Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g05 4/8 kr. 15
  • Yɛresɛe Yɛn Asase No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛresɛe Yɛn Asase No
  • Nyan!—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asase So Nneɛma Dodow so Rehuan
    Nyan!—2005
  • Canada “Ahyɛn Kwan” Kɛse No
    Nyan!—1994
Nyan!—2005
g05 4/8 kr. 15

Yɛresɛe Yɛn Asase No

WƆ 1805 mu no, abɔrehufo Meriwether Lewis ne William Clark a wɔagye din no bɔɔ aporɔw koduu Asubɔnten Columbia, a ɛda nnɛ Washington State, U.S.A. no ho.a Ade a ɛtwee wɔn adwene kɛse sen asubɔnten no ankasa ne safro pii a wohui wɔ asubɔnten no mu no. Wɔkyerɛw ho asɛm wɔ wɔn akwantu kyerɛwtohɔ no mu sɛ, “wuntumi nte nea enti a mpataa no dɔɔso saa no ase. Mpataa pii bɛtɛn asubɔnten no ani na asorɔkye atwe wɔn akogu asu no ano. Nea na Indiafo no yɛ ara ne sɛ wɔsesa mpataa no paapae wɔn mu gu apa so hata.” Nokwarem no, na safro dɔɔso araa ma enti na Indiafo no hata wɔn de sɔ gya!

Ɛnnɛ de, tebea no asesa koraa. Newsweek atesɛm krataa ka sɛ: “Bɛboro mfe du ni na nyansahufo ahu sɛ mpataa dodow a woyi fi po mu no dɔɔso sen dodow a wobesi ananmu.” Sɛ nhwɛso no, wobu akontaa sɛ, wɔ Atlantic Atifi fam no, wɔayi po mu safro dodow 100 mu nkyem 90.

Nanso ɛnyɛ mpataa nkutoo na ɛho ayɛ na. Asase so nneɛma bi te sɛ fango, fagude ne kwae mu nnua resa ntɛmntɛm. Wuram Mmoadoma ne Afifide a Ɛwɔ Wiase Nyinaa Ho Foto fekuw bɔ amanneɛ sɛ, wɔsɛee asase so nneɛma 100 mu nkyem 30 wɔ 1970 ne 1995 ntam. Ɔkwan a wɔfa so boaboa asase so nneɛma ano no abɛyɛ domfo-kumfo, esiane sɛ ebetumi asɛe yɛn atrae.

Nnipa binom susuw sɛ, esiane sɛ ɔhaw ahorow yi fi nnipa nti, wɔn ankasa betumi asɔw ano. Sɛ yɛbɛma ho nhwɛso a, wɔ mfe kakra a atwam ni mu no, wɔatumi atew efĩ a ɛsɛe mframa wɔ nkuropɔn a mfiridwuma pii wom no so. So anidaso a ɛte saa ho mpopoe kakra a yɛanya no kyerɛ sɛ adesamma betumi ama nneɛma ayɛ yiye?—g05 1/8.

[Ase hɔ asɛm]

a Na wɔasoma Lewis ne Clark sɛ wɔnkɔbɔ asase foforo a na wɔatɔ a ɛda Asubɔnten Mississippi atɔe fam no so aporɔw na wɔnyɛ ho mfonini.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 15]

© Kevin Schafer/CORBIS

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena