Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 12/8 kr. 12-15
  • Aman a Wodi Hia Abɛyɛ Sumina Ama Wɔn a Wodi Yiye No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Aman a Wodi Hia Abɛyɛ Sumina Ama Wɔn a Wodi Yiye No
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awude a Wɔsan De Yɛ Nneɛma Foforo
  • Ɛnyɛ Mmoawa Nko na Wɔrewuwu
  • Gyinaesi a Wofi Nyaatwom Mu Bu So
  • Adifudepɛfo Akontaabu Da
  • Wɔredi Mmɔdenbɔ no Mu Nkonim?
    Nyan!—1996
  • Mfiridwuma Mu Nnuru Mu Ade A Enye
    Nyan!—1988
  • Nneɛma A Atwa Yɛn Ho Ahyia Ho Ban A Yɛbɔ—Aba Bɛn na Asow?
    Nyan!—2003
  • Yɛn Asase no Asɛe Adu He?
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 12/8 kr. 12-15

Aman a Wodi Hia Abɛyɛ Sumina Ama Wɔn a Wodi Yiye No

TE SƐ ayisaa a wɔmpɛ n’asɛm no, wɔde nneɛma a edi awu kyinkyin fii hyɛn mu kɔɔ hyɛn mu ne hyɛn gyinabea kɔɔ hyɛn gyinabea hwehwɛɛ baabi a wɔde begu. Wɔde ankora akɛse a mmoawa mmoawa nnuru, ne nnuru afoforo a ɛyɛ hu ayɛ mu fii Djibouti, Afrika, akɔ Venezuela akɔ Syria akɔ Greece. Awiei koraa no, ankora a ɛrenwini no fii ase haw nnipa a wɔwɔ hyɛn a wɔde fa nneɛma no biako. Ɔbarima biako wui, na wɔn a aka no mu dodow no ara nyaa honam ani, asaabo, ne ɔhome mu nyarewa fii awuduru a adi afra a ɛwɔ hyɛn no mu mu.

Po so ahyɛn, lɔre, ne keteke ahorow a wura a edi awu ayɛ no ma rekyin okyinnsoromma no so hwehwɛ baabi a wɔde begu. Mpɛn pii no, aman a ohia, ɔkɔm, ne ɔyare wom dedaw no mu na wɔtow awuduru ne nneɛma a asɛe tɔn bebree no gu. Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho animdefo suro sɛ, ɛrenkyɛ, abɔde a nkwa wom asetra ho bɛba asɛm.

Ebia nnuru a wɔde ka dan ho a ayɛ dedaw, nea wɔde fra nnuru, tae, batere ahorow, nuklea ho wura, sumpii ne PCB dade ho fĩ no yɛ nea w’ani nnye ho, nanso ɛno na mfiridwuma ho wura aguadi a enya nkɔso ntɛmntɛm no pɛ. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, dodow a aban bi yɛ katee bɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho ban no, dodow no ara na ne man mu mfiridwumayɛfo no de wura a edi awu bɛkɔ akogu aman foforo so. London atesɛm krataa a ɛba dapɛn dapɛn The Observer kae sɛ, aman a wɔanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu nnwumayɛkuw a “wɔmfa asɛm nyɛ asɛm no de awuduru tɔn ɔpepem 20 gu po so ahyɛn mu kɔ Aman a Wonnyaa Nkɔso mu afe biara.” Mmara a wɔmfa nni dwuma yiye ne mmara a emu gow no ma wotumi kɔtow wura a edi awu tɔn mpempem pii gu Afrika, Asia, ne Latin Amerika nsase so.

Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnwumayɛkuw ahorow yi nya ɔpɛ sɛ wɔbɛtow nwura no agu! Sɛ wonya baabi pa a wɔbɛtow agu a, wobetumi atew ɛho ka no so kɛse. Eyi ho nhwɛso ne hyɛn bi a egyina wɔ hyɛn gyinabea pii, United States, a bere bi, na ɛyɛ Amerika nsu ani akohyɛn a wɔde di ahyɛn a ɛfa nnipa anim na wonni ho agoru no. Wɔtɔɔ no 1992 mu sɛ wobesiesie de afa nneɛma akɔ aman foforo so. Gyama na aduru bi a wɔfrɛ no asbestos pii wom sen hyɛn foforo biara a ɛnam nsu ani. Anka asbestos no a wobeyi afi mu no bɛma wɔabɔ ka dɔla ɔpepem 100 wɔ United States. Wɔde hyɛn no kɔɔ Turkey, baabi a anka wobetumi abɔ ho ka dɔla ɔpepem 2. Nanso Turkey aban ampene so—na ɛyɛ hu sɛ ɔbɛma kwan ma wɔayi asbestos wura a ɛma kokoram a ebegye beae a ne kɛse boro mita 46,000 agu wɔn man mu. Awiei koraa no, wɔde hyɛn no kɔɔ ɔman foforo hyɛn gyinabea, baabi a wɔnyɛ katee wɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho gyinapɛn ahorow ho no.

Awude a Wɔsan De Yɛ Nneɛma Foforo

Ebia Atɔe Famfo nnwuma a wɔabuebue wɔ aman a wonnya nnyaa nkɔso mu no besusuw sɛ wɔboa ahiafo. Harvey Alter a ɔwɔ U.S. Asoɛe a Ɛhwɛ Aguadi So no ka sɛ, “wura a wɔde kɔ aman foforo so ne nneɛma a asɛe a wɔsan de yɛ nneɛma foforo no ma saa aman yi asetra tu mpɔn.” Nanso sɛ kuw no, wɔn nneyɛe no bi ho nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ amannɔne no daa no adi sɛ, mpɛn pii no sɛ anka wɔbɛma asetra atu mpɔn no, nea saa nnwumayɛkuw yi “taa yɛ ne sɛ wɔma adwumayɛfo no akatua te sɛ nea obiara gye ara pɛ, wɔsɛe nneɛma a atwa wɔn ho ahyia na wɔtɔn nneɛma a ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ hu a wɔfa nnaadaa kwan so de ba gua so no.”

Pope John Paul II nso kaa sɛnea adesɛe a ɛrekɔ so wɔ aman a wonnya nyaa nkɔso mu no haw n’adwene wɔ nhyiam bi ase. Pope no kae sɛ: “Ɛyɛ bɔne a anibere wom sɛ aman a wodi yiye no bɛpɛ aman a wodi hia no ne wɔn mmara ho mfaso denam mfiri tantan ne wura a ɛsɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ne nnipa akwahosan a wɔtɔn ma wɔn no so.”

Wohu nhwɛso a ɛda nsow wɔ Afrika kesee fam, baabi a wiase no mu adwumayɛkuw a ɛso sen biara a ɛde mercury ho wura yɛ nneɛma foforo no wɔ no. Wɔ nea wɔkaa ho asɛm sɛ ɛyɛ “asasepɔn no so mmeae a efĩ asɛe hɔ sen biara no biako” mu no, wura a edi awu no kum odwumayɛni biako, ɔfoforo nso tɔɔ mum, na wɔbɔ amanneɛ sɛ mercury di adwumayɛfo no nkyem abiɛsa mu biako awu wɔ akwan ahorow so. Nniso ahorow a wɔwɔ aman bi a wɔanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu no bara, anaa wɔde anohyeto kɛse ba mercury ho wura a wɔtow gu wɔn man mu no so. Anyɛ yiye koraa no, nnwumayɛkuw a ɛwɔ saa aman yi biako mu po so ahyɛn de nneɛma a edi awu yi kɔ Afrika mpoano. Kuw bi a wɔkɔhwɛɛ tebea no huu mercury ho wura ankora 10,000 a efi amannɔne nnwumayɛkuw abiɛsa mu a wɔakora so wɔ adwumayɛbea hɔ.

Nneɛma a wɔde kɔ aman a wonnyaa nkɔso mu ma wɔsan de yɛ nneɛma foforo no ye sen sɛ wɔbɛtow wura no agu hɔ. Ebetumi ama wɔanya nneɛma a ɛsom bo, wɔanya nnwuma ayɛ, na ɔman no sikasɛm anya nkɔso. Nanso sɛnea atifi hɔ amanneɛbɔ a efi Afrika kesee fam kyerɛ no, asiane nso betumi afi mu aba. Nneɛma a ɛsom bo a wonya fi saa nneɛma yi mu no betumi de awuduru a ɛde adesɛe ne yare ba, na ɛtɔ mmere bi a ekunkum adwumayɛfo no aba. New Scientist nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ ɛtɔ mmere bi a, nneɛma a asɛe a wɔsan de yɛ nneɛma foforo no yɛ ɔkwan a wɔfa so tow wura gu ɔman bi mu na adwene amma so.”

U.S.News & World Report ka ɔkwan a wɔnam so no ho asɛm sɛ: “Atosɛm a wɔkyerɛw gu nneɛma no ho, mmara a wɔmfa nni dwuma yiye ne animdefo a aman a wonnyaa nkɔso nni no ma ɛyɛ mmerɛw sɛ aguadifo a wɔde anibere tɔn wura no de awuduru takaa bɛdan ‘ɔyɛ-asase-yiye’ anaa wɔde nnuru a wɔde kum mmoawa bɛdan ‘ade bi a ɛboa kuayɛ’ atɔn ama wɔn.”

Amannɔnefo maquiladoras, anaa nwinnan pii aba Mexico. Amannɔne nnwumayɛkuw atirimpɔw titiriw ne sɛ wɔbɛkwati efĩ ho gyinapɛn katee no na wɔanya adwumayɛfo pii a wɔn akatua sua no ho mfaso. Mexicofo ɔpedudu pii te asese mu wɔ nsuka a emu asiw a nsufĩ nam mu ho. Ɔbea bi kae sɛ: “Mmirekyi mpo rennom.” Amerika Aduruyɛ Fekuw amanneɛbɔ bi frɛɛ hɔnom ahye so sɛ “nsuka a nsanyare te mu anaa ɛyɛ kɛse wom ankasa.”

Ɛnyɛ Mmoawa Nko na Wɔrewuwu

Arif Jamal, nnɔbae ne asase ne nnuru a wɔde kum mmoa ho ɔbenfo a ofi Khartoum bisae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na ɔman bi atumi abara awuduru wɔ hɔ na nso wɔayɛ atɔn ama aman foforo? Ade pa bɛn na ɛwɔ eyi mu?” Ɔde ankora ahorow a wɔakyerɛw ho sɛ: “Wɔmmaa ho kwan sɛ wɔmfa nni dwuma”—wɔ aman a efi mu bae a wɔatu mpɔn wɔ mfiridwuma mu no mu ho mfonini bi kyerɛe. Wohui wɔ baabi a Sudanfo kora mmoa a wɔyɛ keka so. Ná mmoa pii awuwu wɔ nkyɛn hɔ.

The New York Times bɔ amanneɛ sɛ ɔman bi a edi yiye “tɔn nnuru a wɔde kum mmoawa, a wɔabara, wɔato ano hye anaa wɔmma ho kwan sɛ wɔmfa nni dwuma wɔ ɔman no mu bɛyɛ kilogram ɔpepem 227 kɔ aman foforo so.” Wɔ 1978 mu no, wɔbarae sɛ wɔmmfa aduru bi a wɔfrɛ no heptachlor, a ɛte sɛ DDT, a etumi ma kokoram no nngugu nnɔbae a wodi so. Nanso aduruyɛ adwumayɛkuw a wɔyɛ no da so ara yɛ bi.

Nhwehwɛmu bi a Amanaman Nkabom yɛe no daa no adi sɛ “awuduru ankasa a wɔde kum mmoawa” pii wɔ anyɛ yiye koraa no aman a wonnyaa nkɔso 85 mu. Bɛyɛ nnipa ɔpepem biako na wohu awuduru ho amane a emu yɛ den afe biara, na bɛyɛ 20,000 na nnuru no kunkum wɔn.

Wobetumi aka sɛ tawa ho aguadi no yɛ adifudepɛ a edi awu ho nhwɛso ankasa. Asɛm bi a ɛbaa Scientific American mu a wɔato din “Wiase Nyinaa Tawa Ho Yare” no ka sɛ: “Nnipa a tawa ma wɔyareyare na wowuwu wɔ wiase nyinaa no dodow nyɛ asɛm ketewa.” Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, mfe dodow a nnipa di ansa na wɔafi tawanom ase no rekɔ fam bere nyinaa, na mmea a wɔnom tawa no dodow renya nkɔanim kɛse. Nnwumayɛkuw a wɔyɛ tawa a wɔwɔ tumi a wɔne nneɛma ho dawurubɔfo a wɔyɛ anifere ayɛ biako no aguadi renya nkɔso kɛse wɔ aman a wonnyaa nkɔso no mu. Ɔkwan a wɔnam so pɛ sika no ma nnipa pii yareyare wuwu.a

Nanso, yebetumi aka sɛ, ɛnyɛ nnwumayɛkuw nyinaa na wobu wɔn ani gu aman a wonnyaa nkɔso no yiyedi so. Nnwumayɛkuw bi wɔ hɔ a wɔbɔ mmɔden yɛ nnwuma pa a edi mũ wɔ aman a wonnyaa nkɔso mu. Sɛ nhwɛso no, adwumayɛkuw bi yɛ sika a wɔde ma adwumayɛfo a wɔagyae adwuma ne ayaresa ho nhyehyɛe ma n’adwumayɛfo na ɛma wɔn akatua a ɛsɛ sɛ wonya no mmɔho abiɛsa. Adwumayɛkuw foforo nso kyerɛ obu a emu yɛ den ma hokwan a nnipa wɔ no, na atwa adwumayɛ ho nhyehyɛe pii mu esiane sɛ wɔyɛ mfasopɛfo nti.

Gyinaesi a Wofi Nyaatwom Mu Bu So

Wɔ 1989 mu no, wɔyɛɛ UN nhyiam bi de nsa hyɛɛ wɔn apam bi a wɔde bedi wura a edi awu a wɔde kɔ aman foforo so ho dwuma ase wɔ Basel, Switzerland. Antumi anni ɔhaw no ho dwuma, na New Scientist bɔɔ nhyiam a aman koro no ara yɛɛ no akyiri yi, wɔ March 1994 mu no ho amanneɛ sɛ:

“Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛadi abufuw a ntease wom a aman a wonnyaa nkɔso no afa ho dwuma no, aman 65 a wɔkɔɔ Basel Nhyiam no sii gyinae titiriw bi bere a wɔyɛe sɛ wɔbɛma aman pii de wɔn ho ahyɛ nhyiam no mu denam wura a edi awu a aman a wɔwɔ OECD [Sikasɛm mu Biakoyɛ ne Nkɔso Ahyehyɛde] no mu tɔn kɔ aman a wonni OECD no mu so a wɔbɛbara no so.”

Nanso aman a wɔanya nkɔso no ani annye gyinae a edi akyiri yi a wosii no ho. New Scientist daa sɛnea asɛm no haw adwene adi sɛ: “Enti amanneɛbɔ a ɛne sɛ US, Britain, Germany ne Australia nyinaa rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ gyinaesi no agu seesei no haw adwene. Nkrataa a efi US aban hɔ a obi faa akyi yii adi kyerɛe no kyerɛ sɛ ɛrebɔ mmɔden afa anifere kwan so a ‘obiara nnim,’ sɛ ‘ɛbɛsakra’ anohyeto no ansa na apene nhyiam no so.”

Adifudepɛfo Akontaabu Da

Bible no bɔ kɔkɔ wɔ Yakobo 5:1 sɛ: “Mo adefo, afei ne bere a ɛsɛ sɛ musu na mobɔ abubuw esiane amanehunu a wɔakora so ama mo nti!” (The New Testament in Modern English, a J. B. Phillips yɛe no) Obi a obetumi asiesie nneɛma na ɔde akontaabu no bɛba: “Awurade di asɛntrenee, na obu atɛn gye wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa.”—Dwom 103:6.

Wɔn a wɔredi hia buruburoo no betumi anya awerɛkyekye, bere a wohu sɛ ɛrenkyɛ, nsɛm a ɛwɔ Dwom 72:12, 13 bɛbam no: “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa.”

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ June 8, 1995 Nyan! mu asɛm a ɛfa, “Ɔpepem Pii Nkwa Redan Wusiw” no ho.

[Kratafa 14 adaka]

Wura a Edi Awu a Emfi Hɔ Da

“Nuklea ho Wura a Edi Awu no Adɔɔso a Wonhu Ade Pɔtee a Wɔnyɛ Wɔ Ho.” Saa na na asɛmti bi a ɛwɔ ɔfã a wɔka nyansahu ho nsɛm wɔ hɔ wɔ The New York Times a ɛbaa March a etwaam mu kenkan. Asɛm no kae sɛ: “Ɔkwan tiawa a wobetumi afa so ne sɛ wobetu amena de agu mu akata so. Nanso wɔkasa tia ɛno seesei bere a nyansahufo gye akyinnye, na nnwumayɛkuw a wɔayɛ Nkabom yɛ nhwehwɛmu sɛ ebia, awiei koraa no, wura a wosusuw ho sɛ wɔde begu asase ase wɔ Nevada no bɛpae esiane fagude a wɔfrɛ no plutonium a wɔde begu mu bi nti no.”

Nyansahufo ayɛ nhyehyɛe pii a wɔde beyi plutonium a aka wɔ wiase no afi hɔ, nanso ɛho ka a wɔbɛbɔ, akyinnye a wogye, ne ehu ama wɔagyae saa nhyehyɛe no akyi di. Nyansahyɛ biako a nnipa pii ani nnye ho ne sɛ wɔde begu po ase. Nyansahyɛ biako a nyansa wom kakra ne sɛ wɔbɛpae ma akogu owia mu. Nyansahyɛ foforo ne sɛ, wɔde nnwinnade bi a edwudwo nuklea ahoɔden ano bɛhyew. Nanso wɔannye eyi antom, efisɛ ebegye “mfe ɔhaha anaa mpempem pii” ansa na adi ho dwuma.

Ɔbenfo Makhijani a ɔwɔ Asoɛe a Ɛyɛ Anyinam Ahoɔden ne Nneɛma a Atwa Yɛn ho Ahyia mu Nhwehwɛmu no kae sɛ: “Nimdeɛ kwan biara a wobetumi de adi dwuma no de amanyɔ ho nsɛnnennen akɛse bɛba, na amanyɔ kwan biara a wobetumi de adi dwuma rentumi nyɛ yiye. Obiara nni hɔ a obetumi adi nsɛnnennen yi nyinaa ho dwuma, a yɛn nso yɛka ho bi.”

Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde anyinam nkanea akɔ afie ɔpepem 60 mu—ɔman no anyinam ahoɔden ɔha biara mu nkyem 20—no, nnwinnade 107 a ɛwɔ United States a wɔde dwudwo nuklea ahoɔden ano wɔ nuklea dwumadibea no yi fango ase tɔn 2,000 adi afe biara, na efi 1957 no, wɔakora fango ase no so bere tiaa bi wɔ nuklea dwumadibea no mu. Nkurɔfo de mfe dudu atwɛn sɛ aban no bɛfa ɔkwan bi so atow agu, nanso ayɛ ɔkwa. Amampanyin baakron na aba, na Nhyiam 18 na wɔayɛ de ayɛ nhyehyɛe ahyɛ bere a wɔde nuklea wura a edi awu no besie asase ase, nanso wura a ɛsɛ sɛ wɔde sie mfe mpempem pii no da so tim nea etim a wɔntow ngui.

Nea ɛne no bɔ abira no, nuklea ahoɔden ɔpepepem pii a adi afra a Yehowa Nyankopɔn de di dwuma wɔ amansan no mu nsoromma a ɛwɔ akyirikyiri mu no mfa asiane biara mma, na nea ɔde di dwuma wɔ yɛn owia mu no ma asase so tra tumi yɛ yiye.

[Asɛm Fibea]

UNITED NATIONS/IAEA

[Kratafa 15 mfonini]

Awuduru sɛe nsu a wɔnom ne nea wɔde horo ade

[Kratafa 15 mfonini]

Mmofra di agoru wɔ wura a ɛyɛ hu anaa edi awu mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena