Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 6/8 kr. 30
  • Ɔkwan Bɛn So na Ɛsɛ sɛ Wɔdeda Abofra?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan Bɛn So na Ɛsɛ sɛ Wɔdeda Abofra?
  • Nyan!—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Mmofra Hia ne Nea Wɔpɛ
    Nyan!—2004
  • “Johnny, Mesrɛ Wo Yɛ Komm!”
    Nyan!—1983
  • Dɛn Nti Na Nkokoaa Hu Amane Na Wowuwu?
    Nyan!—1984
  • Abawo Ma Nsakrae Ba Aware Mu
    W’abusua Betumi Anya Anigye
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 6/8 kr. 30

Ɔkwan Bɛn So na Ɛsɛ sɛ Wɔdeda Abofra?

NKOKOAA Ɔpatuwu Yare (SIDS) akunkum nkokoaa pii wɔ wiase nyinaa. Wɔ United States no, ɛno ne ade a ɛtaa kunkum nkokoaa a wɔadi fi ɔsram 1 kosi asram 12. So wobetumi afa ɔkwan bi so ama yare no ano abrɛ ase? Sɛnea The Journal of the American Medical Association (JAMA), kyerɛ no, nhwehwɛmu a wɔayɛ nnansa yi kyerɛ sɛ, sɛ wɔma nkokoaa da ayeya sen sɛ wɔde wɔn bebutuw hɔ a, SIDS no so tew kɛse. Aman pii ayɛ nhyehyɛe a wɔnam so bɛkyerɛkyerɛ awofo abusuabɔ a ɛda SIDS ne sɛnea wɔdeda abofra no ntam. Dawuru a wɔde bɛboro afe kosi mfe abien bɔe de kaa mmofra a ɛsɛ sɛ wɔma wɔda ayeya ho asɛm no maa SIDS so tew bɛyɛ fa wɔ Australia, England, Denmark, New Zealand, ne Norway.

Abusuabɔ titiriw a SIDS ne akokoaa a wɔde no bebutuw hɔ wɔ no yɛ nea wonhui, nanso nhwehwɛmufo bi kyerɛ sɛ abofra a wɔde no butuw hɔ no home mframa a afi ne mu aba no bio, ma enti carbon dioxide pii kɔ ne mogya mu. Afei nso, akokoaa no ho tumi dɔ efisɛ sɛ wɔde no butuw hɔ a ɔhyew ntumi mfi ne mu. Sɛnea wɔbɛdeda nkokoaa biara no, saa ara na wɔbɛda, sɛ ebia wɔbɛma wɔada ayeya anaasɛ wɔde wɔn bebutuw hɔ. Nhwehwɛmu san da no adi sɛ abofra a ne ho yɛ den a hwee nyɛɛ no a wɔbɛma wada ayeya no ye sen sɛ wɔbɛma no abutuw hɔ.

Adɛn nti na ɛnanom ani gye ho sɛ wɔbɛdeda wɔn mma wɔ ɛkwan pɔtee bi so? JAMA kyerɛ sɛ ɛnanom taa di amanne akyi kɛkɛ—sɛnea wɔn ankasa maamenom anaa afoforo a wɔne wɔn te no deda wɔn mma no na wɔn nso wɔyɛ bi. Anaasɛ ebia wosuasua nea wohui wɔ ayaresabea no. Ɛnanom bi nso susuw sɛ sɛ wɔdeda wɔn mma wɔ ɔkwan pɔtee bi so a, na wotumi da yiye. Ɛnanom pii taa ma abofra no da ayeya wɔ ɔsram a edi kan no mu, na afei akyiri yi wɔasesa de no abutuw hɔ. JAMA ka sɛ: “Adeyɛ a ɛte sɛɛ haw adwene kɛse efisɛ mmofra a wɔadi asram 2 kosi asram 3 na SIDS bɔ wɔn kɛse.” Nnuruyɛfo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma awofo a wɔn mma susua ahu ɔkwan tiaa a ɛfata a ebetumi atew SIDS so—denam nkokoaa a wɔbɛma wɔada ayeya so.a

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ abofra bi ntumi nhome yiye anaasɛ ɔfefe basabasa a, nea nyansa wom a ɛsɛ sɛ abofra no awofo yɛ ne sɛ wɔbɛkɔ akohu oduruyɛfo ma wakyerɛ no sɛnea ɛsɛ sɛ ɔdeda abofra no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena