Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 12/8 kr. 20-23
  • Bɔ Wo Ho Ban Wɔ Aduan Mu Yare Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bɔ Wo Ho Ban Wɔ Aduan Mu Yare Ho
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsanyare a Wɔyɛn No
  • Ansa na Wobɛtɔ No . . .
  • Ansa na Wubedi No . . .
  • Ansa na Wobɛkora So No . . .
  • Sɛnea Wɔbɛma Aduan Ayɛ Papa
    Nyan!—2002
  • 3. Hwɛ Sɛnea Wonoa Aduan Na Wokora So No Yiye
    Nyan!—2012
  • Dɛn na Yɛreyɛ Yɛn Nnuan?
    Nyan!—2002
  • Akwan Asia a Wobɛfa So Abɔ W’akwahosan Ho Ban
    Nyan!—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 12/8 kr. 20-23

Bɔ Wo Ho Ban Wɔ Aduan Mu Yare Ho

BECKY ka sɛ: “Midii nnɔnhwerew 12 wɔ aguaree hɔ a mantumi amfi hɔ mpo. Ná ayamkeka no mu yɛ den dodo. Me ho nsu yowee araa ma wɔde nsu sii me so wɔ baabi a wɔhwɛ ayarefo a wɔn tebea mu yɛ den no. Edii adapɛn abien anaa abiɛsa ansa na metee nka sɛ me ho atɔ me.”

Becky nyaa aduan mu awuduru, aduan mu yare bi. Te sɛ wɔn a ɛyɛ wɔn no mu dodow no ara no, wanwu. Nanso ɔkae n’amanehunu no yiye. Ɔka sɛ: “Na minnim da sɛ aduan mu awuduru betumi ama woayare saa.”

Osuahu ahorow a ɛte sɛ eyi, ne nea ɛsen saa, abu so ma ɛyɛ hu. Afifide nketenkete, ɔyare mmoawa, mmoa ho mmoawa, mmoawammoawa reyɛ ama awuduru aba yɛn aduan mu. Na ɛwom sɛ aduan mu nyarewa ahorow bi so atew wɔ aman a wɔanya mfiridwuma mu nkɔanim mu wɔ nnansa yi mfe mu de, nanso World Health nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ “mmɔden a wɔabɔ nyinaa sɛ wobesiw yare a wɔfrɛ no salmonellosis ne afoforo bi ano no ankosi hwee.”

Ɛyɛ den yiye sɛ wobehu mpɛn dodow a awuduru ba aduan mu, efisɛ wɔnka emu dodow no ara nkyerɛ. Oduruyɛfo Jane Koehler a ɔwɔ U.S. Asoɛe a Esiw Nyarewa Ano ka sɛ: “Emu kakraa bi pɛ na yenim.”

Dɛn na ɛde aduan mu yare ba? Ebetumi ayɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ ɔhaw no taa fi ase bere tenten ansa na aduan no adu gua so.

Nsanyare a Wɔyɛn No

Akwan a wɔfa so yɛ kuadwuma nnɛ mu dodow no ara ma ɔyare mmoawa trɛw ntɛmntɛm wɔ nyɛmmoa mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ United States nankwanse adwuma mu no, wɔde anantwi a wofi mfuw bɛyɛ 900,000 mu frafra wɔ mmoa akumii a ennu ɔha mu kum wɔn. Saa afrafradi no betumi ama afuw biako mu nsanyare afi ase atrɛw.

Afei nso, Oduruyɛfo Edward L. Menning, Ɔman no Mmoa Nnuruyɛfo Fekuw panyin no kyerɛ sɛ wɔ United States no, “ɔyare mmoawa wɔ mmoa aduan ɔha biara mu aduasa anaa nea ɛboro saa mu.” Ɛtɔ mmere bi a, wɔde mmoa akumii aduan mporoporowa fra mmoa aduan mu na aduannuru a wɔfrɛ no protein pii abam—adeyɛ a ebetumi ama salmonella ne ɔyare mmoawa foforo atrɛw. Sɛ wɔde nnuru a ekum ɔyare mmoawa kakra ma mmoa na ama wɔanyin ntɛmntɛm a, ebetumi ama ɔyare mmoawa ayɛ mmoawa a nnuru ntumi wɔn. Oduruyɛfo Robert V. Tauxe a ɔwɔ Asoɛe a Esiw Nyarewa Ano ka sɛ: “Nhwɛso a ɛfata biako ne salmonella, a akɔ so ayɛ nea aduru ntumi no no. Yesusuw sɛ eyi fi nnuru a ekum ɔyare mmoawa a wɔde ma mmoa a wokum wɔn di no. Ebia saa na ɛte wɔ ɔyare mmoawa foforo nso ho.”

