Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 4/8 kr. 3-4
  • Abrabɔ Pa Te Dɛn Nnɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abrabɔ Pa Te Dɛn Nnɛ?
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So na Kan no Ye Sen Nnɛ?
  • So Europa Aman—Betumi Ayɛ Biako Ampa?
    Nyan!—2000
  • Ahobammɔ a Wonni—Ɛyɛ Ɔhaw a Ɛwɔ Wiase Nyinaa
    Nyan!—1998
  • Europa Aman Nkabom—Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wosusuw Ho?
    Nyan!—2000
  • Dɛn Nti na Nguamansɛm Abu so Saa?
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 4/8 kr. 3-4

Abrabɔ Pa Te Dɛn Nnɛ?

Da koro anɔpa bi wɔ April 1999 mu no, Littleton kurow a ɛbɛn Denver, Colorado, U.S.A. no mu yɛɛ bagyabagya. Mmarimaa baanu a na wɔhyɛ ntade nkataso tuntum bɔ wuraa mpɔtam hɔ ntoaso sukuu mu, na wofii ase totoo sukuufo ne akyerɛkyerɛfo no atuo. Wɔtotoo atopae nso. Sukuufo no mu dumien ne ɔkyerɛkyerɛfo biako wui, na bɛboro 20 nso pirapirae. Amumɔyɛfo yi dii wɔn ho dɔm de wiee awurukasɛm yi. Na ɔbaako adi mfe 17 na ɔbaako no nso adi 18 pɛ, na na wɔtan kuw ahorow bi denneennen.

AWERƐHOSƐM ne sɛ, nhwɛso a yɛaka ho asɛm no nyɛ ade a ɛntaa nsi. Atesɛm nkrataa, radio, ne television bɔ nsɛm a ɛtete saa ho amanneɛ wɔ wiase nyinaa. Sɛnea Asoɛe a Ɛhwɛ Nhomasua Ho Nsɛm So Wɔ U.S. kyerɛ no, wɔbɔɔ nsɛmmɔnedi ahorow bɛyɛ 11,000 a wɔde akode dii dwuma wom wɔ America sukuu ahorow mu ho amanneɛ wɔ 1997 mu. Wɔ Hamburg Germany no, wɔbɔ amanneɛ sɛ nsɛmmɔnedi kɔɔ soro ɔha mu 10 wɔ 1997 mu, na na wɔn a wogye di sɛ wodii nsɛmmɔne yi mu ɔha mu 44 yɛ mmerante ne mmabaa a wonnii mfe 21.

Sikadi abu so wɔ amanyɔfo ne aban mpanyimfo mu. Amanneɛbɔ a Anita Gradin a ɔyɛ Europa Aman Nkabom Kuw (EU) soafo de too gua wɔ 1998 mu no daa no adi sɛ, sika a wodii wɔ EU mu wɔ 1997 mu no dodow yɛ dɔla ɔpepepem 1.4. Sika a wodii yi bi ne nea wɔgyegye fii wɔn a wobuu kar akwan so mmara so hɔ, nea EU tua ma akuafo de boa kuayɛ ne mmoa afoforo a EU de ma ho sika. Wɔama kwan ma nkurɔfo fa akwammɔne so nya sikabum denam wia a wowia wɔn ho de akode ne nnubɔne kɔ aman foforo so kɔtɔn so, na amumɔyɔfo kuw tua adanmude ma EU adwumayɛfo a wɔnka ho hwee. Wɔn a wɔwɔ EU Ahyehyɛde no mu nyinaa gyaee wɔ 1999 mu.

Nanso, ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ dibea akɛse wɔ ɔman mu no nko na wɔbɔ apoo. Amanneɛbɔ a efi EU Asoɛe, a ɛfa adwumayɛfo a wɔmfa mmara kwan so nyɛ adwuma ho no daa no adi sɛ, sika dodow a EU nya no mu bɛyɛ ɔha mu 16 fi nnwuma a wɔn din nni mmara mu na wontua tow no hɔ. Wɔ Russia no, wɔbɔ amanneɛ sɛ sika a wonya no mu ɔha mu 50 yɛ nea wɔmfa mmara kwan so na enya. Afei nso, wɔ United States no, Kuw a Ɛhwehwɛ Amimdi Ho Nsɛm mu no bɔɔ amanneɛ sɛ afe biara sika a nnwumakuw horow a ɛwɔ America hwere no boro dɔla ɔpepepem 400, esiane adwuma mu sika anaa agyapade a adwumayɛfo no wia nti.

Nnipa pii a wɔto mmofra mmonnaa de Intanɛt di dwuma de daadaa mmofra ma wɔde wɔn ho hyɛ nna mu nneyɛe a mmara mma ho kwan mu. Sɛnea Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Bɔ Mmofra Ho Ban kasamafo a ɔwɔ Sweden kyerɛ no, wɔn a nguamansɛm a woyi kyerɛ mmofra wɔ Intanɛt so ho asɛm hia wɔn no dodow akɔ anim. Wɔ Norway wɔ 1997 mu no, ahyehyɛde yi nsa kaa sum ase amnneɛbɔ 1,883 wɔ kɔmputa so dwumadi a ɛfa nguamansɛm a woyi kyerɛ mmofra wɔ Intanɛt so ho. Afe a edi hɔ no, esum ase amanneɛbɔ yi dodow kɔɔ soro bɛyɛ 5,000. Wɔyɛ saa nneɛma yi mu fã kɛse no ara wɔ aman a aban no anaa mpɔtam hɔ mpanyimfo no ntumi nni ɔbrasɛe nneɛma a ɛte saa no ho dwuma no mu.

So na Kan no Ye Sen Nnɛ?

Nnipa pii a wɔn ho dwiriw wɔn wɔ sɛnea abrabɔ pa asɛe koraa ho no adwene betumi akɔ wɔn awofo anaa wɔn nananom pɛn so na wɔn kɔn adɔ sɛnea na asetra te kan no. Ebia wɔate sɛ nkurɔfo traa ase komm saa bere no na ɔmanfo kyerɛɛ obu kɛse maa nneɛma a ɛkyerɛ nokwaredi ne abrabɔ pa wɔ akwan nyinaa so. Ebia na wɔn a wɔn mfe akɔ anim aka sɛnea na nnipa a wɔyɛ adwumaden boa wɔn ho wɔn ho, na abusua mu nkitahodi wɔ hɔ paa saa bere no, na mmerante ne mmabaa te nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ na wɔboaa wɔn awofo wɔ afuw mu ne adwumayɛbea ahorow mu no ho asɛm akyerɛ wɔn.

Eyi ma nsɛmmisa bi sɔre sɛ: So na nkurɔfo bu bra pa kan no sen nnɛ? Anaasɛ yɛn kɔn a ɛdɔ kan asetra no kɛkɛ na ɛma yɛkae kan no? Momma yɛnhwɛ sɛnea abakɔsɛm akyerɛwfo ne asetra mu nhwehwɛmufo de ho mmuae ma.

[Adaka wɔ kratafa 3]

Sɛnea Wɔakyerɛ Abrabɔ Pa Ase

Yɛde nsɛmfua “abrabɔ pa” sɛnea yɛakyerɛkyerɛ mu wɔ nsɛm yi mu no di dwuma de kyerɛ nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ wɔ nnipa abrabɔ mu a yebehu. Ebi ne nokwaredi, ne abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn wɔ nna ne nneɛma foforo mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena