Ɔkwan Bɛn so na Baasakoro Kyerɛkyerɛ no Bae?
ƐDE BESI ha no, ebia wubebisa sɛ: ‘Sɛ Baasakoro no nyɛ Bible kyerɛkyerɛ de a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛyɛɛ Kristoman kyerɛkyerɛ?’ Pii susuw sɛ wɔhyehyɛe wɔ Nicaea Bagua no ase wɔ 325 Y.B. mu.
Nanso, eyi nyɛ nokware nwie. Nicaea Bagua no gye toom ampa sɛ na Kristo su te sɛ Onyankopɔn, a ɛno ne nea ɛtoo nhyɛase maa Baasakoro nyamekyerɛ akyiri yi no. Nanso amfa Baasakoro ansi hɔ efisɛ saa nhyiam no ase no, wɔanka honhom kronkron no ho asɛm biara sɛ onipa a ɔto so abiɛsa wɔ baasakoro Nyamesu bi mu.
Afã a Konstantino Nyae wɔ Nicaea
MFE pii mu no, na wogyina Bible so asɔre atia adwene a ɛne sɛ Kristo ne Onyankopɔn a na ɛresɔre no denneennen. Nea ɛbɛyɛ na wɔagyae akyinnyegye no, Roma ɔhempɔn Konstantino frɛɛ asɔfo mpanyin nyinaa ma wokohyiae wɔ Nicaea. Bɛyɛ 300 a ɛyɛ wɔn dodow no fã ketewaa bi na wɔkɔe ankasa.
Ná Konstantino nyɛ Kristoni. Wɔkyerɛ sɛ ɔsakrae akyiri yi, nanso wɔammɔ no asu kosii bere a na ɔda owupa so. Ɛdefa ne ho no, Henry Chadwick ka wɔ The Early Church mu sɛ: “Konstantino som Owia a Wontumi Nni no So no te sɛ n’agya; . . . ɛnsɛ sɛ wɔfa sakra a ɔsakrae no sɛ ɔdom bi a efi ne mu . . . Na ɛyɛ sraadi asɛm. Wante Kristofo nkyerɛkyerɛ ase pefee da, na mmom na ogye di sɛ akodi mu nkonimdi yɛ Kristofo Nyankopɔn no akyɛde.”
Afã bɛn na ɔhempɔn a wɔmmɔɔ no asu yi nyae wɔ Nicaea Bagua no mu? Encyclopædia Britannica kyerɛ sɛ: “Konstantino ankasa na ɔtraa agua mu, odii nsusuwho no anim ɔhyew so, na n’ankasa hyɛɛ . . . ade titiriw a wogyina so kyerɛ Kristo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a ɛwɔ bagua no gyidikasɛm mu a ɛne sɛ ‘ɔne Agya no wɔ su koro’ no ho nyansa . . . esiane sɛ na asɔfo mpanyin no suro ɔhempɔn no kɛse nti, wɔde wɔn nsa hyɛɛ gyidikasɛm no ase a na emfi wɔn mu pii yam, gye wɔn mu baanu pɛ.”
Enti, na afã a Konstantino nyae wɔ mu no yɛ nea ɛho hia yiye. Asram abien ɔsom mu akyinnyegye a emu yɛ den akyi no, ɔbosonsonni ɔmansɛmdifo no de ne ho gyee mu na ɔka maa wɔn a wose Yesu yɛ Onyankopɔn no. Nanso dɛn ntia? Ɛda adi sɛ ɛnyɛ Bible mu gyidi bi nti. A Short History of Christian Doctrine se: “Ná Konstantino nni asɛm a na wobisa wɔ Hela nyamekyerɛ mu no ho ntease titiriw biara.” Nea na ɔte ase ne sɛ na nyamesom mu mpaapaemu yɛ asiane ma n’ahemman no, na na ɔpɛ sɛ n’ahenni no tim.
Nanso, asɔfo mpanyin a wɔkɔɔ Nicaea no mu biara amma Baasakoro annya nkɔso. Yesu su nkutoo na wosii ho gyinae na mmom ɛnyɛ afã a honhom kronkron no wɔ. Sɛ Baasakoro yɛ Bible mu nokware pefee a, so anka wɔrenka ho asɛm saa bere no?
Nea Ɛbae Bio
NICAEA akyi no, asɛm no ho akyinnyegye kɔɔ so mfe du du pii. Wɔn a na wogye di sɛ Yesu ne Onyankopɔn nyɛ pɛ no nyaa baabi gyinae bere bi mpo bio. Akyiri yi Ɔhempɔn Theodisio ka tiaa wɔn. Ɔde Nicaea Bagua no gyidikasɛm no sii hɔ sɛ n’ahemman no gyinapɛn na ɔfrɛɛ Constantinople Bagua nhyiam no wɔ 381 Y.B. mu sɛ ɔde rema asɛm no mu ada hɔ.
Saa bagua no penee so sɛ wɔde honhom kronkron no begyina gyinabea koro te sɛ Onyankopɔn ne Kristo. Bere a edi kan mu no, Kristoman Baasakoro no fii ase sɛ ɛreda adi.
Constantinople Bagua no akyi mpo no, Baasakoro no ammɛyɛ gyidikasɛm a wogye tom mmaa nyinaa. Pii sɔre tiae ma enti wɔde ɔtaa a emu yɛ den baa wɔn ho so. Akyiri yi mfehaha no mu nkutoo na wɔde Baasakoro no yɛɛ gyidikasɛm ahorow ahorow. The Encyclopedia Americana ka sɛ: “Baasakorosɛm no sii pi wɔ Atɔe fam, wɔ Mfinimfini Mfe no mu Nhomanim mu, bere a wogyina nyansapɛ ne adwene ne nneyɛe ho nimdeɛ so kyerɛkyerɛɛ mu no.”
Athanasia Gyidikasɛm No
WƆKYERƐKYERƐƐ Baasakoro no mu pii wɔ Athanasia Gyidikasɛm no mu. Na Athanasio yɛ ɔsɔfo a ɔne Konstantino yɛɛ adwene wɔ Nicaea. Gyidikasɛm a ne din da so no ka sɛ: “Yɛsom Onyankopɔn biako wɔ Baasakoro mu . . . Agya no yɛ Onyankopɔn, Ɔba no yɛ Onyankopɔn, na Honhom Kronkron no yɛ Onyankopɔn; nanso wɔnyɛ anyame baasa, na mmom Onyankopɔn biako.”
Nanso, abenfo a wonim de yiye adwene hyia sɛ ɛnyɛ Athanasio na ɔhyehyɛɛ saa gyidikasɛm yi. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Ná Apuei fam Asɔre no nnim gyidikasɛm no ho asɛm kosi afeha 12 no mu. Efi afeha 17 no mu no, nhomanimfo adwene ahyia sɛ ɛnyɛ Athanasio (a owui 373 mu no) na ɔkyerɛw Athanasia gyidikasɛm no, na mmom ɛda adi sɛ wɔhyehyɛe wɔ France kesee fam wɔ afeha 5 no mu. . . . Ɛte sɛ nea na gyidikasɛm no nkɛntɛnso wɔ France kesee fam ne Spain wɔ mfeha 6 ne 7 no mu titiriw. Ná wɔde yɛ asɔre wɔ Germany asɔre no mu wɔ afeha 9 mu na ɛno akyi no wɔ Roma.
Enti egyee mfehaha pii fi Kristo bere no so ansa na wɔregye Baasakoro no atom mmaa nyinaa wɔ Kristoman mu. Na wɔ eyi nyinaa mu no, dɛn na ɛkyerɛɛ gyinaesi ahorow no kwan? Na ɛyɛ Onyankopɔn asɛm, anaasɛ asɔfo ne amansɛmdifo nsusuwii ahorow? Wɔ Origin and Evolution of Religion mu no, E. W. Hopkins bua sɛ: “Na Baasakoro nkyerɛkyerɛmu a wɔahyɛ da de asi hɔ a etwa to no yɛ asɔre no amansɛmdi asɛm titiriw.”
Wɔkaa Ɔwae ho Asɛm Siei
NÁ BAASAKORO ho abakɔsɛm a enni din pa yi ne nea Yesu ne n’asomafo ka siei sɛ ɛbɛba wɔn bere no akyi no hyia. Wɔkae sɛ ɔwae, nokware som ho a wɔman fi, wofi ho hwe ase, bɛba kosi sɛ Kristo bɛsan aba, bere a ɔbɛsan de nokware som asi hɔ ansa na bere a Onyankopɔn de bɛsɛe nneɛma nhyehyɛe yi no aba no.
Ɛdefa saa “da” no ho no, ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Ɛremma, gye sɛ ɔwae a wɔbɛwae no aba ansa, na wɔayi onipa a onni mmara no adi.” (2 Tesalonikafo 2:3, 7) Akyiri yi, ɔka siei sɛ: “Mekɔ akyi no, mpataku bɔne bɛhyɛn mo mu a wɔrenkyɛe nguankuw no so. Nso mo ankasa mu nnipa bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.” (Asomafo no Nnwuma 20:29, 30) Yesu asuafo afoforo nso kyerɛw ɔwae yi ne n’asɔfokuw ‘a enni mmara’ no ho asɛm.—Sɛ nhwɛso no, hwɛ 2 Petro 2:1; 1 Yohane 4:1-3; Yuda 3, 4.
Paulo kyerɛwee nso sɛ: “Ɛbere bi bɛba a wɔrentie ɔkyerɛ pa a eye no, na sɛ wɔn asom yɛ wɔn hene nti, wɔbɛsoa akyerɛkyerɛfo aboa wɔn ho so, sɛnea wɔn ankasa akɔnnɔ te. Na wobeyi wɔn aso afi nokware ho, na wɔadan akotie anansesɛm.”—2 Timoteo 4:3, 4.
Yesu ankasa kyerɛkyerɛɛ nea na ɛhyɛ nokware som ho a wobefi ahwe ase yi akyi no mu. Ɔkae sɛ wagu aba pa nanso ɔtamfo no, Satan, akogu wura wɔ afuw no mu. Enti nea ɛkaa awi a edii kan fifii no ho bae ne wura nso. Enti, na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ Kristosom kronn a wɔbɛman afi ho no kwan ansa na twa bere, bere a Kristo besiesie nsɛm, no adu. (Mateo 13:24-43) The Encyclopedia Americana ka sɛ: “Na afeha a ɛto so anan Baasakorosɛm no nyɛ tete Kristofo kyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn su ho no mu ade a ɛteɛ; nea ɛne no bɔ abira no, na ɛyɛ saa kyerɛkyerɛ no a wɔaman afi ho.” Ɛnde, ɛhe na saa man a wɔman yi fi bae?—1 Timoteo 1:6.
Nea Enyaa so Nkɛntɛnso
TETE wiase no mu nyinaa, fi Babilon bere so tɔnn no, na abosonsom anyame a wɔaboaboa wɔn ano abiɛsa abiɛsa anaasɛ baasakoro ahorow a wɔsom wɔn no abu so. Na saa nkɛntɛnso no abu so wɔ Misraim, Hela, ne Roma nso wɔ mfehaha pii mu ansa na Kristo reba, ne bere so, ne akyi. Asomafo no wu akyi no, abosonsomfo gyidi ahorow a ɛtete saa no fii ase hyɛn Kristosom mu.
Abakɔsɛm kyerɛwfo Will Durant kyerɛ sɛ: “Kristosom ansɛe abosonsom; egye toom. . . . Ɔsoro baasakoro adwene horow no fi Misraim na ɛbae.” Na wɔ nhoma Egyptian Religion mu no, Siegfried Morenz ka sɛ: “Na baasakoro yɛ biribi titiriw ma Misrifo nyamekyerɛfo . . . Wɔka anyame baasa bom na wobu no sɛ ɛyɛ koro, ka ho asɛm sɛ ade biako. Saa kwan yi so na ɛda adi sɛ honhom mu tumi a ɛwɔ Misrifo nyamesom mu no ne Kristofo nyamekyerɛ wɔ abusuabɔ tee.”
Enti, wɔ Alexandria, Misraim no, asɔrefo a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abiɛsa no awiei ne nea ɛto so anan no mfiase mu hɔ, te sɛ Athanasio, daa saa nkɛntɛnso yi adi bere a wɔhyehyɛɛ nsusuwii horow a ɛde Baasakoro no bae no. Wɔn ankasa nkɛntɛnso no mu trɛwee, ɛno nti Morenz bu “Alexandria nyamekyerɛ sɛ ntamgyinafo wɔ Misrifo nyamesom mu apɛgyade ne Kristosom ntam.”
Yɛkenkan wɔ Edward Gibbons nhoma History of Christianity no nnianim nsɛm mu sɛ: “Sɛ Kristosom dii abosonsom so nkonim a, ɛyɛ nokware nso sɛ yɛbɛka sɛ abosonsom sɛee Kristosom. Roma Asɔre no sakraa Kristofo a wodi kan no Nyankopɔn koro kyerɛkyerɛ kronn no . . . ma ɛbɛyɛɛ baasakoro ahintasɛm a wontumi nte ase. Wokuraa abosonsom nnyinasosɛm ahorow a Misrifo de bae na Plato de yɛɛ nyansapɛ no mu sɛ ɛfata sɛ wogye di.”
A Dictionary of Religious Knowledge kyerɛ sɛ pii ka sɛ Baasakoro no “yɛ ɔporɔw a wɔfɛm fii abosonsomfo nyamesom mu, na wɔde bɛkaa Kristofo gyidi ho.” Na The Paganism in Our Christianity ka sɛ: “[Baasakoro] no mfiase fi abosonsom mu koraa.”
Enti na wɔ Encyclopædia of Religion and Ethics mu no, James Hastings kyerɛwee sɛ: “Sɛ nhwɛso no, wɔ Indiafo nyamesom mu no, yehu Brahmā, Siva, ne Vishnu baasakoro kuw no; na wɔ Misrifo nyamesom mu no, yehu Osiris, Isis, ne Horus baasakoro kuw . . . Na saa ara na ɛnyɛ abakɔsɛm mu nyamesom ahorow mu nkutoo na yehu sɛ wobu Onyankopɔn sɛ ɔyɛ Baasakoro. Yɛkae Plato adwene foforo a ɛfa Opumpuni Ankasa anaasɛ Nea Otwa To” a wɔde “baasakoro gyina hɔ ma no” ho no titiriw. Baasakoro no fa Helani nyansapɛfo Plato ho dɛn?
Plato Adwene
WOSUSUW sɛ Plato traa ase fi 428 kosi 347 ansa na wɔrewo Kristo. Bere a wankyerɛkyerɛ Baasakoro sɛnea ɛte mprempren no, ne nyansapɛ ahorow na ebuee kwan ma ɛbae. Akyiri yi, nyansapɛfo akuw horow a baasakoro ka wɔn gyidi horow ho sɔresɔree, na Plato adwene a na ɔwɔ wɔ Onyankopɔn ne adebɔ ho no nyaa eyinom so nkɛntɛnso.
Nouveau Dictionnaire Universel (New Universal Dictionary) a ɛwɔ Franse kasa mu no ka Plato nkɛntɛnso no ho asɛm sɛ: “Ɛte sɛ nea Plato baasakoro a ɛno ankasa yɛ tetefo baasakoro a wɔasan ahyehyɛ ara kwa no ne nyansapɛ mu ntease baasakoro a ɛhyɛ su horow a ɛde ɔsoro nnipa baasa a wɔkyerɛkyerɛ wɔ Kristofo asɔre horow mu bae no akyi . . . Wobetumi ahu Helani nyansapɛfo yi adwene wɔ ɔsoro baasakoro . . . ho no wɔ tete [abosonsom] nyamesom ahorow nyinaa mu.”
The New Schaff-Herzog Encyclopedia of Religious Knowledge kyerɛ sɛnea na saa Helafo nyansapɛ yi wɔ nkɛntɛnso no: “Logos ne Baasakoro kyerɛkyerɛ no fi Helafo Agyanom a . . . ɔkwan a ɛyɛ tee anaasɛ ɛnyɛ tee so no, Plato nyansapɛ nyaa wɔn so nkɛntɛnso no . . . Wɔrentumi nnye nokware a ɛyɛ sɛ mfomso ne ɔporɔw ahorow fi saa fibea yi hyɛnee Asɔre no mu no ho kyim.”
The Church of the First Three Centuries se: “Baasakoro kyerɛkyerɛ no fii ase nkakrankakra na akyiri yi koraa na ɛbae; . . . enyaa ne mfiase fii baabi a ɛnyɛ ɛhɔ na Yudafo ne Kristofo Kyerɛwnsɛm no fi koraa; . . . enyinii, na wɔde kaa Kristosom ho, denam Agyanom a wɔwɔ Plato adwene no nsa so.”
Ebeduu afeha a ɛto so abiɛsa Y.B. no awiei no, na “Kristosom” ne Plato nyansapɛ afoforo no aka abom a wontumi ntetew mu. Sɛnea Adolf Harnack kyerɛ wɔ Outlines of the History of Dogma mu no, asɔre no nkyerɛkyerɛ bɛyɛɛ nea “atim pintinn wɔ Helasɛm [abosonsom Hela nsusuwii] mu. Ne saa nti ɛbɛyɛɛ ahintasɛm maa Kristofo dodow no ara.”
Asɔre no kyerɛe sɛ ne nkyerɛkyerɛ afoforo no gyina Bible so. Nanso Harnack se: “Nokwarem no ɛde Helafo nsusuwii, gyidi hunu adwene horow ne abosonsom ahintasɛm amammerɛ ahorow bɛhyehyɛɛ ne mu.”
Wɔ nhoma A Statement of Reasons mu no, Andrews Norton ka Baasakoro no ho asɛm sɛ: “Yebetumi ahwehwɛ nkyerɛkyerɛ yi abakɔsɛm mu, na yɛahu ne fibea, ɛnyɛ Kristofo adiyi mu, na mmom wɔ Plato nyansapɛ mu . . . Baasakoro nyɛ Kristo ne n’Asomafo no kyerɛkyerɛ, na mmom ɛyɛ Plato akyidifo a wɔbae akyiri yi ayɛsɛm a wɔbɔɔ wɔn tirim kae.”
Enti, afeha a ɛto so anan Y.B. mu no, ɔwae a Yesu ne n’asomafo no ka siei no nyinii. Na Baasakoro a ɛbae no yɛ eyi ho adanse biako pɛ. Asɔre ahorow a wɔawae no fii ase gyee abosonsom nsusuwii afoforo toom, te sɛ hellgya, ɔkra a enwu, ne ahonisom. Sɛ yɛbɛka no honhom mu kwan so a, na Kristoman ahyɛn sum mmere a wɔka siei no mu, a na asɔfokuw “onipa a onni mmara” a ɛrenyin no di so tumi.—2 Tesalonikafo 2:3, 7.
Dɛn Nti na Onyankopɔn Adiyifo Ankyerɛkyerɛ?
DƐN nti na wɔ mfe mpempem pii mu no, Onyankopɔn adiyifo no mu biara ankyerɛkyerɛ ne nkurɔfo Baasakoro no? Anyɛ yiye koraa no, so anka Yesu remfa ne tumi sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no nni dwuma mma Baasakoro no mu nna hɔ pefee mma n’akyidifo? Sɛ Baasakoro no ne gyidi “nkyerɛkyerɛ titiriw” a, so anka Onyankopɔn de honhom bɛka nkurɔfo ma wɔakyerɛw Kyerɛwnsɛm nkratafa ɔhaha pii nanso ɔremfa nkyerɛkyerɛ yi mu biara nni dwuma mfa nkyerɛkyerɛ mu anaa?
So ɛsɛ sɛ Kristofo gye di sɛ Kristo akyi mfehaha pii ne bere a Onyankopɔn de honhom aka nkurɔfo ma wɔakyerɛw Bible no akyi no, obegyina nkyerɛkyerɛ bi a na ne nkoa nnim mfe mpempem pii, nea ɛyɛ “ahintasɛm a wontumi mpɛɛpɛe mu” “nnipa ntumi nte ase,” nea wogye tom sɛ efi abosonsom mu a na “ɛyɛ asɔre mu amansɛm titiriw” a wɔhyehyɛ no akyi?
Abakɔsɛm mu adanse no mu da hɔ fann: Baasakoro kyerɛkyerɛ no yɛ nokware ho a wɔman fi, wae a wɔwae fi ho.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]
‘Na afeha a ɛto so anan Baasakorosɛm no yɛ Kristofo nkyerɛkyerɛ a wɔaman afi ho.’—The Encyclopedia Americana
[Kratafa 9 adaka]
“Anyame Akɛse Baasakoro No”
Mfehaha pii ansa na wɔrewo Kristo no, na baasakoro anyame wɔ tete Babilon ne Asiria. “Larousse Encyclopedia of Mythology” a ɛwɔ Franse kasa mu no ka baasakoro a ɛtete saa wɔ Mesopotamia mpɔtam hɔ no mu biako ho asɛm sɛ: “Wɔkyekyɛɛ amansan no mu yɛɛ no amantam abiɛsa a na emu biara hyɛ onyame biako ase. Na Anu de ne wim. Wɔde asase maa Enlil. Ea na na odi nsu so. Wɔka boom yɛɛ Anyame Akɛse baasakoro no.”
[Kratafa 12 adaka]
Hindu Baasakoro
Nhoma “The Symbolism of Hindu Gods and Rituals” ka Hindu baasakoro a na ɛwɔ hɔ mfehaha pii ansa na wɔrewo Kristo no ho asɛm sɛ: “Siva yɛ Baasakoro anyame no mu biako. Wɔkyerɛ sɛ ɔne ɔsɛe nyame. Anyame afoforo baanu no ne Brahma, adebɔ nyame no ne Vishnu, adesiesie nyame no. . . . Sɛ nea ɛbɛkyerɛ sɛ nneɛma abiɛsa yi nyinaa yɛ ade koro no ara no, wɔaka anyame abiɛsa no abom ayɛ wɔn biako.”—A. Parthasarathy, Bombay na otintimii.
[Kratafa 8 mfonini]
“Na Konstantino nni nsɛm a na wobisa wɔ Hela nyamekyerɛ mu no mu ntease titiriw biara.”—A Short History of Christian Doctrine
[Kratafa 10 mfonini ahorow]
1. Misraim. Horus, Osiris, Isis baasakoro, mfepem 2 A.Y.B.
2. Babilon. Ista, Sin, Samas, baasakoro, mfepem 2 A.Y.B.
3. Palmira. Ɔsram nyame, ɔsoro Awurade, owia nyame baasakoro, bɛyɛ afeha 1 Y.B.
4. India. Hindufo nyamesu baasakoro, bɛyɛ afeha 7 Y.B.
5. Kampuchea. Budhafo nyamesu baasakoro, bɛyɛ afeha 12 Y.B.
6. Norway. Baasakoro (Agya, Ɔba, honhom kronkron), bɛyɛ afeha 13 Y.B.
7. Franse. Baasakoro, bɛyɛ afeha 14 Y.B.
8. Italy. Baasakoro, bɛyɛ afeha 15 Y.B.
9. Germany. Baasakoro, bɛyɛ afeha 19 Y.B.
10. Germany. Baasakoro, bɛyɛ afeha 20 Y.B.