Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 85
  • Wɔwo Yesu Mmoadan Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔwo Yesu Mmoadan Mu
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Oyi Ne Me Ba’
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Ɛhe na Wɔwoo Yesu na Bere Bɛn na Wɔwoo No?
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Awo​—Ɛhefa Ne Bere Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Abɔfo Bɛkaa Sɛ Wɔawo Yesu
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 85
Yosef, Maria ne abofra Yesu wɔ mmoadan bi mu

ASƐM 85

Wɔwo Yesu Mmoadan Mu

WUNIM abofra ketewa yi? Yiw, ɛyɛ Yesu. Seesei ara na wɔawo no wɔ mmoadan yi mu. Mmoadan yɛ baabi a mmoa da. Maria de Yesu reto adaka a mmoa didi mu mu, baabi a wɔde aduan gu ma afurum ne mmoa afoforo di. Na dɛn nti na Maria ne Yosef wɔ mmoa no mfinimfini ha? Ɛha nyɛ baabi a ɛsɛ sɛ wɔwo abofra, anaa ɛte saa?

Dabi, ɛnte saa. Nanso nea enti a wɔwɔ ha ni: Roma sodifo Kaesare Augusto hyɛɛ mmara sɛ ɛsɛ sɛ obiara san kɔ baabi a wɔwoo no ma wɔkyerɛw ne din wɔ nhoma bi mu. Wɔwoo Yosef wɔ Betlehem. Nanso bere a ɔne Maria bedui no na kurom hɔ ayɛ ma araa ma wonnya dan wɔ baabiara. Enti wɔbɛkaa mmoa no ho wɔ ha. Na saa da no ara Maria woo Yesu! Nanso sɛnea wutumi hu no, ne ho ye.

Nguanhwɛfo a wofi Betlehem rebɛhwɛ Yesu

Wuhu nguanhwɛfo a wɔreba abɛhwɛ Yesu no? Na wɔrehwɛ wɔn nguan anadwo wɔ sare so, na hann bi twaa wɔn ho hyiae. Ná ɛyɛ ɔbɔfo! Ehu kaa nguanhwɛfo no. Nanso ɔbɔfo no kae sɛ: ‘Munnsuro! Merebɛka asɛmpa akyerɛ mo. Wɔawo Awurade Kristo nnɛ wɔ Betlehem. Ɔno na obegye nkurɔfo! Mubehu sɛ wɔde ntama akyekyere no na ɔda adaka a mmoa didi mu mu.’ Mpofirim ara abɔfo pii bae na wofii ase yii Onyankopɔn ayɛ. Enti ɛhɔ ara nguanhwɛfo yi de ahoɔhare kɔe sɛ wɔkɔhwehwɛ Yesu, na afei de wɔahu no.

Wunim nea enti a Yesu yɛ soronko saa? Wunim nipa ko a ɔyɛ ankasa? Kae sɛ asɛm a edi kan wɔ nhoma yi mu no mu no yɛkaa Onyankopɔn Ba a odi kan no ho asɛm. Saa Ɔba yi ne Yehowa yɛɛ adwuma wɔ ɔsoro ne asase ne biribi foforo biara a aka no yɛ mu. Ɔne Yesu yi!

Yiw, Yehowa yii ne Ba no nkwa fii soro de bɛhyɛɛ Maria yam. Ntɛm ara na abofra fii ase nyin wɔ ne yam sɛnea mmofra afoforo nyin wɔ wɔn maamenom yam no. Nanso na saa abofra yi yɛ Onyankopɔn Ba. Akyiri yi wɔwoo Yesu mmoadan mu wɔ Betlehem. Afei wuhu nea enti a abɔfo no ani gyei saa na wotumi ka kyerɛɛ afoforo sɛ wɔawo Yesu no anaa?

Luka 2:1-20.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena