Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 84
  • Ɔbɔfo Ba Maria Nkyɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔbɔfo Ba Maria Nkyɛn
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Gabriel Baa Maria Nkyɛn
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Wɔhyɛɛ No Anuonyam Ansa Na Wɔrewo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • “Hwɛ! Meyɛ Yehowa Afenaa!”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Biribi Sii a Ɛkyerɛ Sɛ Yesu Bɛyɛ Onipa Kɛse
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 84
Maria retie ɔbɔfo Gabriel

ASƐM 84

Ɔbɔfo Ba Maria Nkyɛn

ƆBEA a ne ho yɛ fɛ yi yɛ Maria. Ɔyɛ Israelni bea, a ɔte Nasaret. Na Onyankopɔn nim sɛ ɔyɛ onipa pa. Ɛno nti na ɔsomaa ne bɔfo Gabriel ma ɔne no bɛkasae. Wunim nea Gabriel bɛka kyerɛɛ Maria? Ma yɛnhwɛ.

Gabriel ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mikyia wo, wo a wɔadom wo. Yehowa ka wo ho.’ Ná Maria nhuu saa nipa yi da. Ɛhaw no, efisɛ na onnim nea ɔkyerɛ. Nanso ɛhɔ ara na Gabriel maa Maria koma tɔɔ ne yam.

Ɔkae sɛ: ‘Maria, nsuro. Yehowa ani gye wo ho. Ɛno nti ɔrebɛyɛ ade kɛse bi ama wo. Ɛrenkyɛ wobɛwo ba. Ɛsɛ sɛ wofrɛ no Yesu.’

Gabriel toaa so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Abofra yi bɛyɛ kɛse, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoro Nyankopɔn no Ba. Yehowa bɛyɛ no ɔhene, te sɛ Dawid. Nanso Yesu bedi hene daa daa, na n’ahenni to rentwa da!’

Maria bisae sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na eyi nyinaa aba? Menwaree. Me ne ɔbarima ntrae da, enti ɛbɛyɛ dɛn na mawo ba?’

Gabriel buae sɛ: ‘Onyankopɔn tumi bɛba wo so. Enti wɔbɛfrɛ abofra no Onyankopɔn Ba.’ Afei ɔka kyerɛɛ Maria sɛ: ‘Kae wo busuani Elisabet. Nkurɔfo kae sɛ wabɔ aberewa dodo sɛ ɔbɛwo. Nanso ɛrenkyɛ ɔbɛwo. Enti woahu, biribiara nni hɔ a Onyankopɔn ntumi nyɛ.’

Amonom hɔ ara Maria kae sɛ: ‘Meyɛ Yehowa afenaa! Nea woaka no mmra mu saa wɔ me so.’ Afei ɔbɔfo no fii hɔ kɔe.

Maria yɛɛ ntɛm kɔɔ Elisabet nkyɛn. Bere a Elisabet tee Maria nne no, abofra a ɔwɔ Elisabet yam no de anigye huruwii. Ná Onyankopɔn honhom ahyɛ Elisabet ma, enti ɔka kyerɛɛ Maria sɛ: ‘Wɔahyira wo kɛse wɔ mmea mu.’ Maria ne Elisabet trae bɛyɛ asram abiɛsa, na afei ɔsan kɔɔ ne kurom Nasaret.

Ná ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef rebɛware Maria. Nanso bere a Yosef hui sɛ Maria anyinsɛn no, wansusuw sɛ ɛsɛ sɛ ɔware no. Ɛnna Onyankopɔn bɔfo ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Nsuro sɛ wobɛware Maria. Efisɛ Onyankopɔn na ama no ɔba.’ Enti Maria ne Yosef waree, na wɔtwɛnee ma wɔwoo Yesu.

Luka 1:26-56; Mateo 1:18-25.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena