Yehowa Adansefo Ho Adwene A Ɛnteɛ A Woyi Fi hɔ
BERE a Yehowa Adansefo baanu reyɛ wɔn afie afie asɛnka adwuma no, wɔkɔtoo ɔbarima bi a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ n’ani nnye ho. Adansefo no fii hɔ komm, nanso bere a wɔnam anammɔnkwan no so no, wohui sɛ ɔbarima no di wɔn akyi. Ɔbarima no frɛe sɛ, “Mesrɛ mo, munnyina hɔ! Mepɛ sɛ mepa mo kyɛw. Minnim Adansefo no ho hwee, na migye di sɛ mo ho atosɛm na nnipa pii nim.”
Afei ɔbarima no daa ne ho adi sɛ ɔne Renan Dominguez a ɔyɛ Rotary Kuw a ɛwɔ South San Francisco, California, no guamtrani. Ɔsrɛe sɛ Ɔdansefo bi mmra wɔn kuw no mu mmɛma ɔkasa bi a ɛfa Yehowa Adansefo gyidi ne wɔn dwumadi ahorow ho. Wɔyɛɛ dwumadi no ho nhyehyɛe. Ná Ɔdansefo no bɛkasa simma 30, na afei wama atiefo no nsɛmmisa ahorow ho mmuae. Wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ Ernest Garrett a wayɛ Ɔdansefo mfe pii wɔ San Francisco mpɔtam hɔ no nkɔkasa nkyerɛ Rotary Kuw no wɔ August 17, 1995, na ɔkaa nea edi so yi:
“Misusuw nea na mɛka akyerɛ Rotary Kuw a emufo yɛ adwumawuranom ne ɔman no mu mpanyimfo te sɛ sikakorabea adwumayɛfo, mmaranimfo ne nnuruyɛfo no ho, na mebɔɔ ho mpae. Meyɛɛ nhwehwɛmu kakra, na mihui sɛ Rotary Kuw no botae a wɔatintim ne sɛ wɔbɛhyɛ ɔmanfo no den. Enti mekaa asɛm a ɛwɔ Jehovah’s Witnesses in the Twentieth Century nhomawa no kratafa 23 a n’asɛmti ne ‘Practical Value of the Good News to Your Community’ (‘Mfaso Pa a Wo Manfo Nya Fi Asɛmpa no Mu.’)”a
“Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yehowa Adansefo nso hyɛ eyi ho nkuran. Dapɛn no mu da biara da no, Yehowa Adansefo kɔbɔ wɔn manfo apon mu. Wɔn pɛ ne sɛ wɔbɛma wɔn afipamfo anya mmusua a ɛyɛ den—na mmusua a ɛyɛ den na ɛma wonya ɔman a ɛyɛ den. Dodow a Yehowa Adansefo ma ankorankoro ne mmusua de Kristofo nnyinasosɛm tra ase no, dodow no ara na mmofra asoɔden, ɔbrasɛe, ne nsɛmmɔnedi kɔ fam wɔ ɔman no mu. Kuw no mufo no ani gyee asɛm yi ho yiye efisɛ na ɛne Rotary Kuw no botae ahorow hyia.”
“Dɛn Nti na Momfa Mo Ho Nhyehyɛ Amammuisɛm Mu?”
“Bere a wɔmaa kwan sɛ wommisa nsɛm wɔ nhyiam no ase no, nsɛm a wodii kan bisae no mu biako ne sɛ: ‘Dɛn nti na momfa mo ho nhyehyɛ amammuisɛm ne aban mu?’ Afei ɔbarima a obisaa saa asɛm yi no de kaa ho sɛ: ‘Munim sɛ, Nhoma Pa no ka sɛ: “Momfa Kaesare de mma Kaesare.”’ Meka kyerɛɛ no sɛ yegye saa asɛm no tom koraa, na yɛde di dwuma yiye. Medaa no adi sɛ nnipa dodow no ara a mate sɛ wɔfa saa kyerɛwsɛm no ka asɛm no nkaa ɔfã a aka no da, nea ɛka sɛ: ‘Ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn!’ no. (Mateo 22:21) Enti, afei, yɛbɛka sɛ ɛnyɛ nneɛma nyinaa na ɛyɛ Kaesare de. Nneɛma bi wɔ hɔ a ɛwɔ Onyankopɔn. Asɛm a ɛwɔ hɔ ne sɛ yɛbɛhwehwɛ nneɛma a ɛyɛ Kaesare de, ne nea ɛyɛ Onyankopɔn de.
“Mekyerɛɛ no sɛ bere a wobisaa Yesu sɛ ‘Ɛwɔ ho kwan sɛ woyi tow ma Kaesare anaasɛ wonnyi?’ no, wanyi ano sɛ yiw anaasɛ dabi. Ɔkae sɛ: ‘Momfa ɔtow sika no bi mmɛkyerɛ me!’, na ɛyɛ Romafo denare. Obisae sɛ: ‘Hena mfonini ne nkyerɛwee ni?’ Wɔkae sɛ: ‘Kaesare dea.’ Afei ɔkae sɛ: ‘Ɛnde momfa Kaesare de mma Kaesare.’ (Mateo 22:17-21) Ɔkwan foforo so no, muntua tow mma Kaesare efisɛ Kaesare yɛ nnwuma bi ma yɛn, na yetua tow ahorow wɔ ɔkwan a ɛfata so. Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yehowa Adansefo tua wɔn tow ahorow, na wonsisi aban wɔ nea ɛyɛ ne de no mu.
“Afei mekae sɛ Yehowa Adansefo nnye nni sɛ Kaesare na ɔma wɔn nkwa. Wogye di sɛ Onyankopɔn na ɛsɛ sɛ wɔsom no, na eyi na wɔde ma no wɔ ɔkwan a ɛfata so. Enti sɛ yɛyɛ eyi a ɛnyɛ yɛn adwene ne sɛ yebebu Kaesare animtiaa ɔkwan biara so. Yedi Kaesare mmara nyinaa so, nanso sɛ abirabɔ bi ba a, yefi obu mu paw sɛ yebetie Onyankopɔn mmom asen nnipa. Afei ɔbarima a obisaa asɛm yi no kae wɔ kuw no nyinaa anim sɛ: ‘Mintumi nnye ɛno ho kyim!’
“Yetumi maa yɛn asɛnka adwuma no ho nsɛmmisa pii ho mmuae. Kuw no mufo pii sɔre bekyiaa yɛn nsam kae sɛ wɔne yɛn yɛ adwene koraa—sɛ ɔman a ɛyɛ den fapem ne abusua. Afei yɛmaa kuw no mufo biara Jehovah’s Witnesses in the Twentieth Century nhomawa no bi.
“Wɔ nhyiam yi akyi no, dwumadi no guamtrani, Owura Dominguez, ne me kasae wɔ telefon so bisae sɛ mɛba n’adwumam a, efisɛ na ɔwɔ yɛn gyidi ho nsɛm pii bisa. Yɛbɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye susuw kyerɛw nsɛm pii ho. Ɔpɛe sɛ mekyerɛkyerɛ no yɛn gyinabea wɔ mogya ho mu titiriw. Ɔyɛe sɛ n’ankasa rennye mogya, na n’ani gyee How Can Blood Save Your Life? nhomawa no mu nsɛm a meka kyerɛɛ no no ho araa ma ɔtoo nsa frɛɛ me sɛ mensan mmɛka yɛn gyinabea wɔ mogya ho ho asɛm nkyerɛ kuw no mufo. Metoo nsa frɛɛ Ɔdansefo foforo, Don Dahl, sɛ ɔmmɛka me ho wɔ saa dwumadi yi mu. Sɛ ɛsɛ sɛ Adansefo kɔyɛ oprehyɛn a, ɔkɔ ayaresabea ne nnuruyɛfo kɔkasa. Yɛn baanu kyerɛkyerɛɛ sɛnea yɛne nnuruyɛfo ne ayaresabea mpanyimfo yɛ adwuma de ma yɛn Kyerɛwnsɛm mu gyinabea no mu da hɔ, ne sɛnea yɛkyerɛ nnuru foforo a ɛfata a wɔde si mogya a wɔde ma ananmu no mu.”—Leviticus 17:10-12; Asomafo no Nnwuma 15:19-21, 28, 29.
‘Wokyerɛ sɛ Wobɛma Wo Babarima Awu?’
“Wɔ nhyiam no akyi no, ɔbarima bi bebisaa me kokoam sɛ: ‘Wokyerɛ sɛ sɛ wo babarima anya akwanhyia ma wɔde no aba ɔdan a wɔhwɛ ayarefo a wɔn tebea gye ntɛmpɛ mu a mogya retu no kɛse a, wobɛma no awu?’ Memaa no awerɛhyem sɛ mete nka te sɛ nea ɔte nka no ara, efisɛ na mewɔ ɔbabarima, na mehweree no wimhyɛn a ɛhwee ase wɔ Lockerbie, Scotland, 1988 no mu. Mereyi n’asɛm no ano no, midii kan ka kyerɛɛ no sɛ merempɛ sɛ me babarima bewu.
“Yenkyi nnuruyɛfo, ayaresa, anaa ayaresabea. Yɛnyɛ gyidi ayaresafo. Yehia nnuruyɛfo mmoa. Yɛde yɛn ho ato Onyankopɔn so, na yɛwɔ awerɛhyem sɛ n’akwankyerɛ ahorow a ɛfa mogya ho no wɔ hɔ ma yɛn daa yiyedi. Wɔaka Onyankopɔn ho asɛm wɔ Bible mu sɛ, ‘nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.’ (Yesaia 48:17) Wama ne Ba no tumi a ɔde benyan awufo. Yesu kae sɛ: ‘Mene sɔre ne nkwa; nea ogye me di no sɛ wawu po a, obenya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da. Wugye eyi di anaa?’—Yohane 11:25, 26.
“Nea yɛpɛ sɛ nnuruyɛfo te ase nyinaa ne sɛ yɛn gyinabea no yɛ ahonim asɛm, na ɛyɛ nea yentumi nsesa no wɔ ɔkwan biara so. Yentumi nsesa yɛn gyinabea wɔ asɛm yi mu sɛnea yentumi nyɛ saa wɔ Onyankopɔn mmara a ɛfa awaresɛe ho no ara pɛ no. Yentumi ne Onyankopɔn nyiyi nsɛm na yɛnka sɛ, ‘Onyankopɔn, tebea bi wɔ hɔ a yebetumi agyina so asɛe aware anaa?’ Afei meka kyerɛɛ ɔbarima yi sɛ: ‘Wubisaa me sɛ ebia mɛma me babarima awu denam mogya a memma wɔmfa mma no so anaa. Nidi mu, mepɛ sɛ mibisa sɛ wobɛma wo babarima awu wɔ ɔman bi sraadi mu?’ Ɔde nne a emu yɛ den buae ntɛm ara sɛ, ‘Yiw! Efisɛ ɛno yɛ n’asɛyɛde!’ Mekae sɛ: ‘Wobɛma kwan ma wo babarima awu esiane sɛ ɔrewu ama biribi a wowɔ mu gyidi nti. Ma minnya saa hokwan no wɔ me babarima no ho.’
“Anigyesɛm bi a ɛbae wɔ eyinom nyinaa akyi ne sɛ dwumadi no guamtrani, Owura Dominguez, too nsa frɛɛ me ne me yere ma yɛne ɔne ne yere kodidii. Ɔtee nka sɛ wɔaka Yehowa Adansefo ho atosɛm atoto wɔn ano akyerɛ ne yere. Ná ɛyɛ nokware. Ná wɔaka atosɛm akyerɛ no. Yɛn ani gyei saa anwummere no, na ne yere bisaa yɛne yɛn adwuma no ho nsɛm pii, na ɔmaa kwan ma yɛkyerɛkyerɛɛ mu yiye. Ɛda a edi hɔ no, ɔne me kasaa telefon so kae sɛ ne yere ani agye sɛ ohyiaa me ne me yere, na wabu yɛn sɛ yɛyɛ nnipa pa.
“Makɔ so asra Owura Dominguez bere nyinaa, na ɔkyerɛ Bible no ho anigye kɛse. Ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Merentwentwɛn me nan ase sɛ mɛhyɛ wo nkuran sɛ kohu Rotary Akuw a ɛwɔ Greater San Francisco Bay mpɔtam no nyinaa dwumadi guamtrafo, na yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛma wɔn ɔkasa te sɛ nea wode maa yɛn kuw no ara. Wubetumi abɔ me din akyerɛ wɔn, na sɛ wobehu me a, m’ani begye sɛ mɛkamfo wo akyerɛ kɛse sɛ wɔnto nsa mfrɛ wo na bɛma wɔn ɔkasa.’
“Rotary akuw yɛ amanaman ntam de. So ebetumi ayɛ yiye sɛ akuw a ɛwɔ United States ne wiase nyinaa no bɛma ho kwan ma Yehowa Adansefo akɔma ɔkasa ahorow akyerɛ wɔn?”
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii wɔ 1989 mu.
[Kratafa 20 mfonini]
Owura Renan Dominguez, benkum so, ne Onua Ernest Garrett