Wɔ United States no, nkokɔ kakraa bi pɛ na wɔwɔ salmonella wɔ wɔn nsono mu bere a wɔde wɔn refi afuw mu akɔ mmoa akumii no, nanso ɔyare mmoawa ho nimdefo Nelson Cox ka sɛ “eyinom dɔɔso ntɛmntɛm kodu fi ɔha biara mu aduonu kodu aduonu anum bere a wɔde wɔn retu kwan no.” Sɛ wopia nkokɔ no pii de wɔn hyehyɛ ebuw nketenkete mu a, wobetumi ayare ntɛmntɛm. Sɛnea wokunkum wɔn ntɛmntɛm yɛ wɔn ho adwuma ma asiane no yɛ kɛse. Mmoawa ho nimdefo Gerald Kuester kyerɛ sɛ: “Wobesiesie nkokɔ no awie no na wɔn ho ayɛ fĩ te sɛ nea wɔde wɔn anu tiafi mu. Ɛwom sɛ ebia wɔahohoro wɔn ho de, nanso ɔyare mmoawa no da so wɔ wɔn ho.”

Saa ara nso na mogyanam pii ho adwumayɛ betumi ayɛ nea asiane wom. The Encyclopedia of Common Diseases ka sɛ: “Nnuan a wɔaboa ano akuwakuw wɔ mmeae a wɔyɛ ho adwuma nnɛ no dɔɔso araa ma kuw biako anaa abien a wɔde ba hɔ a ɔyare wom betumi ama atrɛw akɔ nea wɔawie ho adwuma tɔn pii mu.” Sɛ nhwɛso no, nantwinam sin biako pɛ a yare wom betumi ama yare akɔ nam biara a wɔyam wɔ afiri koro mu no mu. Afei nso, ɔyare betumi akɔ aduan a wosiesie wɔ faako a wɔde kɔ aguadidan ne adidibea mu no mu, sɛ annya ɔhyew a ɛfata wɔ bere a wɔde kɔ no mu a.

Aduan ahe na edu gua so a ebetumi ayɛ nea ɔyare wom? Bere a Oduruyɛfo Menning reka United States ho asɛm no, ɔka sɛ: “Anyɛ yiye koraa no ɛyɛ biribiara a wɔtɔn no mu ɔha biara mu 60.” Nanso wubetumi ayɛ nhyehyɛe abɔ wo ho ban wɔ aduan mu yare ho, efisɛ FDA Consumer nsɛmma nhoma no ka sɛ “nyarewa a ɛtete saa nyinaa no mu ɔha biara mu 30 fi aduan a wonni ho dwuma yiye wɔ fie mu.” Dɛn na wubetumi ayɛ de abɔ wo ho ban?

Ansa na Wobɛtɔ No . . .

Kenkan ɛho krataa. Nneɛma bɛn na wɔde yɛe? Sɛ wɔde nkesua a wɔnnoae na ɛyɛe, te sɛ nea ɛwɔ ade a wɔde gu salad so anaa mayonnaise mu a, hwɛ yiye. Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw nufusu ne kyiisi ho sɛ “wɔakum mu ɔyare mmoawa.” Hyɛ “tɔn no” anaa “fa di dwuma” ansa na da bi adu ho kɔkɔbɔ horow nsow. Nnya adwene sɛ nnuan a wose wɔamfa aduru biara amfra mu no ye; ebetumi ama woanya nyarewa a wɔde nnuru a wɔde fra siw ano no.

Hwɛ aduan no ne ade a ehyem no. Sɛ ɛte sɛ nea aduan no akyɛ a, ntɔ. Ɛdefa mpataa ho no, ɛnsɛ sɛ apataa mũ no nyinaa ani sakra, nea ɔhome fa mu no yɛ kɔkɔɔ, ne nam nyɛ fusirefusire, na ani tew fann na ɛmmɔn kɛse. Ɛsɛ sɛ apataa no da nsukyenee so anaa adaka a wɔde ahyɛ fridge mu. Apataa a wɔanoa dedaw a wɔde agu nea wɔnnoae ho no betumi ama emu biara ho yare akɔ foforo ho. Afei nso, nkankyee ne adekorade a enwunu, ahuruhuruw, anaa asɛe no betumi ama nea wɔfrɛ no botulism—awuduru bi a ɛho yɛ na nanso ɛtɔ mmere bi a edi awu a ɛka ehon nkwaadɔm no aba mu.

Ansa na Wubedi No . . .

Noa no yiye. Eyi ne nea ɛbɛbɔ wo ho ban paa afi ɔyare ho no biako. Oduruyɛfo Cohen tu fo sɛ: “Fa no sɛ ɔyare wɔ biribiara a wɔde nam ayɛ mu, na di ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so.” Ɛsɛ sɛ wonoa nkesua kosi sɛ emu ade fitaa ne akokɔsrade no bɛyɛ den, na ɛnyɛ nsunsu. Esiane sɛ ɔyare mmoawa betumi anyin wɔ ɔhyew a anoden yɛ 4° kosi 60° Celsius mu nti, ɛsɛ sɛ wonoa mogyanam kosi sɛ ne mfinimfini mu ɔhyew bedu 71° Celsius, na ɛsɛ sɛ edu 82° Celsius wɔ akokɔnam mu.

