɔtɔ no mfa anigye a wɔhwɛ kwan no mmrɛ wɔn.
Mpɛn pii no, nniso ahorow no kɔ so bɔ bosea bere nyinaa, na wɔma wɔn mfɛntom a wotua no yɛ kɛse. Ɛwom sɛ ebia eyi yɛ ade a wɔtaa yɛ de, nanso dɛn nti na wusuasua aman a ɛka amene wɔn? Sɛ anka ɛbɛma nkurɔfo anya sika no, ɛka pii no betumi ama ohia ne ahokyere anya nkɔso. Sɛnea Denmarkfo bɛ bi ka no, “ɛyɛ den sɛ wubetua paanoo a woadi ho ka.”
Nea ɛyɛ anigye no, ɔhaw a efi ɛka mu ba no so tew kɛse bere a wusua sɛ wubedi sika nyansam no. Enti gye bere fa yɛ nneɛma a wobɛtɔ ho nhyehyɛe pa na nneɛma anhyɛ wo so amma woankɔbɔ bosea. Wɔ aman a nneɛma bo kɔ soro ntɛmntɛm mpo mu no, akwan bi wɔ hɔ a wɔfa so kora sika so—ɛdenam nneɛma a ne bo ba fam ne nea ehia nkutoo a wɔtɔ so. Ɛhwehwɛ sɛ wobɛhwɛ wo sika ho atotɔ nneɛma, anya ɔpɛ sɛ wobɛtwɛn anaa wobɛkwati biribi a wopɛ.
Bisa wo ho sɛ: Ɛka a mede me ho rekɔhyem no bɛma m’abusua ho akyere wɔn? Sɛ mantumi antua ka no a, edin bɛn na menya? Ɛbɛkyɛ ansa na wɔagye wo adi bio! Eyi ho afotu pa wɔ hɔ. Dɛn nti na wonhwehwɛ Bible no mu nhwɛ sɛ ebia ebetumi aboa wo ne w’abusua ma moadi ɛka ho asɛm ho dwuma?
Bible no Betumi Aboa Wo?
Nea ehia titiriw no, Bible no betumi aboa yɛn nyinaa ma yɛanya Yehowa mu ahotoso koraa. Nokwarem no, yehia mmoa wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu. (2 Timoteo 3:1) Wotu yɛn fo sɛ: “Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu, na mompene nea mowɔ; efisɛ ɔno ankasa aka sɛ: Merennyaw wo, nanso merempa wo da. Na ɛma yɛde nnam ka sɛ: [Yehowa] ne me boafo, merensuro; onipa betumi ayɛ me dɛn?” (Hebrifo 13:5, 6) Hwɛ hia a ehia sɛ yebenya gyidi a emu yɛ den wɔ Onyankopɔn mu sɛ yɛn Demafo!
Ɛwom sɛ Bible no nka ɔkwan a obiara bɛfa so ahwɛ ne ho nkyerɛ no de, nanso ɛde akwankyerɛ pa ma. Yesu Kristo hyɛɛ n’atiefo nkuran sɛ wonni kan nni wɔn honhom fam yiyedi ho dwuma: ‘Anigye ne honhom mu ahiafo.’ (Mateo 5:3) Wɔsan ka kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa botae ahorow nsi yɛn ani so: “Mommɔ mmɔden nyɛ komm, na monyɛ mo ankasa ade, na momfa mo ankasa nsa nyɛ adwuma, sɛnea yɛhyɛɛ mo no, na moanantew sɛnea ɛfata, wɔn a wɔwɔ akyiri no anim, na biribiara anhia mo.” (1 Tesalonikafo 4:11, 12) Sɛ yɛbɛyɛ komm na yɛanya asomdwoe bi a, ɛnhwehwɛ sɛ yɛhwɛ nea yɛwɔ no ho di yɛn sika?
Onyankopɔn Asɛm betumi aboa yɛn ma yɛayɛ yɛn adwene yiye. Mmebusɛm kyerɛwfo no daa adwene a ɛkari pɛ adi bere a ɔrebisa Onyankopɔn hɔ ade no: “Mma me ohia anaa ahonyade, ma minnya m’aduan a ehia me no minni; na mammee mampa wo manka sɛ: Hena ne [Yehowa]? Nanso manni hia manwia ade mamfom me Nyankopɔn din.” (Mmebusɛm 30:8, 9) Enti ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wode biribi ketewa bi na ɛhwɛ wo ho bere tiaa bi mu a, mfɛre. Mma w’anigye nnnyina honam fam nneɛma so, sɛnea nnipa pii yɛ, na wɔde wɔn ho toto afoforo ho anaa wodwen honam fam nneɛma a wobenya ho sɛnea ɛmfata no.—Mateo 6:31-33.
Bio nso, Bible no betumi aboa wo ma woanya su pa. Sua sɛnea wobɛhwɛ wo sika so yiye bere a woremma wo nsam nyɛ den, na nya abotɔyam fi nneɛma a wubetumi ayɛ no mu. Sɛ woyɛ abofra a, nhwɛ kwan sɛ wo nsa bɛka nea mpanyimfo de mfe pii ayɛ adwuma anya no ntɛm ara. Mma honam fam ade dodowpɛ mmfa wo nnyɛ akoa. Ɔkwan a ɛfata so no, Bible no mmɔ yɛn kɔkɔ wɔ sika ho, na mmom, wɔ ‘sikanibere’ ho, na ɛka sɛ: “Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu. Na bɔne nyinaa ntini ne [sikanibere] a ebinom dii akyiri yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.” (1 Timoteo 6:9, 10) Hwɛ hia a ɛho hia sɛ wubehu nsonsonoe a ɛda nea wuhia ankasa ne nea wopɛ ara kwa ntam!
Nanso, wote nka sɛ w’akatua sua dodo? Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wubegyina ahokyere ano a ɛrenhaw wo. Nanso, nya ɔpɛ sɛ wobɛtra ase a wunni nneɛma bi a ɛho nhia sen sɛ wobɛbɔ bosea de atɔ, na adan wo adesoa kɛse na ama woasɛe wo sika mpo. Yɛ nhyehyɛe pa, na nsɛe sika. Ebia wubenya nyansahyɛ a eye denam w’adamfo bi a ɔwɔ osuahu a wo ne bɛbɔ ho nkɔmmɔ so. Ɛbɛboa sɛ wubesua adwuma foforo bi? Kae sɛ: Bible nnyinasosɛm a wubedi akyi, honhom fam nneɛma a wode bedi kan, ne Yehowa mu ahotoso a wubenya koraa ho hia—sɛnea tebea no te biara.—Filipifo 4:11-13.
Yiw, ɛka a wobɛde no betumi ayɛ nea ɛmfata. Wɔaka sɛ: “Asau kyekyere obi a ɔde ka.” Ɛka betumi asɛe obi abusua asetra, akwahosan, ne ne honhom fam yiyedi. Ɛka ma ɔdefɛmfo di hia kɛse mpo. Mmebusɛm 22:7 ka sɛ: “Ɔdefo di ahiafo so, na ɔdefɛmfo yɛ nea ɔde fɛm akoa.” Enti, kwati ɛka a ɛho nhia. Yebetumi akɔ so anya mfaso afi nnyinasosɛm a ɛwɔ nea ɔsomafo Paulo kamfo kyerɛɛ Kristofo no mu: “Monnne obiara ka gye sɛ ɔdɔ a mode dodɔ mo ho; na nea ɔdɔ ne yɔnko no awie mmara no so di.”—Romafo 13:8.
Ɛmfa ho sɛnea sikasɛm te wɔ wo man mu no, fa ahotoso hwɛ Onyankopɔn wiase foforo no kwan. Ɛnkyɛ wɔnkyekyɛ adesamma mu nyɛ boseabɔfo ne adefɛmfo. Wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no, obiara renni hia. Yehowa bɔhyɛ bɛbam: “Na obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa.” (Dwom 72:12, 13) Sɛ anka asase sotefo bɛpere atra ase ara kwa saa bere no, ‘wobegye wɔn ani asomdwoe bebree mu.’—Dwom 37:11.
[Kratafa 12 mfonini]
Thomas Jefferson
[Asɛm Fibea]
Gilbert Stuart na ɔyɛɛ mfonini no. Bowdoin College Museum of Art/Dictionary of American Portraits/Dover na wɔmaa ho kwan
[Kratafa 13 mfonini]
Ɛka a wode wo ho behyem fee no betumi de ɔhaw aba w’aware mu