Suasua aduannoa a ɛho tew. Ɛsɛ sɛ wohohoro nkankyee a wode noa aduan nyinaa mu yiye bere a woawie no. Ɛwom sɛ ebinom kyerɛ sɛ mmoawa betumi atra nnua a wotwitwa ade wɔ so mu de, nanso nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ ɛno ye sen rɔba de.a Ɛsɛ sɛ wode samina ne nsuɔhyew hohoro nea wode di dwuma biara no so yiye. Ebinom ka sɛ fa aduru a wɔde yi nkekae nso di dwuma. Sɛ wutwitwa nammono ne akokɔnam wie a, hohoro wo nsa, efisɛ ɔyare a ɛwom no betumi akɔ biribiara a woso mu no mu.

a Hwɛ December 8, 1993 Engiresi Nyan! no kratafa 28.

Hwɛ dɔn no. Fa nnuan ne nam kɔ fie ntɛm ara sɛnea wubetumi. Afei nso, aduan ho nimdefo Gail A. Levey ka sɛ, “ɛnsɛ sɛ wuyi biribiara fi fridge mu gu hɔ ma ɛboro nnɔnhwerew abien.” Ɔde ka ho sɛ: “Sɛ wim hyew boro 32° Celsius a, tew saa bere no so bra dɔnhwerew biako.”

Ansa na Wobɛkora So No . . .

Fa adekorade a ɛdɔɔso di dwuma. Kyekyɛ nnuan a ɛyɛ hyew mu gu adekorade nketenkete mu na ama adwo ntɛm wɔ fridge no mu. Mma adekorade no mmemmɛn ho pii na amma fridge no anaa freezer no mu anyɛ hyew kɛse. Kata adekorade no nyinaa so na ebi mu yare ankɔ foforo mu.

Hwɛ wo “fridge.” Ɛnsɛ sɛ freezer no mu hyew tra -18° Celsius na ɛsɛ sɛ fridge mu de ba fam sen 4° Celsius. Ɛwom sɛ wubetumi de nam ahyɛ freezer mu asram pii de, nanso ebetumi asɛe wɔ fridge mu wɔ nna kakraa bi pɛ mu. Ɛsɛ sɛ wode nkesua di dwuma wɔ adapɛn abiɛsa ntam. Nea ɛbɛyɛ na ammobɔ na ɛho adwo sɛnea ɛsɛ no, ɛyɛ papa sɛ wobɛma ahyɛ nnaka a ɛwom dedaw no mu na wode asi fridge no mu ankasa sen sɛ wode begu faako a wɔde nkesua gu wɔ fridge ne pon ho, n’afã horow a ɛyɛ hyew paa biako.

Wɔ ahwɛyiye a wɔaka wɔ atifi hɔ no nyinaa akyi no, sɛ ɛte sɛ nea asɛe a, tow gu! Ɛwom sɛ aduan mu yare taa bɔ obi na egyae a empira no kɛse de, nanso wɔ nsɛm no bi mu—titiriw wɔ mmofra, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, ne wɔn a wɔn nipadua ntumi nko ntia ɔyare kɛse fam no—ebetumi adi wɔn awu.b

b Sɛ ɛba sɛ aduan mu yare bi ka wo a, fa bere pii gye w’ahome, na nom anonne te sɛ nnuaba mu nsu, nkwan, anaa soda a ahuruw nnim. Sɛ ɛka wo hon nkwaadɔm anaa wunya atiridii, w’ani so biri wo, wofefe, wokɔ tiafi a mogya wom, anaa wokɔ so te ɛyaw a emu yɛ den nka anaa woka nnipa a ɔyare tumi wɔn ntɛmntɛm ho a, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wukohu oduruyɛfo.

Mfe mpempem pii ni a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: “Mmoadoma, nnomaa, ne mpataa nyinaa, . . . mede wɔn nyinaa ama mo sɛ aduan.” (Genesis 9:2, 3, Today’s English Version) Mmoa a wokunkum wɔn bebree yɛ wɔn ho adwuma wɔ faako tɔn wɔn bebree no ma nya a yebetumi anya ɔyare afi nam mu no yɛ kɛse. Enti yɛ wo fam de sɛ nea ɔtɔ nam. Hwɛ yiye bere a wotɔ aduan, wonoa, na wokora so no.

[Kratafa 23 mfonini]

Sɛ ɛnyɛ momono a, ntɔ

[Kratafa 25 mfonini]

Adidibea a wudidi wɔ hɔ no mukaase tew?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena